Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ná Nyankopɔn Wɔ He?”

“Ná Nyankopɔn Wɔ He?”

“METAA BISA ME HO SƐ: NÁ NYANKOPƆN WƆ HE?”​—Pope Benedict XVI, bere a ɔkɔsraa beae a kan no na wɔde nneduafo gu, wɔ Auschwitz a ɛwɔ Poland no.

SƐ AWERƐHOSƐM BI SI A, ƐYƐ A WUBISA WO HO SƐ, ‘NÁ NYANKOPƆN WƆ HE?’ ANAASƐ ASƐM BI ATO W’ANKASA MA WOABISA WO HO PƐN SƐ, ONYANKOPƆN DWEN WO HO ANAA?

Ebia wote nka te sɛ nea ɔbaa bi a yɛfrɛ no Sheila tee nka no. Ɔwɔ United States, na abusua a ofi mu no, wɔmfa nyamesom nni agorɔ. Ɔkaa sɛ: “Efi me mmofrase nyinaa, m’ani gye Onyankopɔn ho efisɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn. Nanso mante nka da sɛ mebɛn no. Ɛyɛɛ me sɛ ɔwɔ akyirikyiri baabi na ɔrehwɛ me. Ná mente nka sɛ Onyankopɔn tan me, nanso na minnye nni nso sɛ odwen me ho. Adɛn nti na na Sheila susuw sɛ Onyankopɔn nnwen ne ho? Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “M’abusua hyiaa amanehunu toatoaa so, na ɛte sɛ nea Onyankopɔn ammoa yɛn wɔ ɔkwan biara so.”

Te sɛ Sheila no, ebia wo nso wugye di pa ara sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn wɔ hɔ. Nanso, ebia wubisa wo ho sɛ, ‘Enti Onyankopɔn dwen me ho ampa?’ Ná Hiob yɛ ɔbarima a ɔteɛ, na na ogye di sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ tumi ne nyansa. Nanso ɔno nso adwenem yɛɛ no naa. (Hiob 2:3; 9:4) Bere a Hiob huu amane toatoaa so, na onhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ne ho bɛtɔ no no, obisaa Onyankopɔn sɛ: “Dɛn nti na wode w’anim ahintaw na wubu me sɛ wo tamfo?”—Hiob 13:24.

Dɛn na Bible aka? Sɛ amanehunu to yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛde ɛho sobo bɔ Onyankopɔn anaa? Enti adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen adesamma nyinaa ho, na ɔsan dwen yɛn ho sɛ ankorankoro anaa? Afei bisa wo ho sɛ, sɛ Onyankopɔn ani wɔ wo so, ɔte wo ase, ɔwɔ tema ma wo, anaa ɔboa wo wɔ ɔhaw bere mu a, wubetumi ahu anaa?

Nsɛm a edidi so no mu no, yebehu sɛnea abɔde ma yehu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho. (Romafo 1:20) Afei, yɛbɛhwɛ sɛnea Bible nso ma yehu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho. Bere a wonam Onyankopɔn abɔde ne n’Asɛm so rehu Onyankopɔn yiye no, ɛbɛma woanya awerɛhyem kɛse sɛ ‘odwen wo ho.’—1 Yohane 2:3; 1 Petro 5:7.