Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible No—Ɛfa Wo Daakye Ho Sɛn

Bible No—Ɛfa Wo Daakye Ho Sɛn

Fa no sɛ wonam sum kabii mu dakoro anadwo bi. Ɛwom sɛ owia no akɔtɔ dedaadaw deɛ, nanso ɛnyɛ ade a w’ani so atan wo, efisɛ wukura tɔɔkye bi a ano yɛ den paa. Sɛ wode tɔɔkye no hwɛ w’anim pɛɛ a, paane mpo da fam a wuhu. Saa ara na sɛ woto tɔɔkye no hwɛ w’anim tẽẽ a, sɛnea hann no hyerɛn nti wuhu ade kɔ akyiri.

Ɔkwan bi so no, Bible te sɛ saa tɔɔkye no. Asɛm a edi wei anim no, yehuu sɛ ɔhaw a ade rekye a ade resa yi yehyia wɔ saa wiase bɔne yi mu no, Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ama yɛadi ho dwuma. Nanso Bible yɛ nea ɛsen saa mpo. Ɛsan bue yɛn ani ma yehu nea ɛda yɛn anim daakye. Ɛma yehu ɔkwan a yebetumi afa so anya anigye ne akomatɔyam. (Dwom 119:105) Ɛyɛ no sɛn?

Yɛnhwɛ akwan mmienu bi a Bible no betumi aboa yɛn ama yɛanya daakye ho anidaso a ɛyɛ papa. 1 Ɛma yehu nea yɛde yɛn asetena bɛyɛ, ne 2 ɛkyerɛ yɛn nea yɛbɛyɛ na ama yɛne yɛn Bɔfo no afa adamfo daa.

1 ƐMA YEHU NEA YƐDE YƐN ASETENA BƐYƐ

Ɔhaw a yehyia no, Bible ma yɛn afotu pa a yɛde bedi ho dwuma. Nanso Bible nyɛ nhoma bi a wokenkan a ebetumi aboa wo kɛkɛ. Sɛ́ anka Bible bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛde yɛn adwene asi yɛn nko ara yɛn haw so no, ɛboa yɛn ma yehu sɛ yɛne afoforo na ɛbom yɛ ade, na ɛnyɛ yɛn nko ara. Ɛba no saa a, ɛma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛn asetena yɛ.

Momma yɛmfa Bible mu asɛm yi nyɛ nhwɛso: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Wokae bere bi a woboaa obi a ne ho akyere no anaa? Anaa ebia bere bi w’adamfo bi fi ne komam kaa ne haw bi kyerɛɛ wo, na wunyaa bere tiee no. Bere a wuhui sɛ woaboa obi ama n’ani agye no, wo koma antɔ wo yam anaa?

Ade a ɛma yenya anigye kɛse paa ne sɛ yɛbɛma nkurɔfo ade bere a yɛnhwɛ kwan sɛ wɔn nso bɛma yɛn biribi. Nhomakyerɛwfo bi kaa sɛ: “Wufi wo komam yɛ ade ma afoforo a, ɔkwan biara so wunya so mfaso ma ɛboro so. Nea ehia ara ne sɛ nea woreyɛ no, wonhwɛ kwan sɛ wubenya akatua biara.” Nanso sɛ yefi yɛn komam yɛ ade ma afoforo, titiriw wɔn a wontumi nnyɛ bi mfa tua yɛn ka a, yenya so akatua. Ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛne afoforo rebom ayɛ ade. Ampa nso, yɛne Ɔbɔadeɛ no na ɛrebom ayɛ ade. Obu ayamye a ɛte saa no sɛ biribi a yɛde afɛm no. (Mmebusɛm 19:17) Nea yɛyɛ ma wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no, Onyankopɔn ani sɔ paa na wahyɛ bɔ sɛ obetua yɛn ka. Ɛnyɛ biribiara kɛkɛ na ɔde betua yɛn ka na mmom daa nkwa wɔ wiase foforo mu. Anokwa, wei yɛ anidaso a ɛma yɛn ani gye!​—Dwom 37:29; Luka 14:12-14. *

Nea ɛsen ne nyinaa no, Bible ma yehu sɛ nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛn asetena yɛ paa ne sɛ yɛde bɛsom nokware Nyankopɔn Yehowa. N’Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ayeyi ne nidi mma no. Ɛsan ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yetie no. (Ɔsɛnkafo 12:13; Adiyisɛm 4:11) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yetumi yɛ biribi soronko a ɛso bi nni: Ɛne sɛ yɛma yɛn Bɔfo no ani gye. Ampa, n’adesrɛ ne sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam.” (Mmebusɛm 27:11) Wode susuw ho hwɛ. Sɛ yegyina Bible afotusɛm so sisi gyinae a nyansa wom a, ɛma yɛn soro Agya no koma ani gye. Adɛn ntia? Efisɛ odwen yɛn ho na ɔpɛ sɛ yedi n’akwankyerɛ so ma esi yɛn yiye. (Yesaia 48:17, 18) Nokwasɛm ne sɛ, ɔkwan pa biara nni hɔ sen sɛ yɛde yɛn asetena bɛsom amansan Hene no na yɛayɛ nea ɛbɛma ne koma ani agye.

2 ƐMA YƐFA YƐN BƆFO NO ADAMFO

Bible san ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛne yɛn Bɔfo no fa adamfo. Kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Ɛtɔ mmere bi a, yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ yɛrentumi ne Ɔbɔadeɛ Pumpuni no mfa adamfo. Nanso Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ Onyankopɔn denneennen a, nokwasɛm ne sɛ yebehu no, efisɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware.’ (Asomafo Nnwuma 17:27) Bible afotu a ɛse yɛne Onyankopɔn mfa adamfo no, ɛma yenya anidaso ankasa. Ɔkwan bɛn so?

Susuw ho hwɛ: Biribiara nni hɔ a yɛn ankasa betumi ayɛ de aguan afi ɔtamfo kɛse a ɔne owu anim. (1 Korintofo 15:26) Nanso Onyankopɔn de, ɔwɔ hɔ daa. Ɔrenwu da, na ɔpɛ sɛ ne nnamfo nso tena ase daa. Bible de nsɛm tiawa a ɛyɛ dɛ yi kyerɛ nea Yehowa pɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ no no nya. Ɔkaa sɛ: ‘Munnya nkwa daa.’​—Dwom 22:26

Wobɛyɛ dɛn ne Onyankopɔn afa adamfo daa? Kɔ so sua ne ho ade wɔ n’Asɛm Bible mu. (Yohane 17:3; 2 Timoteo 3:16) Srɛ no sɛ ɔmmoa wo na te Kyerɛwnsɛm no ase. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu ‘kɔ so ara bisa Onyankopɔn’ hɔ nyansa a, ɔde bɛma yɛn. * (Yakobo 1:5) Awiei koraa no, bɔ mmɔden sɛ wode nea wusua no bɛyɛ adwuma, na ma Onyankopɔn Asɛm nyɛ wo “nan ase kanea, ne wo kwan so hann” ɛnnɛ kosi daa.​—Dwom 119:105.

^ nky. 8 Sɛ wopɛ daa nkwa a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 3. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 13 Yehowa Adansefo ne afoforo sua Bible a wontua hwee. Wei betumi aboa wo ama woate Kyerɛwnsɛm no ase. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea yɛyɛ adesua no a, hwɛ video a yɛato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? Wopɛ nso a, kɔ yɛn wɛbsaet wɔ jw.org/tw. Kɔ NHOMA > VIDEO.

Onyankopɔn wɔ hɔ daa na ɔpɛ sɛ ne nnamfo nso tena ase daa