Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nteaseɛnam ne Ahenkyɛw Rebɔ Wo Ho Ban

Nteaseɛnam ne Ahenkyɛw Rebɔ Wo Ho Ban

“Sɛ mutie Yehowa mo Nyankopɔn a, eyinom nyinaa bɛba mu.”—SAK. 6:15.

NNWOM: 61, 22

1, 2. Sakaria anisoadehu a ɛto so nson no awiei no, na Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no asetena te sɛn?

BERE a Sakaria anisoadehu a ɛto so nson no baa awiei no, na nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ odiyifo no dwinnwen ho. Ná Yehowa aka sɛ abɔnefo nneyɛe bɔne nti, ɔbɛtwe wɔn aso. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa asɛm yi hyɛɛ Sakaria den. Nanso, na biribiara nsesae. Ná atorodi ne nneɛma bɔne da so ara rekɔ so. Yehowa asɔrefie a na wɔresan asi wɔ Yerusalem no nso, na wonnuu baabiara. Yudafo no kɔɔ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn nsa no ho no, ankyɛ na wogyaw too hɔ. Dɛn nti na wɔyɛɛ saa? Yemmisa sɛ, wɔn ankasa mfaso nti na wofi nkoasom mu san baa wɔn kurom anaa?

2 Ná Sakaria nim sɛ Yudafo a wɔsan kɔɔ Yerusalem no yɛ mmarima ne mmea a wɔn gyidi yɛ den. Wɔn na ‘nokware Nyankopɔn no kaa wɔn koma’ ma wogyaw wɔn afie ne wɔn nnwuma hɔ kɔe. (Esra 1:2, 3, 5) Wogyaw asase a na wonim so yiye hɔ kɔɔ baabi a na wɔn mu dodow no ara nkɔɔ hɔ da. Yerusalem asɔrefie a na wɔresan akosi no, na ɛho hia saa Yudafo no paa. Ɛno nti wotwaa kwantenten bɛyɛ akwansin 1,000 (kilomita 1,600). Ná ɔkwan no yɛ mmepɔwmmepɔw ne mmonkyemmɔnka.

3, 4. Nsɛnnennen bɛn na Yudafo a wɔsan kɔɔ wɔn kurom no hyiae?

3 Saa akwantu no, wohwɛ a na ɛte sɛn? Kurow foforo a na Yudafo no rekɔtena mu no, ɛnyɛ dɛn ara a bere a wɔnam kwan so rekɔ nyinaa no, wɔde nnɔnhwerew pii bedwinnwen ho. Ná wɔate sɛ bere bi na Yerusalem yɛ fɛ paa. Sɛnea na asɔrefie no anuonyam te kan no, wɔn a na wɔn ani afi wɔ wɔn mu no bi hui. (Esra 3:12) Sɛ woka ho bi na wɔkɔe a, bere a w’ani bɔɔ Yerusalem so no, anka wobɛte nka sɛn? Bere a wuhuu adan a abubu a nwura agye afa no, anka wo werɛ bɛhow anaa? Anka Babilon afasu atenten a ɛyɛ den no, wode bɛtoto Yerusalem afasu a abubu no ho? Mmeae a na kurow apono ne awɛmfo aban hyehyɛ wɔ afasu no mu no, na adan ntokuru akɛse. Nanso wei ammu Yudafo no abam. Kwantenten a wotwa kɔɔ wɔn kurom no, wohui sɛ Yehowa bɔɔ wɔn ho ban na ɔboaa wɔn saa bere no nyinaa. Wodui no, ade a wodii kan yɛe ne sɛ wosii afɔremuka wɔ baabi a na asɔrefie no si no, na wofii ase bɔɔ afɔre maa Yehowa da biara. (Esra 3:1, 2) Sɛ wohwɛ nsi ne ahokeka a mfiase no na wɔwɔ a, ɛbɛyɛ wo sɛ na biribiara rentumi mmu wɔn abam.

4 Asɔrefie a na Israelfo no resi no da nkyɛn a, na ehia sɛ wɔsan kyekye wɔn nkurow. Ná ɛsɛ sɛ wosisi wɔn afie, wɔyɛ wɔn mfuw, na wɔma wɔn mmusua nya wɔn ano aduan nso. (Esra 2:70) Ná ɛte sɛ nea adwuma a ɛda wɔn anim no boro wɔn so. Afei nso, ankyɛ na wɔn atamfo sɔre tiaa wɔn denneennen. Mfiase no Israelfo no gyinaa pintinn, nanso bere a ɔsɔretia no kɔɔ so mfe 15 no, nkakrankakra wɔn abam bui. (Esra 4:1-4) Afe 522 A.Y.B. no, Persia hene barae sɛ mma wonsisi adan biara wɔ Yerusalem bio, na ɛno sɛee asɛm no koraa. Ɛyɛe sɛ nea wɔrentumi nsan nkyekye kurow no bio.—Esra 4:21-24.

5. Bere a Yehowa nkurɔfo gyaee adwuma no, dɛn na ɔyɛe?

5 Ná Yehowa nim nea ɛbɛboa ne nkurɔfo. Onyankopɔn maa Sakaria nyaa anisoadehu a etwa to. Ná ɛbɛma Yudafo no anya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wɔn, na n’ani sɔ nea wɔayɛ wɔ ne som adwuma mu. Afei nso, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ, sɛ wɔsan kɔtoa n’adwuma no so a, ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Asɔrefie no a na wɔresan asi no, Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Sɛ mutie Yehowa mo Nyankopɔn a, eyinom nyinaa bɛba mu.”—Sak. 6:15.

ABƆFODƆM

6. (a) Sakaria anisoadehu a ɛto so nwɔtwe no fii ase sɛn? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na ɛsono apɔnkɔ no kɔla?

6 Anisoadehu nwɔtwe a Sakaria nyae no mu nea etwa to no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno na na ɛhyɛ gyidi den paa. (Kenkan Sakaria 6:1-3.) Wo deɛ, twa asɛm no ho mfonini hwɛ: Ohuu nteaseɛnam nnan a ɛbɛyɛ sɛ wɔasiesie ama ɔko a efi “mmepɔw abien ntam” reba; ná “mmepɔw no yɛ kɔbere.” Apɔnkɔ a wɔretwe nteaseɛnam no, ɛsono wɔn kɔla. Wei ma ɛyɛ mmerɛw sɛ obi behu wɔn a wɔtete nteaseɛnam no so no mu biara. Sakaria bisae sɛ: “Eyinom nso ɛ?” (Sak. 6:4) Esiane sɛ anisoadehu yi fa yɛn ho nti, yɛn nso yɛpɛ sɛ yehu.

Yehowa da so ara ma n’abɔfo bɔ ne nkurɔfo ho ban hyɛ wɔn den

7, 8. (a) Mmepɔw mmienu no, egyina hɔ ma dɛn? (b) Adɛn nti na wɔde kɔbere yɛɛ mmepɔw no?

7 Bible mu no, wotumi de mmepɔw gyina hɔ ma ahenni anaa nniso ahorow. Mmepɔw a Sakaria hui wɔ anisoadehu mu no, ɛte sɛ mmepɔw mmienu a wɔaka ho asɛm wɔ Daniel nkɔmhyɛ mu no. Bepɔw no baako gyina hɔ ma Yehowa amansan tumidi a etim hɔ daa no. Ɛnna bepɔw baako a aka no gyina hɔ ma Mesia Ahenni no a Yesu yɛ so hene no. (Dan. 2:35, 45) Efi bere a wɔde Yesu sii agua so afe 1914 no, mmepɔw mmienu no abom reyɛ adwuma titiriw bi ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so.

8 Adɛn nti na wɔde kɔbere yɛɛ mmepɔw no? Kɔbere yɛ dade a ɛsom bo paa te sɛ sika kɔkɔɔ, na ɛyɛ hyɛnhyɛn. Bere a wɔresi ntamadan no ne bere a wɔresi asɔrefie no wɔ Yerusalem no, Yehowa kae sɛ wɔmfa kɔbere nyɛ ho adwuma. (Ex. 27:1-3; 1 Ahe. 7:13-16) Kɔbere a wɔde yɛɛ mmepɔw mmienu no ma yehu sɛ Yehowa amansan tumidi ne Mesia Ahenni no di mũ paa. Ɛbɛma adesamma nyinaa anya akomatɔyam ne nhyira pii.

9. Henanom na wɔte nteaseɛnam no so, na wɔn adwuma ne sɛn?

9 Momma yɛnsan nhwɛ nteaseɛnam no bio. Nteaseɛnam no ne wɔn a wɔte so no gyina hɔ ma dɛn? Wɔn a wɔte nteaseɛnam no so no yɛ abɔfo; ɛbɛyɛ sɛ wɔyɛ abɔfo a wɔahyehyɛ wɔn akuwakuw. (Kenkan Sakaria 6:5-8.) Wɔafi “asase nyinaa wura no anim” rekɔyɛ adwuma titiriw bi. Adwuma bɛn na wɔde ahyɛ wɔn nsa? Wɔasoma nteaseɛnam no ne wɔn a wɔte so no sɛ wɔnkɔ mmeae pɔtee bi. Wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛbɔ Yehowa nkurɔfo ho ban, titiriw, sɛ́ wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi “atifi fam asase” anaa Babilon ho. Ná Yehowa bɛhwɛ sɛ ɔremma Babilon mfa ne nkurɔfo nyɛ nkoa bio. Wɔn a na wɔresi asɔrefie no wɔ Sakaria bere so no, ɛbɛyɛ sɛ wei maa wɔn koma tɔɔ wɔn yam paa! Wɔanna annwen ho bio sɛ wɔn atamfo bɛba abegyigye wɔn.

10. Sakaria nkɔmhyɛ a ɛfa nteaseɛnam ne wɔn a wɔte so ho no, awerɛhyem bɛn na ebetumi ama Onyankopɔn nkurɔfo anya?

10 Nea asafo Yehowa yɛe wɔ Sakaria bere so no, ɛnnɛ ɔda so ara ma n’abɔfo bɔ ne nkurɔfo ho ban hyɛ wɔn den. (Mal. 3:6; Heb. 1:7, 14) Babilon Kɛse no de honhom fam Israelfo yɛɛ nkoa wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Efi bere a wogyee wɔn fii nkoasom mu afe 1919 no, wɔn atamfo asɔre atia wɔn denneennen, nanso nokware som akɔ so atrɛw. (Adi. 18:4) Esiane sɛ abɔfo bɔ Yehowa ahyehyɛde no ho ban nti, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ ɛbɛba sɛ atoro som de Yehowa nkurɔfo bɛyɛ nkoa bio. (Dw. 34:7) Mmom, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛkɔ so anya anigye wɔ ne som mu. Sakaria anisoadehu a yɛasusuw ho yi ama yɛanya awerɛhyem sɛ mmepɔw mmienu no bɛbɔ yɛn ho ban na yɛn ho atɔ yɛn.

11. Ɛrenkyɛ wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro?

11 Ɛrenkyɛ atumfoɔ a wɔwɔ Satan wiase no mu bɛka wɔn ho abom sɛ wɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo. (Hes. 38:2, 10-12; Dan. 11:40, 44, 45; Adi. 19:19) Hesekiel nkɔmhyɛ no ka atumfoɔ yi ho asɛm sɛ wɔakata asase no so sɛ omununkum, na wɔtete apɔnkɔ so reba yɛn so abufuw so. (Hes. 38:15, 16) * Ɛsɛ sɛ yesuro wɔn anaa? Dabida! Yɛwɔ asraafodɔm wɔ yɛn afã. Edu bere a emu yɛ den saa wɔ ahohiahia kɛse no mu a, abɔfo a wɔyɛ asafo Yehowa asraafo no bɛka abom na wɔabɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban. Wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi no. (2 Tes. 1:7, 8) Saa da no, ɛbɛyere paa! Yemmisa sɛ, hena na obedi Yehowa asraafodɔm a wɔwɔ soro no anim?

YEHOWA DE AHENKYƐW AHYƐ NE HENE NE NE SƆFO

12, 13. (a) Dɛn bio na Yehowa ka kyerɛɛ Sakaria sɛ ɔnyɛ? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɔbarima a ne din de Mfefɛwee no, ogyina hɔ ma Yesu Kristo?

12 Anisoadehu nwɔtwe a Sakaria nyae no, ɔno nko ara na ohui. Afei Sakaria yɛɛ biribi a wɔn a wɔresan asi Onyankopɔn asɔrefie no behu na ahyɛ wɔn nkuran. (Kenkan Sakaria 6:9-12.) Yehowa ka kyerɛɛ Sakaria sɛ onkogye dwetɛ ne sika kɔkɔɔ mfi Heldai, Tobiya, ne Yedaia hɔ mfa nyɛ “ahenkyɛw.” Saa mmarima yi fi Babilon na ɛbae. (Sak. 6:11) Ná Amrado Serubabel fi Yuda abusua mu, na na ɔyɛ Dawid aseni. Ɔno na Yehowa ka kyerɛɛ Sakaria sɛ ɔmfa ahenkyɛw no nhyɛ no anaa? Dabi. Mmom Sakaria de hyɛɛ Ɔsɔfo Panyin Yosua; ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ no nwonwa paa.

13 Ahenkyɛw a wɔde hyɛɛ Ɔsɔfo Panyin Yosua no kyerɛ sɛ wosii no hene anaa? Dabi, na Yosua mfi Dawid adehye abusua mu, enti na ɔmfata sɛ odi hene. Ahenkyɛw no a wɔde hyɛɛ no no, na egyina hɔ ma obi a daakye obedi hene na wasan adi sɔfo afebɔɔ. Ɔsɔfo panyin a wɔasi no hene no, ne din de Mfefɛwee. Kyerɛwnsɛm no ma yehu pefee sɛ nea wɔfrɛ no Mfefɛwee no, ɔno ne Yesu Kristo.—Yes. 11:1; Mat. 2:23. *

14. Yesu yɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin. Adwuma bɛn na ɔreyɛ?

14 Yesu yɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin. Ɔno na odi Yehowa asraafodɔm a wɔwɔ soro no anim. Ɛno nti, ɔyɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa bɛtena ase dwoodwoo wɔ wiase a basabasayɛ ahyɛ mu mã yi mu. (Yer. 23:5, 6) Ɛrenkyɛ koraa, Kristo bedi anim ama wɔadi amanaman no so nkonim. Ɔbɛyɛ saa de akyerɛ sɛ ɔtaa Onyankopɔn tumidi akyi, na obetwitwa agye Yehowa nkurɔfo. (Adi. 17:12-14; 19:11, 14, 15) Nanso Mfefɛwee, anaa Yesu bɛyɛ adwuma kɛse bi ansa na ɔde atemmu no aba.

OBESI ASƆREFIE NO

15, 16. (a) Ɛnnɛ, dɛn na wɔayɛ de agye Onyankopɔn nkurɔfo na wɔatew wɔn ho, na hena na ɔyɛɛ saa adwuma no? (b) Kristo Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, dɛn na ɛbɛba?

15 Bere a Yehowa yɛɛ Yesu Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin no, ɔmaa no adwuma sɛ ‘onsi Yehowa asɔrefie.’ (Kenkan Sakaria 6:13.) Ɛnnɛ bere yi mu nso, Yesu reyɛ adansi adwuma bi. Ɛne sɛ afe 1919 no, ogyee Onyankopɔn nkurɔfo fii Babilon Kɛse no mu na ɔsan de Kristofo asafo no sii hɔ. Bio nso, Yesu paw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” sɛ adwuma a wɔreyɛ wɔ honhom fam asɔrefie kɛse no fã a ɛwɔ asase so no, onni anim. (Mat. 24:45) Afei nso, Yesu reyɛ adwuma denneennen de atew Onyankopɔn nkurɔfo ho, na ɔreboa wɔn ama wɔasom Onyankopɔn nokware mu.—Mal. 3:1-3.

16 Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yesu ne 144,000 a wɔyɛ ahemfo ne asɔfo a wɔne Yesu bedi ade no bɛboa nnipa a wodi nokware ama wɔayɛ pɛ. Sɛ wowie a, asase a efĩ biara nni so no, Onyankopɔn asomfo a wodi nokware nko ara na wɔbɛtena so. Awiei koraa no, nokware som bɛsan afa ne ntama pa afura!

SI DAN NO BI

17. Awerɛhyem bɛn bio na Yehowa de maa Yudafo no, na saa asɛm no kaa wɔn sɛn?

17 Asɛm a Sakaria kae no kaa Yudafo a na wɔwɔ ne bere so no sɛn? Ná Yehowa ahyɛ Yudafo no bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn na wabɔ wɔn ho ban ama wɔasi asɔrefie no. Saa asɛm a ɔkae no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa nkurɔfo a na wɔn abam abu no nyaa anidaso. Nanso, adwuma kɛse a ɛte saa no, na ɛbɛyɛ dɛn na nnipa kakraa bi atumi ayɛ? Asɛm a edi hɔ a Sakaria kae no yii ehu ne adwenem naayɛ biara fii nkurɔfo no mu. Ná anokwafo te sɛ Heldai, Tobiya, ne Yedaia rebɛboa adwuma no. Onyankopɔn kae nso sɛ afoforo pii “bɛba abesi Yehowa asɔrefie no bi.” (Kenkan Sakaria 6:15.) Ɛwom sɛ na wɔabara Yudafo no sɛ mma wonsi asɔrefie no, nanso bere a wonyaa awerɛhyem sɛ Onyankopɔn taa wɔn akyi no, wɔyɛɛ ntɛm de nsi ne ahokeka san toaa adwuma no so. Ná asɔrefie no si a wɔabara no yɛ akwanside kɛse te sɛ bepɔw, nanso ankyɛ na Yehowa yi fii hɔ. Wei ma wosii asɔrefie no wiei wɔ afe 515 A.Y.B. (Esra 6:22; Sak. 4:6, 7) Saa asɛm a Yehowa kae no, ɛkyerɛ nneɛma akɛse a ɛrekɔ so nnɛ.

Ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ Yehowa no, ne werɛ remfi da! (Hwɛ nkyekyɛm 18, 19)

18. Ɛnnɛ, sɛn na Sakaria 6:15 renya mmamu?

18 Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii aba nokware som mu, na wɔn koma aka wɔn ama wɔde wɔn ‘ahonyade’ reboa Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no. Wɔn ahonyade no bi ne wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode. (Mmeb. 3:9) Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ nokwaredi a yɛde reboa ne som adwuma no? Momma yɛnkae sɛ Heldai, Tobiya, ne Yedaia na wɔde nneɛma a Sakaria de yɛɛ ahenkyɛw no bae. Enti na ahenkyɛw no yɛ “nkae ade” anaa biribi a ɛkae yɛn sɛ wɔn nso boaa nokware som. (Sak. 6:14) Yɛn nso, adwuma a yɛyɛ ne ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ Yehowa no, ne werɛ remfi da. (Heb. 6:10) Yehowa bɛkae, na ɔbɛkyerɛ ho anisɔ afebɔɔ.

19. Sakaria anisoadehu no, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn sɛn nnɛ?

19 Nea yɛayɛ wɔ nokware som mu wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa no, ɛyɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira yɛn, na Kristo na odi yɛn anim. Yɛwɔ ahyehyɛde a etim hɔ daa no mu. Yehowa atirimpɔw a ɛfa nokware som ho no “bɛba mu.” Enti ma w’ani nsɔ sɛ woka Yehowa nkurɔfo ho, na ‘tie Yehowa wo Nyankopɔn.’ Sɛ woyɛ saa a, yɛn Hene ne Ɔsɔfo Panyin ne ɔsoro abɔfo a wɔtete nteaseɛnam so no bɛkɔ so abɔ wo ho ban. Yɛ nea wubetumi biara fa boa nokware som. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ asafo Yehowa bɛbɔ wo ho ban wɔ wiase yi nna a aka mu, na ɔbɛyɛ saa afebɔɔ!

^ nky. 11 Wopɛ nsɛm pii a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ,” May 15, 2015, Ɔwɛn-Aban, kr. 27-28.

^ nky. 13 Asɛmfua “Nasareni” fi Hebri asɛmfua “mfefɛwee” mu.