Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Ahyɛase No, Na Ɛyɛ Den, Nanso Awie Me Yiye

Ahyɛase No, Na Ɛyɛ Den, Nanso Awie Me Yiye

Wɔwoo me wɔ kurow ketewaa bi a yɛfrɛ no Liberty mu; ɛwɔ Indiana, U.S.A. Ná yɛte dankora bi mu, na na ɛyɛ nnuadan. Ná m’awofo awo mmiɛnsa ansa na wɔrewo me; me nuabarima panyin ne me nuanom mmea mmienu. Akyiri yi, me maame woo m’akyi; mmarima mmienu ne ɔbea baako.

Nnuadan yi mu na wɔwoo me

BERE a na mekɔ sukuu no, nneɛma ansesa ahe biara wɔ yɛn kurom hɔ. Sukuu a mekɔe no, wɔn a wo ne wɔn befi ase no, wɔn ara na na wo ne wɔn bewie. Ná minim kurow a na yɛte mu no mufo dodow no ara din, na na wɔn nso nim me din.

Me ne me nuanom nyinaa, yɛyɛ nson; meyɛ aberantewaa no, misuaa kuadwuma

Ná mfuw nketewa atwa Liberty kurow no ho ahyia; aburow pa ara na na wodua. Wɔwoo me no, na me papa di paa wɔ okuafo bi a ɔte kurow no mu afuw mu. Meyɛ aberantewaa no, misuaa sɛnea yɛka trata, na misuaa kuadwuma kakra nso.

Manhu me papa mmeranteberem. Bere a wɔwoo me no, na me papa adi mfe 56; na me maame adi mfe 35. Ná me papa yɛ teateaa, na ɔte apɔw, na na ne ho yɛ den. Ná ɔpɛ adwumaden, na ɔtetee yɛn nyinaa ma yɛn nso yɛn ani gyee adwumaden ho. Wannya sika da, nanso baabi a yɛbɛda, nea yɛbɛhyɛ, ne nea yebedi de, ammɔ yɛn; na onya bere ma yɛn daa. Me papa wui no, na wadi mfe 93. Me maame nso dii mfe 86 ansa na ɔrewu. Wɔn mu biara ansom Yehowa. Me nuanom nso, me nuabarima baako na ɔsom Yehowa. Ɔde nokwaredi asom sɛ asafo mu panyin fi bere a wɔhyɛɛ ase paw asafo mu mpanyimfo afe 1972 no.

ME MMOFRAASE

Ná me maame pɛ nyamesom pa ara. Kwasida biara, na ɔde yɛn kɔ Baptist asɔre. Bere a edi kan a metee Baasakoro ho asɛm no, na madi mfe 12. Ná mepɛ sɛ mete ase, enti mibisaa me maame sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Yesu ayɛ Ɔba na bere koro no ara wasan ayɛ Agya?” Mekae sɛ, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Me ba, ɛyɛ ahintasɛm. Yɛrentumi nte ase.” Ná ɛyɛ ahintasɛm ma me ampa. Wei nyinaa akyi no, bere a midii bɛyɛ mfe 14 no, wɔbɔɔ me asu wɔ asuten bi mu wɔ yɛn kurom hɔ. Baasakoro nti, wɔde me nuu nsu no mu mprɛnsa!

1952 Bere a midii mfe 17; ansa na wɔde me rekɔ sraadi

Mewɔ ntoaso sukuu no, na m’adamfo bi de akuturukubɔ ayɛ n’adwuma, na opiapiaa me sɛ mensɔ nhwɛ. Enti mifii ase suaa sɛnea wɔbɔ akuturuku, na mekɔdɔm akuturukubɔfo kuw bi a wɔfrɛ no Golden Gloves. Ná menyɛ ade saa, enti mekoo kakra na migyaee. Akyiri yi, wɔde me kɔkaa U.S. Asraafo ho, na wɔde me kɔɔ Germany. Bere a mewɔ hɔ no, me mpanyimfo no de me kɔɔ asraafo sukuu; na ɛyɛ wɔn sɛ metumi adi dɔm anim. Ná wɔpɛ sɛ mede sraadi yɛ m’adwuma. Nanso na enni me mu sɛ mɛyɛ sraani, enti mesom mfe mmienu wiei no, wogyaa me kwan ma mekɔɔ fie afe 1956. Nanso ankyɛ koraa na medɔm asraafo kuw foforo.

1954-1956 Me ne U.S. Asraafo yɛɛ adwuma mfe mmienu

ASETENA FOFORO

Ebesi saa bere no, na masua anuɔdensɛm. Misuasuaa nneɛma a na mehwɛ wɔ sini mu ne nea nnipa a wɔatwa me ho ahyia yɛ. Enti ɛyɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ midi mmarimasɛm. Ná ɛyɛ me sɛ wɔn a wɔka Onyankopɔn asɛm no nyɛ wɔn ade sɛ mmarima. Nanso mifii ase suaa nneɛma bi a ɛsesaa m’asetena. Da bi a na mede me kar kɔkɔɔ fɛfɛɛfɛ nam kurom no, mmabaa mmienu bi gyinaa me. Ná minim wɔn; na wɔn nuabarima aware me nuabea panyin. Ná mmabaa mmienu no yɛ Yehowa Adansefo. Ná wɔama me Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma pɛn, nanso na ɛyɛ me sɛ Ɔwɛn-Aban no mu yɛ den dodo. Saa bere yi de, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Asafo Nhoma Adesua. Ɛyɛ nhyiam ketewa bi a na wɔyɛ wɔ wɔn fie de sua Bible. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ medwen ho. Mmabaa no serewee, na wobisaa me sɛ: “Worehyɛ bɔ anaa?” Mekaa sɛ, “Aane, merehyɛ bɔ.”

Minuu me ho sɛ mehyɛɛ saa bɔ no, nanso na mete nka sɛ ɛsɛ sɛ midi nea maka no so. Enti saa anwummere no mekɔe. Mmofra no pa ara na wɔmaa m’ani gyei. Sɛnea na wonim Bible mu no yɛɛ me nwonwa pa ara! Kwasida bebrebe a me ne me maame de kɔɔ asɔre nyinaa akyi no, na minnim Bible mu ahe biara. Afei de, na mayɛ m’adwene sɛ mesua pii. Enti mepenee so sɛ wɔne me nsua Bible. Ankyɛ na mihui sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no din de Yehowa. Mfe bi a atwam a mibisaa me maame Yehowa Adansefo ho asɛm no, nea ɔkae ara ne sɛ, “O saa nkurɔfo no, wɔsom akwakoraa bi a wɔfrɛ no Yehowa.” Nanso afei de, mihui sɛ, merehu nneɛma ani so yiye!

Minyaa nkɔso ntɛmntɛm, efisɛ mihui sɛ mahu nokware no. Bere a mekɔɔ saa adesua a edi kan no, abosome nkron akyi na mebɔɔ asu. Ná ɛyɛ March 1957. Me suban sesae. Sɛ mehwɛ mmarimasɛm a na midi a, ɛyɛ me dɛ sɛ Bible ama mahu nea ɛkyerɛ sɛ obi yɛ barima ankasa. Ná Yesu yɛ ɔbarima a ɔyɛ pɛ. Ná ne ho yɛ den koraa sen onipa biara a odi ‘mmarimasɛm.’ Nanso, ɔne obiara anko ntɔkwaw, na mmom sɛnea Bible ka too hɔ no, “ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani.” (Yes. 53:2, 7) Mihui sɛ, sɛ obi yɛ Yesu kyidini mapa a, “ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa.”—2 Tim. 2:24.

Afe a edi hɔ, afe 1958 no, mifii akwampae adwuma ase. Nanso bere tiaa bi akyi no, migyaee kakra. Adɛn ntia? Ná mepɛ sɛ meware Gloria. Mmabaa mmienu a wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ nhoma adesua no, Gloria yɛ wɔn mu baako! Minnuu me ho da sɛ mewaree no. Saa bere no, na Gloria som bo te sɛ aboɔden bo, na nnɛ nso ɔsom bo saa ara. Me fam de, ɔsom bo kyɛn dɛnkyɛmmo a ne bo yɛ den pa ara. Ɛyɛ me dɛ pa ara sɛ mewaree no! Ma ɔno ara nka ne ho asɛm nkyerɛ wo:

“Me ne me nuanom nyinaa, yɛyɛ 17. Ná me maame yɛ Ɔdansefo a ɔmfa ne som nni agorɔ. Owui no, na madi mfe 14. Saa bere no na me papa fii ase suaa Bible. Esiane sɛ na Maame nni hɔ nti, Paapa ne ɔpanyin a ɔhwɛ yɛn sukuu so yɛɛ nhyehyɛe bi. Ná aka kakra ama me nuabea panyin awie ntoaso sukuu, na Paapa srɛɛ ɔpanyin no sɛ, da a mɛkɔ sukuu no me nuabea no bɛhwɛ fie, na da a ɔno nso bɛkɔ sukuu no, na me nso mahwɛ fie. Ná wei bɛboa ama yɛn mu baako atena fie ahwɛ yɛn nuanom nkumaa no na wayɛ anwummeduan ama abusua no ansa na Paapa afi adwuma aba fie. Ɔpanyin a ɔhwɛ sukuu no so penee saa nhyehyɛe no so, na yɛyɛɛ saa kosii sɛ me nuabea no wiee sukuu. Mmusua mmienu a wɔyɛ Adansefo ne yɛn suaa Bible, na mmofra a yɛwɔ abusua no mu 11 bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Ɛwom sɛ na mefɛre ade de, nanso na m’ani gye asɛnka ho. Fɛre no ho no, me kunu Sam aboa me mfe pii.”

Mewaree Gloria February 1959. Yɛbɔɔ mu yɛɛ akwampae adwuma ma yɛn ani gyei. Ná ɛda yɛn koma so sɛ yɛbɛkɔ akɔsom wɔ yɛn adwumayɛbea ti, enti July 1959 no, yebisaa kwan sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔsom wɔ Betel. Onua dɔfo Simon Kraker na obisabisaa yɛn nsɛm. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Betel nhia awarefo saa bere no. Ná ɛda so ara da yɛn koma so sɛ yɛbɛsom wɔ Betel, nanso ɛkyɛe pa ara ansa na wɔrefrɛ yɛn!

Yɛkyerɛw yɛn adwumayɛbea ti no sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ baabi baako pɛ na yebetumi akɔ: Pine Bluff, Arkansas. Saa bere no, na asafo mmienu na ɛwɔ Pine Bluff; baako yɛ aborɔfo de, ɛnna baako yɛ abibifo de. Wɔde yɛn kɔɔ abibifo asafo no mu; ná wɔwɔ adawurubɔfo bɛyɛ 14 pɛ.

YEGYINAA NNIPA MU MPAAPAEMU NE NYIYIM ANO

Ebia ɛyɛ wo nwonwa sɛ na mpaapaemu a ɛte saa rekɔ so wɔ Yehowa Adansefo asafo no mu. Asɛm no ara ne sɛ, saa bere no, na yɛrentumi nyɛ ho hwee. Ná wɔahyɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ abibifo ne aborɔfo bom hyia, na sɛ wɔbom hyia a na nkurɔfo betumi abɛyɛ wɔn basabasa. Mmeae pii wɔ hɔ a, sɛ anuanom abibifo ne aborɔfo suro sɛ wɔbɛbom ahyiam a na edi sa, efisɛ wɔyɛ saa a na nkurɔfo betumi asɛe wɔn Ahenni Asa. Nsɛm a ɛte saa sisii ankasa. Sɛ Adansefo a wɔyɛ abibifo kɔyɛ afie afie asɛnka wɔ baabi a aborɔfo te a, na wɔbɛkyere wɔn na ebia wɔbɛhwe wɔn. Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛayɛ asɛnka adwuma no, yedii mmara no so, na na yɛhwɛ kwan sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye.

Yehyiaa nsɛnnennen wɔ asɛnka mu. Ɛtɔ da na yɛreka asɛmpa no wɔ baabi a abibifo te a, yetumi fom kɔbɔ aborɔfo pon mu. Ɛba saa a, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nea yɛbɛyɛ ntɛm ara: Sɛ́ yɛbɛka Bible mu asɛm tiawa bi akyerɛ ofiewura no, anaa yɛbɛpa no kyɛw sɛ yɛafom kwan na yɛafi hɔ. Saa bere no, saa na na ɛte wɔ mmeae bi.

Bere a yɛreyɛ akwampae adwuma no, na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma hwɛ yɛn ho. Adwuma a na yɛyɛ no, emu dodow no ara da biara na wotua yɛn ka dɔla mmiɛnsa. Ná Gloria yɛ fie nnwuma kakra ma nkurɔfo. Ofie baako mu de, na wɔma me kwan ma mekɔboa no, sɛnea ɛbɛyɛ a obewie ntɛm. Ná wɔma yɛn awia aduan, na na me ne Gloria di ansa na yɛafi hɔ. Nnawɔtwe biara na Gloria kɔtow abusua bi nneɛma. Ná medɔw ofie no abɔnten, hohoro mpomma, na na meyɛ nnwuma foforo nso. Aborɔfo bi fie nso, na yɛhohoro mpomma; bere a migyina abɔnten rehohoro no, na Gloria nso wɔ fie no mu rehohoro. Ná yɛyɛ no da mũ nyinaa, enti na wɔma yɛn aduan di awia. Ná Gloria didi wɔ fie no mu, nanso na ɔne abusua no mmom nnidi. Me de, na mididi abɔnten wɔ ɔdan a wɔde kar sisi mu no mu. Ná ɛnhaw me. Ná aduan no yɛ dɛ pa ara. Abusua no de, na wɔpɛ nnipa; mmara a ɛwɔ hɔ no na na ama wɔreyɛ saa. Mekae sɛ bere bi, yɛkɔɔ baabi sɛ yɛrekobu pɛtro agu yɛn kar mu. Yewiei no, mibisaa nea ɔhwɛ hɔ no sɛ Gloria betumi akɔ adwonsɔe hɔ akɔyɛ ne ho yiye anaa. Ɔpɔkyeree n’ani hwɛɛ me, na ɔkaa sɛ, “Yɛato mu.”

ADƆE A YƐN WERƐ REMFI DA

Nanso, na yɛne anuanom bɔ ma yɛn ani gye, na na yɛn ani gye pa ara wɔ asɛnka mu! Bere a yɛkɔɔ Pine Bluff foforo no, yɛkɔtenaa onua a na ɔyɛ asafo somfo saa bere no fie. Ná ne yere nyɛ Yehowa somfo, enti Gloria fii ase ne no suaa Bible. Me nso me ne awarefo no babea ne ne kunu fii ase suaa Bible. Onua no yere ne ne babea no sii gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa, na wɔbɔɔ asu.

Ná yɛwɔ nnamfo pa wɔ aborɔfo asafo no mu. Ná wɔto nsa frɛ yɛn ma yɛne wɔn kodidi wɔ wɔn fie, nanso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa bere a esum aduru. Saa bere no, na ahyehyɛde bi a ɛde nnipa mu nyiyim ne basabasayɛ ba a wɔfrɛ no Ku Klux Klan (KKK) aka wɔn ho pa ara. Mekae sɛ anwummere bi a na wɔredi Halloween afahyɛ no, mihuu ɔbarima bi a ɔte abrannaa a ɛwɔ ne fie anim so a n’ani agye sɛ ɔhyɛ KKK atade. Nanso, weinom nyinaa akyi no, anuanom kɔɔ so yɛɛ yɛn adɔe. Bere bi, na yehia sika de atu kwan akɔ ɔmantam nhyiam. Onua bi kaa sɛ ɔbɛtɔ yɛn Ford kar a wɔyɛɛ no afe 1950 no sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ nhyiam no. Bosome baako akyi, da bi a yɛyɛɛ afie afie asɛnka ne Bible adesua pii no, na yɛabrɛ efisɛ na owia no ano yɛ den. Afei yɛbaa fie behuu biribi ma ɛyɛɛ yɛn nwonwa. Yɛnkɔhwɛ a, yɛn kar no na esi yɛn fie anim yi! Ná krataa bi fam anim ahwehwɛ no so, na na wɔakyerɛw so sɛ: “Masan de mo kar no abrɛ mo, mede akyɛ mo. Ɛyɛ mo nua.”

Bere foforo nso, obi yɛɛ yɛn adɔe bi a me werɛ remfi da. Afe 1962 no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Ahenni Som Sukuu wɔ South Lansing, New York. Ná wɔde bosome baako bɛtete anuanom a wɔhwɛ asafo ahorow, amansin, ne amantam so. Nanso, bere a wɔtoo nsa frɛɛ me no, na minni adwuma, na na yɛn sikasɛm nkɔ yiye. Saa bere no, na adwumakuw bi a ɛyɛ tɛlɛfon ho adwuma wɔ Pine Bluff pɛ sɛ wɔfa me wɔ wɔn adwuma mu, enti na wɔafrɛ me abisabisa me nsɛm. Sɛ wɔfa me a, na me na mɛyɛ obibini a obedi kan ayɛ adwuma wɔ hɔ. Nea ɛkɔbae ne sɛ, wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔbɛfa me. Afei, na mɛyɛ dɛn? Ná minni sika a mede betu kwan akɔ New York. Ná meredwen ho pa ara sɛ mɛkɔ akɔyɛ adwuma no, na magyae sukuu no kɔ. Bere a meyɛe sɛ merekyerɛw krataa de akyerɛ sɛ merenkɔ sukuu no, biribi sii a me werɛ remfi da.

Onuawa bi a ɔwɔ yɛn asafo mu a ne kunu nyɛ Ɔdansefo bɛbɔɔ yɛn pon mu anɔpatutuutu bi, na ɔde nhoma kotoku (envelope) bi maa me. Ná sika ayɛ no mã. Ná ɔne ne mma nkumaa no bi sɔre anɔpatutuutu kotutu asaawa afuw mu nwura. Ná wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika ama mede akɔ New York. Onuawa no ka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ sukuu kosua nneɛma pii, na wosan ba a, woabɛkyerɛkyerɛ yɛn!” Akyiri yi, meka kyerɛɛ tɛlɛfon adwumakuw no sɛ merentumi mfi adwuma no ase sɛnea na wɔne me adi kan aka no. Enti mibisaa wɔn sɛ metumi afi ase nnawɔtwe nnum akyi anaa. Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Dabida!” Nanso na ɛrensɛe hwee. Ná masi gyinae dedaw. Ɛyɛ me dɛ pa ara sɛ mankɔyɛ saa adwuma no!

Gloria bɛka nea ɔkae bere a na yɛwɔ Pine Bluff no ho asɛm kakra: “M’ani gyei wɔ asasesin no mu pa ara! Ná mewɔ Bible asuafo 15 kosi 20. Enti na yɛyɛ afie afie asɛnka anɔpa, na yɛde bere a aka no ayɛ Bible adesua ahorow. Ɛtɔ da a na yɛpɔn asɛnka anadwo 11. Ná asɛnka yɛ dɛ papa! Anka m’ani begye pa ara sɛ mɛtoa saa adwuma no so. Sɛ mɛka pa ara a, na mempɛ sɛ migyae saa adwuma no kɔyɛ ɔmansin adwuma no, nanso na Yehowa wɔ adwuma foforo ma yɛn.” Ampa, ɔmaa yɛn adwuma foforo.

AKWANTU ADWUMA

Bere a yegu so reyɛ akwampae adwuma wɔ Pine Bluff no, yebisaa kwan sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ akwampaefo titiriw. Ná yɛhwɛ kwan pa ara sɛ wɔbɛfrɛ yɛn. Nea enti ne sɛ, na yɛn mantam sohwɛfo pɛ sɛ yɛkɔboa asafo bi a ɛwɔ Texas, na na ɔpɛ sɛ yɛkɔsom wɔ hɔ sɛ akwampaefo titiriw. Ná ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛbɛsakra yɛn som adwuma no mu. Enti yɛtwɛnee araa, nanso mmuae a na yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka afi Asafo ti hɔ no, amma da. Bere biara a yɛbɛkɔ akɔhwɛ adaka a wɔde yɛn nkrataa gu mu no, na biribiara nnim. Awiei koraa no, da koro, yɛn nsa kaa krataa bi. Wɔkae sɛ yɛnkɔyɛ akwantu adwuma! Ná ɛyɛ January 1965. Saa bere no ara na wɔpaw Onua Leon Weaver sɛ ɔmansin sohwɛfo. Seesei de, ɔsom sɛ United States Baa Boayikuw no nsɛm ho dwumadifo.

Ɔmansin sohwɛfo a na merebɛyɛ no maa ehu kaa me. Aka bɛyɛ afe baako ma wɔapaw me ɔmansin sohwɛfo no, James A. Thompson, Jr. a na ɔyɛ ɔmantam sohwɛfo no ne me bɔɔ nkɔmmɔ hwɛe sɛ mefata anaa. Oyii ne yam kyerɛɛ me adwuma no afã ahorow bi a metumi ayɛ no yiye, na ɔkyerɛɛ me nea obi yɛ a ɛbɛma wayɛ ɔmansin sohwɛfo a ɔbɔ mmɔden. Manyɛ ɔmansin adwuma no ankyɛ koraa na mihui sɛ afotu a ɔde maa me no bɛboa me papaapa. Mebɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo no, ɔmantam sohwɛfo a midii kan ne no somee ne Onua Thompson. Ná ɔyɛ onua nokwafo, na misuaa nneɛma pii fii ne hɔ.

M’ani sɔ mmoa a minya fii anuanom anokwafo a wosuro Yehowa hɔ no

Saa bere no, na amansin so ahwɛfo nnya ntetee pii. Me ne ɔmansin sohwɛfo bi kɔsraa asafo bi nnawɔtwe baako, na mede m’ani too fam hwɛɛ no. Nnawɔtwe a edi hɔ no, bere a me nso mekɔsom asafo foforo no, ɔno nso hwɛɛ nea meyɛe. Ɔmaa me nyansahyɛ ne akwankyerɛ. Nanso ɛno akyi no, wɔmaa yɛn nko ara toaa so. Mekae sɛ meka kyerɛɛ Gloria sɛ, “Enti ɔne yɛn awie ara ne no?” Nanso akyiri yi, mehyɛɛ biribi titiriw bi nsow. Ɛne sɛ, sɛ woma kwan a, wubenya anuanom a wobeyi wɔn yam aboa wo bere biara. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, mmoa a minya fii anuanom a wɔwɔ osuahu hɔ no, m’ani sɔ. Wɔn mu bi ne J. R. Brown a na ɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo, ne Fred Rusk a na ɔsom wɔ Betel.

Saa bere no, na nnipa mu nyiyim wɔ hɔ pa ara. Bere bi, yɛkɔɔ kurow bi mu wɔ Tennessee, na na KKK kuw no mufo ate asi kurom. Mekae sɛ bere bi a yɛnam asɛnka mu no, yɛn asɛnka kuw no faa adidibea bi kɔpɛɛ biribi dii. Afei mesɔree sɛ merekɔ mmarima adwensɔe, na mihui sɛ oburoni barima bi a wohwɛ a ɔbɛyɛ nipa bɔne asɔre di m’akyi. Ná wɔadrɔdrɔ ne ho te sɛ aborɔfo a wɔn adwene ne sɛ wɔyɛ nnipa sen nnipa a aka no. Nanso, onua bi a ɔyɛ buroni sɔre dii yɛn akyi. Ná ɔsõ bae trɛw araa ma, na me ne oburoni barima a wɔadrɔdrɔ ne ho no mu biara nto no. Onua no bisaa me sɛ: “Onua Herd, biribiara rekɔ yiye anaa?” Ɛhɔ ara na ɔbarima no pue kɔe a wanyɛ biribiara. Mfe pii ni, mahu sɛ ɛnyɛ obi kɔla kɛkɛ na ɛma ɔyɛ nnipa mu nyiyim, na mmom efi bɔne a ɛwɔ yɛn ho; Adam bɔne a ɔde awo yɛn nyinaa no. Mahu nso sɛ, sɛ obi yɛ buroni oo, bibini oo, sɛ ɔyɛ onua a, ɔyɛ onua, na sɛ ehia sɛ owu ma wo mpo a, obewu ama wo.

AWIE ME YIYE

Yɛde mfe 33 na ɛyɛɛ akwantu adwuma no; emu 21 a etwa to no, yɛde yɛɛ ɔmantam adwuma. Yenyaa nhyira pii ne osuahu a ɛhyɛ nkuran saa bere no. Nanso na nhyira foforo nam kwan so. August 1997 no, ade a na yɛahwɛ kwan mfe pii no, yɛn nsa kae. United States Betel frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ adwuma wɔ hɔ. Bere a yɛhyehyɛɛ akwammisa krataa a edi kan no, na bɛyɛ mfe 38 atwam. Bosome a edi hɔ no, yɛhyɛɛ Betel adwuma ase. Ná m’adwene yɛ me sɛ, anuanom a wodi nneɛma anim wɔ Betel no pɛ sɛ mebɛboa bere tiaa bi, nanso amma saa.

Mewaree Gloria no, na ɔsom bo te sɛ aboɔden bo, na nnɛ nso ɔsom bo saa ara

Wɔma midii kan kɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea. Misuaa nneɛma pii wɔ hɔ. Mpanyimfo akuw ne amansin so ahwɛfo a wɔwɔ ɔman no mu de nsɛmmisa a ɛho asɛm ka yɛ ka na ne nea ɛyɛ den kɔma anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no ma wodi ho dwuma. Sɛnea anuanom a wɔwɔ hɔ no tɔɔ wɔn bo ase boaa me ma mihuu adwuma no ani so no, m’ani sɔe pa ara. Nanso, ɛyɛ me sɛ, sɛ wɔsan ma mekɔyɛ adwuma wɔ hɔ a, mɛyɛ sɛ onipa foforo koraa.

Me ne Gloria ani gye sɛ yɛwɔ Betel. Dedaadaw nyinaa yɛsɔre ntɛm, na wei boa yɛn wɔ Betel. Bɛyɛ afe baako akyi no, mifii ase som sɛ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no Ɔsom Boayikuw no boafo. Afei afe 1999 no, wɔma mekɔkaa Akwankyerɛ Kuw no ho. Saa adwuma yi ama masua nneɛma pii. Ade titiriw a masua ne sɛ, Yesu Kristo ne Kristofo asafo no ti, na ɛnyɛ onipa biara.

Efi afe 1999 no, manya hokwan asom sɛ Akwankyerɛ Kuw no muni

Sɛ mehwɛ m’akyi a, ɛtɔ da a mete nka te sɛ odiyifo Amos. Ná ɔyɛ oguanhwɛfo mmɔborɔni a ofitifiti sikamɔɔ nnuaba ho. Saa adwuma a nidi nnim no, na wɔyɛ no afe afe, na na wobu sikamɔɔ aduaba sɛ ahiafo aduan. Nanso, na Yehowa ani wɔ Amos so. Onyankopɔn paw no sɛ odiyifo, na na ɛyɛ adwuma a nhyira wom. (Amos 7:14, 15) Me nso, okuafo hiani ba te sɛ me a na mete Liberty, Indiana no, Yehowa huu me, na ohwiee nhyira pii guu me so. Nhyira a manya de, mise mereka a, adagyew bɛbɔ me! (Mmeb. 10:22) Migye tom sɛ ahyɛase no, na ɛyɛ den, nanso awie me yiye wɔ Onyankopɔn som mu. Manna anso dae da sɛ ebewie me sei!