Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mewɔ Anidaso Wɔ Onyankopɔn Mu”

“Mewɔ Anidaso Wɔ Onyankopɔn Mu”

“Adam a odi akyiri no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.”​—1 KOR. 15:45.

NNWOM: 151, 147

1-3. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ka nea yegye di paa ho? (b) Adɛn nti na owusɔre ho hia saa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

SƐ OBI bisa wo sɛ, ‘Mo nkyerɛkyerɛ paa ne sɛn?’ a, asɛm bɛn na wobɛka? Akyinnye biara nni ho sɛ, wobɛka sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ ne yɛn Nkwamafo. Ebia wobɛka nso sɛ wugye di sɛ Yesu Kristo wui de ne ho mae sɛ agyede. Na wode anigye bɛka aka ho sɛ asase so paradise bi reba; ɛhɔ na Onyankopɔn nkurɔfo bɛtena afebɔɔ. Nanso, wobɛka sɛ owusɔre ka nea wugye di paa no ho?

2 Sɛ yegye di sɛ yebetwa ahohiahia kɛse no na yɛatena asase so daa mpo a, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ owusɔre ka yɛn nkyerɛkyerɛ paa ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nea enti a ehia paa sɛ yegye owusɔre di. Ɔkae sɛ: “Sɛ awufo sɔre nni hɔ de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔannyan Kristo nso.” Sɛ wɔannyan Kristo a, anka ɔrentumi nni yɛn so sɛ Ɔhene, na anka Kristo nniso ho asɛm a yɛreka no nso bɛyɛ kwa. (Kenkan 1 Korintofo 15:12-19.) Nanso yenim sɛ wonyanee Yesu. Yɛnte sɛ Yudafo Sadukifo no, efisɛ yɛn deɛ yegye owusɔre di. Ná Sadukifo no nnye nni koraa sɛ owusɔre wɔ hɔ. Sɛ nkurɔfo di yɛn ho fɛw mpo a, owusɔre mu gyidi a yɛwɔ no, yɛkɔ so kura mu pintinn.—Mar. 12:18; Aso. 4:2, 3; 17:32; 23:6-8.

3 Bere a Paulo kyerɛw biribi faa “Kristo ho mfitiasesɛm” ho no, ɔde ‘owusɔre nkyerɛkyerɛ’ nso kaa ho. (Heb. 6:1, 2) Paulo sii so dua sɛ ogye owusɔre di paa. (Aso. 24:10, 15, 24, 25) Ɛwom sɛ owusɔre nkyerɛkyerɛ no ka “Onyankopɔn nsɛm kronkron mu mfitiasesɛm” no ho deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a ɛnsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua ho ade. (Heb. 5:12) Adɛn ntia?

4. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa afa owusɔre ho?

4 Sɛ nkurɔfo fi ase sua Bible a, wɔn mu dodow no ara kenkan nkurɔfo a wonyanee wɔn tete no ho asɛm. Wɔn mu baako ne Lasaro. Wohu nso sɛ na Abraham, Hiob, ne Daniel wɔ ahotoso sɛ awufo bɛtena ase bio daakye. Ɛwom, wotumi hyɛ owusɔre ho bɔ mfe pii anaa mfehaha pii ansa na abam, enti sɛ obi bisa wo sɛ ma no adanse a ɛkyerɛ sɛ owusɔre no bɛba paa a, dɛn na wobɛka? Bible kyerɛ bere pɔtee a owusɔre no bɛba anaa? Yenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den. Enti momma yɛnhwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka fa ho.

OWUSƆRE BI A WƆHYƐƐ HO BƆ MFEHAHA PII

5. Owusɔre ho asɛm bɛn na yebedi kan asusuw ho?

5 Sɛ obi wui nkyɛe na wonyan no ba nkwa mu a, ɛnyɛ den sɛ yebegye adi. (Yoh. 11:11; Aso. 20:9, 10) Nanso sɛ wɔhyɛ bɔ sɛ wobenyan obi na ebedi mfe pii anaa mfehaha pii ansa na abam a, wubegye adi anaa? Bɔhyɛ a ɛkyɛ saa ansa na abam no, ɛfa obi a owui nkyɛe ho oo, obi a owui akyɛ ho oo, wubegye adi anaa? Nokwasɛm ne sɛ, owusɔre bi a wɔhyɛɛ ho bɔ mfehaha pii no baa mu, na wugye di sɛ ɛbaa mu. Ɛyɛ owusɔre bɛn? Ɛfa owusɔre a worehwɛ kwan sɛ ɛbɛba daakye no ho sɛn?

6. Dwom 118 mmamu fa Yesu ho sɛn?

6 Momma yɛnhwɛ owusɔre bi a wɔhyɛɛ ho nkɔm mfe pii ansa na ɛrebam wɔ Dwom 118. Ebinom kyerɛ sɛ Dawid na ɔhyehyɛɛ saa dwom no. Adesrɛde bi wɔ saa dwom no mu. Ɛka sɛ: “O Yehowa, yɛsrɛ wo, gye yɛn! . . . Nhyira ne Nea ɔreba Yehowa din mu.” Ebia wokae sɛ aka bere tiaa bi ama Yesu awu no, ɔtenaa afurum so kɔɔ Yerusalem, Nisan 9. Saa bere no, nkurɔfo faa Mesia no ho nkɔmhyɛ yi de kaa asɛm. (Dw. 118:25, 26; Mat. 21:7-9) Nanso ɔkwan bɛn so na Dwom 118 ma yehu owusɔre bi a na ɛbɛba mfe pii akyi? Momma yɛnhwɛ asɛm foforo a ɛwɔ saa dwom no mu. Ɛka sɛ: “Ɔbo a adansifo poe no abɛyɛ tweatibo.”​—Dw. 118:22.

‘Adansifo no poo’ Mesia no (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Dɛn na Yudafo no yɛe de kyerɛe sɛ wɔapo Yesu?

7 “Adansifo” a wɔpoo Mesia no, na wɔyɛ Yudafo akannifo. Ɛnyɛ sɛ Yudafo akannifo no amfa Yesu asɛm anyɛ asɛm kɛkɛ anaa gye na wɔannye no antom sɛ ɔne Kristo no, na mmom wɔpoo no ankasa. Yudafo pii bɔ gyee so sɛ wonkum no. (Luka 23:18-23) Nokwasɛm ne sɛ, wɔka ho bi paa na wokum Yesu.

Wonyan Yesu ma ɔbɛyɛɛ “tweatibo no” (Hwɛ nkyekyɛm 8, 9)

8. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi bɛyɛɛ “tweatibo no”?

8 Sɛ Yudafo no poo Yesu ɛnna wɔsan kum no a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ “tweatibo no”? Sɛ obetumi abɛyɛ tweatibo no a, na gye sɛ wonyan no fi awufo mu. Yesu ankasa kaa asɛm bi a ɛkyerɛ saa. Ɔmaa mfatoho bi. Ɔkae sɛ afuw wura bi somaa nkurɔfo kɔɔ n’afuw mu, nanso akuafo no yɛɛ wɔn basabasa. Saa ara na Israelfo no nso yɛɛ adiyifo a Onyankopɔn somaa wɔn kɔɔ wɔn nkyɛn no basabasa. Mfatoho no mu no, ewiee ase no, afuw wura no somaa ne ba a ɔdɔ no na ɔyɛ ɔdedifo no. Akuafo no gyee ne ba no toom anaa? Dabida. Akuafo no yɛɛ ade traa so; wokum no. Bere a Yesu maa mfatoho yi wiei no, ɔfaa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 118:22 no kaa asɛm. (Luka 20:9-17) Ɔsomafo Petro nso, bere a ogyina Yudafo ‘sodifo ne mpanyimfo ne akyerɛwfo a na wɔahyiam wɔ Yerusalem’ anim no, ɔfaa saa nkɔmhyɛ no mu asɛm kae. Petro kaa “Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no” ho asɛm. Afei Petro kaa no pefee sɛ: “Oyi ne ‘ɔbo a mo adansifo amfa no anyɛ hwee a abɛyɛ tweatibo no.’”​—Aso. 3:15; 4:5-11; 1 Pet. 2:5-7.

9. Ade titiriw bɛn na Dwom 118:22 hyɛɛ ho nkɔm?

9 Nokwasɛm ne sɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 118:22 no ka too hɔ mfehaha pii sɛ owusɔre bi bɛba. Kyerɛwnsɛm no kyerɛe sɛ wɔbɛpo Mesia no na wɔakum no, nanso wobenyan no afi awufo mu na wabɛyɛ tweatibo no. Enti Ɔba a wonyan no fii awufo mu no, ɔno ne obi a ne nkutoo din na “wɔde ama nnipa sɛ wɔmfa so nnye yɛn nkwa.”​—Aso. 4:12; Efe. 1:20.

10. (a) Nkɔmhyɛ bɛn na ɛwɔ Dwom 16:10? (b) Adɛn nti na yebetumi aka paa sɛ Dwom 16:10 annya mmamu wɔ Dawid so?

10 Momma yɛnhwɛ kyerɛwsɛm foforo a ɛkaa owusɔre bi ho asɛm. Wɔkyerɛw owusɔre yi ho asɛm no, bɛboro mfirihyia apem akyi ansa na ɛreba mu. Ɛsɛ sɛ saa asɛm yi hyɛ gyidi a wowɔ mu den sɛ, sɛ wɔhyɛ owusɔre ho nkɔm anaa wɔhyɛ ho bɔ na ɛkyɛ sɛ dɛn ara mpo a, ba deɛ ɛbɛba mu. Dwom 16 a wɔkyerɛ sɛ Dawid na ɔkyerɛwee no fã bi kenkan sɛ: “Worennyaw me kra wɔ Adamoa mu. Woremma wo nokwafo nhu amoa.” (Dw. 16:10) Ɛnyɛ sɛ na Dawid reka sɛ ɔno deɛ ɔrenwu da anaa ɔrenkɔ adamoa mu da. Onyankopɔn Asɛm ka no pefee sɛ Dawid bɔɔ akwakoraa. Ɛno akyi no, “Dawid ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no Dawid Kurow mu.” (1 Ahe. 2:1, 10) Ɛnde, hena ho asɛm na na Dwom 16:10 reka?

11. Bere bɛn na Petro kyerɛkyerɛɛ Dwom 16:10 mu?

11 Bible ma yehu onii no. Bere a Dawid kyerɛw Dwom 16:10 akyi bɛboro mfirihyia apem no, Petro kyerɛɛ onii a saa dwom no fa ne ho. Bere a Yesu wui na wonyan no akyi nnawɔtwe kakra no, Petro ne Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no kasae. (Kenkan Asomafo Nnwuma 2:29-32.) Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Dawid awu na wɔasie no. Ná nkurɔfo a wɔretie Petro no nim saa asɛm no. Afei nso, Petro kae sɛ Dawid ‘huu’ Mesia a na ɔreba no ‘wusɔre ho asɛm siei.’ Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo a na wɔretie Petro no gyee asɛm a ɔkae no ho kyim.

12. Ɔkwan bɛn so na Dwom 16:10 nyaa mmamu, na owusɔre a wɔhyɛɛ ho bɔ no, dɛn na ɛma yehu fa ho?

12 Petro faa asɛm a Dawid kae wɔ Dwom 110:1 no kae de sii n’asɛm no so dua. (Kenkan Asomafo Nnwuma 2:33-36.) Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a Petro ne nnipadɔm no susuw ho no boa ma wogye toom sɛ Yesu ne “Awurade ne Kristo.” Afei nso, nkurɔfo no gye toom sɛ Dwom 16:10 nyaa mmamu bere a Yehowa nyan Yesu fii awufo mu no. Akyiri yi, bere a ɔsomafo Paulo nso ne Yudafo a wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia rekasa no, ɔtwee adwene sii adanse a edi mũ yi so. Nkyerɛkyerɛmu a Paulo de mae no kaa nkurɔfo no koma, na na wɔpɛ sɛ wotie pii ka nea wɔate no ho. (Kenkan Asomafo Nnwuma 13:32-37, 42.) Saa owusɔre ho nkɔm a wɔhyɛe wɔ Bible mu no dii mfehaha pii ansa na ɛrebam deɛ, nanso ɛsɛ sɛ nea yɛasusuw ho yi nso boa yɛn ma yegye di sɛ na nkɔmhyɛ no yɛ nokware.

OWUSƆRE NO​—BERE BƐN NA ƐBƐBA?

13. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa afa owusɔre ho?

13 Sɛ wɔhyɛ owusɔre ho nkɔm mfehaha pii mpo a, ebetumi abam. Ɛsɛ sɛ wei hyɛ yɛn nkuran. Nanso ebia obi bebisa sɛ: ‘Wei kyerɛ sɛ, sɛ me dɔfo bi wu a, ɛsɛ sɛ metwɛn bere tenten ansa na mahu no? Bere bɛn na owusɔre a merehwɛ kwan no bɛba?’ Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a wonnim na wɔrentumi nhu nso. Afei nso, “mmere anaa nna a Agya no ahyɛ wɔ n’ankasa tumi mu” ho nsɛm bi wɔ hɔ a yennim. (Aso. 1:6, 7; Yoh. 16:12) Nanso, wei nkyerɛ sɛ owusɔre a ɛbɛba no, yennim ho asɛm biara.

14. Yesu wusɔre no ne nnipa a na wɔadi kan anya owusɔre no, nsonsonoe bɛn na ɛwom?

14 Nea ɛbɛboa ama yɛate asɛm yi ase no, momma yɛnhwɛ owusɔre ahorow a Bible hyɛɛ ho nkɔm no. Nea ɛho hia sen biara ne Yesu wusɔre no. Sɛ wɔannyan Yesu a anka yɛn mu biara nni anidaso sɛ obehu n’adɔfo a wɔawuwu no bio. Wɔn a wonyaa owusɔre ansa na wɔrenyan Yesu te sɛ wɔn a Elia ne Elisa nyanee wɔn no, wɔantena ase afebɔɔ. Wɔsan wui, na wɔporɔwee wɔ adamoa mu. Nanso, “wɔanyan Kristo afi awufo mu,” na “ɔrenwu bio; owu nni ne so tumi bio.” Yesu te “ase daa daa” wɔ soro, na ɔrenhu porɔwee da.​—Rom. 6:9; Adi. 1:5, 18; Kol. 1:18; 1 Pet. 3:18.

15. Adɛn nti na wɔfrɛ Yesu sɛ “aba a edi kan”?

15 Yesu ne obi a odi kan a wonyan no fii awufo mu maa no honhom nipadua. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno ne owusɔre a ɛho hia paa. (Aso. 26:23) Nanso ɛnyɛ ɔno nko ara na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wobenyan no ama no honhom nipadua ama wakɔ soro. Yesu hyɛɛ n’asomafo anokwafo no bɔ sɛ wɔne no bedi ade wɔ soro. (Luka 22:28-30) Sɛ wɔn nsa bɛka saa akatua no a, gye sɛ wowu ansa. Ɛno akyi no, wobenyan wɔn sɛnea wonyan Kristo no na wɔama wɔn honhom nipadua. Paulo kae sɛ “wɔanyan Kristo afi awufo mu sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no aba a edi kan.” Paulo toaa so sɛ afoforo nso wɔ hɔ a wobenyan wɔn ama wɔakɔ soro. Ɔkae sɛ: “Obiara ne ne gyinabea: Kristo ne aba a edi kan no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmae mu.”​1 Kor. 15:20, 23.

16. Dɛn na yenim fa bere a wobenyan nkurɔfo ama wɔakɔ soro no ho?

16 Asɛm a Paulo kae no ma yehu biribi fa bere a wobenyan nkurɔfo ma wɔakɔ soro no ho. Ɛbɛbam ‘wɔ Yesu mmae no mu.’ Mfe pii ni na Yehowa Adansefo agyina Kyerɛwnsɛm no so akyerɛ sɛ Yesu “mmae” a wɔhyɛɛ ho bɔ no fii ase afe 1914. Saa bere no ara mu na yɛda so te yi, na wei kyerɛ sɛ, seesei wiase bɔne no awiei abɛn paa.

17, 18. Kristo mmae no mu no, dɛn na ɛbɛto Kristofo a wɔasra wɔn no binom?

17 Wɔn a wobenya owusɔre akɔ soro no, Bible ka ho asɛm pii. Ɛka sɛ: “Yɛmpɛ sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no ho asɛm behintaw mo . . . Na sɛ yɛwɔ gyidi sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn nam Yesu so de wɔn a wɔawuwu no bɛka ne ho aba. . . . Yɛn ateasefo a yɛbɛtena ase akosi Awurade mmae mu no renni wɔn a wɔawuwu no anim; efisɛ Awurade ankasa de nteɛm a emu yɛ den, . . . besian afi soro, na wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bedi kan asɔre. Ɛno akyi no, wɔbɛfa yɛn, ateasefo a yɛaka no ne wɔn nyinaa omununkum mu akohyia Awurade wɔ wim; na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.”​—1 Tes. 4:13-17.

18 Owusɔre a edi kan no bɛba bere a Kristo ‘mmae no’ afi ase akyi. Kristofo a wɔasra wɔn a ahohiahia kɛse no bɛba na wɔda so te ase no, ‘wɔbɛfa wɔn omununkum mu’ akɔ. Wɔn a ‘wɔbɛfa wɔn omununkum’ mu akɔ no, ‘wɔrenna wɔ owu mu,’ kyerɛ sɛ, sɛ wowu a, wɔrenna nkyɛ na wɔanyan wɔn. Wɔn “nyinaa bɛsesã ntɛm so, anibu mu, torobɛnto a edi akyiri no mu.”​—1 Kor. 15:51, 52; Mat. 24:31.

19. Dɛn ne “owusɔre a eye kyɛn so” a ɛreba no?

19 Ɛnnɛ, wɔmfaa honhom nsraa Kristofo anokwafo dodow no ara, na wɔmfrɛɛ wɔn sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ soro. Mmom, wɔretwɛn sɛ wiase bɔne yi bɛba awiei wɔ “Yehowa da” no mu. Obiara ntumi nkyerɛ bere pɔtee a saa awiei no bɛba, nanso adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ abɛn. (1 Tes. 5:1-3) Wɔsɛe wiase bɔne no wie a, owusɔre foforo bi bɛba. Wobenyan nkurɔfo aba paradise wɔ asase so. Wɔn a wobenyan wɔn no benya anidaso sɛ wobetumi ayɛ pɛ a wɔrenwu bio da. Nokwarem no, ɛno bɛyɛ “owusɔre a eye kyɛn so” asen owusɔre a ebinom nyae bere bi a atwam no. Saa bere no, “mmea nsa kaa wɔn awufo denam owusɔre so,” nanso bere bi akyi no, saa nkurɔfo no san wuwui.​—Heb. 11:35.

20. Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ owusɔre a ɛreba no, biribiara bɛkɔ so nnidiso nnidiso?

20 Bible ka wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no ho asɛm sɛ, wobenyan “obiara ne ne gyinabea,” anaa wobenyan wɔn nnidiso nnidiso. (1 Kor. 15:23) Yebetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wobenyan wɔn aba asase so no nso, biribiara bɛkɔ so nnidiso nnidiso a nhyehyɛe da ho. Wei yɛ biribi a yɛrehwɛ kwan paa. Enti yemmisa sɛ, Wɔn a wowuwui nkyɛe no, wɔn na wobenyan wɔn Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mfiase, na ama wɔn adɔfo a wonim wɔn ama wɔn akwaaba anaa? Mmarima anokwafo a wɔtenaa ase tete a na wodi nneɛma anim yiye no, wɔn na wobedi kan anyan wɔn ama wɔabɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ama wɔatoto nneɛma yiye wɔ wiase foforo no mu anaa? Na nkurɔfo a wɔansom Yehowa da no nso ɛ? Bere bɛn na wobenyan wɔn, na ɛhe na wobenyan wɔn? Nsɛmmisa pii betumi aba yɛn adwenem. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho dwinnwen saa nsɛm no ho seesei. Mo deɛ, momma yɛntwɛn nhwɛ nea ebesi. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bedi saa nneɛma no ho dwuma, na wei bɛyɛ anika sɛ.

21. Owusɔre ho anidaso bɛn na wowɔ?

21 Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mu den. Onyankopɔn nam Yesu so ama yɛn awerɛhyem sɛ awufo a wɔwɔ ne nkae mu no bɛsɔre. (Yoh. 5:28, 29; 11:23) Bere bi, Yesu kaa asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan awufo. Ɔkae sɛ Abraham, Isak, ne Yakob “nyinaa te ase ma no.” (Luka 20:37, 38) Ɛda adi sɛ yɛwɔ adanse a edi mũ a ɛbɛma yɛatumi aka asɛm a Paulo kae no bi. Ɔkae sɛ: ‘Mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu sɛ bere bi bɛba a awufo bɛsɔre.’​—Aso. 24:15.