Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛyɛ Yehowa Dea

Yɛyɛ Yehowa Dea

“Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa, ɔman a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.”​—DW. 33:12.

NNWOM: 40, 50

1. Adɛn nti na yebetumi aka pa ara sɛ biribiara yɛ Yehowa dea? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

BIRIBIARA yɛ Yehowa dea! “Ɔsoro mu soro ankasa, ne asase ne nea ɛwɔ so nyinaa” yɛ Yehowa dea. (Deut. 10:14; Adi. 4:11) Wei kyerɛ sɛ, Yehowa na ɔbɔɔ nnipa, enti nnipa nyinaa yɛ ne dea. (Dw. 100:3) Nanso, nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no, Onyankopɔn apaw nnipakuw pɔtee bi sɛ ne nkurɔfo wɔ ɔkwan soronko so.

2. Henanom na Bible ka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ Yehowa dea wɔ ɔkwan soronko so?

2 Sɛ nhwɛso no, Dwom 135 ka tete Israelfo a wɔsom Yehowa nokwarem no ho asɛm sɛ wɔyɛ “n’agyapade titiriw.” (Dwom 135:4) Afei nso, Hosea nhoma no ka too hɔ sɛ, nnipa bi a wɔnyɛ Israelfo bɛba abɛyɛ Yehowa nkurɔfo. (Hos. 2:23) Hosea nkɔmhyɛ no baa mu bere a Yehowa paw wɔn a wɔnyɛ Yudafo kaa wɔn a wɔne Kristo bedi ade no ho. (Aso. 10:45; Rom. 9:23-26) Saa “ɔman kronkron” no yɛ Yehowa “agyapade soronko” wɔ ɔkwan titiriw so. Wɔde honhom kronkron asra emufo, na wɔapaw wɔn sɛ wɔnkɔtena soro. (1 Pet. 2:9, 10) Kristofo anokwafo dodow no ara a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nso ɛ? Wɔn nso, Yehowa frɛ wɔn ne “man” ne ‘wɔn a wapaw wɔn.’—Yes. 65:22.

3. (a) Ɛnnɛ, henanom na wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ soronko? (b) Dɛn na yebehu wɔ adesua yi mu?

3 Ɛnnɛ, “nguankuw ketewa” no a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena soro ne “nguan foforo” no a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no na wɔbom yɛ “kuw biako,” na Yehowa bu wɔn pa ara sɛ ne nkurɔfo. (Luka 12:32; Yoh. 10:16) Yɛpɛ sɛ yɛma Yehowa hu sɛ, yɛn ani sɔ sɛ wama yɛne no anya abusuabɔ soronko a ɛte saa. Adesua yi mu no, yebehu nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ Yehowa adi yɛn ni wɔ ɔkwan soronko a ɛte saa so.

YEHYIRA YƐN HO SO MA YEHOWA

4. Dɛn ne ade baako a yɛyɛ de da Yehowa ase sɛ wama yɛne no anya abusuabɔ, na dɛn na Yesu nso yɛe?

4 Yefi yɛn koma nyinaa mu hyira yɛn ho so ma Yehowa de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn. Sɛ yɛbɔ asu a, yɛde to gua ma obiara hu sɛ yɛyɛ Yehowa dea, na yɛpɛ sɛ yetie no. (Heb. 12:9) Yesu yɛɛ biribi a ɛte saa. Bere a ɔbɔɔ asu no, na ɛte sɛ nea ɔreka akyerɛ Yehowa sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn.” (Dw. 40:7, 8) Ɛwom sɛ na Yesu yɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no muni fi bere a wɔwoo no de, nanso ɔde ne ho mae sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde.

5, 6. (a) Bere a Yesu bɔɔ asu no, dɛn na Yehowa yɛe? (b) Ɛwom sɛ biribiara yɛ Yehowa dea de, nanso ma mfatoho fa kyerɛ nea enti a yehyira yɛn ho so ma no a, n’ani sɔ.

5 Bere a Yesu bɔɔ asu no, dɛn na Yehowa yɛe? Bible ka sɛ: “Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara pɛ na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba no so te sɛ aborɔnoma. Afei hwɛ! Nne bi fi soro kaa sɛ: ‘Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.’” (Mat. 3:16, 17) Ɛwom sɛ na Yesu yɛ n’Agya a ɔwɔ soro no dea dedaw de, nanso Yehowa ani gyei bere a ohui sɛ ne Ba no afi ne pɛ mu sɛ ɔbɛyɛ Yehowa nkutoo apɛde no. Saa ara na Yehowa ani gye ho sɛ obegye yɛn ahosohyira atom, na obehyira yɛn de ahyɛ yɛn anuonyam.—Dw. 149:4.

6 Yɛnhwɛ mfatoho yi. Fa no sɛ ɔbarima bi adua nhwiren fɛfɛɛfɛ pii wɔ ne turom. Da koro, ne babea kumaa kɔtew nhwiren no bi brɛɛ no sɛ akyɛde. Yemmisa sɛ, nhwiren no nyɛ ɔbarima no de dedaw anaa? Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na abeawa no atumi de ade a ɛyɛ ne papa dea dedaw ama no sɛ akyɛde? Agya a ɔdɔ ne ba de, nsɛmmisa a ɛte saa remma n’adwenem koraa. Mmom, papa no de anigye begye akyɛde ketewa a ɛte saa a ne ba no de rema no de akyerɛ sɛ ɔdɔ no no. Akyinnye biara nni ho sɛ, n’ani bɛsɔ nhwiren baako a ne babea no de ama no no sɛ ɛsom bo sen nhwiren foforo biara a ɛwɔ ne turo no mu. Saa ara na sɛ yefi yɛn komam hyira yɛn ho so ma Yehowa sɛ yɛbɛsom ɔno nkutoo a, n’ani gye pa ara.—Ex. 34:14.

7. Sɛn na Malaki ma yehu sɛnea Yehowa te nka wɔ wɔn a wofi wɔn pɛ mu som no ho?

7 Kenkan Malaki 3:16. Sɛ wunnya nhyiraa wo ho so mmɔɔ asu a, susuw nea enti a ɛho hia sɛ woyɛ saa no ho. Ɛwom sɛ efi bere a wobaa nkwa mu no, woyɛ Yehowa dea; wo ne nnipa a aka nyinaa. Nanso, wo de, hwɛ sɛnea Yehowa ani begye kɛse sɛ wubegye ne tumidi atom na woahyira wo ho so ama no sɛ wobɛyɛ n’apɛde. (Mmeb. 23:15) Yehowa nim wɔn a wofi wɔn pɛ mu som no, na ɔkyerɛw wɔn din wɔ ne “nkae nhoma” mu.

8, 9. Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ne “nkae nhoma” mu no hɔ?

8 Sɛ Yehowa kyerɛw yɛn din wɔ ne “nkae nhoma” no mu ka ne nkurɔfo ho a, ɛde asɛyɛde ahorow bɛto yɛn so. Malaki kaa no pefee sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yesuro Yehowa na yedwen ne din ho.’ Sɛ yɛsom obi anaa biribi foforo biara a, ɛbɛma wɔayi yɛn din afi Yehowa nkwa nhoma no mu.—Ex. 32:33; Dw. 69:28.

9 Ɛno nti, yehyira yɛn ho so ma Yehowa a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛbɛhyɛ no bɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde na yɛabɔ asu. Weinom yɛ bere tiaa mu adeyɛ, na ɛnkyɛ na yɛawie. Nanso, sɛ yegyina Yehowa afã sɛ yɛyɛ ne nkurɔfo a, ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ osetie ma no nnɛ ne daakye, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yetie no yɛn nkwa nna nyinaa.—1 Pet. 4:1, 2.

YƐPO WIASE AKƆNNƆ

10. Nsonsonoe kɛse bɛn na ɛsɛ sɛ ɛda wɔn a wɔsom Yehowa ne wɔn a wɔnsom no no ntam?

10 Adesua a edi wei anim no, yehuu nea Bible aka afa Kain, Solomon, ne Israelfo no ho. Ná wɔn nyinaa kyerɛ sɛ wɔsom Yehowa, nanso wɔansom ɔno nkutoo. Nea wɔyɛe no ma yehu pefee sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Yehowa dea pa ara no gyina pintinn na wɔyɛ adetrenee, na wokyi bɔne. (Rom. 12:9) Ɛno nti, bere a Malaki kaa “nkae nhoma” no ho asɛm wiei no, ɛfata sɛ Yehowa kaa “nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam” ho asɛm.—Mal. 3:18.

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma afoforo hu sɛ Yehowa nko ara na yɛsom no?

11 Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ Yehowa apaw yɛn sɛ ne nkurɔfo ni. Ɛsɛ sɛ yɛma nkɔso a yɛrenya wɔ Onyankopɔn som mu ‘da adi nnipa nyinaa anim.’ (1 Tim. 4:15; Mat. 5:16) Bisa wo ho sɛ: ‘Mema afoforo hu sɛ midi nokware ma Yehowa pa ara? M’ani gye ho sɛ mɛka akyerɛ afoforo sɛ meyɛ Yehowa Dansefo?’ Yehowa apaw yɛn sɛ ne nkurɔfo, enti sɛ ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛbɛma afoforo ahu sɛ yɛyɛ ne dea a, ɛbɛma ne werɛ ahow pa ara.—Dw. 119:46; kenkan Marko 8:38.

Wo suban ne wo nneyɛe da no adi pefee sɛ woyɛ Yehowa Dansefo? (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

12, 13. Dɛn na ebinom ayɛ a ɛma ɛyɛ den sɛ yebehu wɔn sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo?

12 Awerɛhosɛm ne sɛ, Adansefo binom asuasua “wiase honhom” no ama wunhu ‘nsonsonoe a ɛda wɔne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn ntam no’ papa. (1 Kor. 2:12) Saa honhom no ma obi di ‘ne honam akɔnnɔ’ akyi. (Efe. 2:3) Ɛho nhwɛso ne sɛ, afotu a wɔde ama yɛn nyinaa akyi no, ebinom hyɛ ntade a ɛmfata, na wosiesie wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Wɔhyɛ ntade a ɛkyekyere wɔn papee na ɛma wɔn ho gu hɔ; wɔde ntade a ɛte saa ba Kristofo nhyiam ahorow ase mpo. Afei, sɛnea woyi wɔn ti ne sɛnea wɔyɛ wɔn ti nso mfata koraa. (1 Tim. 2:9, 10) Ɛno nti, sɛ Adansefo a wɔte saa no wɔ nnipadɔm mu a, ebetumi ayɛ den sɛ wubehu wɔn a wɔyɛ Yehowa dea ne wɔn a wɔyɛ “wiase adamfo.”—Yak. 4:4.

13 Adansefo binom nso yɛ nneɛma bi a, ɛmma wunhu nsonsonoe a ɛda wɔne wiase no ntam pefee. Sɛnea wodi asaw na wɔyɛ wɔn ade wɔ apontow ahorow ase no mfata Kristofo. Ebinom nso de wɔn mfoni ne nsɛm a ɛmfata Kristofo gu sohyial media so. Ebia na wɔnteɛɛ wɔn so wɔ Kristofo asafo no mu sɛ wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru de, nanso nea wɔyɛ no betumi ayɛ nhwɛso bɔne ama wɔn atipɛnfo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so bɔ bra pa wɔ Yehowa asafo no mu no.—Kenkan 1 Petro 2:11, 12.

Nsuasua wɔn a wonnyina Yehowa afã pintinn no

14. Sɛ yɛmpɛ sɛ adamfofa soronko a yɛne Yehowa wɔ no sɛe a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

14 Biribiara a wiase no yɛ no twetwe adwene kɔ “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” so. (1 Yoh. 2:16) Nanso, esiane sɛ yɛyɛ Yehowa dea nti, Bible tu yɛn fo sɛ “yenkyi bɔne ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa ntena wiase nhyehyɛe yi mu.” (Tito 2:12) Biribiara a yɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔnyɛ Yehowa asomfo hu sɛ Yehowa nkutoo na yɛsom no. Ebi ne yɛn kasa, yɛn adidi ne yɛn asanom, yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie, ne suban a yɛda no adi wɔ yɛn adwumayɛ ho.—Kenkan 1 Korintofo 10:31, 32.

‘YƐDODƆ YƐN HO DENNEENNEN’

15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda ayamye ne ɔdɔ adi kyerɛ yɛn nuanom Kristofo?

15 Sɛnea yɛne yɛn nuanom Kristofo di no nso kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ adamfofa soronko a yɛne Yehowa wɔ no. Wɔn nso, wɔyɛ Yehowa dea. Sɛ yɛamma yɛn werɛ amfi saa nokwasɛm yi a, bere nyinaa yɛbɛda ayamye ne ɔdɔ adi akyerɛ yɛn nuanom. (1 Tes. 5:15) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”—Yoh. 13:35.

16. Nhwɛso bɛn na ɛwɔ Mose Mmara no mu a ɛma yehu sɛnea Yehowa dwen ne nkurɔfo ho?

16 Yɛnhwɛ nhwɛso a edi hɔ yi na ɛmmoa yɛn mma yenhu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom di wɔ asafo no mu. Wohyiraa nkyɛnsee a na ɛwɔ Yehowa asɔrefie hɔ no so, anaa woyi sii nkyɛn maa nokware som nkutoo. Mose Mmara no kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ saa nkyɛnsee no so mu fann. Sɛ obi anni saa akwankyerɛ no so a, na wobekum no. (Num. 1:50, 51) Sɛ na nkyɛnsee a nkwa nnim a wɔde di dwuma wɔ Yehowa som mu no ho hia Yehowa saa a, ɛnde hwɛ sɛnea n’asomfo anokwafo a wɔahyira wɔn ho so a wapaw wɔn sɛ ne nkurɔfo no ho behia no pa ara! Bere bi, Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Nea ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’aniwa kesua.”—Sak. 2:8.

17. Dɛn na Yehowa hu na ‘ɔyɛ aso tie’?

17 Yɛnhyɛ no nsow sɛ, Malaki kaa sɛ, bere a Yehowa nkurɔfo ne wɔn ho wɔn ho kasae no, Yehowa hui, na ‘ɔyɛɛ aso tiei.’ (Mal. 3:16) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa “nim wɔn a wɔyɛ ne de.” (2 Tim. 2:19) Ohu nea yɛyɛ biara, na nea yɛka biara nso, ɔte. (Heb. 4:13) Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo anni no yiye a, Yehowa hu, na ‘ɔyɛ aso tie.’ Sɛ yɛtew yɛn anim ma afoforo, yeyi yɛn yam boa wɔn, yɛde wɔn bɔne kyɛ wɔn, na yɛne wɔn di no ayamye so a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛno nso Yehowa hu.—Heb. 13:16; 1 Pet. 4:8, 9.

“YEHOWA REMPO NE MAN”

18. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ yɛyɛ Yehowa nkurɔfo?

18 Anokwa, yɛpɛ pa ara sɛ yɛma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ sɛ wapaw yɛn sɛ ne nkurɔfo. Yehu sɛ, nyansa wom sɛ yɛafi yɛn komam ahyira yɛn so ama no de akyerɛ sɛ yɛyɛ ne dea. Ɛwom sɛ yɛte ‘awo ntoatoaso a akɔntɔn na akyea’ mu de, nanso yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ nnipa a ‘yɛn ho nni asɛm na yɛhyerɛn sɛ akanea wɔ wiase.’ (Filip. 2:15) Yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ biribiara a Yehowa kyi. (Yak. 4:7) Afei nso, yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo na yebu wɔn, na yegye tom sɛ wɔn nso yɛ Yehowa dea.—Rom. 12:10.

19. Dɛn na Yehowa yɛ de hyira wɔn a wɔyɛ ne dea?

19 Bible ahyɛ bɔ sɛ: “Yehowa rempo ne man.” (Dw. 94:14) Saa bɔhyɛ yi ma yenya awerɛhyem pa ara sɛ, asɛmmɔne biara a ebia ɛbɛto yɛn no, Yehowa rennyaw yɛn. Sɛ yewu mpo a, Yehowa dɔ yɛn nti, ɔbɛkae yɛn. (Rom. 8:38, 39) Bible ka sɛ: “Sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Yehowa, na sɛ yewu nso a, yewu ma Yehowa. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Yehowa dea.” (Rom. 14:8) Nokwarem no, yɛde anigye kɛse retwɛn da a Yehowa benyan n’asomfo anokwafo a wɔawuwu nyinaa aba nkwa mu bio no. (Mat. 22:32) Ɛnnɛ mpo yenya nhyira pii. Bible ka sɛ, “anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa, ɔman a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.”—Dw. 33:12.