Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛka sɛ Yehowa honhom kyerɛ obi kwan a, ɛkyerɛ sɛn?

Yɛka sɛ Yehowa honhom kyerɛ obi kwan a, ɛkyerɛ sɛn?

“[Onyankopɔn] mma munnya adwenkoro no ara a na Kristo Yesu wɔ no bi.”—ROM. 15:5.

NNWOM: 17, 13

1, 2. (a) Adwene bɛn na nnipa pii wɔ wɔ wɔne Yehowa abusuabɔ ho? (b) Nsɛmmisa titiriw bɛn na yebesusuw ho?

ONUAWA bi a ɔwɔ Canada kaa sɛ: “Esiane sɛ Yehowa honhom kyerɛ me kwan nti, ama m’ani agye paa. Aboa me ama matumi agyina sɔhwɛ ahorow a mihyia daa ano.” Onua bi a ɔwɔ Brazil kaa sɛ: “Me ne me yere aware mfe 23 ni, na esiane sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛne Yehowa ntam ayɛ kama nti, ama yɛn ani agye paa.” Onua bi a ɔwɔ Philippines nso kaa sɛ: “Yehowa honhom kyerɛ me kwan, enti ama manya asomdwoe, na aboa me ama matumi ne anuanom a ɛsono mmusua ne aman a wofi mu atena yiye.”

2 Nsɛm a yɛn nuanom aka yi ama yɛahu sɛ, sɛ yɛma Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan a, yenya nhyira pii. Ɛnde, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn ama Yehowa honhom akyerɛ me kwan yiye sɛnea ɛbɛyɛ a menya nhyira a wɔaka ho asɛm no?’ Ansa na yɛbɛma saa asɛm yi ho mmuae no, nea Bible ka fa nnipa a Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan ho no, ɛsɛ sɛ yɛte ase yiye. Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa titiriw mmiɛnsa ho mmuae. (1) Yɛka sɛ Yehowa honhom kyerɛ obi kwan a, ɛkyerɛ sɛn? (2) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya nkɔso wɔ Yehowa som mu? (3) Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya “Kristo adwene” a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ nkurɔfo a Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan?

HENA NE OBI A YEHOWA HONHOM KYERƐ NO KWAN?

3. Bible ma yehu nsonsonoe a ɛda onipa a odi n’akɔnnɔ akyi ne nea Yehowa honhom kyerɛ no kwan ntam. Yɛyɛ dɛn hu?

3 Ɔsomafo Paulo ma yehu onipa a Yehowa honhom kyerɛ no kwan. Ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa ne sɛ, ɔkyerɛɛ nsonsonoe a ɛda “nea odi n’akɔnnɔ akyi” ne “nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan” ntam. (Kenkan 1 Korintofo 2:14-16.) Nsonsonoe no ne sɛn? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “nea odi n’akɔnnɔ akyi” no nnye “Onyankopɔn honhom no nneɛma, na ɛyɛ no nkwaseasɛm; na ontumi nhu mu.” Nanso, “nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan” deɛ, ɔyɛ onipa a “ɔkari biribiara hwɛ,” na ɔwɔ “Kristo adwene.” Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nnipa a yɛma Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan. Nsonsonoe foforo bɛn na ɛda nnipa a wodi wɔn akɔnnɔ akyi ne wɔn a Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan ntam?

4, 5. Onipa a odi n’akɔnnɔ akyi suban te sɛn?

4 Yenni kan nhwɛ onipa a odi n’akɔnnɔ akyi suban. Suban a agye ntini wɔ wiase no mu ne akɔnnɔ bɔne; ɛno na onipa a odi n’akɔnnɔ akyi suasua. Paulo kaa saa suban no ho asɛm sɛ “honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu.” (Efe. 2:2) Saa honhom no piapia nnipa dodow no ara ma wosuasua nkurɔfo a wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Ɛno nti, wɔn mu dodow no ara yɛ nea ɛteɛ wɔ wɔn ani so, na wɔmfa Onyankopɔn akwankyerɛ nyɛ hwee. Onipa a odi n’akɔnnɔ akyi anaa ɔwɔ ɔhonam adwene no, edin a obegye anaa ahonyade a obenya ho ara na ɔtaa dwen. Onipa a ɔte saa no, onnim gyae ma ɛnka; ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ne nsa bɛka nea ɔte nka sɛ ɔwɔ hokwan sɛ onya.

5 Dɛn bio na yebetumi de ahu onipa a odi n’akɔnnɔ akyi? Nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ “ɔhonam nnwuma” mu nso di wɔn akɔnnɔ akyi. (Gal. 5:19-21) Krataa a edi kan a Paulo de kɔmaa Korintofo no, ɔkyerɛɛ suban ahorow bi a ɛma yehu wɔn a wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Ebi ne: wɔn a wɔde mpaapaemu ba, wɔn a akasakasa ba ebinom ntam a wokogyina ɔfã bi akyi, wɔn a wɔhyɛ akasakasa mu gya, wɔn a wɔde afoforo kɔ asɛnnibea, wɔn a wommu tiyɛ, ne wɔn a wodidi fuu na wɔwe nsã. Sɛ biribi sɔ onipa a ɔwɔ ɔhonam adwene hwɛ a, ɔyɛ mmerɛw, na ɛma ɔyɛ bɔne. (Mmeb. 7:21, 22) Yuda kaa sɛ ebinom bra bɛsɛe araa ma ‘wɔrennwen honhom mu nneɛma ho’ mpo.—Yuda 18, 19.

6. Yɛyɛ dɛn hu obi a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan?

6 Sɛ yɛka sɛ ‘Onyankopɔn honhom kyerɛ obi kwan’ a, ɛkyerɛ sɛn? Obi a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan dwen ɔne Onyankopɔn abusuabɔ ho. Nanso, onipa a odi n’akɔnnɔ akyi nte saa. Nnipa a wɔdɔ Yehowa bɔ mmɔden sɛ ‘wobesuasua Onyankopɔn.’ (Efe. 5:1) Wei kyerɛ sɛ, wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya Yehowa adwene, na ama wɔde Yehowa adwene asusuw nneɛma ho. Saa nkurɔfo no gye di paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nnipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan bɔ mmɔden sɛ wɔde Yehowa akwankyerɛ bɛyɛ adwuma wɔ biribiara mu; wɔnte sɛ nnipa a wɔwɔ honam adwene no. (Dw. 119:33; 143:10) Onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan mfa ne ho nhyɛ ɔhonam nnwuma mu, na mmom ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsow “honhom no aba.” (Gal. 5:22, 23) Hwɛ saa mfatoho yi, na ɛbɛma woahu “onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan” yiye. Sɛ obi nim aguadi a, yɛfrɛ no oguadini. Saa ara na sɛ obi mfa ne som nni agorɔ a, yebetumi aka sɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan.

7. Nnipa a Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan no, dɛn na Bible ka fa wɔn ho?

7 Nnipa a Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan no, Bible kamfo wɔn paa. Mateo 5:3 ka sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” Romafo 8:6 ma yehu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛma Yehowa honhom akyerɛ yɛn kwan. Ɛka sɛ: “Adwene a esi honam nneɛma so yɛ owu, na adwene a esi honhom nneɛma so yɛ nkwa ne asomdwoe.” Sɛ yɛde yɛn adwene si honhom mu nneɛma so a, saa bere yi, asomdwoe ba yɛne Onyankopɔn ntam, yɛn ankasa asom dwo yɛn, na yenya anidaso sɛ yebenya daa nkwa daakye.

8. Adɛn nti na ehia sɛ yɛyere yɛn ho ma Yehowa honhom kɔ so kyerɛ yɛn kwan?

8 Wiase a yɛte mu yi, emu yɛ hu paa. Nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia nni Yehowa adwene; enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa nya Yehowa adwene na yɛbɔ ho ban. Sɛ yɛamfa Yehowa adwene anhyɛ yɛn tirim a, wiase no de ne suban ne n’adwene bɛhyɛ yɛn tirim. Dɛn na yɛbɛyɛ na asɛm a ɛte saa anto yɛn? Yɛbɛyɛ dɛn anya nkɔso wɔ Yehowa som mu?

NNIPA A YEBETUMI ASUASUA WƆN

9. (a) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya nkɔso wɔ Yehowa som mu? (b) Nnipa a Yehowa honhom kyerɛɛ wɔn kwan bɛn na yebesusuw wɔn ho?

9 Ehia sɛ abofra hwɛ n’awofo na osuasua wɔn nhwɛso pa na ama ne ho akokwaw. Yɛn nso, saa ara na ehia sɛ yɛhwɛ nkurɔfo a wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ pa na yesuasua wɔn, na ama yɛanya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Nanso, sɛ yɛhwɛ nkurɔfo a wɔwɔ honam adwene a, ɛma yehu nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. (1 Kor. 3:1-4) Nhwɛso pa ne nhwɛso bɔne, ne nyinaa bi wɔ Bible mu. Nanso esiane sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkɔso wɔ Yehowa som mu nti, momma yɛnhwɛ nnipa bi a wɔyɛɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua wɔn. Wɔn a yebesusuw wɔn nhwɛso pa a wɔyɛe ho ne Yakob, Maria, ne Yesu.

Nhwɛso a Yakob yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Dɛn na Yakob yɛe a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa honhom kyerɛ no kwan?

10 Nea edi kan, momma yɛnhwɛ Yakob. Ɛnnɛ, sɛnea nneɛma mu yɛ den ma yɛn mu dodow no ara no, saa ara na na nneɛma mu yɛ den ma Yakob. Ná Yakob nua Esau kura ɔhonam adwene, na na ɔpɛ sɛ okum Yakob. Wei da nkyɛn a, Yakob asebarima daadaa no, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ obesisi no mpɛn pii. Nanso, ɛmfa ho sɛ na nnipa a ‘wodi wɔn akɔnnɔ akyi’ atwa Yakob ho ahyia no, ɔmaa Yehowa honhom kyerɛɛ no kwan. Ná Yakob wɔ gyidi sɛ ɛbɔ a Yehowa ahyɛ Abraham no bɛbam. Afei nso, na Yakob nim sɛ mmusua a Yehowa bɛfa wɔn so ama n’atirimpɔw abam no, ná n’abusua no ka ho. Enti ɔhwɛɛ n’abusua no yiye. (Gen. 28:10-15) Asɛm a Yakob kae ne nea ɔyɛe ma yehu sɛ na onim Onyankopɔn akwankyerɛ ne n’apɛde. Nhwɛso bi ni. Bere a Esau yɛɛ n’adwene sɛ obekum Yakob no, Yakob ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mesrɛ wo gye me . . . Wo na wokae sɛ, ‘Ɔkwan biara so medi w’akyi na mɛma w’asefo adɔɔso sɛ mpoano anhwea.’” (Gen. 32:6-12) Yehowa hyɛɛ Yakob ne n’agyanom bɔ; ɛda adi sɛ Yakob gyee saa bɔhyɛ ahorow no dii. Enti ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde wɔ n’asetena mu.

Nhwɛso a Maria yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa honhom na na ɛkyerɛ Maria kwan?

11 Afei yɛnhwɛ Maria. Wohwɛ a, adɛn nti na Yehowa paw Maria sɛ ɔmmɛyɛ Yesu maame? Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yehowa honhom kyerɛ Maria kwan. Yɛyɛ dɛn hu saa? Bere a Maria kɔsraa Sakaria ne Elisabet a na wɔyɛ n’abusuafo no, ayeyi nsɛm a ɛyɛ dɛ a Maria kae no ma yehu paa sɛ na ɔma Yehowa honhom kyerɛ no kwan. (Kenkan Luka 1:46-55.) Afei nso, ɛma yehu sɛ, na n’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho, na na onim Hebri Kyerɛwnsɛm no yiye. (Gen. 30:13; 1 Sam. 2:1-10; Mal. 3:12) Hyɛ no nsow sɛ, ɛwom sɛ afei ara na na Maria aware Yosef deɛ, nanso ɔne ne kunu anna kosii sɛ ɔwoo Yesu. Dɛn na wei ma yehu? Ɛma yehu sɛ, na Yehowa apɛde ho hia wɔn mmienu nyinaa sen nea wɔn ankasa pɛ. (Mat. 1:25) Afei nso, biribiara a Yesu yɛe wɔ n’asetenam no, Maria de n’ani too fam hwɛe, na otiee nsɛm a ɛtɔ asom a ɔkae no. Afei nso, ɔde “nsɛm yi nyinaa siee ne koma mu.” (Luka 2:51) Wei kyerɛ sɛ, na Mesia a Onyankopɔn ama wɔahyɛ ne ho bɔ no ho asɛm hia Maria paa. Nea Maria yɛe no, yemmisa sɛ, ɛrentumi mmoa yɛn mma yenhu ɔkwan a yɛbɛfa so de Onyankopɔn apɛde adi kan wɔ biribiara mu?

12. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ na Yesu sɛ n’Agya? (b) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

12 Nnipa a wɔatena ase pɛn nyinaa, hena na Yehowa honhom kyerɛɛ no kwan paa? Ɛnyɛ obiara sɛ Yesu. Yesu asetena ne ne som adwuma nyinaa mu no, ɔdaa no adi sɛ na ɔpɛ sɛ osuasua n’Agya Yehowa. Ná sɛnea Yesu dwen ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho, ne sɛnea ɔyɛ n’ade nyinaa te sɛ Yehowa. Ɔyɛɛ Yehowa apɛde, na na ɔde n’akwankyerɛ yɛ adwuma. (Yoh. 8:29; 14:9; 15:10) Wo deɛ, hwɛ sɛnea odiyifo Yesaia kaa Yehowa ayamhyehye ho asɛm, na fa toto nea Asɛmpa kyerɛwfo Marko ka faa sɛnea na Yesu te nka wɔ nneɛma ho no ho. (Kenkan Yesaia 63:9; Marko 6:34.) Yemmisa yɛn ho sɛ, yɛte sɛ Yesu anaa? Yɛayɛ krado sɛ bere biara a yebehyia nkurɔfo a wohia mmoa no, yebenya ayamhyehye ama wɔn anaa? Afei nso, Yesu tuu ne ho sii hɔ yɛɛ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. (Luka 4:43) Onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan wɔ ayamhyehye, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa afoforo.

13, 14. (a) Ɛnnɛ, nkurɔfo a Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? (b) Ma ɛho nhwɛso.

13 Nnipa a wɔyɛɛ nhwɛso pa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu akyi no, ɛnnɛ nkurɔfo a Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan pii wɔ hɔ a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesuasua Kristo. Ebia woahu sɛnea wɔde nsi ne ahokeka yɛ ɔsom adwuma no, sɛnea wɔpɛ ahɔhoyɛ, sɛnea wɔwɔ ayamhyehye, ne suban pa afoforo. Ɛwom sɛ wɔwɔ mmerɛwyɛ ne sintɔ te sɛ yɛn ara, nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya saa suban pa no. Onuawa bi a ɔwɔ Brazil a ne din de Rachel kaa sɛ: “Ná m’ani gye wiase no ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie ho paa. Ɛno nti, na m’ahosiesie yɛ basaa. Nanso, bere a mihuu nokware no, ɛkaa me ma meyɛɛ nea metumi biara sɛ mɛma Yehowa honhom akyerɛ me kwan. Ná ɛyɛ den paa sɛ mɛyɛ nsakrae. Nanso mitumi yɛe no, ɛmaa m’ani gyei paa, na ama manya anidaso wɔ asetena mu.”

14 Reylene yɛ onuawa a ofi Philippines. Ɔno deɛ, na ɛsono ne haw. Ná ɔpɛ sɛ ɔkɔ n’anim wɔ asetena mu. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ obesua nhoma akɔ akyiri na ama wanya adwuma pa ayɛ. Onuawa no kaa sɛ: “Botae a na mede asisi m’ani so wɔ Yehowa som mu no, afei deɛ na ɛho nhia me ahe biara. Bere bi akyi no, mihui sɛ biribi nkɔ yiye wɔ m’asetena mu. Ná ɛyɛ biribi a ɛho hia koraa sen adwuma a meyɛ. Ɛno nti mesesaa m’adwene, na mede Yehowa som dii kan wɔ m’asetena mu.” Efi saa bere no, Reylene anya Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Mateo 6:33, 34 no mu gyidi paa. Ɔkaa sɛ: “Migye di paa sɛ Yehowa bɛhwɛ me!” Ebia wunim anuanom bi a wɔte saa wɔ w’asafo mu. Sɛ yɛhwɛ sɛnea anokwafo a wɔte saa resuasua Kristo a, ɛnka yɛn sɛ yɛn nso yenni wɔn anammɔn akyi anaa?—1 Kor. 11:1; 2 Tes. 3:7.

NYA “KRISTO ADWENE”

15, 16. (a) Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛayɛ sɛ Kristo? (b) Yɛbɛyɛ dɛn anya “Kristo adwene”?

15 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Kristo? Bible ka wɔ 1 Korintofo 2:16 sɛ, ehia sɛ yenya “Kristo adwene.” Romafo 15:5 nso ka sɛ, yennya “adwenkoro no ara a na Kristo Yesu wɔ no bi.” Enti, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kristo a, ehia sɛ yehu Kristo adwene ne ne suban nyinaa. Wei kyerɛ sɛ, ehia sɛ yedi n’anammɔn akyi. Ade a ɛho hia Yesu paa ne abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn wɔ. Enti sɛ yesuasua Yesu a, ɛma yɛbɛn Yehowa paa. Wei ama yɛahu sɛ, ehia paa sɛ yenya Yesu adwene.

16 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Yesu asuafo no huu anwonwade a ɔyɛe, wɔtee kasa ahorow a ɔmae, wohuu sɛnea ɔne nnipa ahorow nyinaa dii, ne sɛnea ɔde Onyankopɔn akwankyerɛ yɛɛ adwuma. Asuafo no kaa sɛ: ‘Yɛyɛ nneɛma a ɔyɛe nyinaa ho adansefo.’ (Aso. 10:39) Yɛn deɛ, yɛrentumi mfa yɛn ani nhu Yesu. Nanso esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, wama yɛn nsa aka Nsɛmpa no, na ɛboa yɛn ma yehu Yesu yiye. Sɛ yɛkenkan Mateo, Marko, Luka, ne Yohane Nsɛmpa a ɛwɔ Bible mu no dwinnwen ho a, ɛma yenya Kristo adwene. Yɛyɛ saa a, yebetumi ‘adi Kristo anammɔn akyi pɛɛ,’ na ‘yɛn nso yɛde adwenkoro no ara ahyehyɛ yɛn ho’ te sɛ Kristo.—1 Pet. 2:21; 4:1.

17. Yenya Kristo adwene a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

17 Yenya Kristo adwene a ɛbɛboa yɛn sɛn? Sɛ yedi aduan pa a yenya ahoɔden; saa ara na sɛ yenya Kristo adwene a ɛbɛma yɛayɛ den wɔ Yehowa som mu. Nkakrankakra, yebehu nea Kristo bɛyɛ wɔ tebea biara mu. Wei bɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae a ɛsɔ Onyankopɔn ani, na ama yɛanya ahonim pa. Wunnye ntom sɛ weinom nti eye sɛ ‘yɛhyɛ Awurade Yesu Kristo’?—Rom. 13:14.

18. Yɛahu nea ɛkyerɛ sɛ Yehowa honhom kyerɛ obi kwan. Dɛn na woasua afi mu?

18 Yɛahu nea ɛkyerɛ sɛ Yehowa honhom kyerɛ obi kwan. Yɛahu nso sɛ, yebetumi asuasua nnipa a Yehowa honhom kyerɛ wɔn kwan nhwɛso pa. Afei nso, yɛahu sɛ, sɛ yenya “Kristo adwene” a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya Yehowa adwene na ama yɛne no anya abusuabɔ pa. Nanso, nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ebi ni. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ yɛ papa? Dɛn bio na yebetumi ayɛ ama yɛne Yehowa abusuabɔ ayɛ papa? Sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ yɛ papa a, ɛbɛka yɛn asetena sɛn? Yebenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.