Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Minim sɛ Ɔbɛsɔre’

‘Minim sɛ Ɔbɛsɔre’

“Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ hɔ akonyan no.”​—YOH. 11:11.

NNWOM: 142, 129

1. Dɛn na na Marta gye di sɛ ne nuabarima no benya? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

MARTA yɛ Yesu suani ne n’adamfo paa; na Marta redi awerɛhow. Ná Marta nuabarima Lasaro awu. Biribi wɔ hɔ a na ebetumi akyekye ne werɛ anaa? Aane. Yesu maa no awerɛhyem sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” Ɛwom, ebia ɛno antumi anyi Marta awerɛhow no amfi hɔ koraa, nanso ogyee asɛm a Yesu kae no dii. Marta kae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a etwa to no, ɔbɛsɔre.” (Yoh. 11:20-24) Ná ogye di paa sɛ daakye owusɔre bɛba. Afei Yesu yɛɛ anwonwade bi. Ɔsan de Lasaro baa nkwa mu saa da no ara.

2. Gyidi a na Marta wɔ no, adɛn nti na wopɛ sɛ wunya bi?

2 Yenni biribiara a yebegyina so ahwɛ kwan sɛ Yesu anaa n’Agya bɛyɛ anwonwade bi a ɛte saa ama yɛn nnɛ. Nanso sɛnea na Marta gye di paa sɛ daakye owusɔre bɛba no, wo nso wugye di paa sɛ wobenyan wo dɔfo bi daakye? Ebia wo kunu anaa wo yere, wo papa, anaa wo nana bi a wodɔ no awu. Anaasɛ ebia woredi wo ba a wawu ho awerɛhow. W’ani agyina sɛ wobɛyɛ wo dɔfo no awaawaa atuu, na wo ne no abɔ nkɔmmɔ aserew. Anigyesɛm ne sɛ sɛnea Marta kae no, wo nso wubetumi aka paa sɛ, ‘Minim sɛ owusɔre mu, me dɔfo no bɛba.’ Nanso ɛyɛ papa sɛ Kristoni biara susuw nea enti a ogye di paa sɛ owusɔre no bɛba ho.

3, 4. Ná Yesu nyanee awufo bi nkyɛe. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛhyɛɛ gyidi a na Marta wɔ wɔ owusɔre no mu den?

3 Ná Marta te bɛn Yerusalem, enti ɛbɛyɛ sɛ bere a Yesu nyanee okunafo bi ba wɔ Nain kurotia wɔ Galilea no, Marta anhu. Nanso ebia ɔtee ho asɛm. Saa ara na ɛbɛyɛ sɛ Yairo babea a Yesu nyanee no baa nkwa mu no nso, ɔtee ho asɛm. Nkurɔfo a na wɔwɔ abeawa no fie deɛ, na “wonim sɛ wawu.” Nanso Yesu soo abeawa a wawu no nsa kae sɛ: “Abeawa, sɔre!” Amonom hɔ ara abeawa no sɔree. (Luka 7:11-17; 8:41, 42, 49-55) Ná Marta ne ne nuabea Maria nyinaa nim sɛ Yesu betumi asa ayarefo yare. Ɛno nti wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ, sɛ Yesu wɔ hɔ a, anka Lasaro anwu. Nanso afei a na Yesu adamfo a ɔdɔ no awu no, na dɛn na Marta hwɛ kwan? Hyɛ no nsow sɛ Marta kae sɛ Lasaro bɛba nkwa mu daakye, “da a etwa to no.” Dɛn na ɛma onyaa gyidi a ɛte saa? Wo nso, adɛn nti na wubetumi agye adi paa sɛ daakye w’adɔfo a wɔawuwu betumi anya owusɔre?

4 Sɛ wugye di sɛ owusɔre bɛba a, ɛyɛ ne kwan so. Yebesusuw nea enti a wugye di no bi ho, na ebia wubehu sɛ Onyankopɔn Asɛm no ka owusɔre ho asɛm bi a wonnwenee ho saa da. Woyɛ saa a, gyidi a wowɔ sɛ daakye wobɛsan ahu w’adɔfo a wɔawuwu no, ɛbɛhyɛ mu den.

NSƐM A ESISII A ƐMA YENYA ANIDASO!

5. Dɛn na ɛmaa Marta nyaa gyidi sɛ Lasaro benya owusɔre?

5 Kae sɛ Marta anka sɛ: ‘Mehwɛ kwan sɛ me nua no bɛsɔre.’ Mmom ɔkae sɛ: ‘Minim sɛ ɔbɛsɔre.’ Ná ebinom asɔre afi awufo mu ansa na Yesu rehyɛ ne som adwuma ase, na ɛbɛyɛ sɛ na Marta ate ho asɛm. Ɛno na ɛmaa Marta gyee owusɔre no dii. Bere a ɔyɛ ababaa no, osuaa ho ade wɔ fie ne hyiadan mu. Yɛrebɛhwɛ owusɔre mmiɛnsa bi a na wɔaka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu.

6. Anwonwade soronko bɛn na Elia yɛe, na ɛfa Marta ho sɛn?

6 Owusɔre a edi kan no sii bere a Onyankopɔn maa Elia tumi ma ɔyɛɛ anwonwade ahorow no. Ɔbea kunafo hiani bi yɛɛ odiyifo Elia hɔho; na ɔbea no fi Foinike kurow Sarefat a ɛda mpoano wɔ Israel atifi. Afei Onyankopɔn yɛɛ anwonwade maa ɔbea no; wamma ɔbea no esiam ne ne ngo ansa. Wei nti, ɔkɔm ankum ɔbea no ne ne ba no. (1 Ahe. 17:8-16) Akyiri yi, ɔbea no ba no yare wui. Nanso Elia boaa no. Elia de ne nsa kaa amu no, na ɔbɔɔ mpae sɛ: “Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma abofra yi kra nsan mmra ne mu.” Na ɛbaa saa! Onyankopɔn tiee Elia, na abofra no san baa nkwa mu. Ɛno ne owusɔre a edi kan a Bible ka ho asɛm. (Kenkan 1 Ahene 17:17-24.) Ɛnyɛ dɛn ara na Marta ate anwonwasɛm a ɛte saa no ho asɛm.

7, 8. (a) Ka nea Elisa yɛe de kyekyee ɔbea bi a na ɔredi awerɛhow werɛ. (b) Anwonwade a Elisa yɛe no, dɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho?

7 Owusɔre a ɛto so mmienu a Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm no, Elisa a obesii Elia ananmu no na onyanee owufo no. Ɔbea nuonyamfo bi a ɔyɛ Israelni a ɔwɔ Sunem som Elisa hɔho paa. Ná ɔbea no nni ba, na na ne kunu nso ani afi. Nanso Onyankopɔn nam odiyifo no so hyiraa ɔbea no ne ne kunu ma wɔwoo ɔbabarima. Mfe bi akyi no, abarimaa no wui. Wo deɛ, hwɛ sɛnea ne maame werɛ bɛhow afa! Ɔbea no kunu maa no kwan ma ɔkɔɔ Elisa nkyɛn wɔ Bepɔw Karmel so; otwaa kwan kilomita 30 (akwansin 19). Odiyifo no somaa ne somfo Gehasi sɛ onni kan nkɔ Sunem. Gehasi kɔe no, wantumi annyan abofra a wawu no. Akyiri yi, ɔbea a na ne werɛ ahow no ne Elisa beduu hɔ.​—2 Ahe. 4:8-31.

8 Bere a Elisa duu fie hɔ wɔ Sunem no, ɔkɔɔ amu no ho, na ɔbɔɔ mpae. Anwonwasɛm bi sii; abarimaa a wawu no sɔree. Bere a maame no huu ne ba a wanyan no, n’ani gyei paa! (Kenkan 2 Ahene 4:32-37.) Ɛbɛyɛ sɛ ɔkaee mpae a Hanah bɔe bere bi no. Ná Hanah repɛ ba nanso na awo no mma. Bere a ɔwoo Samuel na ɔde no kɔɔ ntamadan no mu sɛ ɔnkɔsom no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Yehowa na . . . ɔma nnipa sian kɔ Adamoa mu, na ɔma wofi hɔ ba,” anaa wɔsɔre ba. (1 Sam. 2:6) Yehu pefee sɛ Onyankopɔn maa abarimaa no sɔre fii awufo mu wɔ Sunem; wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde benyan awufo.

9. Sɛ yɛhwɛ owusɔre a ɛto so mmiɛnsa a Bible ka ho asɛm no a, Elisa ho ba mu sɛn?

9 Anwonwasɛm foforo bi nso sii a na Elisa ho wom. Bere a ɔsomee sɛ odiyifo bɛboro mfe 50 no, ‘ɔyaree yare a ɛde no bɛkɔ owu mu.’ Akyiri yi, Elisa wui ma ɛkaa ne nnompe. Atamfo bi baa Israel asase so saa bere no. Da bi, na Israelfo bi rekosie ɔbarima bi. Wɔnkɔhwɛ a, atamfo yi na wɔreba wɔn so yi. Ná wɔn ho pere wɔn sɛ wobeguan afi atamfo no anim, enti wɔtow ɔbarima a wawu no too Elisa damoa anaa ɔboda a ne nnompe gu mu no mu. Bible ka sɛ: “Bere a ɔbarima no amu kaa Elisa nnompe no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkwa mu, na ɔsɔre gyinaa ne nan so.” (2 Ahe. 13:14, 20, 21) Hwɛ sɛnea saa owusɔre no ho asɛm bɛka Marta koma! Anokwa, Onyankopɔn wɔ owu so tumi. Wo nso, dwinnwen saa asɛm no ho. Ɛbɛma woagye adi sɛ Onyankopɔn tumi sõ, na enni ano.

NSƐM A ESISII ASOMAFO NO BERE SO

10. Dɛn na Petro yɛe de boaa Kristoni bea bi a na wawu?

10 Yɛhwɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nso a, yehu sɛ Onyankopɔn nyanee awufo bere a n’ananmusifo wɔ hɔ. Emu bi ne okunafo bi ba a Yesu nyanee no wɔ Nain kurotia ne Yairo babea a onyanee no wɔ fie no. Ɔsomafo Petro nso nyanee Kristoni bea bi a na wawu; ne din de Dorka (Tabita). Petro kɔɔ baabi a na wɔde Dorka ato retwɛn akosie no no, na okogyinaa amu no ho bɔɔ mpae. Afei ɔkae sɛ: “Tabita, sɔre!” Ɛhɔ ara na ɔsɔree “a ɔwɔ nkwa mu,” na Petro de no maa ne nuanom Kristofo. Nea esii no, obiara antumi annye ho kyim, na ɛmaa nnipa “bebree begyee Awurade dii.” Ná asuafo foforo yi betumi adi Awurade ho adanse akyerɛ nkurɔfo na wɔama wɔahu nso sɛ Yehowa tumi nyan awufo.​—Aso. 9:36-42.

11. Dɛn na oduruyɛfo Luka kae sɛ ɛtoo aberante bi, na sɛn na ɛkaa afoforo?

11 Ebinom nso de wɔn ani huu owusɔre foforo. Bere bi, na ɔsomafo Paulo ne nkurɔfo ahyiam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Troa. Turkey atifi fam atɔe ɛnna kan no na wɔfrɛ no Troa no. Paulo kasae araa kosii anadwo dasum. Ná aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retie asɛm no. Nanso ɔtɔɔ nko dae, na ofii abansoro dan a ɛto so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Ebia oduruyɛfo Luka na odii kan kɔɔ Eutiko nkyɛn kɔhwɛɛ nea ayɛ no: Ná ɛnyɛ sɛ Eutiko apira atɔre mum, mmom na wawu! Paulo si kɔɔ fam kobutuw amu no so, na afei ɔkaa asɛm bi ma ɛyɛɛ obiara nwonwa. Ɔkae sɛ: “Ne kra wɔ ne mu.” Wo deɛ, hwɛ sɛnea ɛbɛka wɔn a wɔde wɔn ani hui no koma paa! Esiane sɛ na wonim sɛ aberante no awu na afei wanya owusɔre nti, “wɔn werɛ kyekye boroo so.”​—Aso. 20:7-12.

ANIDASO A EDI MŨ

12, 13. Sɛ yɛhwɛ owusɔre a yɛaka ho asɛm no a, nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

12 Owusɔre a yɛaka ho asɛm no, ebetumi ama woanya gyidi a na Marta wɔ no bi. Ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ yɛn Nyankopɔn ne yɛn Nkwamafo no wɔ tumi a ɔde benyan obi a wawu. Ɛyɛ nwonwa sɛ bere a Yehowa reyɛ saa anwonwade no mu biara no, na Onyankopɔn somfo nokwafo bi te sɛ Elia, Yesu, anaa Petro wɔ hɔ. Na wɔn a wowui wɔ mmere foforo mu nso ɛ? Dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho? Yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, ɛnyɛ bere nyinaa na Onyankopɔn nyanee awufo. Ɛnde yemmisa sɛ, na mmarima ne mmea anokwafo betumi ahwɛ kwan sɛ Onyankopɔn benyan awufo daakye? Ná wobetumi anya ahotoso a Marta nyae no bi anaa? Marta de ahotoso kae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a etwa to no, [me nua no bɛsɔre].” Dɛn na ɛmaa Marta nyaa saa gyidi no, na adɛn nti na wo nso wubetumi agye adi?

13 Kyerɛwtohɔ pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛma yehu sɛ na Yehowa asomfo anokwafo nim sɛ daakye owusɔre bɛba. Momma yensusuw emu bi ho.

14. Owusɔre ho ade bɛn na yebetumi asua afi Abraham asɛm no mu?

14 Ná Abraham atwɛn bere tenten sɛ obenya ɔba. Nanso wo de hwɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ Isak. Yehowa kae sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo ba koro a wodɔ no, Isak . . . kɔbɔ ɔhyew afɔre.” (Gen. 22:2) Wohwɛ a, bere a Abraham tee saa ahyɛde no, ɛkaa no sɛn? Ná Yehowa ahyɛ bɔ sɛ Abraham asefo so na ɔnam behyira aman nyinaa. (Gen. 13:14-16; 18:18; Rom. 4:17, 18) Afei nso, Yehowa kae sɛ nhyira no “nam Isak so” na ɛbɛba. (Gen. 21:12) Nanso sɛ Abraham de Isak bɔɔ afɔre a, anka ɛbɛyɛ dɛn na nhyira no aba? Onyankopɔn honhom maa Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na Abraham gye di sɛ Onyankopɔn betumi anyan Isak afi awufo mu. (Kenkan Hebrifo 11:17-19.) Bible nka sɛ na Abraham susuw sɛ, sɛ otie Onyankopɔn a, nnɔnhwerew bi akyi, ɛda a edi hɔ, anaa nnawɔtwe akyi no, Isak bɛsan aba nkwa mu. Ná Abraham rentumi nhu bere ko a wobenyan ne ba no aba nkwa mu bio. Nanso na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa benyan Isak.

15. Anidaso bɛn na na ɔnokwafo Hiob wɔ?

15 Ɔnokwafo Hiob nso, na ɔhwɛ kwan sɛ daakye owusɔre bɛba. Ná onim sɛ dua mpo sɛ wotwa a, ɛbɛsan afefɛw bio na ayɛ sɛ dua foforo. Nanso ɛnyɛ saa na onipa te. (Hiob 14:7-12; 19:25-27) Sɛ onipa wu a, ɔno ankasa rentumi nsɔre mfi adamoa mu mmɛtena ase bio. (2 Sam. 12:23; Dw. 89:48) Ɛwom, ɛno nkyerɛ sɛ na Onyankopɔn rentumi nyan obi a wawu. Nokwasɛm ne sɛ, na Hiob gye di sɛ, sɛ Yehowa bere sõ a, ɔbɛkae no. (Kenkan Hiob 14:13-15.) Ná Hiob nnim bere pɔtee a wei besi daakye. Ne nyinaa akyi no, na Hiob gye di paa sɛ Onii a ɔbɔɔ nnipa no betumi akae no na wanyan no aba nkwa mu.

16. Asɛm a ɛhyɛ nkuran bɛn na ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Daniel?

16 Daniel yɛ ɔnokwafo foforo a Hebri Kyerɛwnsɛm no ka ne ho asɛm. Ɔde nokwaredi som Onyankopɔn mfe pii, na Yehowa boaa no. Bere bi, ɔbɔfo bi kae sɛ Daniel yɛ ‘ɔbarima a wɔpɛ n’asɛm paa.’ Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ “asomdwoe nka wo” na “yɛ den.”​—Dan. 9:22, 23; 10:11, 18, 19.

17, 18. Ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ Daniel sɛ obenya daakye?

17 Ná aka kakra ma Daniel adi mfe 100, na na ne nkwa reyɛ aba awiei. Ɛnyɛ dɛn ara na obedwen nea ɛbɛto no daakye ho. Yemmisa sɛ, enti Daniel bɛtena ase bio? Aane, ɔbɛtena ase dodo! Daniel nhoma no awiei no, Onyankopɔn maa no awerɛhyem sɛ: “Wo de, kɔ kodu awiei; wobɛhome.” (Dan. 12:13) Ná Daniel a wabɔ akwakoraa no nim sɛ awufo regye wɔn ahome, na “adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamoa mu.” Ná ɛrenkyɛ na Daniel akɔ hɔ bi. (Ɔsɛnk. 9:10) Nanso na ɛnyɛ n’awiei ara ne no. Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ obenya daakye papa bi.

18 Ɔbɔfo no toaa so ka kyerɛɛ odiyifo Daniel sɛ: ‘Wobɛsɔre abenya wo kyɛfa, nna no awiei.’ Wankyerɛ Daniel da pɔtee anaa bere tenten a ebedi ansa na saa bɔhyɛ no abam. Ná Daniel nim sɛ obewu na wakogye n’ahome. Nanso bere a ɔbɔfo no kae sɛ Daniel ‘bɛsɔre abenya ne kyɛfa’ daakye no, na ɔrehyɛ ne bɔ sɛ daakye obenya owusɔre. Ná saa asɛm yi besi bere tenteenten wɔ ne wu akyi. Ná ɛno bɛba wɔ “nna no awiei.” Jerusalem Bible no kyerɛ saa ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Daniel no ase sɛ: “Wobɛsɔre abenya wo kyɛfa awiei bere no.”

Ná Marta gye di sɛ owusɔre bɛba; wo nso wubetumi anya saa gyidi no bi (Hwɛ nkyekyɛm 19, 20)

19, 20. (a) Nsɛm a yɛasusuw ho nyinaa yi, ɛfa asɛm a Marta ka kyerɛɛ Yesu no ho sɛn? (b) Dɛn bio na yebesusuw ho?

19 Sɛ na Marta gye di sɛ “owusɔre mu, da a etwa to no,” ne nuabarima nokwafo Lasaro ‘bɛsɔre’ a, na ɔwɔ nnyinaso pa. Yehowa hyɛɛ Daniel bɔ, na Marta nso maa Yesu mmuae a ɛkyerɛ sɛ na ogye di paa sɛ owusɔre bɛba. Ɛsɛ sɛ saa nsɛm yi ma Kristofo nya awerɛhyem sɛ owusɔre bɛba.

20 Yɛahu sɛ nsɛm a esisii tete no di adanse sɛ owusɔre bɛba, kyerɛ sɛ, wɔbɛsan de awufo aba nkwa mu bio. Afei nso, mmarima ne mmea a wɔsom Onyankopɔn no hwɛɛ kwan sɛ owusɔre bi bɛba daakye. Sɛ wɔhyɛ owusɔre ho bɔ na ɛkyɛ sɛ dɛn ara mpo a, biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebetumi abam anaa? Sɛ saa a, ɛbɛma yɛanya biribi foforo agyina so ahwɛ kwan sɛ owusɔre bɛba daakye sɛnea na Marta hwɛ kwan no. Nanso bere bɛn na saa asɛm yi besi? Yebesusuw saa nsɛm yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.