Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo—Mommoa Mo Mma Ma ‘Wonhu Nyansa Nkɔ Nkwagye Mu’

Awofo—Mommoa Mo Mma Ma ‘Wonhu Nyansa Nkɔ Nkwagye Mu’

“Wufi wo mmofraase nso nim nkyerɛwee kronkron no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye mu.”​—2 TIM. 3:15.

NNWOM: 141, 134

1, 2. Sɛ mmofra pɛ sɛ wohyira wɔn ho so na wɔbɔ asu a, adɛn nti na ebetumi agyaw awofo binom adwinnwen?

AFE biara Bible asuafo mpempem hyira wɔn ho so ma Yehowa na wɔbɔ asu. Wɔn mu pii yɛ mmabun a wɔatete wɔn wɔ nokware no mu, na wɔasi gyinae sɛ wɔbɛfa ɔkwan a ɛbɛma asi wɔn yiye paa so. (Dw. 1:1-3) Sɛ woyɛ Kristoni a wowɔ mma a, ebia worehwɛ da a wo babarima anaa wo babea bɛbɔ asu no kwan denneennen.​—Fa toto 3 Yohane 4 ho.

2 Nanso ebia wei agyaw wo adwinnwen. Ebia woahu sɛ mmabun bi abɔ asu, nanso ebedu baabi no na wɔn adwene nsi wɔn pi sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm bɛbɔ wɔn bra. Wɔn mu bi mpo afi nokware no mu. Enti ebia wo dadwen ne sɛ, sɛ wo ba no fi ase som Yehowa a, akyiri yi anhwɛ a ɔbɛsesa, na nokware no ho dɔ a ɔwɔ no bɛtew akɔ. Anhwɛ a na wakɔyɛ sɛ wɔn a na wɔwɔ Efeso asafo a na ɛwɔ asomafo no bere so no. Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Woagyaw ɔdɔ a na wowɔ kan no.” (Adi. 2:4) Sɛ wompɛ sɛ biribi a ɛte saa bɛto wo ba a, wobɛyɛ dɛn aboa no ama ‘wanyin akɔ nkwagye mu’? (1 Pet. 2:2) Timoteo asɛm no bɛboa yɛn ama yɛanya mmuae.

‘WUNIM NKYERƐWEE KRONKRON NO’

3. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Timoteo bɛyɛɛ Kristoni, na ɔyɛɛ n’ade sɛn wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ ho? (b) Adesua ho nneɛma mmiɛnsa bɛn na Paulo de ho afotu maa Timoteo?

3 Afe 47 Y.B. mu ne bere a edi kan a ɔsomafo Paulo kɔɔ Listra. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Timoteo dii kan tee Kristo nkyerɛkyerɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo nnii mfe 20, nanso ɔde nea ɔtee no bɔɔ ne bra yiye. Mfe mmienu akyi no, ɔne Paulo boom tutuu akwan. Mfe 16 akyi no, Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Tena nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu, na wunim nnipa a wusua fii wɔn nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nso nim nkyerɛwee kronkron [Hebri Kyerɛwnsɛm] no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye mu denam Kristo Yesu mu gyidi so.” (2 Tim. 3:14, 15) Hyɛ no nsow sɛ, Paulo kae sɛ na Timoteo (1) nim nkyerɛwee kronkron no, (2) ogye dii sɛ nea wasua no yɛ nokware, na (3) ɛma ohuu nyansa kɔɔ nkwagye mu denam Kristo Yesu mu gyidi so.

4. Sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma nkumaa a, nneɛma bɛn na woahu sɛ wode di dwuma a, ɛboa paa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Sɛ woyɛ Kristoni a wowɔ ba a, wopɛ sɛ ohu nkyerɛwee kronkron no. Ɛnnɛ, Hebri Kyerɛwnsɛm no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no na ɛka bom yɛ nkyerɛwee kronkron no. Mmofra nkumaa koraa mpo, yebetumi ahwɛ sɛnea wɔn mmɔdenbɔ te na yɛakyerɛkyerɛ wɔn nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ne nsɛm a esisii a Bible ka ho asɛm. Yehowa ahyehyɛde no ayɛ nneɛma pii a awofo betumi de aboa wɔn mma. Emu nea ɛwɔ he na ɛwɔ wo kasa mu? Kae sɛ, sɛ obi ne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den a, egyina Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a ɔwɔ so.

“WOAGYE ADI SƐ ƐYƐ NOKWARE”

5. (a) Bible ka sɛ obi ‘agye biribi adi sɛ ɛyɛ nokware’ a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Yesu ho asɛmpa no, yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ Timoteo ma ogye dii sɛ ɛyɛ nokware?

5 Ehia sɛ obi hu nea ɛwɔ nkyerɛwee kronkron no mu. Nanso, sɛ obi kyerɛkyerɛ ne mma ma wohu nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ne nsɛm a esisii wɔ Bible mu a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ ɔde Onyankopɔn ho nimdeɛ redua wɔn mu. Timoteo nso, wɔkyerɛkyerɛɛ no ma ‘ogye dii.’ Hela asɛm a Paulo de yɛɛ adwuma no kyerɛ sɛ “wubenya biribi mu ahotoso” anaa “woahu biribi na woagye atom sɛ ɛyɛ nokware.” Ná Timoteo nim Hebri Kyerɛwnsɛm no fi ne mmofraase. Nanso eduu bere bi no, onyaa adanse a edi mũ, na ɛma ogye dii sɛ Yesu ne Mesia no. Yɛbɛka no kwan foforo so a, ne gyidi maa ne nimdeɛ sii pi. Nokwasɛm ne sɛ, Timoteo gyee asɛmpa no dii paa, na ɛno kaa no ma ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ osuani, na ɔne Paulo kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma.

6. Wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ama woagye adi sɛ nea wɔresua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ nokware?

6 Sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ Timoteo ma ogye dii no, wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ama wɔagye adi sɛ nea worekyerɛkyerɛ wɔn no yɛ nokware? Nea edi kan, nya abotare. Ɛnyɛ da koro pɛ na yɛde nya gyidi; saa ara nso na ɛnyɛ sɛ wɔakyerɛkyerɛ wo ama woagye adi nti, sɛnea ɛte biara wo mma nso begye adi. Ɛsɛ sɛ abofra biara de ɔno ara ‘n’adwene’ yɛ adwuma na ɛboa no ma ogye nokware a ɛwɔ Bible mu no di. (Kenkan Romafo 12:1.) Wo agya anaa ɛna no, sɛ wo ba gyidi betumi ayɛ den a, woka ho bi paa, ɛnkanka sɛ wo ba abisa wo nsɛm bi. Yɛnhwɛ nhwɛso bi.

7, 8. (a) Sɛ Kristoni barima bi rekyerɛkyerɛ ne babea a, dɛn na ɔyɛ de kyerɛ sɛ onya ne ba no ho abotare? (b) Dɛn ho na woahu sɛ ɛsɛ sɛ wunya wo ba ho abotare?

7 Thomas wɔ babea a wadi mfe 11. Thomas ka sɛ: “Me babea tumi bisa me sɛ, ‘Enti adannandi na Yehowa faa so bɔɔ nneɛma a nkwa wom wɔ asase so?’ Anaa ‘Adɛn nti na yɛne ɔmanfo mmom nyɛ nneɛma a ɛde mpɔntu ba? Ebi ne sɛ adɛn nti na yɛntow aba?’ Ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ mehyɛ me ho so na manka nea ɛsɛ sɛ ogye di kɛkɛ ankyerɛ no. Minim sɛ ɛnyɛ nokwasɛm baako pɛ a yɛbɛka akyerɛ obi na ɛbɛma wagye nokware no adi. Mmom adanse nketenkete pii na ɛma ogye di.”

8 Thomas nim nso sɛ ehia sɛ onya abotare ansa na watumi akyerɛkyerɛ ne ba no. Nokwasɛm ne sɛ, ehia sɛ Kristofo nyinaa nya abotare. (Kol. 3:12) Thomas nim sɛ, sɛ obetumi aboa ne ba no a, ehia sɛ ogye bere ne no bɔ nkɔmmɔ nkakrankakra. Ehia sɛ ɔne ne babea no susuw Kyerɛwnsɛm no ho, na aboa no ama wagye nea ɔresua no adi. Thomas ka sɛ: “Ɛyɛ a me ne me yere pɛ sɛ yehu sɛ yɛn babea no te nea ɔresua no ase na ogye di ankasa; ɛnkanka bere a yɛresusuw nneɛma a ɛho hia paa ho no. Sɛ obisa nsɛm a, m’ani gye paa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ogye nea mɛka biara di na wammisa ho asɛm biara a, anka ɛbɛhaw me.”

9. Wobɛyɛ dɛn de Onyankopɔn Asɛm adua wo mma koma mu?

9 Sɛ awofo nya abotare kyerɛkyerɛ wɔn mma a, nkakrankakra mmofra no benya gyidi, na wobehu “ne tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ yiye.” (Efe. 3:18) Yebetumi ahwɛ mfe a mmofra no adi ne wɔn mmɔdenbɔ na yɛahu nea ɛfata sɛ yɛde kyerɛkyerɛ wɔn. Sɛ nkakrankakra nea wɔresua no ma wɔn gyidi yɛ den a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu akyerɛ afoforo ne wɔn sukuufo. (1 Pet. 3:15) Yɛmfa no sɛ obi abisa wo mma sɛ, Yewu a tebea bɛn mu na yɛkɔ? Wobetumi de Bible akyerɛkyerɛ mu? Nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma no, wɔte ase? * Ɛwom, ehia sɛ wunya wo ba ho abotare ansa na woatumi de Onyankopɔn Asɛm adua ne koma mu. Nanso woyɛ saa a, wobrɛ renyɛ kwa.​—Deut. 6:6, 7.

10. Sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma a, dɛn na ehia paa sɛ wode ka wo nkyerɛkyerɛ ho?

10 Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma ma wonya gyidi a, wo nneyɛe nso ka ho bi paa. Stephanie wɔ mmabea mmiɛnsa. Ɔkae sɛ: “Efi me mma mmofraase pɛɛ no, ɛwɔ hɔ ara a mibisa me ho sɛ, ‘Ɛyɛ a meka nea enti a me ara migye di sɛ Yehowa wɔ hɔ, ɔdɔ me, na n’akwan teɛ no kyerɛ wɔn? Me mma tumi hu pefee sɛ, me, medɔ Yehowa paa?’ Sɛ me ara mamma me mma anhu sɛ mewɔ gyidi a, ɛbɛyɛ dɛn na mahwɛ kwan sɛ wɔn nso begye nea merekyerɛkyerɛ wɔn no adi?”

‘WUBEHU NYANSA AKƆ NKWAGYE MU’

11, 12. Dɛn ne nyansa? Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnyɛ obi mfe a wadi nko na ɛkyerɛ sɛ onim nyansa?

11 Yɛahu sɛ na Timoteo (1) nim Kyerɛwnsɛm no, na na (2) ogye nea wɔakyerɛkyerɛ no no di. Nanso, bere a Paulo kae sɛ nkyerɛwee kronkron no betumi ama Timoteo ‘ahu nyansa akɔ nkwagye’ mu no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ?

12 Insight on the Scriptures, Po 2 kyerɛkyerɛ mu sɛ, Bible mu no, sɛ yɛka nyansa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, “sɛ́ obi tumi de nimdeɛ ne ntease a ɔwɔ siesie ɔhaw ahorow, otumi kwati asiane, otumi yɛ nea ɔde asi n’ani so, anaasɛ otumi tu afoforo fo ma wɔyɛ saa. Sɛ obi nnim nyansa a, na ɛkyerɛ sɛ wagyimi.” Bible ka sɛ “agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” (Mmeb. 22:15) Sɛ saa na ɛte a, ɛnde yebetumi aka sɛ, sɛ obi nim nyansa a, na ɛkyerɛ sɛ ne ho akokwaw. Sɛ obi suro Yehowa paa na odi ne mmara so a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ ne ho akokwaw wɔ Yehowa som mu, na ɛnyɛ ne mfe a wadi nko.​—Kenkan Dwom 111:10.

13. Dɛn na mmabun betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔahu nyansa a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagye mu?

13 Mmabun a wɔn ho akokwaw sɛnea ɛsɛ wɔ Yehowa som mu no, wɔmma wɔn akɔnnɔ anaa atipɛnfo nhyɛso ‘nwosow wɔn biribiri te sɛ asorɔkye mfa wɔn nni akɔneaba.’ (Efe. 4:14) Mmom, wɔrebɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛtete wɔn adwene ama atumi ahu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Heb. 5:14) Sɛ wɔn awofo anaa ɔpanyin foforo biara nni hɔ mpo a, wosisi gyinae pa; wei kyerɛ sɛ wɔn ho rekokwaw. (Filip. 2:12) Ehia sɛ obi nya nyansa a ɛte saa na ama wanya nkwagye. (Kenkan Mmebusɛm 24:14.) Dɛn na wobɛyɛ de aboa wo mma ama wɔanya saa nyansa no bi? Nea edi kan, Bible mu nnyinasosɛm a wode bɔ wo bra no, hwɛ sɛ wobɛma wo mma ahu no pefee. Fa wo kasa ne wo nneyɛe so ma wonhu sɛ wugye nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no tom, na ɛno na wode bɔ wo bra.​—Rom. 2:21-23.

Adɛn nti na ehia sɛ wokɔ so kyerɛkyerɛ wo ba? (Hwɛ nkyekyɛm 14-18)

14, 15. (a) Sɛ ɔbabun bi pɛ sɛ ɔbɔ asu a, nsɛm a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ osusuw ho? (b) Sɛ wo mma di Onyankopɔn mmara so a wobenya nhyira. Wobɛyɛ dɛn aboa wɔn ama wɔadwinnwen ho?

14 Nanso, ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ wobɛka akyerɛ wo mma sɛ, wei yɛ papa, wei yɛ bɔne. Ɛbɛyɛ papa nso sɛ wobɛboa wɔn ama wɔasusuw nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi ho: ‘Adɛn nti na Bible bara nneɛma bi a etumi kanyan yɛn akɔnnɔ? Dɛn na ɛma migye di sɛ, sɛ mede Bible nnyinasosɛm bɔ me bra bere nyinaa a, ebesi me yiye?’​—Yes. 48:17, 18.

15 Sɛ wo ba pɛ sɛ ɔbɔ asu a, boa no ma onhu sɛ biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ osusuw ho. Ɛsɛ sɛ ohu sɛ onya bɛyɛ Kristoni a, asɛyɛde bɛba abɛda no so. Bisa no sɛ, ɔte nka sɛn wɔ saa asɛyɛde no ho? Mfaso bɛn na obenya? Nneɛma bɛn na ɔde bɛbɔ afɔre? Adɛn nti na mfaso a obenya no dɔɔso sen nneɛma a ɔde bɛbɔ afɔre no koraa? (Mar. 10:29, 30) Wei nyinaa yɛ nneɛma bi a wubetumi ahu wɔ w’asubɔ akyi. Enti ansa na wobɛbɔ asu no, ɛho hia paa sɛ wususuw saa nsɛm yi ho yiye efisɛ asubɔ yɛ aniberesɛm. Awofo betumi aboa wɔn mma ama wɔadwinnwen ho paa ahu sɛ, sɛ obi yɛ osetie a, onya nhyira, sɛ ɔyɛ asoɔden nso a, ɛde nsunsuanso bɔne ba. Sɛ mmofra no hu wei a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔn ankasa begye nea wɔresua no adi. Wobehu sɛ, sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma bere nyinaa a, ɛbɛboa wɔn.​—Deut. 30:19, 20.

BERE A ƆBABUN A WABƆ ASU GYIDI REYƐ MMERƐW

16. Sɛ abofra a wabɔ asu gyidi reyɛ mmerɛw a, dɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ?

16 Sɛ wo babarima anaa wo babea bɔ asu na akyiri yi n’adwene nsi no pi wɔ nokware no ho nso ɛ? Dɛn na wobɛyɛ? Nhwɛso bi ni. Nneɛma a ɛwɔ wiase betumi atwetwe ɔbabun bi a wabɔ asu, anaa ebia n’adwene befi ase ayɛ no sɛ mfaso biara nni so sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm bɛbɔ ne bra. (Dw. 73:1-3, 12, 13) Sɛ wowɔ mma a, hu sɛ ɔkwan a wobɛfa so adi saa ɔhaw a wo babarima anaa wo babea rehyia ho dwuma no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wo ba no ne wo bɛkɔ so asom Yehowa anaasɛ ɔbɛtwe ne ho. Sɛ wo ba no da so yɛ abofra kumaa oo, seesei ɔyɛ ɔbabun oo, fa yɛ wo botae sɛ wo ne no renham wɔ saa asɛm yi ho. Mmom, ma onhu sɛ wodɔ no, na wopɛ sɛ woboa no ma esi no yiye.

17, 18. Sɛ ɔbabun bi gyidi rehinhim a, mmoa bɛn na n’awofo betumi de ama no?

17 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɔbabun bi bɔ asu a, na ɛkyerɛ sɛ ofi ne komam ahyira ne ho so ama Yehowa. Sɛ obi hyira ne ho so saa a, ɛkyerɛ sɛ wahyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ ɔbɛdɔ no na ɔde n’apɛde bedi kan wɔ biribiara mu. (Kenkan Marko 12:30.) Sɛ obi hyɛ bɔ saa a, Yehowa fa no aniberesɛm paa; saa ara na ɛsɛ sɛ obiara a wahyɛ saa bɔ no nso fa no aniberesɛm. (Ɔsɛnk. 5:4, 5) Ehia sɛ awofo hwehwɛ bere a ɛfata na wɔtɔ wɔn bo ase ne wɔn ba no bɔ wei ho nkɔmmɔ. Nanso, ansa na mobɛyɛ saa no, munsua nneɛma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ ama awofo no. Moyɛ saa a, ɛbɛboa ma moato nhyɛase pa, kyerɛ sɛ, mobɛma mo ba no ahu sɛ, sɛ obi hyira ne ho so ma Yehowa na ɔbɔ asu bɛyɛ Kristoni a, ɛyɛ aniberesɛm nanso nhyira wom.

18 Sɛ wohwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work, Po 1 no akyi a, wubehu nkekaho bi wɔ hɔ a wɔato din “Questions Parents Ask” (Nsɛm a Awofo Bisa). Wubenya afotu pa wɔ hɔ a ɛbɛboa wo. Ɛka sɛ: “Mpere wo ho nka sɛ wo ba no mpɛ nokware no bio. Mpɛn pii no, wobɛhwɛ no na ɔhaw foforo bi hyɛ hɔ.” Ebetumi aba sɛ n’atipɛnfo rehyɛ ne so. Ebi nso a na wayɛ ankonam anaa ɔte nka sɛ mmabun foforo a wɔyɛ Kristofo rebɔ wɔn ho mmɔden wɔ Yehowa som mu sen no. Nkekaho no san ka sɛ, “Sɛ yɛbɛka paa a, nsɛm a ɛte saa no, ɛnkyerɛ sɛ wo ba no nnye ɔsom a wowom no nkyerɛkyerɛ ntom. Mmom, mpɛn pii no, ɛyɛ a na efi nneɛma bi a ɛma Yehowa som yɛ den ma wo ba no.” Afei, nyansahyɛ bi wɔ nkekaho no mu a ɛkyerɛ sɛnea papa anaa maame betumi aboa ne ba a ne gyidi reyɛ mmerɛw.

19. Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama ‘wɔahu nyansa akɔ nkwagye mu’?

19 Sɛ wowɔ mma a, asɛyɛde kɛse da wo so sɛ wobɛtete wɔn “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” Wei yɛ hokwan kɛse. (Efe. 6:4) Sɛnea yɛahu no, sɛ worekyerɛkyerɛ wo mma a, ɛnyɛ nea Bible ka kɛkɛ na wobɛka akyerɛ wɔn, na mmom wobɛboa wɔn ama wɔagye nea wɔresua no adi. Anokwa, ehia sɛ wɔn gyidi yɛ den na aka wɔn koma ma wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔafi wɔn koma nyinaa mu asom no. Worebɔ mmɔden sɛ wobɛboa wo mma ama ‘wɔahu nyansa akɔ nkwagye mu,’ enti ma Yehowa Asɛm, ne ne honhom mmoa wo.

^ nky. 9 Wɔayɛ nneɛma a ɛma yetumi de “Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?” nhoma no sua ade yiye paa. Ɛboa mpanyin ne mmofra nyinaa ma wɔte nokware a ɛwɔ Bible mu no ase, na ɛma wotumi kyerɛkyerɛ mu kyerɛ afoforo. Ɛwɔ kasa pii mu wɔ jw.org. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > NNEƐMA A YƐDE SUA BIBLE afã hɔ wɔ Borɔfo kasa mu.