Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ahobrɛasefo Benya Asase No Adi”

“Ahobrɛasefo Benya Asase No Adi”

Yɛn mu pii ahu sɛnea nkurɔfo bu afoforo atɛnkyea ne sɛnea abɔnefo hyɛ nnipa a wɔyɛ papa na wɔn ho nni asɛm so. Enti bere bi bɛba a atɛnkyea ne atirimɔdensɛm to betwa?

Wokenkan Dwom 37 a, wubehu sɛ Bible no ma ho mmuae, na ɛsan ma yɛn afotu a yebenya so mfaso nnɛ. Hwɛ nea Dwom 37 aka afa nsɛmmisa a ɛho hia a edidi so yi ho.

Asɛm a Onyankopɔn nam ne honhom so ma wɔkyerɛwee wɔ Dwom 37 no ma yehu sɛ daakye papa bi da hɔ ma wɔn a ‘wɔtwɛn Yehowa, na wɔfa ne kwan so.’ Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woasua Bible no, na ama woahu nea ɛsɛ sɛ wo ne w’adɔfo yɛ na mo nsa atumi aka saa daakye papa no.