Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ awarefo nko ara da dan baako mu anadwo mũ nyinaa wɔ tebea a ɛmfata mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔayɛ bɔne a ɛhwehwɛ sɛ mpanyimfo di wɔn asɛm anaa?

Sɛ ɛnyɛ tebea bi a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye na ɛma ɛbaa saa a, wɔbɛpaw asɛnni boayikuw. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, adanse a edi mũ wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔabɔ aguaman.​—1 Kor. 6:18.

Mpanyimfo kuw no bɛtɔ wɔn bo ase asusuw tebea biara ho yiye ahwɛ sɛ ehia sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw anaa. Nea wobesusuw ho no bi ne sɛ: Nnipa mmienu no de wɔn ho ahyɛ nantew a ebetumi akowie aware mu anaa? Sɛnea ɛyɛ a nnipa mmienu no bom yɛ ade no, wɔde ɛho afotu ama wɔn pɛn anaa? Dɛn na ɛmaa wɔn nko ara daa ɔdan baako mu anadwo mũ nyinaa? Wodii kan hyehyɛɛ ho anaa? Ná wobetumi ayɛ tebea no ho biribi, anaa na ɛyɛ tebea bi a wɔyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye nti na wɔdaa dan baako mu anadwo mũ nyinaa? Anaa ebia biribi a na wɔnhwɛ kwan sii, anaasɛ na ɛsɛ sɛ wodi biribi ho dwuma a ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn so koraa. (Ɔsɛnk. 9:11) Wɔdaa faako, anaa ɛsono baabi a obiara dae? Esiane sɛ ɛsono tebea biara nti, ebia nsɛm foforo a ɛho hia wɔ hɔ a mpanyimfo no betumi asusuw ho.

Sɛ mpanyimfo kuw no hwehwɛ nokwasɛm a ɛwom no mu wie a, afei wɔbɛhwɛ sɛ ɛfata sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi wɔn asɛm anaa.