Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsoromma Mu Hwɛ Ne Adebisa—Ɛma Yehu Daakye Ampa?

Nsoromma Mu Hwɛ Ne Adebisa—Ɛma Yehu Daakye Ampa?

NSOROMMA MU HWƐ

Nsoromma mu hwɛ yɛ abosonkɔm. Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ mu no gye di sɛ nsoromma, ɔsram, ne okyinnsoromma no wɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ nnipa asetena so. Nsoromma mu ahwɛfo kyerɛ sɛ, sɛ wɔwo obi a, baabi pɔtee a saa okyinnsoromma ahorow yi wɔ wɔ wim na ɛbɛkyerɛ onipa no suban ne ne daakye. Nsoromma mu hwɛ hyɛɛ ase fii tete Babilon tɔnn. Nanso besi nnɛ nyinaa, nnipa pii da so ara de wɔn ho hyem. Afe 2012 mu no, wobisabisaa nkurɔfo bi nsɛm wɔ United States de yɛɛ nhwehwɛmu. Wɔn a wobisaa wɔn nsɛm no, wokyɛ wɔn mu mmiɛnsa a, emu baako susuw sɛ nsoromma mu hwɛ “ayɛ te sɛ nyansahu.” Sɛ wokyɛ wɔn mu ɔha nso a, emu du kaa sɛ nsoromma mu hwɛ yɛ “nyansahu ankasa.” Ɛyɛ ampa? Dabi. Yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.

  • Tumi biara nni okyinnsoromma ahorow no mu a enya nnipa so nkɛntɛnso sɛnea nsoromma mu ahwɛfo kyerɛ no.

  • Mpɛn pii no, nea nsoromma mu ahwɛfo ka fa obi suban ne ne daakye ho no betumi afa obiara ho.

  • Tete no, na nkurɔfo gye di sɛ okyinnsoromma a aka no kyin fa asase no ho. Saa gyidi no na ɛnnɛ nsoromma mu ahwɛfo gyina so bu wɔn akontaa. Nanso nokwasɛm ne sɛ, okyinnsoromma ahorow no di kyinhyia wɔ owia no ho mmom.

  • Sɛ nsoromma mu ahwɛfo dodow bi ka obi daakye ho asɛm a, ɛsono nea wɔn mu biara ka.

  • Nsoromma mu ahwɛfo wɔ ahyɛnsode 12 bi a wɔfrɛ no zodiac ahyɛnsode. Wɔhwɛ date a wɔde woo obi na wɔkyerɛ ahyɛnsode a obenya. Nanso bɛyɛ mfe ɔhaha pii ni no, baabi a asase no da wɔ wim no asesa. Enti baabi a owia ne okyinnsoromma ahorow gu wɔ wim no nso asesa, na esiane sɛ ɛno na wɔhwɛɛ so de date hyehyɛɛ ahyɛnsode no ho nti, seesei date ahorow a wɔde ahyɛ ahyɛnsode no ho no, ɛne ahyɛnsode no nkɔ bio.

Wɔkyerɛ sɛ zodiac ahyɛnsode no boa ma yehu obi suban. Nanso nea ɛwom pa ara ne sɛ, nnipa mmienu a wɔwoo wɔn da koro mpo no, ɛsono wɔn mu biara ne ne suban. Ɛda a wɔde wo obi no, ɛne ne suban nni hwee yɛ. Sɛ́ anka nsoromma mu ahwɛfo behu sɛ obiara wɔ n’ankasa suban no, wogyina wɔn ankasa nsɛm bi a wɔahyehyɛ so na ɛkyerɛ sɛnea obi suban te. Wei nyɛ nnipa mu nyiyim anaa?

ADEBISA

Efi teteete nyinaa, nkurɔfo akɔ akɔmfo nkyɛn akobisa wɔn hɔ ade. Akɔmfo no bi hwɛ nneɛma bi te sɛ nnipa ne mmoa yam nneɛma anaa sɛnea akokɔ sosɔw aburow na ɛkyerɛ nea ebesi daakye. Ebi nso hwɛ nhaban anaa aba bi so ka daakye asɛm. Ɛnnɛ, akɔmfo hwɛ sopaa bi so, ahwehwɛ bɔɔl, sedeɛ, ludu aba (dice), ne nneɛma foforo so ka obi daakye kyerɛ no. Enti yebetumi afa adebisa so ahu yɛn daakye ampa? Dabi, ɛrentumi mmoa yɛn. Yensusuw asɛm no ho kakra.

Nea edi kan no, wɔn adwene nhyia. Akɔmfo fa akwan horow so ka daakye asɛm, nanso mpɛn pii no, wɔn adwene nhyia wɔ nea wɔka no ho. Sɛ mpo wɔfa ɔkwan koro no ara so ka nea ebesi daakye a, ɛsono nea obiara ka. Wode fa no sɛ obi abisa akɔmfo mmienu sɛ wɔnka daakye ho asɛm bi nkyerɛ no. Sɛ wɔn mmienu nyinaa de sopaa koro no ara na ɛredi dwuma de a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa ka asɛm koro. Nanso mpɛn pii no, wɔn asɛm no nhyia.

Afei nso, akwan a akɔmfo fa so yɛ wɔn adwuma ne adwene a wɔde yɛ saa no, asɛm aba ho. Ebinom akasa atia sopaa ne ahwehwɛ bɔɔl no sɛ ɛyɛ biribi a wɔde biri yɛn ani so kɛkɛ, na wɔka sɛ akɔmfo no hwɛ onipa no nneyɛe mmom, na ɛnyɛ sopaa anaa ahwehwɛ bɔɔl no. Sɛ nhwɛso no, ɔkɔmfo a waben pa ara bebisabisa onii no nsɛm. Afei ɔbɛtɔ ne bo ase atie onii no pa ara na wahwɛ sɛnea ɔyɛ n’ade de ahu biribi afa onipa no ho. Ɛno akyi no, ɔkɔmfo no begye ho anuonyam sɛ onim ahintasɛm bi, nanso na ɛyɛ onipa no ankasa na wada nsɛm bi adi akyerɛ ɔkɔmfo no a n’ani nna. Ɛba saa a, onipa no nya ɔkɔmfo no mu gyidi. Akɔmfo binom afa saa kwan yi so agye sika akɛse afi nkurɔfo hɔ de anya wɔn ho tam.

NEA BIBLE AKA

Nsoromma mu hwɛ ne adebisa ma ɛyɛ te sɛ nea wɔahyɛ yɛn daakye ato hɔ dedaadaw. Nanso wohwɛ a, ɛyɛ nokware? Bible ma yehu sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yebegye adi ne nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ. Nea yɛbɛpaw biara nso, ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛn daakye bɛyɛ.​—Yosua 24:15.

Onyankopɔn asomfo de, ade foforo bi wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ yɛkwati nsoromma mu hwɛ ne adebisa. Ɛne sɛ, Onyankopɔn kasa tia biribiara a ɛyɛ abosonkɔm. Wohwɛ Bible mu a, wubehu saa nsɛm yi: ‘Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo. Yehowa a kyi obi a ɔyɛ eyinom.’​—Deuteronomium 18:10-12.

a Nea ɔyɛ “Ɔsorosoroni, asase nyinaa so” no, ne din ne no.​—Dwom 83:18.