Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnyina Nea W’ani Hu So Mmu Atɛn

Nnyina Nea W’ani Hu So Mmu Atɛn

“Monnhwɛ nea etua aniwa mmmu atɛn, na mmom mummu atɛntrenee.”—YOH. 7:24.

NNWOM: 142, 123

1. Nkɔm bɛn na Yesaia hyɛ faa Yesu ho, na adɛn nti na wei hyɛ nkuran?

YESAIA nkɔmhyɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ho no ma yɛn koma ani gye, na yenya anidaso. Yesaia hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ “ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obeyi ntɛn.” Ɔde kaa ho sɛ Yesu ‘de atɛntrenee bebu ahiafo atɛn.’ (Yes. 11:3, 4) Adɛn nti na saa asɛm yi hyɛ nkuran? Efisɛ animhwɛ ne ɔtan hunu ahyɛ wiase a yɛte mu yi mu mã. Yɛn nyinaa hwɛ Ɔtemmufo a obu atɛntrenee no kwan. Ɔno de, ɛnyɛ nea n’ani hu so na obegyina abu yɛn atɛn!

2. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Da biara da, yesisi gyinae fa nkurɔfo ho. Nanso, esiane sɛ yɛtɔ sin nti yentumi nsisi gyinae a ɛyɛ pɛ sɛnea Yesu tumi yɛ no. Yɛn de, nea yɛn ani hu so na yegyina sisi gyinae fa afoforo ho. Nanso, bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa sɛ: “Monnhwɛ nea etua aniwa mmmu atɛn, na mmom mummu atɛntrenee.” (Yoh. 7:24) Wei ma yehu sɛ, Yesu pɛ sɛ yesuasua no; ɔmpɛ sɛ yegyina nea yɛn ani hu so bu afoforo atɛn. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa a nkurɔfo taa hwɛ de gye obi tom anaa ɛma wobu no animtiaa: abusuakuw a onii no fi mu, n’ahonyade, ne mfe a wadi. Emu biara no, yɛbɛhwɛ akwampa a yɛbɛfa so adi Yesu ahyɛde no so.

NHWƐ ABUSUAKUW A OBI FI MU MMU NO ATƐN

3, 4. (a) Nsɛm bɛn na esisii a ɛmaa ɔsomafo Petro san susuw adwene a na okura wɔ Amanaman mufo ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Nokware no ho ntease foforo bɛn na Yehowa boaa Petro ma onyae?

3 Bere a wɔka kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ ɔnkɔ Amanaman muni Kornelio fie wɔ Kaesarea no, wo de hwɛ nea ɛbɛyɛ sɛ ɛkɔɔ so wɔ n’adwenem. (Aso. 10:17-29) Ná Petro te sɛ Yudafo a wɔaka no, efi ne mmofraase nyinaa na n’adwene ne sɛ Amanaman mufo ho ntew. Nanso, nsɛm bi sisii a ɛmaa Petro san susuw adwene a na okura no ho. Baako ne sɛ, Petro nyaa anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa. (Aso. 10:9-16) Dɛn na Petro hui? Ohuu biribi a ɛte sɛ ntama a mmoa a wɔn ho ntew ayɛ no mã sɛ efi soro reba, na ɔtee nne bi fii soro sɛ: “Petro, sɔre kum bi na di!” Petro anyɛ. Afei, ɛnne a efi soro no ka kyerɛɛ no sɛ, “mfrɛ nneɛma a Onyankopɔn atew ho sɛ ɛho agu fĩ.” Bere a Petro ani so tetew no no, ɔyɛɛ basaa, na ɔnte nea ɛnne no reka akyerɛ no no ase. Saa bere no ara na mmarima a Kornelio somaa wɔn no beduu hɔ. Bere a honhom kronkron maa Petro akwankyerɛ no, otiei, na ɔne mmarima no kɔɔ Kornelio fie.

4 Sɛ Petro gyinaa nea n’ani hu so buu atɛn a, anka ɔrenkɔ Kornelio fie da. Ná Yudafo nkɔ Amanaman mufo fie. Ná ɔtan hunu agye ntini wɔ Petro mu, nanso ɔne mmarima no kɔe. Adɛn ntia? Anisoadehu a Petro nyae ne akwankyerɛ a honhom kronkron de maa no no kaa ne koma kɛse. Bere a Petro tiee asɛm a Kornelio ka kyerɛɛ no no, ɛkaa no pa ara. Afei Yehowa honhom kaa no ma ɔkaa sɛ: “Nokwasɛm ni, mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Aso. 10:34, 35) Saa ntease foforo yi maa Petro ani gyei pa ara, na na ɛbɛka Kristofo nyinaa! Ɔkwan bɛn so?

5. (a) Dɛn na Yehowa pɛ sɛ Kristofo nyinaa hu? (b) Ɛmfa ho sɛ yɛahu nokware no, dɛn na ebia ɛda so ara wɔ yɛn koma mu?

5 Ná Yehowa refa Petro so aboa Kristofo nyinaa ama wɔahu sɛ ɔnhwɛ nnipa anim. Yehowa de, ommu abusuakuw, ɔman, anaa kasa bi nsen bi. Ɔbarima anaa ɔbea biara a osuro Onyankopɔn na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom. (Gal. 3:26-28; Adi. 7:9, 10) Akyinnye biara nni ho sɛ, wugye tom sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Nanso, sɛ ɔman anaa abusua a wɔtetee wo wom no, ɔtan hunu ahyɛ emufo mã nso ɛ? Wo de, ebia w’adwene yɛ wo sɛ wonhwɛ nnipa anim, nanso ebetumi aba sɛ ɔtan hunu kakra wɔ wo koma mu. Petro mpo a ɔboaa afoforo ma wohui sɛ Yehowa nhwɛ nnipa anim no, akyiri yi ɔtan hunu a ɛwɔ ne mu yii ne ti. (Gal. 2:11-14) Yɛbɛyɛ dɛn atie Yesu na yɛannyina nea yɛn ani hu so ammu atɛn?

6. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatu ɔtan hunu ase afi yɛn koma mu? (b) Asɛm a asafo mu panyin bi kyerɛwee no, dɛn na ɛma yehu fa ne ho?

6 Ehia sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yiye, na yɛde yɛn suban toto nea yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu ho. Ɛno bɛma yɛahu sɛ yɛda so wɔ adwene anaa nsusuwii bi a ɛkyerɛ sɛ ɔtan hunu bi wɔ yɛn koma mu anaa. (Dw. 119:105) Afei nso, sɛ yɛn ankasa nhu sɛ ɔtan hunu bi wɔ yɛn mu mpo a, ebia afoforo behu na wɔaboa yɛn. (Gal. 2:11, 14) Ebetumi aba sɛ saa suban no agye ntini wɔ yɛn mu araa ma yenhu mpo. Ma yɛnhwɛ asɛm a edi hɔ yi. Asafo mu panyin bi kyerɛw asɛm bi faa awarefo bi a wɔyɛ nsi a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma ho. Abusuakuw a ɔbarima no fi mu no, nkurɔfo mmu wɔn. Ɛbɛyɛ sɛ, na asafo mu panyin no nnim sɛ ɔwɔ saa abusuakuw no ho ɔtan hunu bi. Asafo mu panyin no rekyerɛw n’asɛm no, ɔkaa ɔbarima no ho nsɛmpa pii; nanso bere a ɔde n’asɛm no reba awiei no ɔkaa sɛ: “Ɛwom sɛ ofi [saa ɔman no mu] de, nanso ne nneyɛe ne n’abrabɔ boa ma afoforo hu sɛ, sɛ obi fi [saa abusuakuw no] mu a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔtena fĩ mu na ɔyɛ ne ho basaa sɛnea nnipa a wofi [saa] abusuakuw no mu pii yɛ no.” Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Ɛmfa ho asɛyɛde a ɛhyɛ yɛn nsa no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yiye, na yɛma afoforo boa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahu ɔtan hunu biara a ɛwɔ yɛn koma mu. Dɛn bio na yebetumi ayɛ?

7. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛabue yɛn koma mu?

7 Sɛ yebue yɛn koma mu a, yebeyi ɔtan hunu afi yɛn mu na yɛadɔ afoforo. (2 Kor. 6:11-13) Ɛyɛ a nkurɔfo a wo ne wɔn fi abusuakuw baako ne ɔman baako mu, anaa nkurɔfo a wo ne wɔn ka kasa baako nko ara na wo ne wɔn bɔ? Sɛ saa na wote a, ɛnde trɛw wo dɔ mu. Adɛn nti na wo ne nkurɔfo a ɛsono abusuakuw a wofi mu nkɔ asɛnka anaa wonto nsa mfrɛ wɔn mma wo fie mmedidi anaa wo ne wɔn mmom nyɛ ade. (Aso. 16:14, 15) Sɛ woyɛ saa a, ɔdɔ bɛhyɛ wo koma mã, na ɔtan hunu rennya baabi ntena wɔ wo komam. Nanso, nneɛma foforo bi wɔ hɔ a yɛtaa gyina nea yɛn ani hu so bu afoforo atɛn wɔ ho. Afei, momma yɛnhwɛ ahonyade.

NNYINA SIKA A OBI WƆ ANAA OHIA A OBI DI SO MMU NO ATƐN

8. Sɛnea Leviticus 19:15 kyerɛ no, sɛ obi yɛ sikani anaa ohiani a, adwene bɛn na ebetumi ama yɛanya wɔ ne ho?

8 Ahonyade yɛ ade foforo a ebetumi aka sɛnea yebu afoforo. Leviticus 19:15 ka sɛ: “Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ, na munnni mmma onipa titiriw. Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.” Nanso, adwene bɛn na sika a obi wɔ anaa ohia a obi di betumi ama yɛanya wɔ ne ho?

9. Awerɛhosɛm bɛn na Solomon kae, na dɛn na yesua fi mu?

9 Honhom kronkron maa Solomon kaa nokwasɛm bi faa nnipa a yɛnyɛ pɛ ho. Asɛm no yɛ awerɛhow de, nanso saa na ɛte. Mmebusɛm 14:20 ka sɛ: “Ohiani de, ne yɔnko mpo tan no, na ɔdefo nnamfo dɔɔso.” Dɛn na yesua fi saa bɛ yi mu? Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛfa anuanom a wodi yiye nnamfo na yɛatwe yɛn ho afi wɔn a ahia wɔn ho. Sɛ sika a obi wɔ nko ara na yɛhwɛ de nidi ma no a, adɛn nti na enye koraa?

10. Ɔhaw bɛn na Yakobo hui?

10 Sɛ yɛhwɛ nea obi wɔ ansa yɛne no abɔ a, ebetumi ama yɛde mpaapaemu aba asafo no mu. Asomafo no bere so no, na saa ɔhaw yi de mpaapaemu reba asafo ahorow no mu, enti osuani Yakobo bɔɔ wɔn kɔkɔ. (Kenkan Yakobo 2:1-4.) Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛamma saa suban yi antena yɛn asafo mu. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛannyina nea obi wɔ so ne no anni?

11. Ahonyade a obi wɔ anaa ohia a odi na ɛbɛma ɔne Yehowa ntam ayɛ papa anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

11 Ɛsɛ sɛ yehu yɛn nuanom sɛnea Yehowa hu wɔn no. Ɛnyɛ sika a obi wɔ anaa ohia a odi na ɛma ɔsom bo ma Yehowa. Ɛnyɛ ahonyade a yɛwɔ anaa ohia a yedi na ɛbɛma yɛne Yehowa ntam ayɛ papa. Ɛyɛ nokware sɛ Yesu kaa sɛ “ɛbɛyɛ den ama ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu” de, nanso wanka sɛ ɛrentumi nyɛ yiye. (Mat. 19:23) Bere foforo nso Yesu kaa sɛ: “Anigye ne mo ahiafo, efisɛ mo na Onyankopɔn ahenni no yɛ mo dea.” (Luka 6:20) Nanso, saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahiafo nyinaa tiee Yesu nkyerɛkyerɛ na wonyaa nhyira soronko bi. Ahiafo pii antie Yesu. Asɛm no ara ne sɛ, Yɛrentumi nnyina obi ahonyade so nkyerɛ sɛnea ɔne Yehowa ntam te.

12. Afotu bɛn na Kyerɛwnsɛm no de ma asikafo ne ahiafo nyinaa?

12 Yehowa ahyira yɛn, yɛwɔ anuanom pii, ebinom di yiye na ebinom nso di hia. Wɔn nyinaa dɔ Yehowa, na wɔde wɔn koma nyinaa som no. Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ wɔn a wɔyɛ adefo no sɛ ‘wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom wɔmfa nto Onyankopɔn so.’ (Kenkan 1 Timoteo 6:17-19.) Bere koro no ara, Onyankopɔn Asɛm no tu Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa, asikafo ne ahiafo, fo sɛ wɔnhwɛ yiye na wɔanyɛ sikanibere. (1 Tim. 6:9, 10) Sɛ yebue yɛn ani na yehu yɛn nuanom sɛnea Yehowa hu wɔn a, yɛrennyina nea wɔwɔ anaa nea wonni so ne wɔn nni. Mfe a obi adi nso ɛ? Ɛyɛ papa sɛ yegyina mfe a obi adi so sisi ne ho gyinae? Momma yɛnhwɛ.

NNYINA MFE A OBI ADI SO NSISI NE HO GYINAE

13. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka fa obu a yebenya ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho?

13 Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn mpɛn pii sɛ yɛmfa obu a ɛfata mma wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Leviticus 19:32 ka sɛ: “Sɔre wɔ dwen anim, na di akwakoraa ni, na suro wo Nyankopɔn.” Mmebusɛm 16:31 nso ka kyerɛ yɛn sɛ, “atifi dwen, sɛ wohu no trenee kwan so a, ɛyɛ abotiri a ɛyɛ fɛ.” Afei nso, Paulo tuu Timoteo fo sɛ, ɛnsɛ sɛ otwiw ɔpanyin anim, na mmom ɔne onua a ne mfe akɔ anim saa nni sɛ agya. (1 Tim. 5:1, 2) Ɛwom sɛ na Timoteo wɔ tumi bi wɔ anuanom a wɔn mfe akɔ anim saa no so de, nanso na ɛsɛ sɛ onya ayamhyehye ne obu ma wɔn.

14. Bere bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde afotu anaa nteɛso ma obi a wanyin sen yɛn?

14 Ɛsɛ sɛ yɛte saa nnyinasosɛm no ase sɛn? Nhwɛso bi ni. Sɛ obi a ne mfe akɔ anim ahyɛ da reyɛ bɔne anaa ɔrehyɛ biribi a Yehowa ani nnye ho ho nkuran a, ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so anaa? Yehowa rennyina nea ohu so mmu atɛn, na ɔrenka sɛ esiane sɛ obi mfe akɔ anim nti, ɔhyɛ da yɛ bɔne a, ɔrenyɛ no hwee. Hyɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Yesaia 65:20 no nsow. Ɛka sɛ: “Ɔbɔnefo de, sɛ odi mfe ɔha mpo a, ebewie no bɔne.” Nnyinasosɛm a ɛte saa wɔ anisoadehu a Hesekiel nyae no mu. (Hes. 9:5-7) Ɛno nti, bere nyinaa nea ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn titiriw ne sɛ yebenya obu ama Yehowa Nyankopɔn, Nea ne nna akyɛ no. (Dan. 7:9, 10, 13, 14) Sɛ yebu Yehowa a, yɛrensuro sɛ yɛbɛteɛ obi a ohia afotu so, ɛmfa ho mfe a wadi.—Gal. 6:1.

Wubu anuanom mmerante anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Dɛn na yesua fi ɔsomafo Paulo hɔ wɔ obu a yɛde bɛma mmerante ho?

15 Anuanom mmerante a wɔwɔ asafo no mu nso ɛ? Wubu wɔn sɛn? Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ aberante Timoteo sɛ: “Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no abomfiaa. Mmom no, yɛ nhwɛso ma anokwafo wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu.” (1 Tim. 4:12) Bere a Paulo kaa saa asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo adi bɛyɛ mfe 30. Nanso, na Paulo de asɛyɛde a emu yɛ duru ahyehyɛ ne nsa. Nea ɛmaa Paulo de saa afotu no mae biara no, yehu aba a ɛwom no. Sɛ yɛresisi gyinae a ɛfa anuanom mmerante ho a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ mfe a wɔadi kɛkɛ. Ɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ, yɛn Awurade Yesu mpo, ne som adwuma a ɔyɛe wɔ asase so nyinaa no, ɔyɛe bere a na wadi mfe 30 ne kakra.

16, 17. (a) Dɛn na asafo mu mpanyimfo de hu sɛ ɛfata sɛ wɔkamfo onua bi kyerɛ ma wɔpaw no sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin? (b) Ɔkwan bɛn so na obi amammerɛ anaa adwene a okura betumi ama wayɛ biribi a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia?

16 Ebia yɛn amammerɛ mu no, nkurɔfo bu mmerante animtiaa. Sɛ saa na ɛte a, ebia asafo mu mpanyimfo bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkamfo anuanom mmerante a wɔfata ama wɔapaw wɔn sɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nyinaa kae sɛ, Kyerɛwnsɛm no nkaa mfe pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔbarima bi di ansa na wɔapaw no sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin. (1 Tim. 3:1-10, 12, 13; Tito 1:5-9) Sɛ asafo mu panyin bi gyina amammerɛ so hyehyɛ mmara a, ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ na ɔde reyɛ adwuma. Sɛ asafo mu mpanyimfo resusuw mmerante ho a, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ankasa adwene anaa wogyina amammerɛ so yɛ saa, na mmom ɛsɛ sɛ wogyina ahwehwɛde a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu so.—2 Tim. 3:16, 17.

17 Yɛnhwɛ sɛnea amammerɛ a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia nti, asafo mu mpanyimfo betumi aka anuanom mmarima a wɔfata ahyɛ. Ɔman bi mu no, asafo mu mpanyimfo de asɛyɛde a emu yɛ duru hyehyɛɛ asafo mu somfo bi a ɔfata nsa. Ɛwom sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ɔsomfo no asafo mu nyinaa gye toom sɛ odu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛma obi fata sɛ wɔpaw no sɛ ɔpanyin ho de, nanso wɔankamfo no ankyerɛ sɛ wɔmpaw no sɛ ɔpanyin. Asafo mu mpanyimfo a wɔn mfe akɔ anim no bi kaa sɛ, onnyinii koraa sɛ wɔpaw no sɛ ɔpanyin. Awerɛhosɛm ne sɛ, nea enti a wɔampaw onua no sɛ ɔpanyin ara ne sɛ, wohwɛ onua no a, onnyinii. Wei yɛ nhwɛso baako pɛ de, nanso amanneɛbɔ kyerɛ sɛ saa na ɛrekɔ so wɔ wiase no afã pii. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛma Kyerɛwnsɛm no akyerɛ yɛn kwan, na yɛremma yɛn ankasa amammerɛ anaa yɛn adwene nkyerɛ yɛn kwan! Sɛ yɛma Kyerɛwnsɛm no kyerɛ yɛn kwan a, na yɛretie Yesu, na ɛnyɛ nea yɛn ani hu so na yegyina bu atɛn.

BU ATƐNTRENEE

18, 19. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu afoforo sɛnea Yehowa hu wɔn a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

18 Ɛwom sɛ yɛtɔ sin de, nanso yebetumi asuasua Yehowa, na yɛanyɛ animhwɛ. (Aso. 10:34, 35) Nanso sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden bere nyinaa na yɛkɔ so tie nea Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn. Sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu yɛ adwuma a, Yesu ahyɛde a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yegyina nea yɛn ani hu so bu atɛn no, yɛde bɛyɛ adwuma yiye.—Yoh. 7:24.

19 Ɛrenkyɛ, yɛn Hene Yesu Kristo bebu adesamma nyinaa atɛn. Ɛnyɛ nea n’ani hu anaa nea n’aso te so na obegyina abu atɛn, na mmom obebu atɛntrenee. (Yes. 11:3, 4) Saa bere no, ɛbɛyɛ anigye sɛ!