Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa a Woyi Wɔn Yam Yɛ Afoforo Papa Ani Gye

Nnipa a Woyi Wɔn Yam Yɛ Afoforo Papa Ani Gye

“Ɔma mu wɔ anigye.”—ASO. 20:35.

NNWOM: 76, 110

1. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a Yehowa abɔ ma yehu sɛ ne yam ye?

ƐWOM sɛ ansa na Yehowa rebɔ ade no, ɔno nko ara na na ɔwɔ hɔ, nanso na ɛnyɛ ɔno nkutoo ho na odwen. Mmom, ɔmaa abɔde a wonim nyansa nkwa; abɔfo a wɔwɔ soro ne nnipa a wɔwɔ asase so. “Anigye Nyankopɔn” Yehowa pɛ sɛ ɔde nneɛma pa ma afoforo. (1 Tim. 1:11; Yak. 1:17) Esiane sɛ ɔpɛ nso sɛ yɛn ani gye nti, ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ yenyi yɛn yam nyɛ papa.—Rom. 1:20.

2, 3. (a) Adɛn nti na yeyi yɛn yam yɛ afoforo papa a, yɛn ani gye? (b) Dɛn na yebesusuw ho?

2 Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so. (Gen. 1:27) Wei kyerɛ sɛ, ɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnna ne suban no bi adi. Sɛ yɛn ani begye na yɛn koma atɔ yɛn yam a, ɛnde ehia sɛ yesuasua Yehowa na yedwen afoforo ho, na yeyi yɛn yam yɛ wɔn papa. (Filip. 2:3, 4; Yak. 1:5) Adɛn ntia? Nea ɛwom ara ne sɛ, Yehowa dɔ yɛn nti na ɔbɔɔ yɛn saa. Ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no, yebetumi asuasua Yehowa na yɛn nso yɛada ayamye adi.

3 Bible ma yehu sɛnea yebetumi ayi yɛn yam ayɛ afoforo papa. Momma yɛnhwɛ asuade a Kyerɛwnsɛm no ma yenya wɔ saa asɛm yi ho no bi. Yebehu sɛnea sɛ yeyi yɛn yam yɛ ade a yenya Onyankopɔn anim dom, ne sɛnea sɛ yenya saa suban yi a ɛboa yɛn ma yɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no. Yɛbɛsan nso ahwɛ sɛnea sɛ yɛda ayamye adi a yenya anigye, ne nea enti a ehia sɛ yɛkɔ so nya saa suban yi.

SƐNEA YEBENYA ONYANKOPƆN ANIM DOM

4, 5. Dɛn na Yehowa ne Yesu ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔn yam ye, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua wɔn?

4 Yehowa pɛ sɛ nnipa suasua no. Enti sɛ yeyi yɛn yam yɛ afoforo papa a, n’ani gye. (Efe. 5:1) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn ne sɛnea ɔbɔɔ asase fɛfɛɛfɛ a nneɛma pa pii wɔ so no a, ɛma yehu pa ara sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa ani gye. (Dw. 104:24; 139:13-16) Enti, sɛ yɛyere yɛn ho ma afoforo ani gye a, yɛhyɛ Yehowa anuonyam.

5 Nokware Kristofo suasua Kristo. Ɔno na ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsen biara a nnipa betumi asuasua na wɔayi wɔn yam ayɛ afoforo papa. Yesu ankasa kaa sɛ: “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mat. 20:28) Enti, ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ yi bi ntena mo mu . . . Ogyaa biribiara mu faa akoa tebea.” (Filip. 2:5, 7) Eye sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Metumi asuasua Yesu nhwɛso pa ara asen sɛnea mereyɛ dedaw no anaa?’—Kenkan 1 Petro 2:21.

6. Samariani mmɔborɔhunufo ho mfatoho a Yesu mae no, ɔde kyerɛɛ yɛn dɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

6 Sɛ yesuasua nhwɛso pa a Yehowa ne Kristo ayɛ, na yedwen afoforo ahiade ho, na yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ama wɔn nsa aka wɔn ahiade a, yebenya Yehowa anim dom. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu daa no adi pefee wɔ Samariani mmɔborɔhunufo ho mfatoho no mu sɛ ɔpɛ sɛ n’akyidifo yɛ nea wobetumi biara boa afoforo; wɔn a ɛsono abusua a wofi mu mpo ka ho. (Kenkan Luka 10:29-37.) Wokae asɛm a obi bisaa Yesu a ɛma ɔmaa Samariani mmɔborɔhunufo ho mfatoho no? Yudani bi bisaa no sɛ: “Hena paa ne me yɔnko?” Mmuae a Yesu mae no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam yɛ afoforo papa sɛnea Samariani no yɛe no, na ama yɛanya Onyankopɔn anim dom.

7. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yegye di sɛ ɔkwan a Yehowa fa so yɛ ade no na eye pa ara?

7 Nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ Kristofo yi wɔn yam yɛ papa. Emu baako ni. Ayamye a yɛreka ho asɛm yi fa asɛm a Satan kɔfa bae wɔ Eden turom no ho. Ɛfa ho sɛn? Ná Satan kyerɛ sɛ, sɛ Adam ne Hawa ne nnipa nyinaa dwen wɔn nkutoo ho na wɔyɛ nea wɔpɛ sen sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm a, ebesi wɔn yiye. Pɛsɛmenkominya nti, na Hawa pɛ sɛ ɔyɛ sɛ Onyankopɔn. Pɛsɛmenkominya na ɛmaa Adam dii aduaba no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɔ Hawa ani. (Gen. 3:4-6) Gyinae a wosii no, nea afi mu aba no, yɛn nyinaa ani tua. Sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya a, yɛn ani nnye; ɛma yedi awerɛhow mmom. Sɛ yeyi yɛn yam yɛ afoforo papa a, yɛda no adi sɛ yegye di sɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so yɛ ade no na eye pa ara.

SƐNEA YƐBƐYƐ ADWUMA A ONYANKOPƆN DE AMA NE NKURƆFO NO

8. Adɛn nti na anka ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa dwen afoforo ho?

8 Ɛwom sɛ nnipa mmienu a wodi kan no nkutoo na na wɔwɔ Eden turom hɔ de, nanso akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa wɔn no nti na anka ɛsɛ sɛ wodwen afoforo ho. Yehowa hyiraa Adam ne Hawa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo na wɔnnɔɔso, wɔnhyɛ asase so mã, na wonni so. (Gen. 1:28) Sɛnea na Ɔbɔadeɛ no dwen n’abɔde ho na ɔpɛ sɛ wɔn ani gye no, saa ara na anka ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa dwen nea ɛbɛma wɔn mma a na wonnya nwoo wɔn no ani begye ho. Ná Yehowa hwɛ kwan sɛ Adam ne n’asefo bɛtrɛw paradise mu akɔ asase so baabiara na wɔatena so. Ná ebehia sɛ Adam asefo a wɔredɔɔso nyinaa boa ma wɔyɛ saa adwuma kɛse no.

9. Adɛn nti na sɛ nnipa trɛw Paradise mu a, anka wɔn ani begye?

9 Sɛ na Yehowa atirimpɔw bɛba mu a, na ebehia sɛ mmarima ne mmea a wɔyɛ pɛ ne Yehowa bom yɛ adwuma de trɛw Paradise mu, na ama wɔahyɛn Yehowa home mu. (Heb. 4:11) Wo de, hwɛ sɛnea anka saa adwuma no bɛma wɔn koma atɔ wɔn yam! Sɛ woyii wɔn yam dwen afoforo ho a, anka wobenya nhyira ne akomatɔyam pii.

10, 11. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛmpa no na yɛnyɛ asuafo no?

10 Ɛnnɛ, Yehowa aka akyerɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnka asɛmpa no na wɔnyɛ asuafo. Sɛ yebetumi ayɛ saa adwuma no a, ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam pa ara dwen afoforo ho. Sɛ yɛwɔ adwempa nkutoo a ɛnna yebetumi akɔ so ayɛ saa adwuma yi: ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa.

11 Asomafo no bere so no, esiane sɛ Paulo ne ne mfɛfo bi duaa Ahenni aba no guguu so nsu nti, ɔkaa sɛ ɔne wɔn yɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:6, 9) Ɛnnɛ, sɛ yeyi yɛn yam de yɛn bere, yɛn ahode, ne yɛn ahoɔden yɛ asɛnka adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no a, yɛn nso yebetumi abɛyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” Hwɛ sɛnea wei yɛ hokwan kɛse a yɛanya!

Sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔte nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa ase a, yɛn ani gye yiye (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12, 13. Asuafoyɛ adwuma no so mfaso ne sɛn?

12 Yeyi yɛn yam de yɛn bere ne yɛn ahoɔden yɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no a, ɛma yenya anigye kɛse. Anuanom bebree a wɔayɛ Bible adesua a etu mpɔn bɛka akyerɛ wo sɛ ɛyɛ anigye pa ara. Sɛ yehu sɛ yɛn Bible asuafo ate nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa ase ama wɔn ani agye, wɔn gyidi ayɛ den, wɔayɛ nsakrae wɔ wɔn asetenam, na wɔafi ase reka nokware a wɔasua no ho asɛm kyerɛ afoforo a, yɛn ani gye yiye. Bere a Yesu somaa nnipa 70 ma wɔkɔkaa asɛmpa no, nneɛma pa fii mu bae, na ɛmaa wɔde “anigye san bae.” Wei maa Yesu nso ani gyei pa ara.—Luka 10:17-21.

13 Adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa hu sɛ asɛmpa no ama nkurɔfo asetena retu mpɔn a, wɔn ani gye. Yɛnhwɛ Anna; ɔyɛ onuawa bi a ɔnwaree. Otu kɔɔ Europa Apuei fam baabi a wohia asɛmpakafo bebree kɔtrɛw ne som adwuma mu. * Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ wubenya nkurɔfo ne wɔn asua Bible wɔ ha, na ɛyɛ me dɛ pa ara. Asɛnka adwuma a meyɛ wɔ ha no ma m’ani gye yiye. Mifi asɛnka ba fie a, minnya adagyew nnwen me haw ho. Midwen wɔn a me ne wɔn sua ade no haw ne wɔn dadwen ho. Mehwehwɛ akwan a mɛfa so ahyɛ wɔn nkuran na maboa wɔn. Mabehu pa ara sɛ ‘ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.’”—Aso. 20:35.

Yɛkɔ ofie biara a ɛwɔ yɛn asasesin mu a, yɛma nkurɔfo nya hokwan te Ahenni no ho asɛm (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Sɛ nnipa kakraa bi na wotie asɛmpa no mpo a, wobɛyɛ dɛn anya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu?

14 Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na sɛ wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔrentie mpo a, yɛn ani betumi agye efisɛ yɛama wɔanya hokwan no. Adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa nnɛ no, ɛte sɛ nea ɔde hyɛɛ odiyifo Hesekiel nsa no. Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Wo de, sɛ wotie oo, wɔantie oo, ka m’asɛm kyerɛ wɔn.” (Hes. 2:7; Yes. 43:10) Sɛ ebinom nkyerɛ asɛmpa a yɛka no ho anigye mpo a, Yehowa ani sɔ adwuma a yɛreyɛ no. (Kenkan Hebrifo 6:10.) Ɔdawurubɔfo bi yɛɛ wei ho nhwɛso pa. Ɔkaa asɛnka adwuma a ɔyɛ no ho asɛm sɛ, “Yɛadua, yɛagugu so nsu, na yɛabɔ ho mpae; yɛwɔ anidaso sɛ Yehowa bɛma nkurɔfo anya asɛmpa no ho anigye kɛse.”—1 Kor. 3:6.

SƐNEA YEBENYA ANIGYE

15. Sɛ yeyi yɛn yam yɛ papa a, dɛn na nnipa pii yɛ wɔ ho, na ɛsɛ sɛ yɛma nea wɔyɛ no ka nea yɛyɛ anaa?

15 Yesu pɛ sɛ yeyi yɛn yam yɛ papa na yɛn ani gye. Sɛ yeyi yɛn yam yɛ papa a, nkurɔfo pii kyerɛ ho anisɔ. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so mma na nkurɔfo ama mo. Susukora pa a wɔamia so, awosow no ma abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.” (Luka 6:38) Ɛwom, yeyi yɛn yam yɛ papa a, ɛnyɛ obiara na ɔkyerɛ ho anisɔ, nanso sɛ ebinom kyerɛ ho anisɔ a wɔn nso tumi yi wɔn yam yɛ afoforo papa. Enti, sɛ wuyi wo yam yɛ papa na nkurɔfo kyerɛ ho anisɔ oo, wɔankyerɛ ho anisɔ oo, wo de, kɔ so yɛ. Sɛ wuyi wo yam yɛ papa baako pɛ a, wunnim adepa a ebetumi afi mu aba.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yeyi yɛn yam yɛ papa?

16 Nnipa a woyi wɔn yam ankasa yɛ papa no, ɛyɛ a wɔnhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛyɛ bi atua wɔn ka. Wei na na ɛwɔ Yesu adwenem. Ɔkaa sɛ: “Sɛ woto pon a, to nsa frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye, ne anifuraefo; na wubenya anigye, efisɛ wɔn de wonni biribiara a wɔde betua wo so ka.” (Luka 14:13, 14) Bible kyerɛwfo bi kaa sɛ, “Nea ohu mmɔbɔ [anaa nea ne yam ye] no benya nhyira.” Bible kyerɛwfo foforo kaa sɛ: “Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ.” (Mmeb. 22:9; Dw. 41:1) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ papa, efisɛ yɛboa afoforo a, yɛn ani gye pa ara.

17. Papa bɛn na sɛ yeyi yam yɛ a, ɛbɛma yɛn ani agye?

17 Paulo faa Yesu asɛm kaa sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” Ɛnyɛ honam fam nneɛma a yɛde bɛkyɛ afoforo nko ara ho asɛm na na Paulo reka, na mmom sɛ́ yɛbɛhyɛ wɔn nkuran, yɛbɛma wɔn akwankyerɛ, na yɛaboa wɔn nso. (Aso. 20:31-35) Ɔsomafo no nam ne kasa ne ne nneyɛe so kyerɛɛ yɛn sɛ yenyi yɛn yam nyɛ ade mma afoforo; ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn, yedwen wɔn ho, yenya bere ma wɔn, na yɛde yɛn ahoɔden boa wɔn.

18. Dɛn na nhoma akyerɛwfo pii aka afa yɛn yam a yeyi de boa afoforo ho?

18 Nkurɔfo a wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nnipa asetenam nsɛm ho nso ahu sɛ, sɛ nkurɔfo yi wɔn yam yɛ papa a, wɔn ani gye. Nhoma bi ka sɛ “nkurɔfo kyerɛ sɛ, sɛ woyi wɔn yam yɛ afoforo papa a, wɔn ani gye kɛse.” Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu ka sɛ, sɛ yɛboa afoforo a ɛma yenya “atirimpɔw ne akomatɔyam” wɔ asetena mu “efisɛ ɛma nnipa nya wɔn ahiade.” Ɛno nti, abenfo taa hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wontu wɔn ho mma nsom ɔmanfo, na ɛbɛma wɔn ankasa anya apɔwmuden na wɔanya anigye kɛse. Wɔn a wogye tom sɛ Bible yɛ Yehowa, adesamma Bɔfo a ɔdɔ yɛn nhoma no de, wei nyɛ wɔn nwonwa.—2 Tim. 3:16, 17.

KƆ SO YI WO YAM YƐ PAPA

19, 20. Adɛn nti na wopɛ sɛ wuyi wo yam yɛ papa?

19 Esiane sɛ nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia nnwen afoforo ho na wodwen wɔn nkutoo ho nti, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so ayi yɛn yam ayɛ papa. Nanso, Yesu kaa ahyɛde akɛse mmienu ho asɛm. Ɛno ne sɛ yɛde yɛn koma nyinaa, yɛn kra nyinaa, yɛn adwene nyinaa, ne yɛn ahoɔden nyinaa bɛdɔ Yehowa, na yɛadɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho. (Mar. 12:28-31) Sɛnea yɛahu wɔ adesua yi mu no, wɔn a wɔdɔ Yehowa suasua no. Yehowa yɛ afoforo papa, na Yesu nso yɛ saa ara. Wɔka sɛ, yɛn nso yɛnyɛ saa ara, efisɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani begye pa ara. Sɛ yɛyere yɛn ho yi yɛn yam yɛ adepa ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa a, yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ɛbɛboa yɛne afoforo.

20 Akyinnye biara nni ho sɛ, woayi wo yam reboa afoforo dedaw, titiriw wo nuanom Kristofo. (Gal. 6:10) Sɛ wokɔ so yɛ saa a, sɛnea ɛte biara, nkurɔfo ani bɛsɔ na wɔadɔ wo, na ɛbɛma w’ani agye. Mmebusɛm 11:25 ka sɛ: “Ɔkra yamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee no, ɔno nso, wɔbɛma wamee.” Nokwasɛm ne sɛ, wubetumi ayi wo yam ayɛ afoforo papa, na woada ayamye adi wɔ akwan pii so. Wubetumi ayɛ saa wɔ w’abrabɔ ne w’asɛnka adwuma no afã ahorow mu, na wubenya nhyira pii. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ akwan a yebetumi afa so ayɛ saa no bi.

^ nky. 13 Wɔasesa din no.