Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdɔ—Ɛyɛ Suban Pa

Ɔdɔ—Ɛyɛ Suban Pa

YEHOWA de ne honhom kronkron kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw suban nkron bi ho asɛm. Honhom kronkron na ɛma obi da saa suban no adi. (Gal. 5:22, 23) Paulo kae sɛ saa suban pa yi na ɛka bom yɛ “honhom no aba.” * Ɛno na ɛma yehu sɛ obi wɔ “nipasu foforo” no. (Kol. 3:10) Sɛ wugugu dua bi so nsu daa a, ɛsow aba. Saa ara na sɛ honhom kronkron yɛ adwuma wɔ obi asetena mu a, ɔbɛda honhom aba no adi.—Dw. 1:1-3.

Honhom no aba fã a edi kan a Paulo bɔɔ din ne ɔdɔ. Ɛyɛ suban pa. Adɛn nti na ɛyɛ suban pa? Paulo kae sɛ, sɛ onni dɔ a, ‘ɔnsɛ hwee.’ (1 Kor. 13:2) Dɛn paa ne ɔdɔ? Yɛbɛyɛ dɛn ada no adi da biara da?

NEA ƐKYERƐ SƐ OBI WƆ ƆDƆ

Ɛyɛ den sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ sɛnea ɔdɔ te mu pɛpɛɛpɛ. Nanso Bible ma yehu nea ɛkyerɛ sɛ obi wɔ ɔdɔ. Nhwɛso bi ni. Bible ka sɛ ɔdɔ wɔ “abodwokyɛre na ne yam ye.” Bio nso, “edi nokware ho ahurusi,” na “ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.” Obi a ɔwɔ ɔdɔ no, ɔwɔ tema ma afoforo paa, odwen wɔn ho, na ɔyɛ yɔnko pa. Nanso sɛ obi yɛ ahoɔyaw, ɔyɛ ahantan, ɔyɛ nneɛma a ɛho ntew, ɔyɛ pɛsɛmenkominya, ɔde afoforo ho nsɛm hyɛ ne mu, na ɔmfa bɔne mfiri a, ɛnde na onni dɔ. Yɛmpɛ sɛ yɛda subammɔne a ɛtete saa no bi adi, na mmom yɛpɛ sɛ yɛda ɔdɔ kann adi. Ɔdɔ a ɛte saa deɛ, “ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia.”—1 Kor. 13:4-8.

YEHOWA NE YESU AKYERƐ SƐNEA YƐDA ƆDƆ KANN ADI

Bible ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” Yɛka obi a ɔwɔ ɔdɔ paa a, ɔne Yehowa. (1 Yoh. 4:8) Yehowa nnwuma ne ne nneyɛe nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ. Yehowa somaa Yesu ma obehuu amane na owu maa yɛn. Wei ne ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa ada no adi akyerɛ adesamma. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi mu na woyii Onyankopɔn dɔ adi wɔ yɛn ho, efisɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba bae sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mpata mma yɛn bɔne.” (1 Yoh. 4:9, 10) Onyankopɔn dɔ nti, yebetumi anya bɔne fafiri, anidaso, ne nkwa.

Yesu fi ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre de yɛɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛno kyerɛ sɛ ɔdɔ adesamma. Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Yesu ka sɛ: “Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛde.” Saa “apɛde” no nti wɔnam Yesu Kristo nipadua a wɔde mae prɛko no so atew yɛn ho.’ (Heb. 10:9, 10) Onipa biara nni hɔ a obetumi ada ɔdɔ kɛse a ɛte saa adi. Yesu kae sɛ: “Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yoh. 15:13) Ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ada no adi akyerɛ yɛn no, nnipa a yɛnyɛ pɛ betumi asuasua anaa? Aane! Ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ayɛ saa.

“MONKƆ SO NNANTEW ƆDƆ MU”

Paulo tu yɛn fo sɛ: ‘Munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu sɛnea Kristo nso dɔɔ yɛn na ɔde ne ho maa yɛn no.’ (Efe. 5:1, 2) Sɛ yɛda ɔdɔ adi wɔ yɛn asetenam biribiara mu a, ɛkyerɛ sɛ ‘yɛkɔ so nantew ɔdɔ mu.’ Ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde ka sɛ yɛwɔ ɔdɔ na mmom yɛde yɛn nneyɛe nso kyerɛ saa. Yohane kae sɛ: “Mma nkumaa, mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.” (1 Yoh. 3:18) Ade baako ne sɛ, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa a, ɛbɛka yɛn ama yɛaka “ahenni ho asɛmpa” no akyerɛ wɔn. (Mat. 24:14; Luka 10:27) Sɛ yɛwɔ abodwokyɛre anaa abotare, yɛn yam ye, na yɛde bɔne firi a, ɛno nso kyerɛ sɛ yɛnantew ɔdɔ mu. Enti Bible tu yɛn fo sɛ: “Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Kol. 3:13.

Sɛ yetu afoforo fo anaa yɛteɛ wɔn so a, ɛnkyerɛ sɛ yenni dɔ. Ɛho nhwɛso ni. Awofo bi wɔ hɔ a, sɛ wɔn ba resu na wɔpɛ sɛ abofra no gyae su a, nea abofra no bɛka biara, wɔyɛ ma no. Nanso awofo a wɔdɔ wɔn ba paa deɛ, sɛ ehia sɛ wɔde wɔn nan si fam a, wɔyɛ saa. Ɛwom, Onyankopɔn ne dɔ deɛ, nanso “nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so.” (Heb. 12:6) Sɛ yɛnantew ɔdɔ mu a, yɛn nso yɛde nteɛso a ɛfata bɛma bere a ɛho hia. (Mmeb. 3:11, 12) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛde nteɛso rema a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn nso yɛyɛ abɔnefo na ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi da ɔdɔ adi. Enti yɛn nyinaa betumi abɔ mmɔden ada ɔdɔ adi kɛse. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ma yɛnhwɛ akwan mmiɛnsa a yɛbɛfa so ayɛ saa.

YƐBƐYƐ DƐN ADA ƆDƆ ADI?

Nea edi kan, srɛ Onyankopɔn na ɔmma wo ne honhom. Ne honhom no bɛma woada ɔdɔ adi. Yesu kae sɛ Yehowa de “honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no.” (Luka 11:13) Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron na yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛbɛkɔ so anantew honhom’ mu a, yɛbɛda ɔdɔ adi kɛse. (Gal. 5:16) Ɛho nhwɛso ni. Sɛ woyɛ asafo mu panyin a, wubetumi asrɛ sɛ honhom kronkron mmoa wo na sɛ woretu afoforo fo a, wode Kyerɛwnsɛm no ayɛ saa wɔ ɔdɔ mu. Anaa woyɛ ɔwofo a, wubetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma ne honhom mmoa wo mma wonteɛ wo mma so ɔdɔ mu, na ɛnyɛ abufuw so.

Nea ɛto so mmienu, bere mpo a afoforo hyɛɛ Yesu abufuw no, ɔdaa ɔdɔ adi. Susuw saa asɛm no ho yiye paa. (1 Pet. 2:21, 23) Sɛ afoforo hyɛ yɛn abufuw anaa wɔne yɛn anni no yiye a, saa bere no paa na ɛsɛ sɛ yesusuw nea Kristo yɛe no ho. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ Yesu a, dɛn na anka ɔbɛyɛ?’ Onuawa bi a ne din de Leigh hui sɛ, sɛ odi kan susuw saa asɛm yi ho ansa na wayɛ biribi a, ɛboa no paa. Ɔka sɛ: “Bere bi, obi a me ne no yɛ adwuma kyerɛw e-mail kekaa me ho nsɛm kyerɛɛ m’adwumamfo. Ɔkekaa m’adwuma nso ho nsɛm. Asɛm no hyee me paa. Nanso, mibisaa me ho sɛ, ‘Sɛ me ne saa nipa yi redi a, mɛyɛ dɛn asuasua Yesu?’ Bere a misusuw nea anka Yesu bɛyɛ ho wiei no, meyɛɛ m’adwene sɛ megyae asɛm no akyi di koraa. Akyiri yi, metee sɛ sɛɛ na yare bi reteetee nea me ne no yɛ adwuma no, na na onni ahotɔ koraa. Mihui sɛ ɛbɛyɛ sɛ wanhyɛ da na ɔkyerɛw asɛm a ɔkae no. Afei, misusuw nea Yesu yɛe bere a afoforo hyɛɛ no abufuw no ho. Ɛboaa me ma me nso medaa ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛɛ nea me ne no yɛ adwuma no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yesuasua Yesu a, bere nyinaa yɛbɛda ɔdɔ adi.

Nea ɛto so mmiɛnsa, sua sɛ wubeyi wo yam ada ɔdɔ adi. Saa ɔdɔ yi na ɛma yehu wɔn a wɔyɛ Yesu akyidifo ankasa. (Yoh. 13:34, 35) Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya “adwene” a na Yesu wɔ no bi. Yɛn nti, “ogyaa biribiara mu” guu hɔ, na ofii soro baa asase so de ne ho too hɔ maa yɛn “kosii owu mu.” (Filip. 2:5-8) Sɛ yesuasua ɔdɔ a Kristo yii ne yam daa no adi no bi a, yɛn nsusuwii ne nea ɛwɔ yɛn komam bɛyɛ sɛ Kristo deɛ, na ɛbɛka yɛn ama yɛadwen afoforo ho kan. Sɛ yɛda ɔdɔ adi a, mfaso foforo bɛn na yebenya?

YƐDA ƆDƆ ADI A, YENYA MFASO

Sɛ yɛda ɔdɔ adi a, ɛso mfaso dɔɔso. Ma yɛnhwɛ emu mmienu:

Yɛda ɔdɔ adi a, mfaso bɛn na yenya?

  • ƐMA YENYA ANUANOM WƆ WIASE BAABIARA: Esiane sɛ yɛdodɔ yɛn ho nti, yenim sɛ asafo biara a yɛbɛkɔ mu wɔ wiase baabiara no, yɛn nuanom mmarima ne mmea bɛyɛ yɛn awaawaa atuu. Yɛwɔ ‘anuanom wɔ wiase nyinaa’ a wɔdɔ yɛn. Nhyira kɛse bɛn ara ni! (1 Pet. 5:9) Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn nkurɔfo mu a, ɛhefa bio na yebehu ɔdɔ a ɛte saa?

  • ASOMDWOE: Sɛ ‘yɛne yɛn ho tena ɔdɔ mu’ a, ɛma “asomdwoe koroyɛ hama” tena yɛn mu. (Efe. 4:2, 3) Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam a, yehu sɛ asomdwoe wɔ hɔ. Wunhu sɛ asomdwoe a ɛte saa da mu fua wɔ wiase a emu apaapae yi mu? (Dw. 119:165; Yes. 54:13) Sɛ yɛne afoforo tena asomdwoe mu a, yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn paa, na ɛsɔ yɛn soro Agya no ani.—Dw. 133:1-3; Mat. 5:9.

“ƆDƆ MA NKƆSO”

Paulo kae sɛ: “Ɔdɔ ma nkɔso.” (1 Kor. 8:1) Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa a edi kan kɔmaa Korintofo no, ɔkyerɛɛ sɛnea ɔdɔ ma nkɔso wɔ ti 13. Wɔtaa frɛ saa ti no “Ɔdɔ Dwom.” Ade baako ne sɛ, sɛ obi wɔ ɔdɔ a, odwen nea eye ma afoforo ho. (1 Kor. 10:24; 13:5) Afei nso sɛ obi wɔ ɔdɔ a, odwen afoforo ho, ɔwɔ tema, abotare, ne ayamye. Enti ɛma ɔdɔ ne baakoyɛ tena mmusua ne asafo no mu.—Kol. 3:14.

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no, ɛno ne ade a ɛsom bo sen biara, na ɛhyɛ yɛn den. Ɔdɔ a ɛte saa boa ma yɛne nnipa a wofi mmusua, ne kasa nyinaa mu bom de “mmati koro” som Yehowa anigye mu. (Sef. 3:9) Ɔdɔ yɛ suban pa. Enti momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛda Onyankopɔn honhom kronkron aba no fã yi adi da biara da.

^ nky. 2 Su ahorow a ɛka bom yɛ honhom aba no, nea edi kan na yɛresusuw ho yi. Yebesusuw nwɔtwe a aka no ho wɔ Ɔwɛn-Aban ahorow a ɛbɛba mu.