Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛrenkyɛ Onyankopɔn Beyi Amanehunu Nyinaa Afi Hɔ

Ɛrenkyɛ Onyankopɔn Beyi Amanehunu Nyinaa Afi Hɔ

“O Yehowa, minsu nkosi da bɛn na woate? Memfrɛ wo nkosi da bɛn na woagye me afi amumɔyɛsɛm mu?” (Habakuk 1:2, 3) Wei ne nsɛm a Habakuk kae. Ná ɔyɛ onipa pa, na na Onyankopɔn pɛ n’asɛm. Asɛm a Habakuk kae yi, ɛkyerɛ sɛ onni gyidi anaa? Dabida! Onyankopɔn maa Habakuk awerɛhyem sɛ, wahyɛ bere pɔtee bi ato hɔ a obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ.—Habakuk 2:2, 3.

Sɛ wo anaa wo dɔfo bi rehu amane a, ɛnyɛ den sɛ wobɛka sɛ Onyankopɔn akyɛ dodo. Anhwɛ a wobɛka sɛ saa bere yi de, anka ɛsɛ sɛ ɔde ne ho gye nsɛm mu. Nanso Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho sɛnea ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.”—2 Petro 3:9.

BERE BƐN NA ONYANKOPƆN BEYI AMANEHUNU AFI HƆ?

Ɛrenkyɛ koraa! Yesu daa no adi sɛ, awo ntoatoaso pɔtee bi behu sɛnkyerɛnne soronko bi a ebesisi a ɛbɛkyerɛ sɛ wiase no wɔ ne nna a edi akyiri mu. (Mateo 24:3-42) Yesu nkɔmhyɛ yi a abam wɔ yɛn bere yi so no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn de ne ho begye adesamma nsɛm mu. *

Nanso ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so ayi amanehunu nyinaa afi hɔ? Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde beyi adesamma amanehunu afi hɔ. Yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi.

Atoyerɛnkyɛm: Bere a na Yesu ne n’asomafo nam Galilea Po so no, mframa kɛse bi bɔe ma anka wɔn hyɛmma no reyɛ amem. Nanso Yesu kyerɛe sɛ ɔne n’Agya wɔ tumi wɔ abɔde so. (Kolosefo 1:15, 16) Nea Yesu kae ara ne sɛ: “Gyina! Yɛ dinn!” Dɛn na afei esii? “Mframa no ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn.”—Marko 4:35-39.

Yare: Ná wonim Yesu yiye sɛ otumi sa anifurae, apakye, wɔn a wotwa, kwata, ne ahoɔmmerɛw ahorow nyinaa bi. “Ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.”—Mateo 4:23, 24; 8:16; 11:2-5.

Ɔkɔm: Yesu de tumi a n’Agya de maa no no dii dwuma ma aduan ketewaa bi yɛɛ bebree. Bible kyerɛ sɛ, mprenu na Yesu maa nnipa mpempem pii aduan wɔ n’asɛnka adwuma no mu.—Mateo 14:14-21; 15:32-38.

Owu: Bible kyerɛ sɛ Yesu nyanee nnipa mmiɛnsa fii awufo mu. Wei yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan awufo. Wɔn a Yesu nyanee wɔn baa nkwa mu no, na wɔn mu baako awu nnanan.—Marko 5:35-42; Luka 7:11-16; Yohane 11:3-44.

^ nky. 5 Sɛ wopɛ nna edi akyiri no ho nsɛm pii a, hwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, adesua 32. Yehowa Adansefo na wɔyɛe. Wubetumi nso atwe bi wɔ www.pr418.com/tw a wuntua hwee.