Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munnya Ayamhyehye Mma “Nnipa Ahorow Nyinaa”

Munnya Ayamhyehye Mma “Nnipa Ahorow Nyinaa”

BERE a Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛnea wɔnyɛ asɛmpaka adwuma no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo betie Ahenni no ho asɛm no. (Luka 10:3, 5, 6) Yɛwɔ asɛnka mu a, yebetumi ahyia nnipa bi a wɔbɛyɛ aniammɔho anaa wobedidi yɛn atɛm mpo. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ nkurɔfo a yɛreka asɛm no akyerɛ wɔn yɛ saa a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so anya ayamhyehye ama wɔn.

Sɛ obi wɔ ayamhyehye a, ohu nea afoforo hia ne nea ɛhaw wɔn, onya tema ma wɔn, na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Nanso, sɛ ayamhyehye a yɛwɔ ma nkurɔfo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no fi yɛn mu a, ebetumi nso ama nsi ne ahokeka a yɛde yɛ asɛnka adwuma no afi yɛn mu, na ɛremma yentumi mmoa wɔn. Nanso sɛ yenya ayamhyehye a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛrebɔ gya mu denneennen. Wei bɛma nsi ne ahokeka a yɛde yɛ asɛnka adwuma no mu ayɛ den kɛse!—1 Tes. 5:19.

Yɛbɛyɛ dɛn ada ayamhyehye adi bere mpo a ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa? Momma yɛnhwɛ nhwɛso mmiɛnsa a ɛfata sɛ yesuasua. Nhwɛso a Yehowa, Yesu, ne ɔsomafo Paulo yɛe.

SUASUA YEHOWA AYAMHYEHYE

Nkurɔfo abɔ Yehowa din ahohora mfe mpempem pii, nanso wakɔ so anya boasetɔ. Wei nyinaa akyi no, “ne yam ye ma bonniayɛfo ne abɔnefo.” (Luka 6:35) Dɛn na ɔyɛ de kyerɛ sɛ ne yam ye? Ɛne sɛ, onya obiara ho abotare. Yehowa pɛ sɛ ogye “nnipa ahorow nyinaa” nkwa. (1 Tim. 2:3, 4) Ɛwom sɛ Onyankopɔn kyi amumɔyɛ de, nanso nnipa som bo ma no, na ɔmpɛ sɛ wɔn mu biara bewu.—2 Pet. 3:9.

Yehowa nim sɛnea Satan atumi afura nnipa a wonnye nni no adwene ani. (2 Kor. 4:3, 4) Wɔakyerɛkyerɛ nnipa pii atosɛm ne subammɔne fi wɔn mmofraase, na ama ayɛ den ama wɔn sɛ wobegye nokware no atom. Yehowa pɛ sɛ ɔboa nkurɔfo a wɔte saa. Yɛyɛ dɛn hu?

Yɛnhwɛ adwene a na Yehowa wɔ wɔ tete Niniwefo ho. Ɛmfa ho sɛ na wɔyɛ basabasa no, Yehowa ka kyerɛɛ Yona sɛ: ‘Na me de, Niniwe kurow kɛse a emufo boro mpem ɔha aduonu a wonnim wɔn nifa nnim wɔn benkum yi asɛm nhaw me anaa?’ (Yona 4:11) Niniwefo a na wonni Yehowa ho nimdeɛ biara no asɛm yɛɛ no mmɔbɔ, enti ɔsomaa Yona sɛ ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ.

Nnipa som bo ma Yehowa, na saa ara na yɛn nso wɔsom bo ma yɛn. Enti sɛ ɛyɛ yɛn sɛ nkurɔfo rennye nokware no mpo a, yebesuasua Yehowa na yɛayere yɛn ho aka asɛmpa no akyerɛ wɔn a wobetie.

SUASUA YESU AYAMHYEHYE

Yesu te sɛ n’Agya. Nkurɔfo a na Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn no yɛɛ no mmɔbɔ. Bible ka sɛ: “Bere a ohuu nnipakuw no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔayɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ.” (Mat. 9:36) Nkurɔfo a wobetiee Yesu no, ohuu nea enti a na wɔwɔ tebea a ɛte saa mu; na nyamesom akannifo no akyerɛkyerɛ wɔn atosɛm, na na wɔayɛ wɔn basabasa. Ɛwom sɛ na Yesu nim sɛ nneɛma pii nti wɔn mu bebree remmɛyɛ n’akyidifo de, nanso ɔkɔɔ so “kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree.”—Mar. 4:1-9.

Sɛ obi antie asɛmpa no bere a edi kan a, mma w’abam mmu

Nnipa asetena tumi sesa, na saa ara na suban a obi da no adi wɔ nokware no ho nso betumi asesa

Sɛ nkurɔfo ntie asɛmpa no a, ehia sɛ yɛhwehwɛ mu hu nea enti a wɔreyɛ saa. Ebia nneɛma bɔne a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo reyɛ nti na ama ebinom nni Bible anaa Kristosom ho adwempa. Anaa ebia na ebinom aka yɛn gyidi ho atosɛm akyerɛ wɔn. Afei nso, sɛ ebinom tie asɛmpa no a, ebia nkurɔfo a wɔne wɔn te mpɔtam anaa wɔn abusuafo bedi wɔn ho fɛw.

Ebia nea enti a nkurɔfo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu ntie asɛmpa no ne sɛ, ɔhaw ahorow a wɔafa mu nti wɔayɛ basaa. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ne din de Kim ka sɛ: “Yɛn asasesin no fã bi no, nnipa pii a wɔwɔ hɔ afa ɔko mu, na ama wɔahwere wɔn agyapade nyinaa. Wonni daakye ho anidaso biara. Wɔahaw, na wonnye onipa biara nni. Yehyia nkurɔfo a wɔsɔre tia asɛmpa no daa wɔ saa beae no. Da bi, bere a na mewɔ asɛnka mu no, obi tow hyɛɛ me so.”

Ɔhaw a ɛte saa nyinaa akyi no, dɛn na ɛma Kim kɔ so da ayamhyehye adi? Ɔka sɛ: “Sɛ nkurɔfo ne me anni no yiye a, mebɔ mmɔden sɛ mɛkae asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 19:11 no. Ɛka sɛ: ‘Onipa nhumu twentwɛn n’abufuw ase.’ Sɛ mekae nea nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu afa mu a, ɛboa me ma minya ayamhyehye ma wɔn. Ɛnyɛ obiara a yehyia no na ɔyɛ basabasa. Wɔ saa asasesin no ara mu no, yɛyɛ sankɔhwɛ ahorow bi a ɛyɛ anigye.”

Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ me na mewɔ tebea a saa nkurɔfo a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no wom mu a, anka mɛyɛ m’ade sɛn wɔ Ahenni no ho asɛmpa no ho?’ Yɛmfa no sɛ, sɛ nkurɔfo aka Yehowa Adansefo ho atosɛm akyerɛ yɛn mpɛn pii a, anka dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ ɛba saa a, ebia anka yɛn nso yɛrentie asɛmpa no, na ebehia sɛ wɔn nso nya ayamhyehye ma yɛn. Sɛ ɛyɛ den sɛ yebenya ayamhyehye ama afoforo, na sɛ yɛkae Yesu ahyɛde a ɛne sɛ, nea yɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma yɛn no yɛn nso yɛnyɛ mma wɔn saa ara a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya tema ama wɔn.—Mat. 7:12.

SUASUA PAULO AYAMHYEHYE

Ɔsomafo Paulo nyaa ayamhyehye maa wɔn a wɔsɔre tiaa no denneennen mpo. Adɛn ntia? Ne werɛ amfi nea ɔno ankasa yɛe bere bi a atwam no. Ɔkaa sɛ: “Bere bi a atwam no na meyɛ mmusubɔfo, metaa nkurɔfo, na meyɛɛ aniammɔho. Nanso wohuu me mmɔbɔ, efisɛ na minnim nea mereyɛ, na gyidi a na minni nti na meyɛɛ saa.” (1 Tim. 1:13) Ohui sɛ na Yehowa ne Yesu ada mmɔborɔhunu kɛse adi akyerɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ ohui sɛ bere bi, na ɔte sɛ nkurɔfo a ɔreka asɛmpa no akyerɛ wɔn no bi.

Ɛtɔ da a, na Paulo hyia nkurɔfo a atoro nkyerɛkyerɛ adi wɔn ti. Ɛba saa a, na ɔyɛ n’ade sɛn? Asomafo Nnwuma 17:16 ka sɛ, bere a Paulo wɔ Atene a “ohui sɛ ahoni ahyɛ kurow no ma no, ɛyɛɛ no ahometew.” Nanso, ogyinaa ade a na ɛyɛ no ahometew no so dii adanse kama. (Aso. 17:22, 23) Ɔdannan n’asɛm mu ma ɛfaa nkurɔfo a na ɔredi wɔn adanse no ho ‘sɛnea ɛyɛ dɛn ara a, obegye ebinom nkwa.’—1 Kor. 9:20-23.

Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wontie anaa wɔn a nea wogye di yɛ atoro a, yebetumi asuasua Paulo. Nea yenim fa wɔn ho no, yebetumi ayɛ anifere na yɛagyina so aka “adepa ho asɛmpa” akyerɛ wɔn. (Yes. 52:7) Onuawa bi a ne din de Dorothy kaa sɛ: “Yɛn asasesin mu no, wɔakyerɛkyerɛ nnipa pii sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den, na ɔhwehwɛ nkurɔfo ho mfomso. Sɛ obi ka saa a, mekamfo no sɛ ogye di pa ara sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Afei, metwe n’adwene si nea Bible ka fa Yehowa su ahorow ho a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ no so. Ɛno akyi no, meka ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho no kyerɛ no.”

“KƆ SO FA PAPA DI BƆNE SO NKONIM”

Bere a yɛadu akyiri wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ nkurɔfo a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no bi suban bɛsɛe ‘akɔ anim.’ (2 Tim. 3:1, 13) Nanso, asɛmpa no a nkurɔfo ntie nti, ɛnsɛ sɛ yɛma ayamhyehye a yɛwɔ ma wɔn no fi yɛn mu anaa ɛsɛe yɛn anigye. Yehowa betumi ahyɛ yɛn den ama ‘yɛakɔ so de papa adi bɔne so nkonim.’ (Rom. 12:21) Ɔkwampaefo bi a ne din de Jessica ka sɛ: “Metaa hyia nkurɔfo a wonni ahobrɛase, na wobu yɛn animtiaa, na wɔmfa asɛm a yɛka no nyɛ hwee. Wei tumi hyɛ abufuw pa ara. Sɛ mifi ase sɛ me ne obi rebɔ nkɔmmɔ a, mebɔ Yehowa mpae wɔ me tirim srɛ no sɛ, ɔmmoa me mma minhu onii no sɛnea Yehowa hu no no. Wei ma mitumi yi m’adwene fi sɛnea mete nka no so, na mede m’adwene si sɛnea mɛboa onipa no so mmom.”

Yɛkɔ so hwehwɛ wɔn a wɔpɛ daa nkwa

Sɛ yenya nkurɔfo ho abotare sɛ yɛbɛboa wɔn ama wɔasua nokware no a, ebinom besua

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛbɛhyɛ yɛn nuanom a yɛne wɔn kɔ asɛnka no nso nkuran. Jessica ka sɛ: “Sɛ me ne obi nam asɛnka mu, na nneɛma ankɔ yiye amma yɛn mu bi a, mebɔ mmɔden sɛ yɛremmɔ ɛno ho nkɔmmɔ. Mmom, mema yɛbɔ nneɛma a ɛhyɛ nkuran ho nkɔmmɔ. Ebi ne nneɛma pa a efi asɛnka adwuma no mu ba ɛmfa ho sɛ ebinom ntie asɛm no.”

Yehowa nim nsɛnnennen a yehyia wɔ asɛnka mu no pa ara. Sɛ yesuasua ne mmɔborɔhunu a, wo de, hwɛ sɛnea n’ani gye! (Luka 6:36) Nokwasɛm ne sɛ, ayamhyehye a Yehowa wɔ ma nnipa a wɔwɔ wiase yi mu no rentena hɔ afebɔɔ. Yebetumi anya ahotoso sɛ onim bere pɔtee a ɔde nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei. Ɛnde, enkosi saa bere no, momma yɛnyɛ ntɛm nka asɛmpa no. (2 Tim. 4:2) Momma yɛnkɔ so mfa nsi ne ahokeka nka asɛmpa no, na yennya ayamhyehye mma “nnipa ahorow nyinaa.”