Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TETE WƆ BI KA

Baguam Kasa Ahorow Maa Asɛmpa No Trɛwee Wɔ Ireland

Baguam Kasa Ahorow Maa Asɛmpa No Trɛwee Wɔ Ireland

PO SO hyɛn no kogyinaa Belfast Lough suhyɛn gyinabea hɔ. Afei, ɛhyɛn no mufo kakra a wogyinagyina hyɛn no abrannaa so tow wɔn ani a, mmepɔw a ɛso nwura ayɛ frɔmfrɔm na egu hɔ yi. Ná anɔpawia hann atɔ so ma ayɛ fɛfɛɛfɛ. Ná ɛyɛ May 1910. Ná Charles T. Russell ka ɛhyɛn no mufo ho. Wei ne nea ɛto so nnum a na ɔreba Ireland. Onua Russell hui sɛ wɔrehyehyɛ po so hyɛn akɛse mmienu wɔ mpoano hɔ. Po so hyɛn mmienu no, baako din de Titanic a akyiri yi ɛmemee no; nea na ɛka ho no din de Olympic. * Ná Bible Asuafo dumienu gyinagyina po so hyɛn gyinabea hɔ rebehyia no.

Bɛyɛ mfe 20 a na atwam no, na Onua Russell repɛ ɔkwan pa a ɔbɛfa so atrɛw asɛmpa no mu akɔ wiase nyinaa. Osii gyinae sɛ Amerika akyi no, obetutu akwan akɔ aman foforo so. Ne nsrahwɛ a edi kan no, ɔkɔɔ Ireland July 1891. Bere a Onua Russell te po so hyɛn a ne din de City of Chicago mu no, ɔhwɛɛ owia a na ɛrekɔtɔ wɔ Queenstown mpoano. Ná Onua Russell awofo aka akyerɛ no sɛ wɔn nkyi fi Ireland, na ɛbɛyɛ sɛ saa bere yi ɔkaee nea na n’awofo aka afa wɔn man yi ho no. Bere a Onua Russell ne wɔn a wɔka ne ho faa nkurow a emu tew ne nsase a ɛyɛ fɛ no so no, wohui sɛ afuw no “ahoa, na bere aso sɛ wotwa.”

Onua Russell kɔɔ Ireland mpɛn nson. Anigye a nkurɔfo nyae wɔ ne nsrahwɛ a edi kan no mu no, ɛmaa nnipa ɔhaha kotiee ne kasa wɔ ne nsrahwɛ ahorow a ɔkɔe akyiri yi no. Ɛtɔ da mpo a na mpempem kotie no. Eduu ne nsrahwɛ a ɛto so mmienu wɔ May 1903 no, na wɔbɔ baguam kasa a wɔma wɔ Belfast ne Dublin no ho dawuru wɔ ɛhɔnom atesɛm nkrataa mu. Russell kaa ne nsrahwɛ no ho asɛm sɛ, “atiefo no wɛn wɔn aso tiee” ɔkasa no. Ná ɔkasa no asɛmti ne, “Bɔhyɛ a Wɔde Ntanka Taa Akyi.” Ná ɔkasa no fa Abraham gyidi ne nhyira a adesamma benya daakye ho.

Esiane sɛ nnipa pii kyerɛɛ asɛmpa no ho anigye wɔ Ireland nti, nsrahwɛ a ɛto so mmiɛnsa a Russell kɔe wɔ Europa no, ɔsan kɔɔ Ireland. Anuanom mmarima nnum kohyiaa Russell wɔ Belfast po so hyɛn gyinabea hɔ. Ná ɛyɛ afe 1908 anɔpa bi wɔ April mu. Saa da no anwummere no, “nnipa bɛyɛ 300 a wɔn adwenem da hɔ” kotiee baguam kasa a na wɔabɔ ho dawuru no. Ná ɔkasa no asɛmti ne “Satan Ahenni a Wobetu Agu.” Ná ɔsɔretiafo bi wɔ atiefo no mu, na Bible Asuafo no yɛɛ ntɛm de Kyerɛwnsɛm no dii dwuma yiye boaa no. Ná Owura O’Connor yɛ YMCA kyerɛwfo. Ná ɔyɛ ɔsɔretiafo, na na wasi ne bo paa sɛ ɔbɛma atiefo a wɔn dodow boro 1,000 no asɔre atia Bible Asuafo no wɔ Dublin. Ekosii sɛn?

Wo deɛ, yɛnkɔ yɛn akyi kakra na yentwa nea ɛbɛyɛ sɛ ɛkɔɔ so wɔ saa nhyiam no ase ho mfonini wɔ yɛn adwenem nhwɛ. Ná wɔabɔ baguam kasa bi ho dawuru wɔ The Irish Times atesɛm krataa mu. Ɔbarima bi a ɔpɛ sɛ ohu nokware a ɛwɔ Bible mu yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akotie bi. Ná nnipa ahyɛ asa kɛse no so mã, enti ɔbrɛe ansa na ɔrenya baabi atena. Ɔwɛnee n’aso tiee ɔkasafo no. Ná ɔkasafo no hyɛ atade nguguso tenten tuntum; na ne ti nhwi ne n’abɔgyesɛ yɛ fitaa. Bere a ɔkasafo no rema ɔkasa no, na ɔredi akɔneaba wɔ asɛnka gua no so retoto ne nsa. Ɔfa kyerɛwsɛm biara a, na ɔtɔ ne bo ase kyerɛkyerɛ mu yiye, enti ɛmaa ɔbarima no tee nokware a ɛwɔ Bible mu no ase. Ɛwom sɛ ɔkasafo no amfa akasam anni dwuma deɛ, nanso obiara a ɔwɔ asa no so baabiara tee ne kasa no. Atiefo no yɛɛ komm tiee no dɔnhwerew baako ne fã. Bere a eduu nsɛmmisa ne mmuae so no, O’Connor ne ne nnamfo, ne ɔkasafo no dii anobaabae. Nanso ɔkasafo no de Bible kyerɛkyerɛɛ n’asɛm no mu yiye. Atiefo no bɔɔ wɔn nsam de kyerɛe sɛ nkyerɛkyerɛmu a ɔkasafo no de ama no tɔ asom. Bere a emu dwoe no, ɔbarima a na n’ani agye asɛmpa no ho no kɔɔ anuanom nkyɛn kosuaa nneɛma pii. Nnipa a wɔde wɔn ani huu nea ɛkɔɔ so no bɔɔ amanneɛ sɛ, saa kwan yi na nnipa pii faa so huu nokware no.

May 1909 no, Onua Russell fii n’akwantu a ɛto so nnan ase. Ɔfaa po so hyɛn Mauretania wɔ New York, na na Onua Huntsinger a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no ka ne ho. Enti bere a wɔte po so hyɛn mu retu kwan no nyinaa, Onua Russell kaa nsɛm a ɛbɛba Ɔwɛn-Aban mu ma Onua Huntsinger kyerɛwee. Onua Russell baguam kasa a ɔmae wɔ Belfast no, kurom hɔfo 450 na wokotiei. Wɔn mu bɛyɛ 100 annya baabi antena, enti wogyinaa hɔ tiee ɔkasa no.

Onua C. T. Russell gyina Lusitania abrannaa so

Onua Russell akwantu a ɛto so nnum a yɛkaa ho asɛm mfiase no, ɛno nso ɔde Bible yii wɔn a wɔne no dii anobaabae no nsɛm ano. Bere a Onua Russell maa baguam kasa wɔ Dublin wiei no, ɔsɔfo bi a wagye din a O’Connor de no baa hɔ bisabisaa nsɛm. Onua Russell de Bible maa ne nsɛmmisa no ho mmuae maa atiefo no ani gyee ho. Ɛda a edi hɔ no, Onua Russell ne wɔn a wɔka ne ho kɔforoo po so hyɛn bi a ɛfa amenade. Saa po so hyɛn no tu mmirika paa. Ɛde wɔn kɔɔ Liverpool ma wɔkɔfaa po so hyɛn a agye din a wɔfrɛ no Lusitania no kɔɔ New York. *

Wɔrebɔ baguam kasa ho dawuru wɔ The Irish Times mu, May 20, 1910

Afe 1911 na Onua Russell tuu ne kwan a ɛto so nsia ne nson no. Ɛno nso, wɔbɔɔ baguam kasa a ɔmae no ho dawuru. April mu no, Bible Asuafo 20 a na wɔwɔ Belfast no gyee ahɔho 2,000. Wotiee baguam kasa a asɛmti ne “Owu Akyi Asetena.” O’Connor ne ɔsɔfo foforo baa Dublin bebisabisaa nsɛm. Nanso Russell de Bible yii nsɛmmisa no ano maa atiefo no bɔɔ wɔn nsam. October ne November wɔ saa afe no mu no, Bible Asuafo no kɔɔ nkurow foforo so maa nnipa pii betiee asɛmpa no. O’Connor ne basabasayɛfo 100 yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsɛe Dublin nhyiam no bio. Nanso atiefo no de anigye taa ɔkasafo no akyi.

Ɛwom sɛ Onua Russell titiriw na na ɔma baguam kasa saa bere no deɛ, nanso na onim sɛ “ɛnyɛ onipa baako na ɔyɛ biribi,” efisɛ “saa adwuma yi, ɛnyɛ onipa dea; ɛyɛ Onyankopɔn adwuma.” Ná wɔbɔ baguam ɔkasa ho dawuru ansa na wɔayɛ Baguam Nhyiam no. Wei ma wonyaa hokwan paa kyerɛkyerɛɛ nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no mu. Dɛn na efii mu bae? Baguam kasa ahorow boa maa asɛmpa no mu trɛwee, na wɔtew asafo bebree wɔ nkurow pii mu wɔ Ireland.​—Tete wɔ bi ka, Britain.

^ nky. 3 Annu mfe mmienu na Titanic no memee.

^ nky. 9 Wɔtoo topae bɔɔ Lusitania mu ma ɛmemee wɔ Ireland anafo fam mpoano wɔ May 1915 mu.