Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abotare—Animia a Yɛde Gyina Tebea Bi Ano

Abotare—Animia a Yɛde Gyina Tebea Bi Ano

ESIANE sɛ nneɛma mu yɛ ara na ɛreyɛ den wɔ “nna a edi akyiri” yi mu nti, ehia sɛ Yehowa nkurɔfo nya abotare nnɛ sen bere biara. (2 Tim. 3:1-5) Wiase a yɛte mu yi, nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia no pii yɛ ahopɛ, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, ne wɔn a wontumi nni wɔn ho so. Mpɛn pii no, wɔn a wɔda saa suban no adi no nni abotare. Enti, ehia sɛ Kristoni biara bisa ne ho sɛ: ‘Nnipa a wɔwɔ wiase a wonni abotare no, masuasua wɔn anaa? Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi wɔ abotare ankasa? Su a ɛsɛ sɛ Kristofo da no adi yi, dɛn na mɛyɛ na matumi ada no adi da biara?’

NEA ABOTARE KYERƐ

Bible mu no, abotare nkyerɛ sɛ obi bemia n’ani agyina ɔhaw bi ano kɛkɛ. Biribi nti na obi a ɔwɔ abotare gyina tebea bi ano. Ɛnyɛ ɔno nko ara ho na odwen, na mmom odwen nea ɔde ɔhaw no aba nso ho. Wei nti, sɛ obi hyɛ obi a ɔwɔ abotare abufuw anaa ɔyɛ no bɔne a, ɔmpa abaw; ɔhwɛ kwan sɛ ɔne onii no ntam bɛsan ayɛ kama. Suban pa pii a ɔdɔ ma yɛda no adi no, ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Bible reka ho asɛm no, ɔde “abodwokyɛre” anaa abotare na edii kan. * (1 Kor. 13:4) Onyankopɔn Asɛm san ka sɛ “abodwokyɛre” anaa abotare yɛ “honhom no aba” fã. (Gal. 5:22, 23) Ɛnde, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na yɛanya saa suban pa yi bi?

NEA ƐMA YENYA ABOTARE

Nea ɛbɛyɛ na yɛanya abotare no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma Yehowa honhom boa yɛn; ɔde ne honhom ma wɔn a wɔwɔ ne mu gyidi na wɔde wɔn ho to no so. (Luka 11:13) Ɛwom sɛ Onyankopɔn honhom wɔ tumi de, nanso ehia sɛ yɛyɛ yɛn fam de na yɛyɛ yɛn mpaebɔ ho adwuma. (Dw. 86:10, 11) Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebenya nneɛma ho abotare da biara da sɛnea ɛbɛyɛ a saa suban yi begye ntini wɔ yɛn koma mu. Ɛno mpo no, ebia ebehia sɛ yɛyɛ pii ansa na yɛatumi anya abotare da biara. Dɛn bio na ɛbɛboa yɛn?

Sɛ yesusuw nhwɛso a ɛyɛ fɛ a Yesu yɛe ho na yesuasua no a, yebetumi anya abotare. Yehowa honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkaa “nipasu foforo” no ho asɛm; “abodwokyɛre” anaa abotare ka ho. Afei ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmma Kristo asomdwoe nni yɛn koma so.’ (Kol. 3:10, 12, 15) Sɛ yesuasua Yesu na yenya gyidi a ɛyɛ den wɔ Onyankopɔn mu sɛ obesiesie nneɛma a ɛhaw yɛn wɔ Ne bere mu a, na yɛrema asomdwoe a ɛte saa ‘adi yɛn koma so.’ Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi a, ɛmfa ho nea nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia bɛyɛ biara no, yɛremma yɛn bo mfuw; yɛbɛkɔ so anya wɔn ho abotare.—Yoh. 14:27; 16:33.

Ɛwom sɛ yɛn nyinaa yam a anka wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no aba de, nanso sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa anya yɛn ho abotare a, ɛma yɛn nso yesua sɛ yebenya abotare pii. Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho sɛnea ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.” (2 Pet. 3:9) Sɛnea Yehowa anya yɛn ho abotare no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛnka yɛn sɛ yennya afoforo ho abotare pii anaa? (Rom. 2:4) Ɛnde, tebea horow a ehia sɛ yenya ho abotare no bi ne nea ɛwɔ he?

TEBEA AHOROW A EHIA SƐ YENYA HO ABOTARE

Tebea ahorow pii wɔ hɔ a ebehia sɛ yenya ho abotare da biara da. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ ɛyɛ wo sɛ wowɔ asɛnhia bi a wopɛ sɛ woka a, ebia ebehia sɛ wunya abotare sɛnea ɛbɛyɛ a worentwa afoforo ano. (Yak. 1:19) Sɛ wo nuanom gyidifo a wo ne wɔn bɔ nneyɛe bi yɛ wo ahi a, ɛno nso, ebehia sɛ wunya ho abotare. Ɛnsɛ sɛ woma ɛhyɛ wo abufuw, mmom, ɛyɛ papa sɛ wokae sɛnea Yehowa ne Yesu yɛ wɔn ade wɔ yɛn mmerɛwyɛ ho. Wɔmmfa wɔn ani nnsi yɛn mfomso nketenkete so. Mmom, wɔhwɛ suban pa a yɛwɔ, na wonya yɛn ho abotare ma yɛyɛ nsakrae.—1 Tim. 1:16; 1 Pet. 3:12.

Tebea foforo a ebehia sɛ yenya ho abotare ne bere a obi aka sɛ yɛaka asɛm bi a enye anaa yɛayɛ ade bɔne bi. Anhwɛ a yɛbɛpere yɛn ho afa abufuw na yɛde nsɛm bi ayiyi yɛn ho ano. Nanso, Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn biribi foforo a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛka sɛ: “Nea ɔtɔ ne bo ase no ye sen nea ɔma ne ho so. Mpere wo ho mfa abufuw, efisɛ nkwasea kokom na abufuw te.” (Ɔsɛnk. 7:8, 9) Enti, sɛ obi aka yɛn ho asɛm bi na sɛ nokware biara nnim mpo a, ɛsɛ sɛ yenya abotare na yedwen nea yɛbɛyɛ ho yiye. Yesu de saa asɛm no yɛɛ adwuma bere a afoforo kaa asɛm too no so na wodii ne ho fɛw no.—Mat. 11:19.

Sɛ awofo hu sɛ subammɔne ne akɔnnɔ bɔne reyɛ aba wɔn mma mu, anaa wɔretɔ kɔ nneɛma bi a enye so a, saa bere no pa ara na ehia sɛ awofo nya abotare na wɔboa wɔn. Yɛnhwɛ Mattias; ɔsom wɔ Scandinavia Betel. Bere a Mattias yɛ ɔbabun no, ne gyidi nti, na ne sukuufo di ne ho fɛw bere nyinaa. Mfiase no, na n’awofo nnim nea ɛrekɔ so. Ɔhaw a na Mattias rehyia wɔ sukuu no nti, na ama n’adwene nsi no pi wɔ nokware no ho. Enti n’awofo hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa no. Mattias papa Gillis ka sɛ, “Ná ehia sɛ yenya nea ɛrekɔ so no ho abotare pii.” Ɛyɛ a na Mattias bisa sɛ: “Hena ne Onyankopɔn? Na sɛ Bible nyɛ Onyankopɔn Asɛm nso ɛ? Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ankasa na ɔpɛ sɛ yɛyɛ wei anaa wei?” Afei nso, ɛyɛ a ɔka kyerɛ ne papa sɛ: “Sɛnea w’adwene yɛ wo wɔ nneɛma ho ne nea wugye di no, sɛ ɛnyɛ saa ara na migye di anaa m’adwene yɛ me a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ obi bu me atɛn wɔ ho?”

Gillis ka sɛ: “Ɛtɔ da a na abufuw na yɛn ba no de bisa nsɛm, ɛnyɛ sɛ na ne bo afuw me anaa ne maame, na mmom nokware no. Ná n’adwene yɛ no sɛ nokware no ama ne ho kyere no dodo.” Sɛn na Gillis boaa ne ba no? Ɔka sɛ: “Ná me ne me ba no tena ase bɔ nkɔmmɔ nnɔnhwerew pii. Nea ɛbɛyɛ na mahu n’adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho yiye no, mpɛn pii no na mitie no, na ɛwom ara na mabisa no nsɛm bi. Ɛtɔ da a, na mekyerɛkyerɛ nsɛm bi mu kyerɛ no, na maka akyerɛ no sɛ ɔmfa da koro anaa nnanu nnwen ho na akyiri yi yɛasusuw ho. Da bi wɔ hɔ nso a, meka kyerɛ no sɛ mepɛ sɛ mede nna kakra dwinnwen asɛm bi a waka ho. Nkɔmmɔ a ɛte saa a na metaa ne Mattias bɔ nti, nkyerɛkyerɛ a ɛfa agyede no, Onyankopɔn tumidi, ne Yehowa dɔ ho no, nkakrankakra ɔbɛtee ase, na ogye toom. Egyee bere, na mpɛn pii no na ɛyɛ den, nanso nkakrankakra Yehowa ho dɔ gyee ntini wɔ ne koma mu. Me ne me yere ani agye pa ara sɛ abotare a yenya de boaa yɛn ba no bere a ɔyɛ ɔbabun no, mfaso baa so na ɛkaa ne koma.”

Bere a Gillis ne ne yere nyaa abotare boaa wɔn ba no, wɔde wɔn ho too Yehowa so sɛ ɔbɛboa wɔn. Gillis twa n’ani hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Ná metaa ka kyerɛ Mattias sɛ me ne ne maame dɔ no pa ara; ɛno nti, na yɛbɔ mpae denneennen srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no na ɔnte nneɛma ase.” Saa awofo no ani agye pa ara sɛ wonyaa abotare!

Mmoa a nokware Kristofo de bɛma afoforo ama wɔanya nkɔso wɔ Yehowa som mu akyi no, sɛ wɔrehwɛ wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfo a yare a emu yɛ den abɔ wɔn a, ehia sɛ wonya wɔn ho abotare na wɔma wohu sɛ wɔdɔ wɔn. Yɛnhwɛ nea ɛtoo Ellen. * Ɔno nso te Scandinavia.

Bɛyɛ mfe nwɔtwe a atwam no, yare a ɛma nipa fã dwudwo bɔɔ Ellen kunu mprenu ma ɛkaa n’adwene. Ɛno nti, ama onnim nea yɛfrɛ no ayamhyehye, anigye, ne awerɛhow. Nneɛma mu ayɛ den ama Ellen pa ara. Ɔka sɛ: “Abotare pii a manya ne mpae a mebɔ no daa na aboa me.” Ɔde ka ho sɛ: “Kyerɛwnsɛm a ɛda me koma so a ɛkyekye me werɛ ne Filipifo 4:13. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.’” Wei boa Ellen ma onya tebea no ho abotare gyina mu, na ɔde ne ho to Yehowa so ma ɔboa no.—Dw. 62:5, 6.

SUASUA YEHOWA ABOTARE

Sɛ yɛka obi a ɔwɔ abotare pa ara a yebetumi asuasua no a, ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa. (2 Pet. 3:15) Yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm mu a, yehu sɛ mpɛn pii na Yehowa nyaa abotare pa ara. (Neh. 9:30; Yes. 30:18) Ɛho nhwɛso ne bere a Yehowa sii gyinae sɛ ɔbɛsɛe Sodom a Abraham bisaa no ho nsɛm pii no. Dɛn na Yehowa yɛe wɔ ho? Nea edi kan, bere a Abraham rekasa no Yehowa antwa n’ano. Mmom, Yehowa nyaa Abraham ho abotare tiee ne haw nyinaa ne asɛm biara a obisaa no. Afei, Yehowa tĩĩ asɛm biara a Abraham kae mu ma ohui sɛ watie nea ɛhaw no no. Yehowa maa no awerɛhyem sɛ, sɛ onya treneefo du pɛ mpo wɔ Sodom a, ɔrensɛe kurow no. (Gen. 18:22-33) Wei ma yehu sɛ Yehowa nyɛ ade ntra so, na mmom onya abotare tie afoforo!

Abotare ka nipasu foforo no ho, na ɛho hia pa ara. Ɛyɛ suban a ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa nya bi. Saa suban pa yi ma yetumi gyina tebea biara ano. Sɛ yɛyere yɛn ho nya bi a, yɛhyɛ yɛn soro Agya a odwen yɛn ho na ɔwɔ abotare no anuonyam, na ɔde yɛn bɛka “wɔn a wɔnam gyidi ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahorow no” ho.—Heb. 6:10-12.

^ nky. 4 Su ahorow nkron a ɛka bom yɛ Onyankopɔn honhom kronkron aba no, yɛadi kan asusuw ɔdɔ ho.

^ nky. 15 Wɔasesa din no.