Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Bere a wɔretaa osuani Stefano no, ɛyɛɛ dɛn na ne koma antu?

NÁ Stefano gyina mmarima bi a wɔn tirim yɛ den anim. Ná saa mmarima no yɛ Sanhedrin no mufo. Sanhedrin no, na ɛyɛ asɛnnibea kunini a ɛwɔ Israel; na atemmufo 71 na wɔwom. Ná saa mmarima no ka nnipa a wɔwɔ tumi pa ara wɔ ɔman no mu ho. Ɔsɔfo Panyin Kaiafa na ɔfrɛɛ saa nhyiam no; ɔno ara nso na abosome kakra a na atwam no ɔtenaa pon ti ma wobuu Yesu kumfo. (Mat. 26:57, 59; Aso. 6:8-12) Wɔmaa nkurɔfo bedii adanse tiaa Stefano, na wohuu biribi a ɛyɛ nwonwa wɔ Stefano ho; na n’anim “te sɛ ɔbɔfo anim.”—Aso. 6:13-15.

Tebea a ɛyɛ hu saa mu no, ɛyɛɛ dɛn na Stefano koma antu na ɔyɛe sɛ nea hwee nhaw no? Ansa na wɔde Stefano rekogyina Sanhedrin no anim no, na Onyankopɔn honhom ahyɛ no mã ma ɔreyɛ ne som adwuma denneennen. (Aso. 6:3-7) Bere a na wɔredi Stefano asɛm no, Onyankopɔn honhom koro no ara na na ɛreyɛ adwuma wɔ no so sɛ ɔwerɛkyekyefo ne ɔkaakaefo. (Yoh. 14:16) Stefano de akokoduru kyerɛkyerɛɛ n’asɛm mu sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo Nnwuma ti 7 no. Bere a ogu so rekasa no, honhom kronkron ma ɔkaakaee kyerɛwnsɛm bɛyɛ 20 anaa nea ɛboro saa wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. (Yoh. 14:26) Nanso, bere a Stefano nyaa anisoadehu na ohui sɛ Yesu gyina Onyankopɔn nsa nifa no, ɛhyɛɛ ne gyidi den pa ara.—Aso. 7:54-56, 59, 60.

Yɛn nso, ɛda bi bɛba a, ebia nkurɔfo behunahuna yɛn na wɔataa yɛn. (Yoh. 15:20) Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm daa na yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no a, yɛma Yehowa honhom yɛ adwuma wɔ yɛn so. Afei nso, yebenya akokoduru agyina ɔsɔretia ano na bere koro no ara yɛanya asomdwoe.—1 Pet. 4:12-14.