Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Adɛn nti na yɛmma kwan sɛ obi bɛtwe Yehowa Adansefo nhoma anaa video agu ɔno ankasa wɛbsaet anaa social media so?

Esiane sɛ yentwa bo nto Bible ho nhoma a yɛde ma nkurɔfo so nti, ebinom te nka sɛ wobetumi atwe bi agu wɛbsaet foforo anaa social media so. (Yɛka social media a, ɛyɛ wɛbsaet anaa app a ɛma nkurɔfo tumi ne wɔn a wɔde saa wɛbsaet anaa app no di dwuma nyinaa di nkitaho.) Nanso, sɛ obi yɛ saa a, na wabu Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe * so, na wei akɔfa ɔhaw pii aba. Sɛnea wɔaka no pefee wɔ saa Nhyehyɛe no mu no, yɛmma kwan sɛ obiara “de mfoni a wɔadrɔdrɔ, nhoma a ɛwɔ Intanɛt so, ahyɛnsode, nnwom, mfoni, video, anaa nsɛm foforo fi saa wɛbsaet yi kogu Intanɛt so baabiara (wɛbsaet biara, wɛbsaet a nkurɔfo tumi de nneɛma gu hɔ ma obiara tumi fa bi, wɛbsaet a nkurɔfo tumi de video gu hɔ ma obiara tumi fa bi, anaa social media).” Adɛn nti na yɛmma wei ho kwan?

Ɛnsɛ sɛ obiara de yɛn nhoma a yɛwɔ ho copyright gu Intanɛt wɛbsaet foforo biara

Biribiara a ɛwɔ yɛn wɛbsaet ahorow no, ɛho copyright wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ yɛn dea. Awaefo ne afoforo a wɔsɔre tia yɛn de yɛn nhoma gu wɔn wɛbsaet ahorow de daadaa Yehowa Adansefo ne afoforo. Nsɛm a wɔde gu wɔn wɛbsaet no, wɔde nsɛm a ɛbɛma nkurɔfo adwenem ayɛ wɔn naa frafra mu. (Dw. 26:4; Mmeb. 22:5) Afoforo de yɛn nhoma mu nsɛm anaa yɛn jw.org ahyɛnsode no bɔ nneɛma a wɔtɔn ho dawuru, na wɔde bi fomfam nneɛma a wɔretɔn ho. Afei nso, wɔde bi atoto app a ɛwɔ fon ne tablɛt so. Esiane sɛ yɛwɔ copyright a ɛkyerɛ sɛ mmara mu no, jw.org no yɛ yɛn dea na yɛwɔ ahyɛnsode (trademark) nso a ɛkyerɛ saa nti, mmara ma yɛn kwan sɛ obiara a ɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so no, yetumi bara no. (Mmeb. 27:12) Nneɛma a yɛde agu yɛn wɛbsaet hɔ no, sɛ yɛma nkurɔfo, anaa yɛn nuanom mpo kwan ma wɔde gu wɛbsaet foforo anaa wɔde jw.org ahyɛnsode no tɔn wɔn nneɛma a, sɛ yɛde wɔn a wɔsɔre tia yɛn ne aguadifo a wɔde yɛn ahyɛnsode tɔn wɔn nneɛma no kɔ asɛnnibea a, ebia wɔrenni yɛn asɛm mma yɛn.

Sɛ obi antwe yɛn nhoma anaa yɛn video amfi jw.org, na ɔkɔtwe fi baabi foforo a, ɛyɛ hu pa ara. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nko ara na Yehowa de ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma yɛn honhom fam aduan. (Mat. 24:45) Yɛn wɛbsaet ahorow no nko ara na saa “akoa” no nam so de honhom fam aduan ma yɛn. Ɛno ne www.pr418.com, tv.pr418.com, ne wol.pr418.com. Afei nso, yɛwɔ app mmiɛnsa pɛ a yɛde yɛ adwuma wɔ fon ne tablɛt so. Ɛno ne JW Language®, JW Library®, ne JW Library Sign Language®. Yɛwɔ gyidi sɛ Satan wiase no ntumi mmɔ nneɛma a wɔtɔn ho dawuru wɔ hɔ, na ɛrentumi mfa biribiara a ɛho ntew nso ngu hɔ. Sɛ honhom fam aduan no kɔfa baabi foforo biara a, yɛrentumi nka sɛ nsakrae mmaa mu anaa ɛho tew.—Dw. 18:26; 19:8.

Afei nso, sɛ obi de yɛn nhoma gu wɛbsaet ahorow bi a ɛma kwan ma nkurɔfo tumi kyerɛ wɔn adwene wɔ hɔ a, ebetumi ama awaefo ne afoforo a wɔkasa tia yɛn akeka nsɛm bi a ɛbɛma nkurɔfo adwenem ayɛ wɔn naa wɔ Yehowa ahyehyɛde no ho. Anuanom bi ama kwan ama nkurɔfo ne wɔn adi anobaabae wɔ Intanɛt so, na ɛno nso de ahohorabɔ aba Yehowa din so. Sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔatew atua’ a, ɛmfata sɛ yɛfa saa kwan no so ne wɔn susuw nsɛm ho wɔ Intanɛt so. (2 Tim. 2:23-25; 1 Tim. 6:3-5) Yɛahyɛ no nsow nso sɛ ebinom abuebue social media ne wɛbsaet ahorow bi a ɛnyɛ papa wɔ ahyehyɛde no, Akwankyerɛ Kuw no, ne emufo din mu. Nanso, Akwankyerɛ Kuw no muni biara nni hɔ a ɔno ankasa abue wɛbsaet wɔ ne din mu anaa ɔwɔ social media biara so.

Yɛkyerɛ nkurɔfo kwan kɔ jw.org a, ɛboa ma “asɛmpa” no trɛw. (Mat. 24:14) App ahorow a wɔayɛ ama yɛn ne nneɛma foforo a ɛwɔ Intanɛt so a yɛde yɛ asɛnka adwuma no, yegu so ara reyɛ ho adwuma sɛ yɛbɛma atu mpɔn. Yɛpɛ sɛ ɛboa obiara. Enti sɛnea yɛn Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe te no, wubetumi de yɛn nhoma bi afa e-mail so akɔma obi anaa wubetumi de nhoma no wɛbsaet address a ɛwɔ jw.org no ama no. Sɛ yɛkyerɛ nkurɔfo a wɔn ani gye Bible ho kwan kɔ yɛn wɛbsaet ahorow a, na yɛrekyerɛ wɔn kwan akɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nkyɛn. Akoa nokwafo no nko ara na ɔma honhom fam aduan.

^ nky. 1 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe a, bue jw.org na hwɛ ase hɔ pa ara. Ɛho mmara a ɛwɔ hɔ no fa biribiara a ɛwɔ yɛn wɛbsaet ahorow nyinaa ho.