Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Atena Ase Daa Wɔ Asase So

Wubetumi Atena Ase Daa Wɔ Asase So

ANIDASO A ƐYƐ NWONWA BƐN ARA NI! Yɛn Bɔfo no ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa wɔ asase so ha yi ara. Nanso, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobegye saa asɛm no adi. Wɔka sɛ: ‘Nnipa biara nkyen boɔ. Sɛ yɛwo wo ba wiase nko ara de a, ɛyɛ dɛn ara a wubewu.’ Afoforo nso adwene yɛ wɔn sɛ nnipa betumi atena ase daa, nanso ɛnyɛ asase yi so. Nea wɔka ne sɛ, sɛ obi benya daa nkwa a, gye sɛ owu na ɔkɔ soro. Wo nso, wudwen ho sɛn?

Ansa na wobɛma ho mmuae no, adɛn na wunsusuw mmuae a Bible de ma wɔ nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho: Wohwɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nnipa no a, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu mfe dodow a ɔpɛ sɛ wɔde tena ase? Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa ne asase no, na adwene bɛn na ɔwɔ ma wɔn? Ɛyɛɛ dɛn na owu bɛdaa amansan kɔn mu?

NNIPA DA NSOW KORAA

Nneɛma a nkwa wom a Onyankopɔn abɔ wɔ asase so nyinaa no, nnipa da nsow koraa. Ɔkwan bɛn so? Bible ma yehu sɛ nnipa nkutoo na wɔbɔɔ wɔn sɛnea Onyankopɔn ‘te’ wɔ ne “suban so.” (Genesis 1:26, 27) Wei kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn maa nnipa suban ahorow a ɛte sɛ ne de no pɛpɛɛpɛ, a ebi ne ɔdɔ ne atɛntrenee.

Bio nso, sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɛma yetumi susuw nneɛma ho, afei nso yetumi paw papa ne bɔne, na yetumi sua Onyankopɔn ho ade fa no adamfo. Ɛno nti na sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛn amansan yi yɛ fɛ ne nneɛma a Onyankopɔn abɔ wom no a, yetumi kyerɛ ho anisɔ no. Afei nso yɛn ani tumi gye mfoni, nnwom, ne anwensɛm ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, nnipa nko ara na wotumi som Ɔbɔadeɛ no. Saa nneɛma yi ma nnipa da nsow koraa fi nneɛma Onyankopɔn abɔ wɔ asase so nyinaa no ho.

Enti susuw ho hwɛ: Onyankopɔn ama yɛn saa su ahorow kamakama yi, na yebetumi nso atu mpɔn wɔ su ahorow no mu na yɛada no adi kɛse a yɛrenwie da. Wohwɛ a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛtena ase mfe kakraa bi pɛ a, anka ɔbɛhaw ne ho abɔ yɛn saa? Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn ama nnipa saa su ahorow soronko yi na ama yɛde anigye atena asase so ha yi ara afebɔɔ.

NEA ENTI A ONYANKOPƆN BƆƆ NNIPA NE ASASE

Nanso ebinom ka sɛ Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ yɛntena asase so afebɔɔ. Wɔka sɛ, wɔbɔɔ asase no sɛ yɛmmɛtena so bere tiaa bi, na Onyankopɔn mfa nsɔ yɛn nhwɛ nhu nnipa a wɔfata sɛ wɔkɔ soro ne no kɔtena daapem. Nanso sɛ saa asɛm yi yɛ nokware a, wunhu sɛ ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔma bɔne ne nsɛmmɔnedi kɔ so wɔ asase so? Sɛnea Onyankopɔn te no, ɔrentumi nyɛ biribi a ɛte saa da. Bible ka fa Onyankopɔn ho sɛ: “N’akwan nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu, ɔtreneeni a obu atɛntrenee.”—Deuteronomium 32:4.

Bible da no adi pefee ma yehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase. Ɛka sɛ: “Ɔsoro yɛ Yehowa soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” (Dwom 115:16) Aane, Onyankopɔn bɔɔ asase no fɛfɛɛfɛ sɛ ɛnyɛ yɛn fie daapem, na biribiara a yebehia na ama yɛde anigye ne abotɔyam atena ase daa no nso, ɔde ahyɛ asase so mã.—Genesis 2:8, 9.

“Ɔsoro yɛ Yehowa soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.”​—Dwom 115:16

Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa nso, Bible ma emu da hɔ fann. Ɔmaa awarefo a wodi kan no ahyɛde sɛ, ‘wɔnhyɛ asase so mã na wonni so, na mmoa a wɔnenam asase so nyinaa, wonni wɔn so.’ (Genesis 1:28) Hwɛ hokwan kɛse a wonyae sɛ wɔbɛhwɛ wɔn Paradise fie no yiye, na wɔatrɛw mu akɔ asase no so baabiara! Anokwa, na Adam, Hawa, ne mma a wɔbɛwo wɔn daakye no wɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛkɔ soro.

ADƐN NTI NA YEWU

Ɛnde, adɛn nti na yewu? Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn abɔfo no mu baako a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam no, bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn nhyehyɛe wɔ Eden. Ɔkwan bɛn so?

Satan daadaa yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, ma wɔbɛkaa ne ho ma wɔtew Onyankopɔn so atua. Bere a Satan ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn de biribi pa bi akame wɔn—kyerɛ sɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔn ankasa sisi gyinae fa nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne ho no—wotiee Satan, na wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ Onyankopɔn. Dɛn na efii mu bae? Akyiri yi, wowuwui sɛnea Onyankopɔn bɔɔ wɔn kɔkɔ no. Wɔhweree anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise asase so no.—Genesis 2:17; 3:1-6; 5:5.

Adam ne Hawa asoɔden no akɔfa ɔhaw abrɛ adesamma nyinaa de abesi nnɛ. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” (Romafo 5:12) Nea enti a yewu ne sɛ, yɛn awofo a wodi kan no de bɔne ne owu awo yɛn, na ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ owu ato hɔ ama yɛn dedaw a sɛ yedwen ho a yɛrente ase.

WUBETUMI ATENA ASE DAA WƆ ASASE SO

Atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden no ansɛe adwene a mfiase no Onyankopɔn de bɔɔ nnipa ne asase no. Ɔdɔ a edi mũ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn ne n’atɛntrenee kaa no ma ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɔde begye yɛn afi bɔne ne owu nkoasom mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bɔne akatua ne owu, na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.” (Romafo 6:23) Onyankopɔn fi ɔdɔ mu de “ne Ba a ɔwoo no koro no [Yesu Kristo] mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Esiane sɛ Yesu fi ne pɛ mu de ne ho bɔɔ afɔre sɛ agyede nti, biribiara a Adam ma yɛhweree no, yɛn nsa betumi aka. a

Ɛrenkyɛ, ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ asase bɛdan paradise no bɛbam. Sɛ wutie Yesu afotu no a, wo nsa betumi aka saa daakye fɛfɛɛfɛ no. Ɔkaa sɛ: “Momfa ɔpon teateaa no mu; efisɛ ɔkwan a ɛsõ na ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu, na nnipa bebree na wɔnam so rekɔ mu; nanso ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.” (Mateo 7:13, 14) Aane, sɛnea wo daakye bɛyɛ no, egyina wo ara wo so. Enti dɛn na wobɛyɛ?

a Nea agyede no betumi ayɛ ama wo no, sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no adesua 27. Yehowa Adansefo na wɔyɛe. Wubetumi nso atwe bi wɔ www.pr418.com/tw a wuntua hwee.