Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware no, ‘Ɛmfa Asomdwoe Mma, na Mmom Nkrante’

Nokware no, ‘Ɛmfa Asomdwoe Mma, na Mmom Nkrante’

“Munnnwen sɛ mede asomdwoe baa asase so; mamfa asomdwoe amma, na mmom nkrante.”—MAT. 10:34.

NNWOM: 123, 128

1, 2. (a) Asomdwoe bɛn na yebetumi anya nnɛ? (b) Adɛn nti na yɛrentumi nnya asomdwoe korakora saa bere yi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

YƐN nyinaa pɛ asomdwoe; yɛmpɛ sɛ dadwen hyɛ yɛn so. Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛanya “Onyankopɔn asomdwoe.” Wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam, na ɛmma yennwinnwen nhaw yɛn ho na yenni yaw. (Filip. 4:6, 7) Afei nso, esiane sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa nti, yɛne ‘Onyankopɔn nya asomdwoe,’ kyerɛ sɛ, yɛne ne ntam yɛ kama.—Rom. 5:1.

2 Nanso bere a Onyankopɔn bɛma yɛanya asomdwoe korakora no, ennya nsoe. Akameakame ahyɛ nna a edi akyiri yi mu ma, na nnipa pii nso pɛ basabasayɛ. (2 Tim. 3:1-4) Yɛn Kristofo deɛ, ɛsɛ sɛ yɛko tia Satan ne atoro nkyerɛkyerɛ a ɔtaa akyi no. (2 Kor. 10:4, 5) Nanso ade a ebetumi asɛe yɛn asomdwoe paa ne sɛ yɛn abusuafo bɛsɔre atia yɛn. Yɛn gyidi nti, wɔn mu bi betumi adi yɛn ho fɛw, wobetumi aka sɛ yɛde mpaapaemu ba abusua mu, anaa mpo wɔbɛka sɛ, sɛ yɛannyae Yehowa som a, wɔne yɛn betwa abusua mu. Abusuafo sɔre tia yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛn? Ɔhaw a ɛde ba no, yɛbɛyɛ dɛn agyina ano?

ABUSUAFO SƆRE TIA YƐN A, ƐSƐ SƐ YƐYƐ YƐN ADE SƐN?

3, 4. (a) Yesu nkyerɛkyerɛ no, dɛn na ɛde ba? (b) Bere bɛn paa na ebetumi ayɛ den sɛ yebedi Yesu akyi?

3 Ná Yesu nim sɛ ne nkyerɛkyerɛ de mpaapaemu bɛba nnipa mu. Ná onim nso sɛ nkurɔfo bɛsɔre atia n’akyidifo, enti na ebehia sɛ wonya akokoduru. Saa ɔsɔretia no betumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ abusuafo ntam. Yesu kae sɛ: “Munnnwen sɛ mede asomdwoe baa asase so; mamfa asomdwoe amma, na mmom nkrante. Na mede mpaapaemu na ɛbae na ɔbarima asɔre atia ne papa, na ɔbabea asɔre atia ne maame, na ɔbea warefo asɔre atia n’asebea. Nokwarem no, obi ankasa fiefo na wɔbɛyɛ n’atamfo.”—Mat. 10:34-36.

4 Bere a Yesu kae sɛ “Munnnwen sɛ mede asomdwoe baa asase so” no, na ɔpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ, sɛ wobedi n’akyi a, wɔremfa no ahogono. Ná n’asɛm no betumi de mpaapaemu aba nnipa mu. Nokwasɛm ni, na Yesu adwene ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn ho nokwasɛm akyerɛ nkurɔfo, na ɛnyɛ sɛ ɔde mpaapaemu bɛba mmusua mu. (Yoh. 18:37) Nanso sɛ obi nnamfo paa anaa n’abusuafo ani nnye nokware no ho a, ɛrenyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛkɔ so adi Kristo akyi.

5. Dɛn na Yesu asuafo afa mu?

5 Yesu kae sɛ amanehunu a n’akyidifo bɛfa mu no, emu baako ne ɔsɔretia a abusuafo de bɛba wɔn so. (Mat. 10:38) Esiane sɛ Kristo asuafo pɛ sɛ wɔsɔ n’ani nti, wɔn abusuafo adi wɔn ho fɛw anaa wɔne wɔn atwa abusua mu, nanso wɔkɔ so di Kristo akyi. Ne nyinaa mu no, nea wɔanya no sen nea wɔahwere no koraa.—Kenkan Marko 10:29, 30.

6. Sɛ yɛn abusuafo mpɛ sɛ yɛsom Yehowa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

6 Yehowa a yɛpɛ sɛ yɛsom no nti, yɛn abusuafo sɔre tia yɛn mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so dɔ wɔn. Nanso yɛnkae sɛ, Onyankopɔn ne Kristo mmom na ehia sɛ yɛdɔ wɔn kan. (Mat. 10:37) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Satan betumi afa ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn abusuafo no so ama yɛne Yehowa ntam atetew. Yɛnhwɛ tebea horow bi a ebetumi ama abusuafo asɔre atia yɛn, na yɛnhwɛ sɛnea yebetumi agyina ɔhaw a ɛde ba ano.

ƆHOKAFO A ƆNYƐ ƆDANSEFO

7. Sɛ obi hokafo nyɛ Ɔdansefo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade sɛn?

7 Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ wɔn a wɔbɛware no “ho behiahia wɔn ɔhonam mu.” (1 Kor. 7:28) Sɛ wo hokafo nyɛ Ɔdansefo a, ɔhaw ne dadwen a ɛda wo so wɔ w’aware mu no, ebi betumi abɛka ho. Nanso ehia sɛ wunya Yehowa adwene wɔ wo tebea no ho. Seesei sɛ wo hokafo nyɛ Kristo kyidini a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wo ne no tetew mu anaa wugyae no aware. (1 Kor. 7:12-16) Ɛwom, wo kunu a onni asafo no mu ntumi nni abusua no anim mma monyɛ nneɛma a ɛfa nokware som ho, nanso esiane sɛ ɔyɛ abusua ti nti, ɛsɛ sɛ wode obu a ɛfata ma no. Sɛ woyɛ okunu na wo yere nni asafo no mu nso a, ɛsɛ sɛ wuyi wo yam dɔ no na wohwɛ no yiye.—Efe. 5:22, 23, 28, 29.

8. Sɛ wo kunu anaa wo yere ka sɛ bere a wode yɛ nneɛma a ɛfa wo som ho no, tew so a, nsɛm bɛn na wubetumi abisa wo ho?

8 Sɛ wo kunu anaa wo yere ka sɛ bere a wode yɛ nneɛma a ɛfa wo som ho no, tew so a, dɛn na wobɛyɛ? Nhwɛso bi ni. Onuawa bi kunu ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ asɛnka nna pɔtee bi nkutoo wɔ nnawɔtwe no mu. Sɛ wowɔ tebea a ɛte saa mu a, bisa wo ho sɛ: ‘Me hokafo reka sɛ minnyae Onyankopɔn som anaa? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ mitie nea ɔreka no anaa?’ Wode ntease yɛ adwuma a, ebetumi aboa wo na ankɔfa akasakasa a ɛho nhia amma w’aware mu.—Filip. 4:5.

9. Kristofo bɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔadi wɔn ahokafo a wonni asafo no mu ni?

9 Sɛ wo hokafo nni asafo no mu a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛtete wo mma. Nhwɛso bi ni. Ehia sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma ma wodi Bible ahyɛde yi so. Ɛka sɛ: “Di wo papa ne wo maame ni.” (Efe. 6:1-3) Sɛ wo hokafo mfa Bible akwankyerɛ mmɔ ne bra nso ɛ? Ehia sɛ wudi no ni na ayɛ nhwɛso pa ama wo mma. Fa w’adwene si ne suban pa so na kyerɛ nneɛma pa a ɔyɛ ho anisɔ. Nka wo hokafo ho nsɛmmɔne wɔ wo mma anim. Mmom, ma mmofra no nte ase sɛ, sɛ obi bɛsom Yehowa oo, ɔrensom no oo, ɛyɛ ɔno ara asɛm. Mmofra no suban pa betumi atwetwe ɔwofo a onni asafo no mu ama waba nokware som mu.

Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, fa nokware a ɛwɔ Bible mu no kyerɛkyerɛ wo mma (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Sɛ Kristoni bi hokafo nni asafo no mu a, ɔbɛyɛ dɛn de nokware a ɛwɔ Bible mu akyerɛkyerɛ ne mma?

10 Ɛtɔ da a, ɔhokafo a onni asafo no mu bɛka sɛ ne mma nni abosonsomfo afahyɛ bi anaa ɔde atoro som nkyerɛkyerɛ bɛhyɛ wɔn adwenem. Ebia mmarima bi bɛbara wɔn yerenom a wɔyɛ Kristofo sɛ mma wɔmfa Bible nkyerɛkyerɛ wɔn mma. Ɛno mpo no, Kristoni bea bɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔde nokware a ɛwɔ Bible mu bɛkyerɛkyerɛ mmofra no. (Aso. 16:1; 2 Tim. 3:14, 15) Ɛho nhwɛso ni. Ebia Ɔdansefo a ɔyɛ ɔbea warefo kunu bɛka sɛ mma ɔne ne mma nkumaa nsua Bible anaa mma ɔmfa wɔn nkɔ Kristofo nhyiam. Ɛwom, ɔbea no betie nea ne kunu aka no, nanso bere biara a ɛbɛyɛ yiye no obetumi de nokware no akyerɛkyerɛ ne mma. Ɔyɛ saa a, ɛbɛma mmofra no anya ntetee pa na wɔahu Yehowa yiye. (Aso. 4:19, 20) Nanso bere bi akyi no, ne mma no ara na ɛsɛ sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa anaasɛ wɔrensom no.—Deut. 30:19, 20. *

ABUSUAFO A WƆSƆRE TIA NOKWARE SOM

11. Dɛn na ebetumi akɔfa ɔhaw aba yɛne abusuafo a wɔnyɛ Adansefo ntam?

11 Bere a yɛne Yehowa Adansefo fii ase suaa ade no, ebia yɛanka ankyerɛ yɛn abusuafo. Nanso bere a yɛn gyidi reyɛ kɛse no, yehui sɛ ehia sɛ yɛka nea yɛresua no ho asɛm kyerɛ wɔn. (Mar. 8:38) Gyinae a woasi sɛ wobɛsom Yehowa no, ebia akɔfa ɔhaw aba wo ne w’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo ntam. Sɛ saa a, hwɛ nneɛma bi a wubetumi ayɛ ama asomdwoe atena wo ne wɔn ntam na ama woakɔ so asom Yehowa.

12. Adɛn nti na abusuafo a wɔnyɛ Adansefo betumi asɔre atia yɛn, nanso dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛte wɔn ase?

12 W’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no, te wɔn ase. Nokware a ɛwɔ Bible mu a yɛahu nti, ebia yɛn ani begye mmoroso. Nanso ebia yɛn abusuafo benya adwene sɛ gyama wɔadaadaa yɛn anaa yɛde yɛn ho rekɔhyɛ sum ase kuw bi mu. Ebia wɔn adwene bɛyɛ wɔn sɛ yɛnnɔ wɔn bio efisɛ yɛne wɔn nni afahyɛ ahorow bio. Ebi mpo a wosuro sɛ yewu a, Onyankopɔn bɛtwe yɛn aso. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden te wɔn ase na yehu nneɛma sɛnea wohu no na yetie wɔn yiye hu nea ɛhaw wɔn. (Mmeb. 20:5) Ɔsomafo Paulo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛte “nnipa ahorow nyinaa” ase sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Yɛn nso, yebetumi asuasua no.—1 Kor. 9:19-23.

13. Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne abusuafo a wɔnyɛ Adansefo kasa?

13 Kasa odwo mu. Bible ka sɛ, “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa.” (Kol. 4:6) Sɛ yɛne yɛn abusuafo rekasa a, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mmoa yɛn mma yɛnkasa odwo mu. Ɛnyɛ wɔn atoro nkyerɛkyerɛ nyinaa na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn ka ho asɛm. Sɛ wɔka asɛm bi anaa wɔyɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, yebetumi asuasua asomafo no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔsopa yɛn a, yehyira; sɛ wɔtaa yɛn a, yegyina mu; sɛ wɔsɛe yɛn din a, yɛsrɛ [anaa yɛkasa odwo mu].”—1 Kor. 4:12, 13.

14. Sɛ yɛbɔ bra pa a, adepa bɛn na efi mu ba?

14 Kura abrabɔ pa mu. Ɛwom sɛ yɛne yɛn abusuafo a wɔsɔre tia yɛn kasa odwo mu a, ɛboa ma asomdwoe tena yɛne wɔn ntam, nanso yɛn abrabɔ pa boa pii sen saa. (Kenkan 1 Petro 3:1, 2, 16.) Ma w’abusuafo nhu sɛ Yehowa Adansefo ani gye wɔ wɔn aware mu, wɔhwɛ wɔn mma yiye, wɔn abrabɔ ho tew, na wɔwɔ akomatɔyam. Sɛ mpo yɛn abusuafo ammegye nokware no a, yɛn ani betumi agye efisɛ yenim sɛ yɛn abrabɔ pa sɔ Yehowa ani.

15. Sɛ yenim sɛ tebea bi betumi akɔfa akasakasa aba a, dɛn na yebedi kan ayɛ?

15 Di kan hu nea wobɛyɛ. Tebea ahorow a ebetumi akɔfa akasakasa aba no, dwen ho na hu nea wobɛyɛ. (Mmeb. 12:16, 23) Onuawa bi a ɔwɔ Australia kae sɛ: “M’ase barima kyi nokware no kɔkɔɔkɔ. Sɛ me ne me kunu pɛ sɛ yɛfrɛ no ne no kasa a, yedi kan bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na sɛ ɔka biribi a yɛn bo amfuw. Ɛyɛ a yedi kan hwehwɛ nsɛm bi a n’ani begye ho na yɛne no abɔ ho nkɔmmɔ. Ná yɛmpɛ sɛ nkɔmmɔ no bɛyɛ tenteenten na ankɔfa ɔsom ho akyinnyegye denneennen amma. Enti ansa na yɛbɛfrɛ no no, na yɛhyɛ bere tenten a yɛne no bɛkasa.”

16. Sɛ wo ne w’abusuafo adwene nhyia wɔ biribi ho a, dɛn na wobɛyɛ na w’ahonim anhaw wo?

16 Nokwasɛm ni, ɛnsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ w’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no ne wo bɛyɛ adwene wɔ biribiara ho. Esiane sɛ wodɔ w’abusuafo na bere nyinaa wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ wɔn ani nti, sɛ wo ne wɔn adwene anhyia saa a, w’ahonim betumi ahaw wo. Sɛ saa na wote nka a, kae sɛ nokware a wubedi ama Yehowa no ho hia koraa sen ɔdɔ a wowɔ ma w’abusuafo. Sɛ wusi gyinae saa a, ebetumi aboa w’abusuafo ama wɔahu sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu a wode bɛbɔ wo bra no, ɛho hia wo sen biribi foforo biara. Sɛnea ɛte biara, kae sɛ worentumi nhyɛ afoforo sɛ wonnye nokware no ntom. Mmom, ma wonhu sɛ Yehowa asɛm a wode bɔ wo bra no aboa wo. Hokwan a yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no de ama yɛn sɛ yɛnkyerɛ sɛ yɛbɛsom no anaa yɛrensom no no, wɔn nso wɔ hokwan saa ara.—Yes. 48:17, 18.

BERE A WO BUSUANI BI AGYAE YEHOWA SOM

17, 18. Sɛ wo busuani bi gyae Yehowa som a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woagyina ano?

17 Sɛ wɔatu wo busuani bi afi asafo no mu anaa watwe ne ho afi asafo no ho a, ebetumi ayɛ yaw te sɛ nea obi de nkrante awɔ wo. Wobɛyɛ dɛn agyina ɛyaw a ɛte saa ano?

18 Fa w’adwene si Yehowa som so. Hyɛ wo ho den; kenkan Bible daa, sua ade ansa na woakɔ Kristofo nhyiam, kɔ asɛnka daa, na bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wo den mma wuntumi nnyina ano. (Yuda 20, 21) Sɛ woyɛ wei nyinaa na sɛ ɛyaw no da so ara wɔ wo mu nso ɛ? Ɛba saa a, mpa abaw! Fa w’adwene si Yehowa som so, na ebetumi aboa wo ama woadi nea ɛwɔ w’adwene ne wo koma mu so. Yɛnhwɛ nea ɛtoo Dwom 73 kyerɛwfo no. Eduu bere bi no, onyaa adwene a ɛnteɛ na adwinnwen hyɛɛ ne so. Nanso bere a ɔkɔɔ Onyankopɔn asɔrefie no, otumi tenetenee n’adwene. (Dw. 73:16, 17) Sɛ wode nokwaredi som Yehowa a, ebetumi aboa wo ama woayɛ saa.

19. Ɔkwan a Yehowa fa so teɛ ne nkurɔfo so no, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wugye tom?

19 Gye Yehowa nteɛso tom. Onyankopɔn nim sɛ ɔteɛ obi so a, ɛboa obiara a ne ho wɔ asɛm no mu; nea wɔatu no no nso ka ho. Sɛ wɔteɛ yɛn dɔfo bi so a, ɛyɛ yaw paa deɛ, nanso akyiri yi ebetumi aboa no ama wasan aba Yehowa nkyɛn. (Kenkan Hebrifo 12:11.) Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛne abɔnefo a wonnu wɔn ho “mmmɔ.” (1 Kor. 5:11-13) Ɛwom sɛ ɛyɛ yɛn yaw deɛ, nanso tɛlɛfon so oo, nkrataakyerɛw oo, text message oo, e-mail oo, Intanɛt so nkitahodi (anaa social media) oo, ɛnsɛ sɛ yɛne yɛn busuani a wɔatu no no bɔ.

20. Anidaso bɛn na yebetumi akɔ so anya?

20 Kɔ so nya anidaso. Ɔdɔ wɔ “biribiara mu anidaso,” enti yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ wɔn a wɔagyae Yehowa som no bɛsan aba ne nkyɛn. (1 Kor. 13:7) Sɛ wuhu sɛ wo busuani a ɔbɛn wo paa resesa ne suban a, wubetumi abɔ mpae sɛ Kyerɛwnsɛm no nhyɛ no den na onnye Yehowa so efisɛ Yehowa reka akyerɛ no sɛ: “San bra me nkyɛn.”—Yes. 44:22.

21. Sɛ Yesu akyi a wudi nti, ɛde mpaapaemu aba w’abusua mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

21 Yesu kae sɛ, sɛ yɛdɔ onipa bi sen no a, ɛnde na yɛnsɛ no anaa yɛmfata no. Nanso na Yesu wɔ ahotoso sɛ sɛ n’asuafo abusuafo sɔre tia wɔn mpo a, wobenya akokoduru akɔ so adi n’akyi. Sɛ Yesu akyi a wudi nti, akɔfa “nkrante” anaa mpaapaemu aba w’abusua mu a, fa wo ho to Yehowa so ma ɔmmoa wo na ama woatumi agyina mu akosi ase. (Yes. 41:10, 13) Ma w’ani nnye sɛ Yehowa ne Yesu ani sɔ wo, na wo nokwaredi nti, wobehyira wo.

^ nky. 10 Sɛ obi hokafo nni asafo no mu, na ɔpɛ nsɛm pii a ɛbɛboa no ama watete ne mma a, obetumi ahwɛ Ɔwɛn-Aban August 15, 2002, “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ.”