Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hu Wo Tamfo

Hu Wo Tamfo

‘Yenim Satan akwan.’—2 KOR. 2:11.

NNWOM: 150, 32

1. Dɛn na Yehowa ma yehu faa yɛn tamfo no ho wɔ Eden?

NÁ Adam nim pa ara sɛ ɔwɔ ntumi nkasa. Enti ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ honhom abɔde bi na ɔnam ɔwɔ no so kasa kyerɛɛ Hawa. (Gen. 3:1-6) Ɛkame ayɛ sɛ na Adam ne Hawa nnim saa honhom abɔde no ho hwee. Ɛwom saa de, nanso Adam sii gyinae danee n’akyi kyerɛɛ ne soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no, na ɔde ne ho kɔbɔɔ obi a onnim no ma wɔsɔre tiaa Onyankopɔn. (1 Tim. 2:14) Amonom hɔ ara na Yehowa fii ase ma yehuu ɔtamfo a na wama Adam ne Hawa ayɛ bɔne no ho nsɛm, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ awiei koraa no, wɔbɛsɛe ɔbɔnefo no. Yehowa bɔɔ kɔkɔ nso sɛ, enkosi sɛ wɔbɛsɛe ɔbɔfo a ɔnam ɔwɔ so kasae no, na saa ɔbɔfo no de ne tumi bɛsɔre atia wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn.—Gen. 3:15.

2, 3. Ɛbɛyɛ sɛ adɛn nti na Yehowa anka Satan ho nsɛm pii ansa na Mesia no reba?

2 Yehowa nyansa nti, ɔmmɔɔ ɔbɔfo a ɔtew ne so atua no din ankasa nkyerɛɛ yɛn da. * Bere a Satan tew atua no, bɛyɛ mfe 2,500 akyi ansa na Onyankopɔn rema yɛahu edin a saa ɔtamfo no suban nti wɔde too no no. (Hiob 1:6) Nokwasɛm ne sɛ, nhoma mmiɛnsa pɛ na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛbɔ edin Satan a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo” no. Ɛno ne 1 Beresosɛm, Hiob, ne Sakaria. Adɛn nti na wɔanka yɛn tamfo no ho nsɛm pii ansa na Mesia no reba?

3 Ɛbɛyɛ sɛ, nea enti a Yehowa anka Satan ne ne nnwuma ho nsɛm pii wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ne sɛ, na ɔmpɛ sɛ Satan gye din a ɛnsɛ no. Nea enti pa ara a Yehowa ma wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no ne sɛ ɛbɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ama wɔahu Mesia no na wɔadi n’akyi. (Luka 24:44; Gal. 3:24) Bere a Mesia no bae maa nkurɔfo huu no na wodii n’akyi no, Yehowa nam Mesia no ne n’asuafo so ma yehuu Satan ne abɔfo a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ no no ho nsɛm pii. * Wɔn ho nsɛm a yenim nnɛ no, emu fã kɛse no ara Mesia no ne n’asuafo na wɔma yehui. Wei fata, efisɛ Yesu ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔne no bedi ade no na Yehowa bɛma wɔapɛtɛw Satan ne n’akyidifo no.—Rom. 16:20; Adi. 17:14; 20:10.

4. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro Ɔbonsam?

4 Ɔsomafo Petro ka Satan Ɔbonsam ho asɛm sɛ “gyata a ɔbobom,” na Yohane nso frɛ no “ɔwɔ” ne “ɔtweaseɛ.” (1 Pet. 5:8; Adi. 12:9) Nanso, ɛho nhia sɛ yesuro Ɔbonsam, efisɛ ne tumi wɔ baabi a ekodu. (Kenkan Yakobo 4:7.) Yehowa, Yesu, ne abɔfo anokwafo no taa yɛn akyi. Wɔbɛboa yɛn ama yɛatumi ako atia yɛn tamfo no. Nanso, ehia sɛ yenya nsɛmmisa titiriw mmiɛnsa yi ho mmuae: Tumi bɛn na Satan wɔ? Ɔkwan bɛn na ɔfa so daadaa nkurɔfo? Dɛn na ɔrentumi mfa ne tumi nyɛ? Bere a yɛresusuw nsɛmmisa yi ho no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi mu nso.

TUMI BƐN NA SATAN WƆ?

5, 6. Nsakrae a nnipa hia pa ara no, adɛn nti na nnipa aban ahorow ntumi mfa mma?

5 Abɔfo a wɔkɔkaa Satan ho ma wɔtew atua no dɔɔso ara yiye. Ansa na Nsuyiri no reba no, anyɛ yiye koraa no, Satan daadaa abɔfo no bi ma wɔne nnipa mmabea bɛbɔɔ aguaman. Bible ma yehu saa nokwasɛm yi. Ɛka sɛ ɔtweaseɛ no twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛm mmiɛnsa mu baako bɛkaa ne ho. (Gen. 6:1-4; Yuda 6; Adi. 12:3, 4) Bere a saa abɔfo no twee wɔn ho fii Onyankopɔn abusua ho no, wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ Satan tumi ase. Saa atuatewfo yi nyɛ nkurɔfo a wɔyɛ basabasa kɛkɛ. Satan ahyehyɛ ahenni bi a ɛte sɛ Onyankopɔn Ahenni, nanso ɛyɛ daadaakra; Satan na ɔyɛ so hene. Satan ahyehyɛ adaemone no sɛ aban ahorow wɔ ahonhom atenae, wama wɔn tumi, na wayɛ wɔn wiase atumfoɔ.—Efe. 6:12.

6 Satan nam n’ahyehyɛde a ɛwɔ ahonhom atenae no so redi wiase aban nyinaa so tumi. Yebetumi agye saa asɛm yi adi efisɛ bere a Satan de “asase so ahenni nyinaa” kyerɛɛ Yesu no, Satan kaa sɛ: “Mede tumi yi nyinaa ne ɛho anuonyam bɛma wo, efisɛ wɔde ama me, na obiara a mepɛ no mede ma no.” (Luka 4:5, 6) Satan nkɛntɛnso bɔne yi nyinaa akyi no, nnipa aban ahorow pii yɛ nneɛma pa kakra ma wɔn manfo. Wiase atumfoɔ bi wɔ adwempa. Nanso, nnipa aban anaa otumfoɔ biara a ɔyɛ onipa nni hɔ a obetumi de nsakrae a yehia pa ara no aba.—Dw. 146:3, 4; Adi. 12:12.

7. Sɛn na Satan de aban ahorow, atoro som, ne aguadi di dwuma? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

7 Satan ne adaemone no nam aban ahorow, atoro som, ne aguadi so redaadaa “asase sofo nyinaa.” (Adi. 12:9) Satan nam atoro som so keka atosɛm fa Yehowa ho. Afei nso, ɛte sɛ nea Ɔbonsam ayere ne ho sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma nnipa pii werɛ afi Onyankopɔn din. (Yer. 23:26, 27) Ɛno nti, nnipa bi a wɔwɔ koma pa adwene ne sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso Satan adaadaa wɔn ama wɔresom adaemone. (1 Kor. 10:20; 2 Kor. 11:13-15) Satan nam aguadi so nso bɔ atosɛm ho dawuru. Sɛ nhwɛso no, aguadifo taa bɔ dawuru sɛ, sɛ obi ani begye pa ara wɔ n’asetenam a, gye sɛ ɔpɛ sika ne ahonyade pii. (Mmeb. 18:11) Nkurɔfo a wogye saa atosɛm no di no de wɔn bere nyinaa som “Ahonyade,” na ɛnyɛ Onyankopɔn. (Mat. 6:24) Ebewie ase no, ahonyade ho anigye a wɔanya no betumi amia Onyankopɔn ho dɔ biara a na wɔwɔ no.—Mat. 13:22; 1 Yoh. 2:15, 16.

8, 9. (a) Nneɛma mmienu bɛn na yebetumi asua afi Adam, Hawa, ne abɔfo a wɔtew atua no asɛm no mu? (b) Sɛ yehu tumi a Satan wɔ a, ɛboa yɛn sɛn?

8 Anyɛ yiye koraa no, Adam, Hawa, ne abɔfo a wɔtew atua asɛm no ma yenya asuade mmienu a ɛho hia. Nea edi kan, afã mmienu pɛ na ɛwɔ hɔ, na ɛsɛ sɛ yeyi mu baako. Ɛne sɛ yebedi Yehowa nokware anaa yɛbɛkɔ Satan afã. (Mat. 7:13) Nea ɛto so mmienu, wɔn a wɔkɔ Satan afã no nnya biribi titiriw biara. Adam ne Hawa nyaa hokwan kyerɛɛ nea wosusuw sɛ ɛyɛ papa ne bɔne. Adaemone no nso nyaa tumi kakra wɔ nnipa aban ahorow so. (Gen. 3:22) Nanso, wɔn a wɔkɔ Satan afã no twa aba bɔne bere nyinaa, na wonnya biribi papa biara.—Hiob 21:7-17; Gal. 6:7, 8.

9 Sɛ yehu tumi a Satan wɔ a, ɛboa yɛn sɛn? Ɛma yenya wiase atumfoɔ ho adwene a ɛfata, na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛka asɛmpa no. Yenim sɛ Yehowa pɛ sɛ yebu wiase atumfoɔ no. (1 Pet. 2:17) Yehowa hwɛ kwan sɛ yebedi wiase atumfoɔ no mmara so bere tenten a entia Yehowa gyinapɛn no. (Rom. 13:1-4) Na yenim nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yegyina ɔfã biara wɔ wiase no nsɛm mu; ɛnsɛ sɛ yegyina amanyɔkuw anaa onipa a ɔyɛ ɔkannifo bi akyi na yɛsɔre tia ɔfoforo. (Yoh. 17:15, 16; 18:36) Esiane sɛ yenim sɛ Satan pɛ sɛ ɔkata edin Yehowa so, na afei ɔsɛe Yehowa din nti, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu yɛn Nyankopɔn no ho nokwasɛm. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ Yehowa din da yɛn so na yɛbɔ ne din no. Yenim sɛ Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no so wɔ mfaso koraa sen sɛ yɛbɛma yɛn ani abere sika anaa ahonyade.—Yes. 43:10; 1 Tim. 6:6-10.

ƆKWAN BƐN NA SATAN FA SO DAADAA NKURƆFO?

10-12. (a) Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ Satan de sum abɔfo bi afiri? (b) Dɛn na yebetumi asua afi nea ɛmaa abɔfo pii hwee ase no mu?

10 Ɔkwan a Satan fa so daadaa nkurɔfo no yɛ adwuma pa ara. Ebi ne sɛ, osum wɔn afiri de daadaa wɔn ma wɔyɛ nea ɔpɛ. Afei nso, ɛtɔ da a ohunahuna nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nea ɔpɛ.

11 Yɛnhwɛ sɛnea Satan tumi sum afiri yii abɔfo pii. Ɛbɛyɛ sɛ ɔhwɛɛ wɔn bere tenten ansa na ɔredaadaa wɔn ama wɔaba n’afã. Anyɛ yiye koraa no, afiri no yii abɔfo no bi ma wɔne mmea bobɔɔ aguaman, na wɔwoo mma a wɔsõsõ woware; wɔn mma no hyɛɛ adesamma so. (Gen. 6:1-4) Ebia ɛnyɛ aguaman nko ara na Satan de sɔɔ abɔfo a wɔanni nokware no hwɛe, na mmom ebia ɔhyɛɛ wɔn bɔ nso sɛ ɔbɛma wɔadi adesamma so tumi. Ebia na Satan adwene ne sɛ ɔremma ‘ɔbea no aseni’ a wɔahyɛ ne ho bɔ no mma. (Gen. 3:15) Sɛnea ɛte biara no, Yehowa bɔɔ pɔw bɔne a ɛte saa no nyinaa gui. Ɔde Nsuyiri no bae saa bere no bɛsɛee Satan ne abɔfo atuatewfo no nnwuma.

Satan ayɛ n’adwene sɛ ɔde aguamammɔ, ahantan, ne ahonhonsɛmdi besum yɛn afiri (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

12 Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ yebu ɔbrasɛe anaa ahantan mfiri adewa, efisɛ etumi yɛ adwuma pa ara. Abɔfo a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Satan no, na wɔasom wɔ Onyankopɔn anim mfe pii a yennim ano. Nanso, ɛmfa ho sɛ na abɔfo no te baabi pa no, bebree maa akɔnnɔ bɔne gyee ntini wɔ wɔn mu. Saa ara na ebia yɛasom mfe pii wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu. Nanso, bere a yɛwɔ ahyehyɛde a emu tew yi mu mpo no, akɔnnɔ bɔne betumi agye ntini wɔ yɛn mu. (1 Kor. 10:12) Enti, ɛho hia pa ara sɛ yɛhwehwɛ yɛn komam bere nyinaa, na yeyi ɔbrasɛe ho adwene ne ahantan biara fi yɛn mu!—Gal. 5:26; kenkan Kolosefo 3:5.

13. Afiri foforo bɛn na Satan de yi nkurɔfo, na dɛn na yɛbɛyɛ na anyi yɛn?

13 Afiri foforo a Satan de yi nkurɔfo ne sɛ, ɔma wɔn ani gye ahonhonsɛmdi ho. Ɛnnɛ, Satan nam atoro som ne nnwumakuw a wɔyɛ nneɛma de gyigye nkurɔfo ani so ma nkurɔfo ani gye adaemonesɛm ho. Sini ahorow, kɔmputa so agodie, ne anigyede ahorow ma ahonhonsɛm yɛ sɛ biribi a ɛyɛ anigye ara kɛkɛ. Dɛn na yɛbɛyɛ na saa afiri yi anyi yɛn? Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no bɛkyerɛ yɛn anigyede a ɛfata ne nea ɛmfata nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara tete n’ahonim na ama wasisi gyinae a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. (Heb. 5:14) Nanso, sɛ yetie ɔsomafo Paulo afotu a Yehowa honhom ma ɔkyerɛwee sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛma nyaatwom ba’ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu a, yebesisi gyinae pa. (Rom. 12:9) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Nneɛma a mede gyigye m’ani ma meyɛ sɛ obi a ɔyɛ nyaatwom anaa? Sɛ me Bible asuafo anaa wɔn a mekɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ hu nneɛma a mede gyigye m’ani a, wobenya adwene sɛ mede asɛm a meka no bɔ me bra anaa?’ Sɛ yɛyɛ nea yɛka a, ɛbɛyɛ den sɛ Satan mfiri no beyi yɛn.—1 Yoh. 3:18.

Satan ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛma aban ahorow abara yɛn, ɔbɛma yɛn sukuufo ahyɛ yɛn so, na wama abusuafo asɔre atia yɛn de ahunahuna yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Dɛn na Satan betumi ayɛ de ahunahuna yɛn, na yɛbɛyɛ dɛn agyina ano?

14 Nneɛma a Satan de sum yɛn afiri akyi no, ɔyɛ n’adwene nso sɛ obehunahuna yɛn ama yɛabu Yehowa ahyɛde so. Sɛ nhwɛso no, obetumi apiapia aban ahorow ama wɔabara asɛnka adwuma a yɛyɛ no. Anaa Bible mu nsɛm a yɛde bɔ yɛn bra nti, obetumi ama yɛn mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo adi yɛn ho fɛw. (1 Pet. 4:4) Obetumi nso ama yɛn abusuafo bi a wɔwɔ adwempa asiw yɛn kwan sɛ wɔremma yɛnkɔ asafo nhyiam. (Mat. 10:36) Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ asɛm a ɛte saa betumi asi, efisɛ Satan ne yɛn reko. (Adi. 2:10; 12:17) Afei nso, ɛsɛ sɛ yehu nea enti pa ara a nsɛm a ɛte saa sisi. Satan kyerɛ sɛ, sɛ yɛn ho nkyere yɛn a ɛnna yɛsom Yehowa. Ɔka sɛ, sɛ yɛkɔ ahokyere mu a yɛbɛdan yɛn akyi akyerɛ Onyankopɔn. (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Nea etwa to, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so ma ɔhyɛ yɛn den na ama yɛatumi agyina ɔhaw no ano. Momma yɛnkae sɛ, Yehowa rempa yɛn da.—Heb. 13:5.

DƐN NA SATAN RENTUMI MFA NE TUMI NYƐ?

15. Satan betumi ahyɛ yɛn ama yɛayɛ biribi a yɛmpɛ sɛ yɛyɛ anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

15 Satan rentumi nhyɛ nnipa mma wɔnyɛ biribi a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ. (Yak. 1:14) Nnipa pii yɛ nneɛma bi a wonnim mpo sɛ wɔreyɛ nea Satan pɛ. Nanso sɛ wohu nokware no a, wɔn mu biara si gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa anaasɛ ɔbɛsom Satan. (Aso. 3:17; 17:30) Sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ a, biribiara nni hɔ a Satan betumi ayɛ ama yɛagyae yɛn mũdi mu.—Hiob 2:3; 27:5.

16, 17. (a) Nneɛma foforo bɛn na Satan ne adaemone no ntumi nyɛ? (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae ama apue yɛn ano?

16 Nneɛma foforo bi wɔ hɔ a Satan ne adaemone no ntumi nyɛ. Biribiara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ wobetumi ahu nea ɛwɔ obi adwene anaa ne koma mu. Yehowa ne Yesu nko ara na wobetumi ahu. (1 Sam. 16:7; Mar. 2:8) Na sɛ yɛkasa anaa yɛbɔ mpae ma epue yɛn ano nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yesuro sɛ Ɔbonsam anaa adaemone no bɛte yɛn mpaebɔ na wɔagyina nea wɔbɛte no so ayɛ biribi atia yɛn anaa? Dabi. Adɛn ntia? Sɛ yɛreyɛ nnwuma pa wɔ Yehowa som mu a, Ɔbonsam betumi ahu, nanso yensuro sɛ yɛbɛyɛ saa. Saa ara na ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛbɔ mpae ama apue yɛn ano esiane sɛ Ɔbonsam betumi ate nti. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn asomfo pii a wɔbɔɔ mpae ma epuee wɔn ano bebree ho nsɛm wɔ Bible mu, na asɛm biara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ na wosuro sɛ Ɔbonsam bɛte asɛm a na wɔreka no. (1 Ahe. 8:22, 23; Yoh. 11:41, 42; Aso. 4:23, 24) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma yɛn kasa ne yɛn nneyɛe ne Onyankopɔn apɛde ahyia a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa remma Ɔbonsam kwan mma ɔnyɛ yɛn biribi a ɛbɛhaw yɛn afebɔɔ.—Kenkan Dwom 34:7.

17 Ehia sɛ yehu yɛn tamfo no, nanso ɛnsɛ sɛ yesuro no. Ɛwom sɛ yɛtɔ sin de, nanso Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛadi Satan so nkonim. (1 Yoh. 2:14) Sɛ yesiw Ɔbonsam kwan a, obeguan afi yɛn ho. (Yak. 4:7; 1 Pet. 5:9) Ɛte sɛ nea mmabun pa ara na Satan de n’ani asi wɔn so. Dɛn pa ara na mmabun betumi ayɛ na ama wɔagyina pintinn ne Ɔbonsam adi asi? Yebenya asɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ nky. 2 Anyɛ yiye koraa no, Bible ma yehu sɛ abɔfo bi wɔ din ankasa. (Atem. 13:18; Dan. 8:16; Luka 1:19; Adi. 12:7) Yehowa ato nsoromma biara din. (Dw. 147:4) Enti ntease wom sɛ yebenya adwene sɛ n’abɔfo no nyinaa nso wɔ wɔn ankasa din; nea ɔbɛyɛɛ Satan no nso ka ho.

^ nky. 3 Edin Satan pue mpɛn 18 pɛ wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, nanso Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu de, epue bɛboro mpɛn 30.