Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhe Na Wode W’ani Hwɛ?

Ɛhe Na Wode W’ani Hwɛ?

“Wo na mama m’ani so akyerɛ wo, wo a wote ɔsoro no.”​—DW. 123:1.

NNWOM: 143, 124

1, 2. Sɛ wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ yeyi yɛn ani fi Yehowa so da a, ɛkyerɛ sɛn?

YƐTE “mmere a emu yɛ den” mu, na asetena mu bɛkɔ so ayɛ den pa ara ansa na wiase foforo no aba. Ɛno bɛma asomdwoe amapa asan aba asase so. (2 Tim. 3:1) Enti ɛfata sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛhe na mehwehwɛ mmoa ne akwankyerɛ?’ Ebia ntɛm pa ara yɛbɛka sɛ ɛyɛ “Yehowa” hɔ, na ɛno ne mmuae a eye pa ara.

2 Sɛ wɔka sɛ yɛnhwɛ Yehowa a, ɛkyerɛ sɛn? Sɛ yehyia nsɛnnennen wɔ asetena mu a, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanyi yɛn ani amfi Yehowa so da? Bere tenten bi a atwam no, odwontofo bi kaa sɛ, sɛ yɛkɔ ahohia mu a, ehia sɛ yɛma yɛn ani so kyerɛ Yehowa hwehwɛ mmoa. (Kenkan Dwom 123:1-4.) Ɔkaa sɛ, sɛ yɛhwɛ Yehowa a, na yɛayɛ sɛ akoa bi a ɔhwɛ ne wura. Saa asɛm a odwontofo no kae no kyerɛ sɛn? Akoa hwɛ ne wura sɛ ne wura no bɛma no aduan na wabɔ ne ho ban. Nanso ehia sɛ akoa no hwɛ ne wura a onyi n’ani mfi ne so da sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nea ne wura pɛ na wayɛ ama no. Yɛn nso, ehia sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu da biara da na yehu nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ na yedi n’akwankyerɛ akyi. Sɛ yɛyɛ saa nkutoo a, ɛnna yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛdom yɛn bere a yɛakɔ ahohia mu.—Efe. 5:17.

3. Dɛn na ebetumi ama yɛayi yɛn ani afi Yehowa so?

3 Ɛwom sɛ yenim sɛ ehia sɛ yɛkɔ so hwɛ Yehowa de, nanso ɛtɔ da a, nneɛma betumi atwetwe yɛn adwene. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛtoo Marta a na ɔyɛ Yesu adamfo pa ara no. Ná ‘nnwuma bebree agye Marta adwene.’ (Luka 10:40-42) Sɛ biribi a ɛte saa tumi too ɔnokwafo a ɔte saa bere a na Yesu wɔ ne nkyɛn a, ɛnde ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ biribi a ɛte saa betumi ato yɛn. Ɛnde, yemmisa sɛ, dɛn na ebetumi atwetwe yɛn adwene ama yɛayi yɛn ani afi Yehowa so? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea afoforo nneyɛe betumi atwetwe yɛn adwene. Afei nso, yebehu sɛnea yɛbɛhwɛ Yehowa bere nyinaa a yɛrenyi yɛn ani mfi no so.

HOKWAN BI BƆƆ ƆBARIMA NOKWAFO BI

4. Adɛn nti na ebetumi ayɛ yɛn nwonwa sɛ hokwan a na Mose wɔ sɛ ɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so bɔɔ no?

4 Akyinnye biara nni ho sɛ, Mose kɔɔ so hwɛɛ Yehowa ma ɔmaa no akwankyerɛ. Nokwasɛm ne sɛ, “ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.” (Kenkan Hebrifo 11:24-27.) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, “odiyifo biara nsɔree Israel a ɔte sɛ Mose a Yehowa huu no anim ne anim.” (Deut. 34:10) Ɛmfa ho sɛ na Mose ne Yehowa wɔ abusuabɔ pa no, ne nyinaa akyi no, hokwan a na ɔwɔ sɛ ɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so bɔɔ no. (Num. 20:12) Dɛn na ɛmaa asɛm a ɛte saa too Mose?

5-7. Bere a Israelfo fii Egypt akyi bere tiaa bi no, ɔhaw bɛn na ɛsɔree, na dɛn na Mose yɛe wɔ ho?

5 Bere a Israelfo fii Egypt no, annu abosome mmienu koraa na ɔhaw kɛse bi sɔree; saa bere no, na wonnya nnuu Bepɔw Sinai ho mpo. Ɔman no fii ase nwiinwii efisɛ na nsu nni hɔ. Wofii ase nwiinwii hyɛɛ Mose, na na asɛm no mu yɛ den araa ma Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “Dɛn na menyɛ ɔman yi? Aka kakraa bi na wɔasiw me abo!” (Ex. 17:4) Enti Yehowa tiee Mose, na ɔmaa no akwankyerɛ pɔtee bi. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa ne poma no mmɔ ɔbotan a ɛwɔ Horeb no mu, na nsu befi mu aba. Bible ka sɛ: “Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanyimfo no anim.” Israelfo no nom bi maa wɔn ho tɔɔ wɔn, na ɔhaw no to twae.—Ex. 17:5, 6.

6 Bible san ka kyerɛ yɛn sɛ, Mose ‘frɛɛ hɔ Masa ne Meriba, efisɛ ɛhɔ na Israelfo no ne Mose hamee, na wɔsɔɔ Yehowa hwɛe bisae sɛ: “Yehowa wɔ yɛn mu anaa onni yɛn mu?”’ (Ex. 17:7) Ɛfata sɛ Mose too hɔ din saa, efisɛ Masa kyerɛ “sɔhwɛ,” ɛnna Meriba kyerɛ “ɔham.”

7 Nea esii wɔ Meriba no, Yehowa tee nka sɛn wɔ ho? Yehowa faa no sɛ nea Israelfo no yɛe no, na wɔretew atua atia ɔno ankasa ne tumi, na ɛnyɛ Mose nko ara. (Kenkan Dwom 95:8, 9.) Yehu pefee sɛ nea Israelfo no yɛe no, na enye koraa. Saa bere yi de, Mose yɛɛ n’ade yiye, efisɛ ɔhwɛɛ Yehowa, na afei odii Yehowa akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ.

8. Bere a aka kakra ama Israelfo no awie sare so akwantu a edii mfe 40 no, ɔhaw bɛn na ɛsɔree?

8 Nanso, mfe 40 akyi, bere a na aka kakra ama Israelfo no awie sare so akwantu no, asɛm bi a ɛte saa san sɔree. Dɛn na esii? Israelfo no koduu beae bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ ɛhɔ nso Meriba. Saa beae no bɛn Kades, ná ɛbɛn Bɔhyɛ Asase no hye so. * Ɛha nso, Israelfo no san nwiinwii sɛ wonnya nsu. (Num. 20:1-5) Nanso saa bere yi de, Mose anyɛ n’ade sɛnea ɔyɛɛ kan no.

9. Akwankyerɛ bɛn na Yehowa de maa Mose, na dɛn na ɔyɛe? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

9 Dɛn na Mose yɛe wɔ saa atuatew yi ho? Wei mu nso, ɔhwehwɛɛ akwankyerɛ fii Yehowa hɔ. Nanso saa bere yi de, Yehowa anka ankyerɛ no sɛ ɔmfa ne poma no mmɔ ɔbotan no. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa ne poma, ɔmmoaboa nkurɔfo no ano wɔ ɔbotan no anim, na ɔnkasa nkyerɛ ɔbotan no. (Num. 20:6-8) Nanso, Mose ankasa ankyerɛ ɔbotan no. Mmom, ne bo fuwii araa ma ɔteɛɛm guu nkurɔfo a na wɔahyiam wɔ hɔ no so kaa sɛ: “Muntie, mo atuatewfo! Ɔbotan yi mu na yɛmma nsu mfi mma mo anaa?” Afei ɔde ne poma no bɔɔ ɔbotan no, ɛnyɛ pɛnkoro, na mmom mprenu.—Num. 20:10, 11.

10. Nea Mose yɛe no kaa Yehowa sɛn?

10 Yehowa bo fuw Mose papaapa. (Deut. 1:37; 3:26) Adɛn nti na Yehowa bo fuwii saa? Ɛnyɛ kwa; ɛbɛyɛ sɛ biribi ntia. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ nea ɛmaa Yehowa bo fuw Mose ne sɛ wanni akwankyerɛ foforo a Yehowa de maa no no so.

11. Mose poma a ɔde bɔɔ ɔbotan no mu no, adɛn nti na na ebetumi ama Israelfo no anya adwene sɛ Yehowa anyɛ anwonwade?

11 Ebetumi aba sɛ biribi foforo na ɛmaa Yehowa bo fuwii. Abotan a na ɛwɔ Meriba a edi kan no, na ntokuru nneda mu. Sɛ obi de ade bɔ abotan a ntokuru nneda mu no denneennen sɛ dɛn ara mpo a, obiara nhwɛ kwan sɛ nsu befi mu aba. Nanso, abotan a ɛwɔ Meriba a ɛto so mmienu no de, na ɛyɛ soronko koraa. Emu dodow no ara yɛ akado abotan a ɛyɛ mmerɛw. Esiane sɛ ntokuru deda akado abotan mu nti, mmeae a ɛte saa no, ɛyɛ a nsu taa gyina abotan no mu ma enti nkurɔfo tumi nya nsu wɔ hɔ. Enti bere a Mose de ne poma bɔɔ ɔbotan a ntokuru deda mu no mprenu no, ebetumi aba sɛ na ɔpɛ sɛ Israelfo no nya adwene sɛ nsu a efii mu bae no, ɛno ara na ɛbae, na ɛnyɛ Yehowa na ɔma ɛbae anaa? Bere a Mose ankasa ankyerɛ ɔbotan no, na mmom ɔde ne poma bɔɔ mu no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ nsu no ara na ɛbae, na ɛnyɛ Yehowa na ɔyɛɛ anwonwade no anaa? * Yɛrentumi nkyerɛ ankasa sɛ saa na ɛte.

ATUA A MOSE TEWEE

12. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn bio nti na Yehowa bo fuw Mose ne Aaron?

12 Biribi foforo nso wɔ hɔ a ebetumi aba sɛ ɛno nti na Yehowa bo fuw Mose ne Aaron. Hwɛ nea Mose ka kyerɛɛ ɔman no: “Ɔbotan yi mu na yɛmma nsu mfi mma mo anaa?” Bere a Mose kaa sɛ “yɛmma” no, ebetumi aba sɛ na ɔrekyerɛ sɛ ɔno ne Aaron. Saa asɛm no kyerɛ sɛ, na Mose mmu Yehowa koraa sɛ ɔno pa ara na Ɔyɛɛ anwonwade no. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 106:32, 33 a, ebetumi aba sɛ nea yɛreka yi yɛ nokware. Ɛhɔ ka sɛ: “Wogyigyee no wɔ Meriba nsu ho, na wɔn nti, ewiee Mose bɔne. Wɔhyɛɛ ne honhom ahometew, ma enti ɔkasae basabasa.” * (Num. 27:14) Sɛnea ɛte biara no, nea Mose yɛe no, wamfa anuonyam amma Yehowa. Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: ‘Motew atua wɔ ahyɛde a mede mae no ho.’ (Num. 20:24) Ná ɛyɛ bɔne a emu yɛ duru!

13. Adɛn nti na asotwe a Yehowa de maa Mose no, na ɛteɛ na ɛfata?

13 Esiane sɛ na Mose ne Aaron na wodi Yehowa nkurɔfo anim nti, na Yehowa hwehwɛ pii fi wɔn hɔ. (Luka 12:48) Bere bi a atwam no, Yehowa kaa sɛ ɔremma Israelfo awo ntoatoaso bi nkɔ Kanaan asase so efisɛ wɔtew atua. (Num. 14:26-30, 34) Enti na ɛteɛ, na na ɛfata nso sɛ bere a Mose tew atua no, Yehowa de asotwe koro no ara bi maa no. Sɛnea Yehowa amma saa atuatewfo no ankɔ Bɔhyɛ Asase no so no, saa ara na wamma Mose nso ankɔ bi.

NEA ƐKƆFAA ƆHAW NO BAE

14, 15. Dɛn na ɛmaa Mose tew atua?

14 Dɛn na ɛmaa Mose tew atua a ɛte saa? San hwɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 106:32, 33 no bio. Ɛka sɛ: “Wogyigyee no wɔ Meriba nsu ho, na wɔn nti, ewiee Mose bɔne. Wɔhyɛɛ ne honhom ahometew, ma enti ɔkasae basabasa.” Ɛwom sɛ Yehowa na Israelfo gyigyee no de, nanso Mose mmom na ɔmaa asɛm no yɛɛ no ahometew. Esiane sɛ Mose anhyɛ ne ho so nti, ɔkekaa nsɛm a wannwen nea ebefi mu aba ho.

15 Mose maa afoforo nneyɛe twetwee n’adwene ma oyii n’ani fii Yehowa so. Asɛm a edi kan no mu de, Mose yɛɛ n’ade yiye. (Ex. 7:6) Nanso, ebetumi aba sɛ esiane sɛ na Israelfo no atew atua mfe bebree nti, na Mose abrɛ, na na n’abam abu. Ebetumi aba sɛ Mose de n’adwene sii sɛnea ɔte nka so nti na wanhyɛ Yehowa anuonyam no.

16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen nea Mose yɛe no ho?

16 Mose mpo a ɔyɛ ɔnokwafo no, sɛ nneɛma tumi twetwee n’adwene ma ɔyɛɛ bɔne a, ɛnde ɛnyɛ den koraa sɛ biribi a ɛte saa betumi ato yɛn. Sɛnea na aka kakra ma Mose adu Bɔhyɛ Asase no so no, yɛn nso aka kakra na yɛkɔ wiase foforo a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no mu. (2 Pet. 3:13) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ saa hokwan titiriw yi bɔ no. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu a, ehia sɛ yɛkɔ so hwɛ Yehowa, na yɛhwɛ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde bere nyinaa. (1 Yoh. 2:17) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi mfomso a Mose dii no mu?

MMA AFOFORO NNEYƐE NNTWETWE W’ADWENE

17. Sɛ biribi anaa afoforo gyigye yɛn a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahyɛ yɛn ho so?

17 Sɛ biribi anaa afoforo gyigye wo a, hyɛ wo ho so. Sɛ mpo yehyia ɔhaw koro no ara mpɛn pii a, “mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu, na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.” (Gal. 6:9; 2 Tes. 3:13) Sɛ biribi anaa obi kɔ so gyigye yɛn a, ɛyɛ a yɛhwɛ yɛn kasa yiye na yɛhyɛ yɛn ho so anaa? (Mmeb. 10:19; 17:27; Mat. 5:22) Sɛ afoforo gyigye yɛn a, ehia sɛ ‘yegyaw ma Onyankopɔn abufuw.’ (Kenkan Romafo 12:17-21.) Sɛ yɛkɔ so hwɛ Yehowa a, yɛde obu a ɛfata bɛma no. Enti yebegyaw biribiara ama Onyankopɔn abufuw, na yɛanya abotare atwɛn no ama wayɛ ho biribi wɔ ɔno ara ne bere a ɛsɛ mu. Sɛ yɛanyɛ saa na yɛn ankasa yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ ho biribi a, ɛbɛkyerɛ sɛ yemmu Yehowa.

18. Sɛ wɔde akwankyerɛ ma yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

18 Fa akwankyerɛ a aba foforo yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Akwankyerɛ a aba foforo a Yehowa de ama yɛn no, yɛde yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ anaa? Sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛremma yɛnka sɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade dedaw no, saa ara na yɛbɛyɛ no. Mmom, yɛde akwankyerɛ foforo biara a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma yɛn bɛyɛ adwuma ntɛm. (Heb. 13:17) Bere koro no ara, yɛbɛhwɛ yiye sɛ ‘yɛrenyɛ ade nntra nea wɔakyerɛw.’ (1 Kor. 4:6) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yegu so rehwɛ Yehowa.

Sɛnea Mose yɛɛ n’ade wɔ afoforo mfomso ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 19)

19. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛamma afoforo mfomso ansɛe yɛne Yehowa ntam?

19 Mma afoforo mfomso nnsɛe wo ne Yehowa ntam. Sɛ yɛkɔ so hwɛ Yehowa a, yɛremma nea afoforo yɛ nyɛ yɛn ahometew anaa yɛremma ɛnsɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛ yɛwɔ asɛyɛde bi wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu te sɛ Mose a, wei ho hia pa ara. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ‘kɔ so de osuro ne ahopopo yɛ n’ankasa nkwagye ho adwuma’ de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa nyɛ katee; ɛnyɛ gyinapɛn baako na ogyina so bu yɛn atɛn. (Filip. 2:12) Mmom, sɛ yɛwɔ asɛyɛde pii a, Yehowa hwehwɛ pii fi yɛn hɔ. (Luka 12:48) Nanso, sɛ yɛdɔ Yehowa pa ara a, biribiara rento yɛn hintidua anaa biribiara rentew yɛn mfi ne dɔ ho.—Dw. 119:165; Rom. 8:37-39.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae?

20 Yɛte mmere a emu yɛ den mu. Enti momma yɛnkɔ so nhwɛ Onii a ‘ɔte soro no,’ sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu n’apɛde. Ɛnsɛ sɛ yɛma nea afoforo yɛ sɛe yɛne Yehowa ntam da. Nea ɛtoo Mose no ma yenya asuade bi a ɛho hia pa ara. Sɛ afoforo di mfomso a, sɛ́ anka yɛbɛyɛ ade atra so no, momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛma ‘yɛn aniwa ahwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn kosi sɛ ɔbɛdom yɛn.’—Dw. 123:1, 2.

^ nky. 8 Ɛsono saa Meriba yi, ɛnna ɛsono Meriba a ɛbɛn Refidim no. Meriba a ɛto so mmienu yi, na ɛbɛn Kades, na ɛnyɛ nea na wɔsan frɛ no Masa no. Nanso, wɔfrɛɛ saa mmeae mmienu no nyinaa Meriba, efisɛ wɔhamee wɔ hɔ.—Hwɛ map 7 wɔ nhomawa a wɔato din Fa Sua Onyankopɔn Asɛm mu.

^ nky. 11 Ɔbenfo John A. Beck ka saa kyerɛwtohɔ yi ho asɛm sɛ: “Yudafo atetesɛm bi kyerɛ sɛ, nsɛm a atuatewfo no ka tiaa Mose ni: ‘Mose nim sɛ nsu wɔ saa ɔbotan no mu! Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a ɔde yɛ anwonwade a, ɔmma nsu mfi ɔbotan foforo mu mmra.’” Ɛwom, saa asɛm yi de, ɛyɛ atetesɛm ara kwa.

^ nky. 12 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa October 15, 1987, Ɔwɛn-Aban, Borɔfo de mu.