Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Hena Na Ɔwɔ Yehowa Afã?”

“Hena Na Ɔwɔ Yehowa Afã?”

“Yehowa wo Nyankopɔn na suro no. Ɔno na som no, ne ho na fa wo ho fam.”​—DEUT. 10:20.

NNWOM: 28, 32

1, 2. (a) Adɛn nti na nyansa wom sɛ yebegyina Yehowa afã? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

NYANSA wom sɛ yɛbɛfam Yehowa ho. Obiara nni tumi, nyansa, anaa ɔdɔ nsen yɛn Nyankopɔn! Yɛn mu hena na ɔmpɛ sɛ obegyina Yehowa afã? (Dw. 96:4-6) Nanso, bere a tebea bi sɔree a ɛho behiae sɛ Onyankopɔn asomfo bi gyina Yehowa afã no, wɔanyɛ saa.

2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nnipa bi a na wɔkyerɛ sɛ wogyina Yehowa afã, nanso bere koro no ara na wɔreyɛ nneɛma bi a Yehowa kyi. Yebetumi asua nneɛma titiriw bi afi nea wɔyɛe no mu, na aboa yɛn ama yɛakɔ so adi Yehowa nokware.

YEHOWA HWEHWƐ KOMA MU

3. Adɛn nti na Yehowa kasa kyerɛɛ Kain, na asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ no?

3 Yɛnhwɛ Kain. Wansom anyame foforo biara anka Yehowa ho. Nanso, Onyankopɔn ani ansɔ ɔsom a Kain de maa no no. Ná adwemmɔne bi regye ntini wɔ ne komam. (1 Yoh. 3:12) Yehowa ka kyerɛɛ Kain sɛ: “Sɛ wosakra yɛ papa a, w’anim remma nyam anaa? Na sɛ woansakra anyɛ papa a, ɛnde bɔne butuw w’abobow ano, na ɛrehwehwɛ wo; adɛn na wunni no so?” (Gen. 4:6, 7) Nea na Yehowa reka akyerɛ Kain ne sɛ: “Sɛ wosakra w’adwene na woba m’afã a, me nso mɛtaa w’akyi.”

4. Bere a Kain nyaa hokwan sɛ obegyina Yehowa afã no, dɛn na ɔyɛe?

4 Sɛ na Yehowa begye Kain som atom a, na gye sɛ ɔsakra n’adwene. Nanso Kain antie Yehowa afotu. Adwemmɔne ne akɔnnɔ bɔne ma ɔyɛɛ bɔne. (Yak. 1:14, 15) Kain mmabunberem no, ebia amma n’adwenem da sɛ ɔbɛsɔre atia Yehowa. Nanso, bere bi akyi no, ɔyɛɛ biribi a na ɔnna nnwenee ho da. Ɔtew atua tiaa Onyankopɔn, na okum ɔno ara ne nua!

5. Adwene bɛn na ebetumi ama yɛahwere Yehowa anim dom?

5 Sɛnea Kain yɛe no, ɛnnɛ Kristoni bi betumi aka sɛ ɔsom Yehowa, nanso na ɔreyɛ nneɛma a Yehowa kyi. (Yuda 11) Nhwɛso bi ni. Kristoni bi betumi adwinnwen ɔbrasɛe ho, anya pɛsɛmenkominya adwene, anaasɛ watan ne yɔnko Kristoni bi wɔ ne koma mu. (1 Yoh. 2:15-17; 3:15) Saa adwene yi betumi ama wayɛ bɔne. Nanso, bere a ɔreyɛ wei nyinaa no, wobɛhwɛ na wayere ne ho reyɛ asɛnka adwuma no, na asafo nhyiam ahorow nso mpa ne ti so da. Ebia onipa biara renhu nea ɛwɔ yɛn adwenem ne nea yɛreyɛ de, nanso sɛ ɛnyɛ yɛn koma nyinaa na yɛde gyina Yehowa afã a, Yehowa de onim, na ohu ade nyinaa.—Kenkan Yeremia 17:9, 10.

6. Sɛ yegyina Yehowa afã pintinn a, dɛn na ɔyɛ de boa yɛn ma ‘yedi’ akɔnnɔ bɔne so?

6 Sɛ yedi mfomso mpo a, Yehowa mpere ne ho nnyae yɛn akyi di. Sɛ yɛretutu yɛn anammɔn akɔ baabi a ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi Onyankopɔn ho a, Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn.” (Mal. 3:7) Sɛ mmerɛwyɛ bi regyigye yɛn a, Yehowa pɛ sɛ yɛko tia bɔne. (Yes. 55:7) Sɛ yɛyɛ saa a, ɔno nso begyina yɛn akyi. Ɔbɛboa yɛn ama yɛanya ahoɔden a yɛde bɛko ‘adi’ akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ yɛn mu so.—Gen. 4:7.

“MOMMMA WƆNNNAADAA MO”

7. Ɛyɛɛ dɛn na Solomon ne Yehowa ntam sɛee?

7 Yebetumi asua pii afi Ɔhene Solomon asɛm no mu. Solomon mmeranteberem no, ɔhwehwɛɛ akwankyerɛ fii Yehowa hɔ. Onyankopɔn maa Solomon nyansa pii, na ɔde hyɛɛ Solomon nsa sɛ onsi asɔrefie fɛfɛɛfɛ bi wɔ Yerusalem. Nanso, Solomon hweree adamfofa a na ɔne Yehowa wɔ no. (1 Ahe. 3:12; 11:1, 2) Onyankopɔn Mmara kaa no pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ Hebrifo hene ware “mmea bebree na ne koma amman.” (Deut. 17:17) Solomon buu saa mmara no so. Ewiee ase no, ɔwaree yerenom 700, na onyaa ayefam 300. (1 Ahe. 11:3) Ná ne yerenom bebree nyɛ Israelfo, na na wɔsom abosom. Enti, Solomon san nso buu Onyankopɔn mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Israelfo ware ananafo mmea no so.—Deut. 7:3, 4.

8. Dɛn na Solomon yɛe de hyɛɛ Yehowa abufuw?

8 Solomon de nkakrankakra twee ne ho fii nea Yehowa hwehwɛ sɛ ɔyɛ ho. Wei ma ɔkɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Solomon sii afɔremuka bi maa nyamewa Astoret, na anyɛ yiye koraa no, osii afɔremuka baako maa atoro nyame Kemos. Ɔkɔkaa ne yerenom ho ne wɔn som atoro anyame wɔ hɔ. Solomon annya baabiara ankosisi saa afɔremuka no sɛ bepɔw bi a ɛne Yerusalem di nhwɛanim so. Yerusalem na na Solomon asi Yehowa asɔrefie no! (1 Ahe. 11:5-8; 2 Ahe. 23:13) Ebia Solomon daadaa ne ho sɛ, bere tenten a ɔsan nso bɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ de, Yehowa bebu n’ani agu asoɔden a ɔreyɛ no so.

9. Bere a Solomon antie kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de maa no no, dɛn na efii mu bae?

9 Nanso, Yehowa mmu n’ani ngu bɔne so da. Bible ka sɛ: “Yehowa bo fuw Solomon efisɛ ne koma dan fii Yehowa . . . . a oyii ne ho adi kyerɛɛ no mprenu no ho. Ná wabɔ no kɔkɔ wɔ eyi ho sɛ onnkodi anyame foforo akyi, nanso wanni nea Yehowa hyɛɛ no no so.” Ɛno nti, Solomon hweree Onyankopɔn anim dom, na Onyankopɔn annyina n’akyi bio. Solomon asefo anni Israel man mũ no nyinaa so bio, na wɔfaa amanehunu bebree mu mfe pii.—1 Ahe. 11:9-13.

10. Dɛn na ebetumi asɛe abusuabɔ pa a yɛne Yehowa wɔ?

10 Sɛnea ɛtoo Solomon no, ade baako pa ara a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam ne sɛ yɛbɛfa nnamfo a wommu Yehowa gyinapɛn anaa wɔnte ase. Ebinom wɔ asafo no mu, nanso ebia wɔn gyidi nyɛ den. Yɛn abusuafo, nkurɔfo a yɛne wɔn te mpɔtam, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, anaa yɛn mfɛfo sukuufo a wɔnsom Yehowa nso betumi ama yɛne Yehowa ntam asɛe. Sɛnea ɛte biara no, sɛ nnipa a yɛne wɔn bɔ mmu Yehowa gyinapɛn a, bere rekɔ so no, wobetumi ama abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn wɔ asɛe.

Nkurɔfo a wo ne wɔn bɔ no, ɛka wo ne Yehowa abusuabɔ sɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yetwa adamfofa bi mu?

11 Kenkan 1 Korintofo 15:33. Nnipa dodow no ara wɔ suban pa bi, na nkurɔfo pii a wonni asafo no mu nyi wɔn anim nyɛ nneɛma bɔne. Sɛ nnipa bi a wunim wɔn te saa a, wubetumi afa no sɛ wɔbɛyɛ nnamfo pa anaa? Bisa wo ho sɛ, sɛ wo ne wɔn bɔ a, ɛbɛka wo ne Yehowa abusuabɔ sɛn? Wɔbɛboa wo ama wo ne Yehowa abusuabɔ atu mpɔn anaa? Wunim nea ɛwɔ nkurɔfo a wɔte saa no koma mu? Sɛ nhwɛso no, dɛn na wɔtaa bɔ ho nkɔmmɔ? Ɛyɛ ntade ne ahosiesie a aba so, sika, mfiri a aba so, anigyede, anaa honam fam nneɛma foforo? Sɛ wɔrebɔ nkɔmmɔ a, wɔtaa ka afoforo ho nsɛmmɔne, anaa woyi nsɛnkwaa a kasafĩ wom? Ɛfata sɛ Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mat. 12:34) Sɛ wuhu sɛ nkurɔfo a wo ne wɔn bɔ betumi ama abusuabɔ pa a wo ne Yehowa wɔ asɛe a, yɛ ho biribi ntɛm! Tew bere a wo ne wɔn bɔ so, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne wɔn ntwa adamfofa a ɛte saa mu.—Mmeb. 13:20.

YEHOWA MPƐ SƐ ƆNE OBI KYƐ ƆSOM A YƐDE MA NO

12. (a) Bere a Israelfo fii Egypt akyi bere tiaa bi no, asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn pefee? (b) Bere a Onyankopɔn kaa sɛ ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ɔsom a wɔde ma no no, asɛm bɛn na Israelfo no kae?

12 Sɛ yɛhwɛ nea ɛkɔɔ so bere a Yehowa gyee Israelfo fii Egypt no akyi bere tiaa bi no a, yebetumi anya asuade foforo afi mu. Nkurɔfo no hyiaam wɔ Bepɔw Sinai anim. Yehowa yɛɛ anwonwade bi wɔ hɔ de daa ne ho adi. Omununkum nwonwaso bi sii. Yehowa maa anyinam paapaee, aprannaa boboom, na nkurɔfo no huu wusiw, na wɔtee biribi a ɛte sɛ abɛn nnyigyei denneennen. (Ex. 19:16-19) Yehowa nam weinom so daa ne ho adi kyerɛɛ Israelfo no sɛ ɔyɛ ‘Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ɔsom a wɔde ma no.’ Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛtaa wɔn a wɔdɔ no na wodi n’ahyɛde so no akyi. (Kenkan Exodus 20:1-6.) Nea na Yehowa reka akyerɛ ne nkurɔfo ne sɛ, “Sɛ mokɔ so gyina m’afã a, me nso mɛkɔ so ataa mo akyi.” Sɛ wotee asɛm a Yehowa Nyankopɔn ka de hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛtaa wɔn akyi no a, anka wubegye so sɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ, anka wubegye so sɛnea Israelfo no yɛe no. Israelfo no “de nokoro kae sɛ: ‘Nea Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.’” (Ex. 24:3) Nanso, ankyɛ na biribi a na wɔnhwɛ kwan sɔɔ wɔn nokwaredi hwɛe.

13. Dɛn na ɛsɔɔ Israelfo nokwaredi hwɛe?

13 Omununkum tumm, aprannaa, ne nsɛnkyerɛnne foforo a ɛyɛ hu a Onyankopɔn de daa ne ho adi no maa ehu kaa Israelfo no. Enti, wɔsrɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ wɔn kasamafo, na ɔnka wɔn asɛm nyinaa nkyerɛ Yehowa. Mose penee so, na ɔne Yehowa kɔkasae wɔ Bepɔw Sinai so. (Ex. 20:18-21) Bere a Mose kɔɔ bepɔw no so no, ɔkyɛe. Wei maa Israelfo no adwene yɛɛ wɔn sɛ wɔn kannifo a wɔwɔ ne mu ahotoso no agyaw wɔn kwan mu wɔ sare no so anaa? Ɛbɛyɛ sɛ na nkurɔfo no de wɔn werɛ ahyɛ Mose a na wɔde wɔn ani hu no no mu dodo. Afei wɔn ho yeraw wɔn, na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Yɛ onyame ma yɛn na onni yɛn anim, na Mose yi a odii yɛn anim fii Egypt asase so no de, yennim nea ato no.”—Ex. 32:1, 2.

14. Dɛn na Israelfo de daadaa wɔn ho, na dɛn na Yehowa yɛe?

14 Ná nkurɔfo no nim sɛ abosonsom yɛ bɔne kɛse a etia Yehowa. (Ex. 20:3-5) Nanso bere tiaa bi akyi no, wɔn na na wɔresom sika nantwi ba yi! Ɛmfa ho sɛ na Israelfo no reyɛ asoɔden pefee no, wɔdaadaa wɔn ho sɛ wɔda so ara wɔ Yehowa afã. Aaron mpo frɛɛ nantwi ba som no “Yehowa afahyɛ”! Dɛn na Yehowa yɛe? Ɔtee nka sɛ nkurɔfo no ayi no ama. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ nkurɔfo no “asɛe wɔn ho,” na ‘wɔaman afi ɔkwan a Yehowa kyerɛe sɛ wɔmfa so no so.’ Yehowa ‘bo fuwii,’ na ɔbɔɔ ne tirim mpo sɛ ɔbɛtɔre Israel man a na wɔahyehyɛ no foforo no ase.—Ex. 32:5-10.

15, 16. Dɛn na Mose ne Aaron yɛe de kyerɛe sɛ wogyina Yehowa afã pintinn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

15 Yehowa yɛɛ n’adwene sɛ ɔrentɔre Israelfo no ase. Mmom, Yehowa daa mmɔborɔhunu adi, na ɔmaa Israelfo nyaa hokwan a wɔde bɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wogyina n’afã pintinn. (Ex. 32:14) Bere a Mose hui sɛ nkurɔfo no reteɛteɛm reto nnwom gyegyeegye na wɔredi asaw wɔ ohoni no anim no, ɔyam sika nantwi ba honi no muhumuhu. Afei ɔkaa sɛ: “Hena na ɔwɔ Yehowa afã? Ɔmmra mmegyina me nkyɛn!” Ɛnna ‘Lewifo no nyinaa kogyinaa Mose nkyɛn.’—Ex. 32:17-20, 26.

16 Ɛwom sɛ mfiase no, na Aaron ka ho na wɔyɛɛ ohoni no de, nanso onuu ne ho, na ɔkɔkaa Lewifo a na wɔwɔ Yehowa afã no ho. Saa anokwafo no anka kɛkɛ sɛ wɔwɔ Yehowa afã, na mmom wɔtwee wɔn ho fii abɔnefo no ho. Nyansa wom sɛ wɔyɛɛ saa; saa da no, abosonsom nti, nnipa mpempem wuwui. Nanso, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ obehyira wɔn a wɔbaa n’afa no.—Ex. 32:27-29.

17. Sika nantwi ba honi ho asɛm a Paulo kae no, dɛn na yesua fi mu?

17 Ɔsomafo Paulo twee adwene sii sika nantwi ba honi ho asɛm no so, na ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: ‘Nsɛm yi bɛyɛɛ sɛnnahɔ maa yɛn, na yɛanyɛ abosonsomfo sɛnea wɔn mu binom yɛe no. Wɔakyerɛw eyinom de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛe yi awiei ato yɛn no kɔkɔ. Enti nea odwen sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye na wanhwe ase.’ (1 Kor. 10:6, 7, 11, 12) Sɛnea Paulo kae no, Yehowa asomfo anokwafo mpo betumi ayɛ bɔne. Wɔn a sɛ biribi sɔ wɔn hwɛ a wogyaagyaa wɔn ho yɛ bɔne no betumi anya adwene sɛ wɔda so ara wɔ gyinabea pa wɔ Yehowa anim. Nanso, pɛ a obi pɛ sɛ ɔyɛ Yehowa adamfo anaa ka a ɔka sɛ odi Yehowa nokware no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ ankasa sɛ Yehowa gye no tom.—1 Kor. 10:1-5.

18. Dɛn na ebetumi ama yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho, na dɛn na ebefi mu aba?

18 Bere a Mose amfi Sinai bepɔw no so amma ntɛm sɛnea na Israelfo no hwɛ kwan no, wɔn ho yeraw wɔn. Saa ara na Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso, sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ Yehowa atemmu da no ne wiase foforo no rekyɛ a, ebia yɛn ho bɛyeraw yɛn. Yɛn ani so no, ebetumi ayɛ yɛn sɛ saa bɔhyɛ no mmamu wɔ akyirikyiri anaa ɛnyɛ ade a ɛbɛbam ankasa. Sɛ yenya adwene a ɛte saa na yɛanhwɛ yiye a, ebetumi ama yɛde Yehowa apɛde ato nkyɛn na yɛakodi ahonyade akyi. Bere rekɔ so no, ebetumi ama yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho, na awiei koraa no, yɛakɔyɛ nneɛma bi a bere a yɛne Yehowa abusuabɔ yɛ papa no yɛanna annwen ho da.

19. Nokwasɛm titiriw bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da, na adɛn ntia?

19 Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ Yehowa pɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu tie no, na ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ɔsom a yɛde ma no. (Ex. 20:5) Sɛ yɛyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ yɛatwe yɛn ho afi Yehowa som ho a, nea ɛbɛkyerɛ ankasa ne sɛ yɛreyɛ nea Satan pɛ, na ebetumi adi yɛn awu. Enti, Paulo kaa sɛ: “Muntumi nnom Yehowa kuruwa ne adaemone kuruwa ano; muntumi nnidi wɔ ‘Yehowa pon’ so ne adaemone pon so.”—1 Kor. 10:21.

BATA YEHOWA HO!

20. Sɛ yedi mfomso mpo a, ɔkwan bɛn na Yehowa betumi afa so aboa yɛn?

20 Ade titiriw baako na Bible mu nsɛm a ɛfa Kain, Solomon, ne Israelfo a na wɔwɔ Bepɔw Sinai ho no ma yehu. Saa nkurɔfo no nyaa hokwan sɛ ‘wɔbɛsakra wɔn adwene na wɔadan wɔn ho.’ (Aso. 3:19) Yehu pefee sɛ, Yehowa mpere ne ho mpo wɔn a wodi mfomso no. Yehowa de Aaron bɔne kyɛɛ no. Ɛnnɛ, Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ bɔne ho. Ɔnam Bible, yɛn Bible ho nhoma, anaa afotu a yɛn yɔnko Kristoni bi beyi ne yam de ama yɛn so na ɔyɛ saa. Sɛ yetie kɔkɔbɔ no a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behu yɛn mmɔbɔ.

21. Sɛ yehyia biribi a ɛsɔ nokware a yedi ma Yehowa no hwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

21 Yehowa adom wɔ atirimpɔw. (2 Kor. 6:1) Ɛma yenya hokwan po “bɔne ne wiase akɔnnɔ.” (Kenkan Tito 2:11-14.) Bere tenten a yɛte “wiase nhyehyɛe yi mu” no, yebehyia tebea ahorow a ɛbɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ wɔ ɔsom a ɛsɛ sɛ yɛde ma Yehowa nkutoo no ho. Momma yɛnyɛ krado bere nyinaa sɛ yebegyina Yehowa afã pintinn, efisɛ ‘Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ yesuro no. Ɔno na ɛsɛ sɛ yɛsom no, na ne ho na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho fam’!—Deut. 10:20.