Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛbɛhyɛ Nipasu Foforo no a Yɛrenyi Ngu Hɔ Da

Sɛnea Yɛbɛhyɛ Nipasu Foforo no a Yɛrenyi Ngu Hɔ Da

‘Monhyɛ nipasu foforo no.’—KOL. 3:10.

NNWOM: 126, 28

1, 2. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi ahyɛ nipasu foforo no ama ayɛ yiye? (b) Nipasu foforo no afã bɛn na yebehu wɔ Kolosefo 3:10-14?

“NIPASU foforo” yɛ asɛm a epue mprenu wɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. (Efe. 4:24; Kol. 3:10) Ɛkyerɛ nipasu a “wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ.” Yebetumi anya nipasu foforo no. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ Yehowa bɔɔ nnipa wɔ ne suban so, enti yebetumi ada ne suban a ɛyɛ fɛ no adi.—Gen. 1:26, 27; Efe. 5:1.

2 Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ yɛn awofo a wodi kan de sintɔ woo yɛn nti, ɛtɔ da a yɛn nyinaa nya akɔnnɔ bɔne. Baabi a wɔtetee yɛn nso tumi nya yɛn so nkɛntɛnso kɛse. Nanso, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛayɛ nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ. Yɛbɛhwɛ nipasu foforo a wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw ho asɛm no afã bi. Ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ nea Yehowa pɛ. (Kenkan Kolosefo 3:10-14.) Yɛbɛsan nso ahwɛ sɛnea yebetumi ada saa suban ahorow no adi wɔ asɛnka mu.

“MO NYINAA YƐ ONIPA BIAKO”

3. Dɛn ne ade baako a ɛkyerɛ sɛ obi ahyɛ nipasu foforo no?

3 Paulo tuu yɛn fo sɛ yɛnhyɛ nipasu foforo no. Bere a owiei no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nipasu foforo no fã baako a ɛho hia paa ne sɛ yɛrenyɛ nyiyim. Ɔkae sɛ: “Helani anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ, ɔnanani, Skiteni, akoa anaa ɔdehye nni hɔ.” * Asafo no mu no, ɛnsɛ sɛ obiara nya adwene sɛ esiane ne kɔla, ɔman a ofi mu, anaa edin ne dibea a ɔwɔ nti, ɔsen afoforo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Kristo akyidifo anokwafo “nyinaa yɛ onipa baako.”—Kol. 3:11; Gal. 3:28.

4. (a) Sɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo bu afoforo? (b) Tebea bɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ Kristofo bɛyɛ baako?

4 Wɔn a wɔahyɛ nipasu foforo no deɛ, sɛ obi yɛ wɔn nua gyidini oo, ɔnyɛ bi oo, sɛ onni dibea anaa abusua a ofi mu te sɛn mpo a, wodi no ni. (Rom. 2:11) Wei betumi ayɛ den wɔ aman bi so. Nhwɛso bi ni. Adansefo a wɔwɔ South Africa dodow no ara da so tete mmeae bi a na wɔatwa ama nnipakuw bi. Ná aban no hwɛ nnipakuw bi kɔla ɛnna wɔma wɔn baabi tena. Baabi a aborɔfo te nko, baabi a abibifo te nko, ɛnna mmusuakuw ahorow nso deɛ. Ná Akwankyerɛ Kuw no pɛ sɛ wɔhyɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no nkuran ma ‘wɔtrɛw wɔn komam,’ anaa wɔtrɛw wɔn dɔ mu. Enti October 2013 no, wɔpenee nhyehyɛe titiriw bi so. Ná ɛbɛboa anuanom ama wɔahu wɔn ho wɔn ho yiye. (2 Kor. 6:13) Dɛn na wɔyɛe?

5, 6. (a) Nhyehyɛe bɛn na ɔman bi mufo yɛe na ama wɔatumi ahyɛ baakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no den? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na afi mu aba?

5 Edu Memeneda ne Kwasida a, na wɔyɛ nhyehyɛe ma asafo mmienu hyiam. Ɛsono kasa a asafo no mu biara ka anaa ɛsono nnipa a wɔwom no nso kɔla. Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ saa asafo ahorow no mu bom kɔ asɛnka, wɔbom yɛ asafo nhyiam, na wɔsrasra wɔn ho wɔ wɔn fie. Asafo ahorow pii de wɔn ho hyɛɛ saa nhyehyɛe yi mu. South Africa baa dwumadibea no nsa kaa saa nhyehyɛe yi ho amanneɛbɔ pii. Ná ɛhyɛ nkuran paa. Ebi fi wɔn a wɔnyɛ adansefo mpo hɔ. Nhwɛso bi ni. Wei kaa ɔsɔfo bi koma ma ɔkae sɛ, “Menyɛ Ɔdansefo, nanso mihu sɛ mowɔ nhyehyɛe pa a mode ka asɛmpa no. Moabom sɛ abusuakuw baako a nyiyim biara nni mo mu.” Nhyehyɛe yi kaa Adansefo no sɛn?

6 Noma yɛ onuawa a ɔka Xhosa kasa. Mfiase no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛto nsa afrɛ anuanom aborɔfo aba ne fie korokorowa mu. Ná anuanom no wɔ asafo a ɛka Borɔfo kasa mu. Nanso Noma ne Adansefo a wɔyɛ aborɔfo boom kɔɔ asɛnka, na ɔkɔsraa wɔn wɔ wɔn fie. Ɛno akyi no, ɔkae sɛ, “Wɔte sɛ yɛn ara!” Afei edui sɛ asafo a ɛka Xhosa kasa a Noma wom no nso mufo to nsa frɛ asafo a ɛka Borɔfo kasa mufo ma wɔbɛsra wɔn. Enti Noma noaa aduan, na ɔtoo nsa frɛɛ anuanom bi. Ná asafo mu panyin bi a ɔyɛ buroni ka ho. Noma kae sɛ, “M’ani gyei sɛ asafo mu panyin no tenaa rɔba adaka ketewaa bi so.” Saa nhyehyɛe yi a ɛrekɔ so nti, anuanom mmarima ne mmea pii anya nnamfo foforo. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so atrɛw wɔn fekubɔ mu.

MONHYƐ ‘AYAMHYEHYE NE AYAMYE’

7. Adɛn nti na ehia sɛ yɛda ayamhyehye adi bere nyinaa?

7 Yɛbɛkɔ so ahyia sɔhwɛ akosi sɛ Satan wiase yi bɛba awiei. Esiane nsɛmmɔnedi ne ɔhaw foforo nti, ebetumi aba sɛ yɛrennya adwuma nyɛ, yare a emu yɛ den betumi abɔ yɛn, wɔbɛtan yɛn, atoyerɛnkyɛm bɛto yɛn, na yɛahwere yɛn ahode. Ehia sɛ yenya ayamhyehye ankasa ansa na yɛatumi aboa yɛn ho yɛn ho wɔ amanehunu anaa ahohia mu. Yɛn yam hyehye yɛn ma afoforo a, ɛbɛka yɛn ama yɛada ayamye adi akyerɛ wɔn. (Efe. 4:32) Nipasu foforo no afã yi bɛboa yɛn ama yɛasuasua Onyankopɔn na yɛakyekye afoforo werɛ.—2 Kor. 1:3, 4.

8. Yɛda ayamhyehye ne ayamye adi kyerɛ asafo no mufo nyinaa a, nneɛma pa bɛn na ebefi mu aba? Ma ɛho nhwɛso.

8 Asafo no mufo a wofi aman foforo so anaa wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no, dɛn na yɛbɛyɛ de ada ayamye adi akyerɛ wɔn paa? Ehia sɛ yɛfa nnipa a wɔte saa no nnamfo na yɛboa wɔn ma wohu sɛ wɔn ho hia wɔ asafo no mu. (1 Kor. 12:22, 25) Dannykarl fii Philippines kɔtenaa Japan. Yɛnhwɛ asɛm a ɛtoo no wɔ hɔ. Ɔkɔ adwumam a, sɛnea wɔne adwumayɛfo a wofi ɔman no mu di no, ɛnyɛ saa na na wɔne no di. Afei ɔkɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam. Dannykarl ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ na wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa yɛ Japanfo, nanso wogyee me fɛw so te sɛ nea wonim me dedaw.” Anuanom kɔɔ so daa ayamye adi kyerɛɛ Dannykarl. Ɛboaa no ma onyaa nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Ɔbɔɔ asu, na seesei ɔyɛ asafo mu panyin. Anuanom a wɔne Dannykarl som sɛ asafo mu mpanyimfo no bu Dannykarl ne ne yere Jennifer sɛ wɔyɛ anuanom a wɔboa wɔn asafo no paa. Asafo mu mpanyimfo no ka wɔn ho asɛm sɛ, “Wɔyɛ akwampaefo na wɔayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ. Afei nso, wɔyɛ nhwɛso pa, na wɔde Ahenni no di kan.”—Luka 12:31.

9, 10. Yɛda ayamhyehye adi wɔ asɛnka mu a, nneɛma pa fi mu ba. Ma ɛho nhwɛso.

9 Yɛka Ahenni asɛm no kyerɛ afoforo a, yenya hokwan yɛ “nnipa nyinaa yiye.” (Gal. 6:10) Adansefo pii wɔ ayamhyehye ma atubrafo, enti wɔbɔ mmɔden sua kasa foforo. (1 Kor. 9:23) Nneɛma pa pii afi mu aba. Ebi ni: Tiffany yɛ onuawa kwampaefo a ɔwɔ Australia. Osuaa Swahili kasa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa Swahili asafo bi a ɛwɔ Brisbane. Ɛwom sɛ na ɛyɛ den ma Tiffany sɛ obesua Swahili kasa no, nanso wanya nhyira pii. Ɔka sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ w’ani gye wɔ asɛnka mu a, ɛnde kɔboa asafo a ɛka ɔman foforo so kasa. Wote wo kurom deɛ, nanso wubehu sɛ ɛte sɛ nea wowɔ ɔman foforo so. Wo ara wode w’ani behu sɛ baakoyɛ wɔ anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa mu ampa.”

Dɛn na ɛkanyan Kristofo ma wɔboa atubrafo? (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10 Yɛnhwɛ biribi a abusua bi a ɛwɔ Japan nso yɛe. Awarefo no wɔ ɔbabea a ne din de Sakiko. Ɔkae sɛ: “Efi afe 1990 kosi afe 1999 hɔ baabi no, yɛkɔ asɛnka a, na yɛtaa hyia atubrafo a wofi Brazil. Ná yɛne wɔn kenkan kyerɛw nsɛm bi te sɛ Adiyisɛm 21:3, 4 anaa Dwom 37:10, 11, 29 wɔ wɔn ankasa Bible a ɛwɔ Portuguese kasa mu. Sɛ yɛyɛ saa a, na wɔyɛ aso tie. Ɛtɔ da a, na wosu mpo.” Nanso abusua no amma ayamhyehye a wɔdaa no adi no anso hɔ ara. Sakiko toaa so sɛ: “Bere a yehui sɛ honhom fam kɔm de wɔn no, abusua no nyinaa fii ase suaa Portuguese kasa.” Akyiri yi, abusua no boa maa wɔtew asafo a ɛka Portuguese kasa. Mfe pii ni, abusua no aboa atubrafo pii ama wɔabɛsom Yehowa. Sakiko san kae sɛ: “Portuguese kasa sua nna fam, nanso sɛ yɛhwɛ nhyira a afi mu aba a, brɛ a yɛbrɛe no nnu ho hwee koraa. Yɛda Yehowa ase paa.”—Kenkan Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

‘MONHYƐ AHOBRƐASE’

11, 12. (a) Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛde adwempa hyɛ nipasu foforo no? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase?

11 Adwene a ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ nipasu foforo no ne sɛ yɛde bɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ɛnyɛ sɛ afoforo bɛkamfo yɛn. Kae sɛ ɔbɔfo bi a na ɔyɛ pɛ mpo bɛyɛɛ ahantan, na ɛno ma ɔyɛɛ bɔne. (Fa toto Hesekiel 28:17 ho.) Nnipa tɔ sin, enti hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ den ama yɛn paa sɛ yɛbɛkwati ahantan ne ahomaso! Nanso, yebetumi ahyɛ ahobrɛase. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa?

12 Ade baako a ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase ne sɛ yebegye bere akenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da na yɛadwinnwen ho. (Deut. 17:18-20) Ade a ehia sɛ yedwinnwen ho paa ne Yesu nkyerɛkyerɛ ne ahobrɛase mapa a ɔde yɛɛ ne som adwuma no. (Mat. 20:28) Yesu hohoroo n’asomafo no nan ho mpo. (Yoh. 13:12-17) Afei nso, ehia sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom bere nyinaa. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn na yɛannya adwene sɛ yɛkyɛn afoforo.—Gal. 6:3, 4; Filip. 2:3.

13. Yɛbrɛ yɛn ho ase a, mfaso bɛn na yebenya?

13 Kenkan Mmebusɛm 22:4. Ehia sɛ nokware Kristofo nyinaa brɛ wɔn ho ase, efisɛ ɛso wɔ mfaso pii. Yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛboa ma asomdwoe ne baakoyɛ tena asafo no mu. Bio nso, sɛ yenya ahobrɛase na yɛansan ankɔ yɛn dedaw mu a, Onyankopɔn bɛdom yɛn. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho, efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.”—1 Pet. 5:5.

‘MONHYƐ ODWO NE ABODWOKYƐRE’

14. Sɛ yɛka obi a odwo na ɔwɔ abodwokyɛre paa a, ɔne hena?

14 Ɛnnɛ wiase yi mu no, sɛ obi dwo na ɔwɔ abodwokyɛre anaa abotare a, nkurɔfo adwene yɛ wɔn sɛ ɔyɛ mmerɛw. Saa asɛm no nyɛ nokware da! Yehowa na ɔyɛ tumi nyinaa Wura wɔ amansan yi mu. Ɔno na saa suban a ɛyɛ fɛ yi fi no. Sɛ yɛreka obi a odwo na ɔwɔ abodwokyɛre anaa abotare paa a, ɔno ne Yehowa Nyankopɔn. (2 Pet. 3:9) Bere a Abraham ne Lot bisabisaa Yehowa nsɛm no, yɛnhwɛ sɛnea ɔnam n’abɔfo a ɔsomaa wɔn no so maa wɔn mmuae. (Gen. 18:22-33; 19:18-21) Afei nso Israel man no yɛɛ Yehowa so asoɔden, nanso onyaa wɔn ho abotare bɛboro mfe 1,500.—Hes. 33:11.

15. Odwo ne abodwokyɛre ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛe?

15 Ná Yesu ‘dwo.’ (Mat. 11:29) Onyaa n’akyidifo no mmerɛwyɛ ho abotare paa. Yesu asase so som adwuma nyinaa mu no, nyamesomfo sɔre tiaa no kekaa nsɛm a ɛmfata kyerɛɛ no. Nanso ɔdaa odwo adi, na onyaa abodwokyɛre anaa abotare kosii sɛ wobuu no atɛnkyea kum no. Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu na ɔrefa yaw mu no, ɔbɔɔ mpae sɛ n’agya mfa wɔn a wɔrekum no no bɔne nkyɛ wɔn. Yesu kyerɛɛ mu sɛ, “wonnim nea wɔreyɛ.” (Luka 23:34) Bere a Yesu refa yaw mu na ne ho yeraw no mpo no, wo deɛ hwɛ odwo a ɔdaa no adi ne abotare a onyae!—Kenkan 1 Petro 2:21-23.

16. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedwo na yɛwɔ abodwokyɛre?

16 Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yedwo na yɛwɔ abodwokyɛre anaa abotare? Paulo kyerɛɛ ɔkwan baako a yebetumi afa so ayɛ saa. Ɔkyerɛw ne nuanom Kristofo sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Kol. 3:13) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yebetumi adi saa ahyɛde yi so a, ehia sɛ yedwo na yenya abotare. Nanso, sɛ yɛde bɔne firi a, yɛboa ma baakoyɛ kɔ so tena asafo no mu.

17. Adɛn nti na ehia sɛ yɛda odwo adi na yenya abodwokyɛre anaa abotare?

17 Ɛnyɛ sɛ Kristoni pɛ a na ɔbɛda odwo adi na wanya abodwokyɛre anaa abotare. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa a, ehia sɛ yenya saa suban yi. (Mat. 5:5; Yak. 1:21) Nea ɛsen biara no, sɛ yɛda saa suban ahorow yi adi a, yɛhyɛ Yehowa anuonyam, na yɛboa afoforo ma wɔde Bible mu afotu bɔ wɔn bra.—Gal. 6:1; 2 Tim. 2:24, 25.

“MONHYƐ ƆDƆ”

18. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ bɛboa yɛn na yɛanyɛ nyiyim?

18 Sɛ yɛhwɛ suban a yɛasusuw ho yi nyinaa a, yɛrentumi nyi ɔdɔ nsi nkyɛn ma ɛnyɛ yiye. Ɛho nhwɛso ni. Ná Kristofo a wɔwɔ osuani Yakobo bere so yɛ animhwɛ anaa nyiyim. Ná wɔtew wɔn anim ma asikafo, na na wobu ahiafo animtiaa. Enti Yakobo tuu wɔn fo. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa suban no tia mmara titiriw no. Mmara no ka sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Yakobo san kae sɛ: “Sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ a, na moreyɛ bɔne.” (Yak. 2:8, 9) Nanso sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛrenyɛ nyiyim. Enti yɛrenhwɛ obi nhomasua, ne kɔla, dibea anaa edin a wagye so nhoahoa no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛka sɛ mma yɛnyɛ nyiyim a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nnipa ani so deɛ. Na mmom ɛsɛ sɛ efi yɛn komam tɔnn.

19. Adɛn nti ehia sɛ yɛhyɛ ɔdɔ?

19 Bio nso, ɔdɔ wɔ “abodwokyɛre na ne yam ye,” na “ɛnhoman.” (1 Kor. 13:4) Nokwarem no, ehia sɛ yenya abotare, ayamye, ne ahobrɛase na ama yɛakɔ so aka Ahenni ho asɛm no akyerɛ nkurɔfo. (Mat. 28:19) Saa suban ahorow yi ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ asafo no mu nyinaa bɛtena yiye. Sɛ yɛda ɔdɔ a ɛte saa adi a, mfaso bɛn na yenya? Ɛma baakoyɛ tena asafo ahorow mu, na ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Ɛsan nso twetwe afoforo ba nokware no mu. Ɛfata paa sɛ Bible kaa nipasu foforo no ho asɛm. Asɛm a ɛde wiei no yɛ nokwasɛm paa. Ɛkae sɛ: “Eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kol. 3:14.

“MOMMA WƆNKƆ SO NYƐ MO FOFORO”

20. (a) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho, na adɛn ntia? (b) Dɛn na yɛrehwɛ kwan?

20 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Dɛn bio na metumi ayɛ de ayi nipasu dedaw no agu hɔ a merensan nkɔfa bio?’ Ehia sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae denneennen ma ɔboa yɛn. Bio, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ suban anaa nneyɛe biara a ɛbɛma Onyankopɔn Ahenni no abɔ yɛn no, yebetu ase. (Gal. 5:19-21) Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho nso sɛ, ‘Sɛnea midwen nneɛma ho no, mekɔ so yɛ nsakrae anaa?’ (Efe. 4:23, 24) Sɛ yɛhyɛ nipasu foforo no a, ɛnsɛ sɛ yeyi gu hɔ da. Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa kɔ so yɛ no daa kosi sɛ yebetumi ayɛ no pɛpɛɛpɛ. Wo deɛ hwɛ anigye ara a yebenya bere a yebehu sɛ obiara a yenim no hyɛ nipasu foforo no pɛpɛɛpɛ!

^ nky. 3 Bible mmere mu no, na nkurɔfo bu Skitefo sɛ wɔyɛ nnipa a wɔn ani mmuei.