Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sakaria Anisoadehu—Ɛfa Wo Ho Sɛn?

Sakaria Anisoadehu—Ɛfa Wo Ho Sɛn?

“Monsan mmra me nkyɛn, . . . na me nso mɛsan aba mo nkyɛn.”—SAK. 1:3.

NNWOM: 89, 86

1-3. (a) Bere a Sakaria fii ase sɛ ɔrehyɛ nkɔm no, na tebea bɛn na Yehowa nkurɔfo wom? (b) Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wɔnsan mmara ne nkyɛn’?

WOKENKAN Sakaria nhoma no a, wubehu anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa wom. Wubehu nhoma mmobɔwee bi a atu nam wim, ɔbea bi a ɔhyɛ efa susude anaa kuku a wɔabua so mu, ne mmea mmienu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn deɛ a wɔnam mframa mu. (Sak. 5:1, 7-9) Adɛn nti na Yehowa maa odiyifo no nyaa anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi? Saa bere no, tebea bɛn na na Israelfo no wom? Anisoadehu a Sakaria yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no, ɛnnɛ ɛfa yɛn ho sɛn?

2 Ná afe 537 A.Y.B. yɛ anigye afe ma Yehowa nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so. Ná wɔakɔyɛ nkoa wɔ Babilon mfe pɔrepɔre 70; saa afe no na wonyaa ahofadi. Mfiase no, wodii ahurusi. Ɛno akyi, wofii ase sɛ wɔresi asɔrefie no wɔ Yerusalem na wɔasan de nokware som asi hɔ. Wɔtoo asɔrefie no fapem afe 536 A.Y.B. Saa bere no, na ɔman no “reyɛ dede kɛse, na wɔtee wɔ akyirikyiri.” (Esra 3:10-13) Nanso, ankyɛ asɔrefie a na wɔresi no nti, atamfo sɔre tiaa wɔn. Nkurɔfo no hyiaa nsɛnnennen ne ɔhaw pii, na ɛmaa wɔn abam bui. Enti wogyaee asɔrefie no si, na wokosisii wɔn ankasa fie yeyɛɛ wɔn mfuw. Mfe 16 akyi no, na Yehowa asɔrefie no da so ara tim nea etim. Onyankopɔn nkurɔfo no de wɔn adwene sii nneɛma a wɔn ankasa hia so kan, enti ɛho behiae sɛ wɔkae wɔn sɛ wonnyae nea wɔreyɛ no na wɔnsan nkɔ Yehowa nkyɛn. Ná Yehowa pɛ sɛ wɔsan ba ne nkyɛn, na wofi wɔn koma nyinaa mu de akokoduru som no.

3 Afe 520 A.Y.B. no, Onyankopɔn somaa odiyifo Sakaria sɛ ɔnkɔkae ne nkurɔfo no nea enti paa a ogyee wɔn fii Babilon. Edin Sakaria kyerɛ “Yehowa Akae.” Ɛbɛyɛ sɛ edin no ma wɔkaee nokwasɛm titiriw bi. Ɛwom sɛ na nkurɔfo no werɛ afi nea Yehowa yɛ de gyee wɔn no, nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔda so kae ne nkurɔfo no. (Kenkan Sakaria 1:3, 4.) Yehowa kaa wɔn koma too wɔn yam maa wɔn awerɛhyem sɛ ɔbɛboa wɔn ama wɔasan de nokware som asi hɔ, nanso ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ paa sɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛsom no bi ne bi. Yehowa maa Sakaria nyaa anisoadehu a ɛto so nsia ne nea ɛto so nson. Momma yɛnhwɛ sɛnea ɛkanyan nkurɔfo no ma wɔkɔtoaa adwuma no so. Afei nso, ɛnnɛ asuade bɛn na yebetumi anya afi mu?

ATEMMU A ONYANKOPƆN DE BA WƆN A WƆBƆ KORƆN SO

4. Dɛn na Sakaria hui wɔ anisoadehu a ɛto so nsia no mu? Nhoma mmobɔwee a nkyerɛwee wɔ afã mmienu no nso kyerɛ sɛn? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no. Nɔma 1.)

4 Sakaria nhoma no ti 5 mfiase no, wɔaka anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa ho asɛm wɔ hɔ. (Kenkan Sakaria 5:1, 2.) Sakaria hui sɛ nhoma mmobɔwee bi a ne tenten bɛyɛ anammɔn 30 (mita 9), na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn 15 (mita 4.5) atu nam wim! Ná wɔasan nhoma mmobɔwee no mu, enti na wobetumi akenkan. Atemmusɛm na na ɛwɔ afã mmienu no nyinaa. (Sak. 5:3) Mpɛn pii no, sɛ wɔrekyerɛw nhoma mmobɔwee so a, ɔfã baako pɛ na na wɔkyerɛw. Enti ɛda adi pefee sɛ nhoma mmobɔwee wei deɛ, aniberesɛm a ɛho hia paa na na ɛwom.

Korɔn biara nni tenabea wɔ Yehowa nkurɔfo mu (Hwɛ nkyekyɛm 5-7)

5, 6. Sɛn na Yehowa bu korɔn biara?

5 Kenkan Sakaria 5:3, 4. Nnipa nyinaa bebu akontaa akyerɛ Yehowa, nanso wɔn a ne din da wɔn so no deɛ, yɛnna nka mpo. Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nim sɛ korɔn biara a wɔbɛbɔ no, ɛde ‘ahohora bɛba wɔn Nyankopɔn din so.’ (Mmeb. 30:8, 9) Ebia nnipa binom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, sɛ ahokyere bi nti na wɔbɔ korɔn a, ɛnde ɛnyɛ bɔne. Nanso, sɛ obi te nka sɛ ntease wom sɛ ɔbɔ korɔn a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, n’ani bere ade, na nea ɔrehwehwɛ no ho hia no koraa sen Onyankopɔn. Ɔda no adi sɛ ommu Yehowa ne Ne din, na saa ara nso na ɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee.

6 Wohyɛɛ no nsow sɛ Sakaria 5:3, 4 kae sɛ ‘nnome bɛkɔ ɔkorɔmfo no fie; na ɛbɛtena hɔ na asɛe fie no’? Adaban ne nsafe anaa nkrado rentumi nsiw Yehowa atemmu kwan. Enti sɛ obi reyɛ bɔne wɔ sum ase wɔ Yehowa nkurɔfo mu a, Yehowa betumi ahu na wabu no atɛn. Sɛ nea ɔbɔ korɔn no tumi de sie polisifo, n’adwumawuranom, asafo mu mpanyimfo, anaa n’awofo mpo a, ɔrentumi mfa nsie Onyankopɔn. Efisɛ Onyankopɔn bɛhwɛ ama korɔn biara ada adi. (Heb. 4:13) Wɔn a yɛne wɔn bɔ fekuw yɛ nkurɔfo a wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wobedi nokware “biribiara mu.” Wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam paa!—Heb. 13:18.

7. Nnome a ɛwɔ nhoma mmobɔwee a atu nam wim so no, dɛn na yɛbɛyɛ na ebi anka yɛn?

7 Yehowa kyi korɔn biara. Sɛ yɛde Yehowa abrabɔ pa ho mmara yɛ adwuma na yɛkɔ so yɛ nneɛma a engu ne din ho fĩ a, ɛyɛ hokwan kɛse ma yɛn. Sɛ yɛyɛ saa a, atemmu a Yehowa de reba wɔn a wɔhyɛ da bu ne mmara so no, ebi renka yɛn.

DI WO BƆHYƐ SO “DA BIARA”

8-10. (a) Dɛn ne ntam? (b) Ntam bɛn na Ɔhene Sedekia kae a wanni so?

8 Afei asɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee a atu nam wim so no de kɔkɔbɔ bi maa ‘wɔn a wɔde Onyankopɔn din keka ntanhunu’ no. (Sak. 5:4) Ntam yɛ asɛm a obi ka de kyerɛ sɛ asɛm bi yɛ nokware, anaa ɛyɛ ɛbɔ a obi hyɛ de kyerɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi anaa ɔrenyɛ.

9 Obi de Yehowa din ka ntam a, ɛyɛ aniberesɛm paa. Asɛm a ɛtoo ɔhene a otwa to a odii ade wɔ Yerusalem no ma yehu sɛ ɛyɛ aniberesɛm ampa. Sedekia de Yehowa din kaa ntam sɛ ɔbɛkɔ so de ne ho ahyɛ Babilon hene ase. Nanso, Sedekia anni ntam a ɔkae no so. Ɛno nti Yehowa buu no atɛn. Ɔkae sɛ: ‘Sɛ mete ase yi, faako a ɔhene a ɔde no dii ade te no, ɛhɔ ara na Sedekia bewu wɔ Babilon; ɔtotoo ɔhene yi ntam ase, na obuu n’apam so.’—Hes. 17:16.

10 Ɔhene Sedekia de Onyankopɔn din kaa ntam, enti na Yehowa hwɛ kwan sɛ obedi so. (2 Be. 36:13) Nanso, Sedekia twaa ne ho kohuu Egypt sɛ Egypt mmoa no mma onnye ne ho mfi Babilon ase, nso ankosi hwee.—Hes. 17:11-15, 17, 18.

11, 12. (a) Ɛbɔ a ɛho hia sen biara a yɛbɛhyɛ no, ɛne nea ɛwɔ he? (b) Ɛbɔ a yɛhyɛ de hyira yɛn ho so no, sɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn asetena da biara da?

11 Yɛn nso, yɛhyɛ bɔ a Yehowa tie. Ɔfa ɛbɔ a yɛhyɛ no aniberesɛm, enti ɛsɛ sɛ yedi so na ama yɛanya n’anim dom. (Dw. 76:11) Ɛbɔ a yɛhyehyɛ nyinaa, nea ehia paa ne nea yɛde hyira yɛn ho so ma Yehowa no. Ahosohyira yɛ ɛbɔ a yɛhyɛ sɛ osu mu oo, owia mu oo, nea ebesi biara yɛbɛsom Yehowa.

12 Yɛahyɛ bɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa. Yɛbɛyɛ dɛn adi so? “Da biara” yehyia sɔhwɛ akɛse ne nketewa. Ɛsɛ sɛ nea yɛyɛ wɔ emu biara ho no ma Yehowa hu sɛ ɛbɔ a yɛahyɛ no, yebu no aniberesɛm. (Dw. 61:8) Nhwɛso bi ni. Sɛ obi a ɔwɔ yɛn adwumam anaa sukuu mu de ne ho rehyehyɛ yɛn a, yɛbɛma wahu sɛ yekyi nea ɔreyɛ no anaa? Yɛbɛyɛ saa de akyerɛ sɛ yɛn ‘ani gye Yehowa akwan ho’ anaa? (Mmeb. 23:26) Yɛmfa no sɛ wo nko ara na woyɛ Yehowa somfo wɔ w’abusua mu, na abusuafo a wɔaka no mfa Yehowa asɛm mmɔ wɔn bra. Ɛyɛ a wosrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wonkɔ so nna Kristofo suban adi? Wobɔ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no mpae daa, na woda no ase daa sɛ ɔde wo aba ne ntaban ase na ɔdɔ wo? Wugye bere kenkan Bible da biara? Sɛ yɛbɛka a, yɛahyɛ Yehowa bɔ sɛ yɛbɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa. Sɛ yetie Yehowa na yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ ne som mu a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ no na yɛahyira yɛn ho so ama no ampa. Yɛn abrabɔ na yɛde kyerɛ sɛ yɛsom Yehowa, na ɛnyɛ ani so ade kɛkɛ. Sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so a, ɛyɛ yɛn ara yɛn yiyedi; yedi nokware a, yebenya asetena pa daakye.—Deut. 10:12, 13.

13. Sakaria anisoadehu a ɛto so nsia no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

13 Sakaria anisoadehu a ɛto so nsia no aboa yɛn ama yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa no bɔ korɔn biara anaa wɔka ntanhunu. Yɛahu nso sɛ, Israelfo dii mfomso bebree deɛ, nanso Yehowa ampo wɔn. Yehowa tee Israelfo no ase efisɛ na atamfo atwa wɔn ho ahyia, na na nneɛma mu ayɛ den ama wɔn. Yehowa dii ne bɔhyɛ so. Ɔde wei yɛɛ nhwɛso maa yɛn, na wei kyerɛ sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛn nso yɛadi yɛn bɔhyɛ so. Ɔkwan baako a ɔnam so reboa yɛn ne sɛ, wahyɛ yɛn bɔ sɛ obeyi abɔnefosɛm nyinaa afi asase so baabiara nnansa yi ara. Anisoadehu a edi hɔ a Sakaria nyae no ma yenya saa anidaso yi.

WƆDE AMUMƆYƐ ‘ATO NE TENABEA’

14, 15. (a) Dɛn na Sakaria hui wɔ anisoadehu a ɛto so nson a onyae no mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no. Nɔma 2.) (b) Ɔbea a ɔhyɛ efa susude anaa kuku mu no gyina hɔ ma dɛn, na adɛn nti na wɔde no ahyɛ mu na wɔakata no so?

14 Bere a Sakaria huu nhoma mmobɔwee a atu nam wim akyi no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ no sɛ “ma w’ani so.” Dɛn na na obehu wɔ anisoadehu a ɛto so nson no mu? Ohuu susude anaa kuku bi a wɔfrɛ no “efa” sɛ afi adi rekɔ. (Kenkan Sakaria 5:5-8.) Saa susude no wɔ “mmuaso kurukuruwa a wɔde sumpii ayɛ.” Bere a woyii mmuaso no, Sakaria hui sɛ “ɔbea bi te efa susude no mu.” Ɔbɔfo no kae sɛ ɔbea a ɔhyɛ efa susude no mu no yɛ “Amumɔyɛ.” Ɔbea no yɛe sɛ ɔrepue. Wo deɛ, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Sakaria yam hyee no! Ɔbɔfo no yɛɛ ntɛm piaa ɔbea no hyɛɛ susude no mu, na ɔde mmuaso a emu yɛ duru no kataa so. Wei kyerɛ sɛn?

15 Anisoadehu yi ma yehu sɛ Yehowa remma amumɔyɛ biara ntena ne nkurɔfo mu. Ohu sɛ amumɔyɛ bi rekɔ so wɔ ne nkurɔfo mu a, obesiw ano na wayi afi hɔ ntɛm ara. (1 Kor. 5:13) Mmuaso no a ɔbɔfo no san de kataa susude no so no ma yehu sɛ saa na Yehowa bɛyɛ.

Yehowa hwɛ maa nokware som ho tewee (Hwɛ nkyekyɛm 16-18)

16. (a) Dɛn na Sakaria hui sɛ ɛbaa efa susude no so? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no. Nɔma 3.) (b) Ɛhe na mmea a wɔwɔ ntaban no de efa susude no kɔe?

16 Afei Sakaria huu mmea mmienu bi a wɔwɔ ntaban a emu yɛ den te sɛ asukɔnkɔn deɛ sɛ wɔreba. (Kenkan Sakaria 5:9-11.) Mmea yi nte sɛ ɔbea a ɔhyɛ susude no mu no koraa! Saa mmea no de wɔn ntaban a emu yɛ den no tui, na wɔmaa susude a “Amumɔyɛ” hyɛ mu no so kɔe. Ɛhe na wɔde ɔbea no rekɔ? Wɔde Amumɔyɛ kɔɔ “Sinar asase so,” anaa Babilon. Adɛn nti na wɔde susude no kɔɔ Babilon?

17, 18. (a) “Amumɔyɛ” no “tenabea” ne Sinar. Adɛn ntia? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ wɔ amumɔyɛ ho?

17 Israelfo a wɔtenaa ase Sakaria bere so no, na wɔbɛte ase sɛ Sinar yɛ tenabea a ɛfata ma Amumɔyɛ. Sakaria ne ne mfɛfo Yudafo bere so no, na wonim sɛ amumɔyɛ ahyɛ Babilon mã. Esiane sɛ wonyinii wɔ kurow a na ɔbrasɛe ne abosonsom ahyɛ mu mã no mu nti, da biara da na ɛsɛ sɛ wɔko denneennen de twe wɔn ho fi abosonsomfo nneyɛe bɔne no ho. Wode hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ anisoadehu yi maa wɔn koma tɔɔ wɔn yam! Ɛma wonyaa awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so atew ne som ho.

18 Afei nso anisoadehu no kaee Yudafo no sɛ wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔma wɔn som ho kɔ so tew. Ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo sosɔ amumɔyɛ so na ɛnsɛ sɛ wɔma kwan ma ɛbɛtena wɔn mu. Onyankopɔn de yɛn aba n’ahyehyɛde a ɛho tew no mu, na yehu sɛ ɔdɔ yɛn na ɔbɔ yɛn ho ban. Enti yɛn nso yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛboa ma ahyehyɛde no ho kɔ so tew. Yemmisa sɛ, ɛka yɛn koma sɛ yɛnhwɛ mma yɛn “fie,” kyerɛ sɛ, Yehowa ahyehyɛde no ho ntew anaa? Ɛmfata sɛ amumɔyɛ biara tena yɛn honhom fam paradise no mu.

NNIPA A WƆN HO TEW HYƐ YEHOWA ANUONYAM

19. Anisoadehu a ɛyɛ nwonwa a Sakaria nyae no, ɛfa yɛn ho sɛn nnɛ?

19 Sakaria anisoadehu a ɛto so nsia ne nson no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no fa no aniberesɛm paa. Ɛkae yɛn sɛ Yehowa renhwɛ mma bɔne nkɔ so. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo anokwafo kyi bɔne ankasa. Saa anisoadehu yi nso ma yenya awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya no dɔ yɛn. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn anim dom a, ɔrennome yɛn, na mmom ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Bio, Yehowa behyira yɛn pii. Sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛn ho kɔ so tew wɔ wiase a bɔne ahyɛ mu mã yi mu a, yɛn brɛ renyɛ kwa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn ama yɛn ho akɔ so atew! Nanso yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ nokware som ase betim wɔ wiase a abɔnefosɛm ahyɛ mu ma yi mu? Bere a ahohiahia kɛse no rebobɔ ba yi, awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ Yehowa bɛbɔ n’ahyehyɛde no ho ban? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.