Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnkasa, Nanso Edi Adanse Sɛ Bible Nkɔmhyɛ Yɛ Nokware

Ɛnkasa, Nanso Edi Adanse Sɛ Bible Nkɔmhyɛ Yɛ Nokware

WOKƆ ROME MFINIMFINI MANTAM WƆ ITALY A, WUBEHU NKAEDUM BI; NNIPA FI WIASE BAABIARA BƐHWƐ. WƆDE NKAEDUM NO HYƐ ROMA ƆHEMPƆN BI A WƆPƐ N’ASƐM PA ARA ANUONYAM​—TITUS.

Wɔakurukyerɛw mfoni akɛse mmienu bi wɔ Titus Nkaedum no ho, na ɛma yehu abakɔsɛm bi a nkurɔfo nim pa ara. Ɛnyɛ ade a nnipa bebree nim de, nanso mfoni no ma yehu sɛ nkaedum no ne Bible no wɔ biribi yɛ. Saa Titus Nkaedum yi nkasa, nanso edi adanse sɛ sɛnea Bible nkɔmhyɛ bam pɛpɛɛpɛ no, ɛyɛ nwonwa.

WOBUU KUROW BI KUMFƆ

Afeha a edi kan yɛn bere yi mu mfiase no, na Roma Ahemman no mu trɛw fi Britain ne Gaul (seesei ɛno ne France) de kosi Egypt. Sɛnea na biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ na wodi yiye wɔ ahemman no mu no, na ɛyɛ nwonwa. Nanso kurow baako bi a na atew ne ho de, na da biara wogyaw Romafo no tipae. Kurow no ne Yudea, na na emufo no haw adwene pa ara.

Nhoma bi ka sɛ: “Nkurow a na Romafo di so no, emu kakraa bi pɛ na na wɔne Romafo no nka koraa, na na Yudea ka ho. Yudafo no sɔre tiaa wɔn wuranom a wɔmfa Yudafo amammerɛ nyɛ hwee no, na Romafo no nso huu Yudafo no sɛ asoɔdenfo a ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn kwan koraa.” (Encyclopedia of Ancient Rome) Ná Yudafo bebree hwɛ kwan sɛ mesia bi a ɔyɛ ɔmanyɔfo bɛba abɛsɛe Romafo a wɔyɛ wɔn atamfo no, na wɔasan ama Israelfo no asi wɔn dedaw mu. Nanso wɔ afe 33 Y.B. no, Yesu Kristo kaa sɛ ɔsɛe bi reba Yerusalem so.

Yesu kaa sɛ: “Nna no bɛba wo so a w’atamfo de nnua a ano yɛ mfeamfeaa betwa wo ho ahyia, na wɔaka wo ahyem ama wo ho ahiahia wo wɔ afã nyinaa, na wɔde wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu bɛhwehwe fam, na wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so wo mu.”Luka 19:43, 44.

Ɛda adi sɛ Yesu asɛm no maa n’asuafo no ho dwiriw wɔn. Nnanu akyi no, bere a na wɔrehwɛ Yerusalem asɔrefie no, wɔn mu baako teɛɛm sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, hwɛ! abo ne adan bɛn ara ni!” Nokwasɛm ne sɛ, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ abo a wɔde sii asɔrefie no, na ebi ntwemu boro mita 11 (anammɔn 36), ne tɛtrɛtɛ boro mita 5 (anammɔn 16), ɛnna ne tenten nso boro mita 3 (anammɔn 10)! Nanso Yesu buae sɛ: “Nneɛma a muhu yi, nna bi reba a wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo so wɔ ha a wonnwiriw ngu fam.”Marko 13:1; Luka 21:6.

Yesu toaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ muhu sɛ asraafodɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ n’amamfoyɛ abɛn. Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so, na momma wɔn a wɔwɔ kurow no mu no mfi mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraase no mmma mu.” (Luka 21:20, 21) Yesu asɛm yi baa mu anaa?

WƆSƐEE KUROW BI

Mfe aduasa mmiɛnsa twaam, nanso na Yudafo no da so ara kyi Romafo a wɔhyɛ wɔn ase no. Afe 66 Y.B. mu no, Gessius Florus a ɔyɛ Roma amrado a ɔhwɛ Yudea so no kɔsesaw sika fii asɔrefie kronkron no foto mu. Wei hyɛɛ Yudafo no abufuw pa ara. Ankyɛ koraa na Yudafo akofo hyɛɛ Yerusalem mã, na wokunkum Roma asraafo a wɔwɔ kurow no mu no. Afei wɔkaa sɛ wɔade wɔn ho afi Romafo tumidi ase.

Bɛyɛ abosome mmiɛnsa akyi, Cestius Gallus dii Roma asraafo bɛboro 30,000 anim baa Yerusalem sɛ wɔrebɛsɛe atuatewfo no. Romafo no bɔ wuraa kurow no mu, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobebubu asɔrefie no afasu. Nanso obiara anhu nea ɛyɛe na wɔsan wɔn akyi kɔe. Yudafo atuatewfo no dii ahurusi na ntɛm ara wotiw Romafo no. Esiane sɛ na Roma asraafo ne Yudafo atuatewfo no afi kurow no mu nti, Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no tiee Yesu kɔkɔbɔ no, na woguan fii kurow no mu kɔɔ mmepɔw so wɔ Asubɔnten Yordan agya.—Mateo 24:15, 16.

Afe a edi hɔ no, Romafo no san fii ase yɛɛ ahoboa sɛ wɔrekɔ Yudafo no so, na Ɔsahene Vespasian ne ne ba Titus na edii wɔn anim. Nanso bere a Ɔhempɔn Nero wui wɔ afe 68 Y.B. no, ankyɛ na Vespasian san kɔɔ Rome kɔyɛɛ ɔhempɔn, na ogyaw akodi ho nhyehyɛe a wɔreyɛ atia Yudafo no maa ne ba Titus ne asraafo bɛyɛ 60,000.

June 70 Y.B. no, Titus hyɛɛ n’asraafo sɛ wontwitwa nnua a ɛwɔ Yudea nkuraase nyinaa. Wɔyɛɛ nnua no ano mfeamfeaa de sii ɔfasu a ne ntwemu yɛ kilomita 7 (kwansin 4.5) twaa Yerusalem ho hyiae. Eduu September no, Romafo no sesaw biribiara fii kurow no mu, wɔhyew kurow no ne asɔrefie no, na wodwiriw n’abo no nyinaa guu fam a wɔannyaw ɔbo wɔ ɔbo so sɛnea na Yesu adi kan aka no. (Luka 19:43, 44) Akontaabu bi kyerɛ sɛ “nnipa bɛyɛ 250,000 kosi 500,000 na wowui wɔ Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia no mu.” Nnipa dodow a wowuwui no betumi aboro nea ɛwɔ akontaabu yi mu.

ANIGYE BAA AHEMMAN BI MU

Afe 71 Y.B. no, Titus san kɔɔ Italy, na Romafo no de ahurusi kɛse hyiaa no. Kurow mũ no nyinaa dii ahurusi kyin faa kurow no mu. Ná wonnii nkonim nnii ahurusi saa da.

Nnipadɔm no ho dwiriw wɔn bere a wohuu ahode bebree wɔ Roma mmɔnten so no. Wɔde anigye hwɛɛ po so ahyɛn a wɔakogye afi atamfo nsam no, nnipa bebree a wɔasiesie wɔn ho te sɛ nea wɔredi ako no, ne afei nneɛma a wɔakɔsesaw afi Yerusalem asɔrefie no.

Titus dii ne papa Vespasian ade, na ɔbɛyɛɛ ɔhempɔn wɔ afe 79 Y.B. Nanso mfe mmienu pɛ akyi no, Titus wuu mpofirim. Domitian bedii n’ade, na ntɛm ara na osii nkaedum de hyɛɛ ne nua Titus anuonyam.

SƐNEA NKURƆFO HU NKAEDUM NO NNƐ

Sɛnea Titus Nkaedum no te wɔ Rome nnɛ

Ɛnnɛ, nnipa ɔpehaha pii a afe biara wɔkɔhwɛ tete adan a ɛwɔ Rome no ani gye Titus Nkaedum no ho pa ara. Ebinom bu nkaedum no sɛ ɛyɛ adwinni a ɛyɛ fɛ yiye, na afoforo nso bu no sɛ wɔde rehyɛ Roma tumidi anuonyam. Afoforo nso de, wohu no sɛ ɛyɛ biribi a wɔde kae Yerusalem ne n’asɔrefie no asehwe.

Nanso wɔn a wosua Bible no yiye de, Titus Nkaedum no kyerɛ biribi soronko koraa ma wɔn. Wobu nkaedum no sɛ, ɛnkasa nanso edi adanse sɛ Bible mu nkɔmhyɛ ahorow no yɛ nokware na yebetumi de yɛn ho ato so. Ɛsan ma yehu sɛ nkɔmhyɛ ahorow no fi Onyankopɔn hɔ.—2 Petro 1:19-21.