Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mɛnantew Wo Nokware Mu”

“Mɛnantew Wo Nokware Mu”

“O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wo kwan. Mɛnantew wo nokware mu.”—DW. 86:11.

NNWOM: 31, 72

1-3. (a) Ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛn wɔ nokware a ɛwɔ Bible mu no ho? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

MPƐN pii no, sɛ nkurɔfo kɔtɔ ade a, wɔsan de kɔ baabi a wɔkɔtɔe no. Akontaabu kyerɛ sɛ, aman bi so no, nneɛma a nkurɔfo kɔtɔ wɔ sotɔɔ no, wɔde bɛyɛ ɔha mu nkyekyɛm 9 san kɔ. Nneɛma a nkurɔfo tɔ no Intanɛt so a wɔsan de kɔ no, ebetumi aboro ɔha mu nkyekyɛm 30. Ebia wɔn a wɔtɔɔ nneɛma no hui sɛ ɛnyɛ nea wɔpɛ ne no, biribi atɔ sin wɔ ho, anaa wɔn ani nnye ho. Enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔsesa ade a wɔtɔe no, anaasɛ wɔde bɛkɔ akogye wɔn sika.

2 Ɛwom sɛ yebetumi de nneɛma a yɛatɔ asan ama ne wura na yɛagye yɛn sika, nanso “nokware no ho nimdeɛ” a ɛwɔ Bible mu a ‘yɛatɔ’ no de, yɛrensan mfa nkɔ baabi a yɛtɔɔ no no, anaa ‘yɛrentɔn’ da. (Kenkan Mmebusɛm 23:23; 1 Tim. 2:4) Sɛnea yesusuw ho wɔ adesua a edi wei anim mu no, yɛde bere pii na esuaa nokware no. Afei nso, bere a yɛretɔ nokware no, yɛde adwuma bi a sika wom too nkyɛn. Bio nso, nneɛma sesae wɔ yɛne afoforo abusuabɔ mu, anaa yɛyɛɛ nsakrae wɔ yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe mu. Afei yegyaee amanne ne nneyɛe bi a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia akyi di. Nanso, sɛ yɛde nhyira a yɛanya toto nneɛma a yɛde bɔɔ afɔre no ho a, nea yɛde bɔɔ afɔre no nyɛ hwee koraa.

3 Sɛnea yɛte nka wɔ nokware a ɛwɔ Bible mu ho no, ɛte sɛ nea ɔbarima bi yɛe wɔ mfatoho tiawa bi a Yesu mae mu. Yesu maa mfatoho no de kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn Ahenni no ho nokwasɛm som bo ma wɔn a wohu. Ɔkaa oguadini bi a otuu kwan kɔhwehwɛɛ nhene pa anaa ahweneɛ pa na ohuu baako ho asɛm. Nokwasɛm ne sɛ, na ahweneɛ no som bo ma no araa ma “ntɛm ara, ɔkɔtɔn” biribiara a na ɔwɔ kɔtɔe. (Mat. 13:45, 46) Saa ara na nokware no a yehui no, na ɛsom bo ma yɛn araa ma yefii yɛn pɛ mu gyaee biribiara akyi di kɔtɔe. Nokware no, ɛno ne Onyankopɔn Ahenni no ho nokwasɛm ne nokware biara a yesua fii Onyankopɔn Asɛm mu no. Sɛ nokware no som bo ma yɛn pa ara a, ‘yɛrentɔn’ da. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo bi werɛ afi sɛnea nokware a wonyae no som bo, enti wɔatɔn. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa da! Ɛsɛ sɛ yetie Bible afotu a ɛka sɛ ‘yɛnkɔ so nnantew nokware no mu’ no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa de kyerɛ sɛ nokware no som bo ma yɛn pa ara, na yɛrentɔn da. (Kenkan 3 Yohane 2-4.) Sɛ Bible ka sɛ yɛnnantew nokware no mu a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛmfa mmɔ yɛn bra. Ɛne sɛ, yɛbɛma ɛho ahia yɛn pa ara wɔ yɛn asetena mu na yɛde abɔ yɛn bra. Momma yensusuw nsɛmmisa a edi hɔ yi ho: Adɛn nti na ebia ebinom ‘tɔn’ nokware no, na ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ saa? Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanni mfomso a ɛyɛ awerɛhow saa? Yɛasi yɛn bo sɛ ‘yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu.’ Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mu den?

NEA ENTI A EBINOM ‘TƆN’ NOKWARE NO NE ƆKWAN A WƆFA SO YƐ SAA

4. Yesu bere so no, adɛn nti na ebinom ‘tɔnee’ nokware no?

4 Yesu bere so no, ebinom a mfiase no wotiee Yesu nkyerɛkyerɛ no ankɔ so annantew nokware no mu. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere a Yesu nam anwonwakwan so maa nnipadɔm bi aduan dii no, wodii n’akyi kɔɔ Galilea Po no agya. Yesu kaa asɛm bi kyerɛɛ wɔn wɔ hɔ maa wɔn ho dwiriw wɔn. Ɔkaa sɛ: “Moanni onipa Ba no honam annom ne mogya a, munni nkwa wɔ mo mu.” Sɛ́ anka wɔbɛka akyerɛ Yesu sɛ ɔnkyerɛkyerɛ asɛm no mu nkyerɛ wɔn no, wɔmaa asɛm no too wɔn hintidua, na wɔkaa sɛ: “Asɛm yi ano yɛ den; hena na obetumi atie?” Ɛno nti, “n’asuafo no mu bebree san kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyi no ho, na wɔne no annantew bio.”—Yoh. 6:53-66.

5, 6. (a) Ɛnnɛ, adɛn nti na ebinom awae afi nokware no ho? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na obi de nkakrankakra afi nokware no mu?

5 Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ, ebinom awae afi nokware no ho. Bible mu asɛm bi ho ntease foforo a yɛanya na ɛtoo ebinom hintidua; ebinom nso, asɛm a onua bi a ɔwɔ dibea wɔ asafo no mu kae anaa biribi a ɔyɛe na ɛtoo wɔn hintidua. Afoforo nso, Kyerɛwnsɛm mu afotu bi a wɔde maa wɔn na ɛhyɛɛ wɔn abufuw. Ebinom nso, nea ɛma wofii nokware no mu ne sɛ, na wɔne wɔn nua Kristoni bi ani nhyia. Afoforo de, wɔde wɔn ho kɔbɔɔ awaefo ne asɔretiafo a wɔkasa tia yɛn nkyerɛkyerɛ. Ɛno nti, ebinom hyɛɛ da ‘wae’ fii Yehowa ne asafo no ho. (Heb. 3:12-14) Sɛ wɔkɔɔ so kuraa wɔn gyidi mu, ɛnna wɔkɔɔ so nyaa Yesu mu ahotoso sɛnea ɔsomafo Petro yɛe no a, anka eye pa ara! Bere a Yesu bisaa asomafo no sɛ wɔn nso pɛ sɛ wɔkɔ anaa no, ntɛm ara na Petro buaa no sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”—Yoh. 6:67-69.

6 Afoforo de nkakrankakra afi nokware no mu; ebia wɔanhu sɛ na wɔrefi nokware no mu mpo. Obi a ofi nokware no mu nkakrankakra no yɛ n’ade te sɛ ɔkorow bi a ɛde nkakrankakra fi nsu ano. Bible ka nsakrae a ɛba nkakrankakra saa no ho asɛm sɛ onii no ‘retwe ne ho.’ (Heb. 2:1) Obi a ɔwae fi nokware no ho no hyɛ da na ɔyɛ saa, nanso obi a ɔtwe ne ho fi nokware no ho de, ɔnhyɛ da. Onipa a ɔte saa ma ɔne Yehowa ntam yɛ basaa, na anhwɛ a ɔne ne ntam bɛsɛe koraa. Dɛn na yɛbɛyɛ na awerɛhosɛm a ɛte saa anto yɛn?

DƐN NA YƐBƐYƐ NA YƐANTƆN NOKWARE NO?

7. Anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ yetu na yɛantɔn nokware no?

7 Sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu a, ɛsɛ sɛ yegye Yehowa asɛm biara tom na yedi so. Ɛsɛ sɛ yɛde nokware no di kan wɔ yɛn asetena mu na yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra. Ɔhene Dawid bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Mɛnantew wo nokware mu.” (Dw. 86:11) Ná Dawid asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yesi yɛn bo pintinn sɛ yɛbɛkɔ so anantew Onyankopɔn nokware mu. Sɛ yɛanyɛ saa a, yebetumi anya adwene foforo wɔ nea yɛde tɔɔ nokware no ho, na ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛnsan nkodi nneɛma a yɛagyaw hɔ no bi akyi. Mmom, yɛde ahwɛyiye so nokware no nyinaa mu yiye. Yenim sɛ yɛrentumi nka sɛ yebegye nokware bi atom na yɛabu yɛn ani agu ebi so. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛnantew “nokware no nyinaa mu.” (Yoh. 16:13) Momma yɛnhwɛ nneɛma nnum bi a ebia yɛde tɔɔ nokware no. Yɛyɛ saa a, yɛn bo a yɛasi sɛ yɛremma wɔnnaadaa yɛn mma yɛnsan nkodi nneɛma a yɛde tɔɔ nokware no bi akyi no, emu bɛyɛ den.—Mat. 6:19.

8. Sɛ Kristoni bi amfa ne bere anni dwuma yiye a, ɔkwan bɛn so na ebetumi ama watwe ne ho afi nokware no ho? Ma ɛho nhwɛso.

8 Bere. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere di dwuma yiye na amma yɛantwe yɛn ho amfi nokware no ho. Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a, yebetumi afi ase de bere pii adi anigyede akyi, ayɛ nneɛma a yɛyɛ de gyigye yɛn ani, akyinkyin Intanɛt so, anaa yɛde ahwɛ television. Ɛwom sɛ mfomso nni weinom a obi bɛyɛ ho de, nanso anhwɛ a bere a yɛde yɛ saa nneɛma no befi ase agye bere a na anka yɛde yɛ yɛn ankasa adesua ne nneɛma foforo a ɛfa Yehowa som ho no. Yɛnhwɛ nea ɛtoo yɛn nuabea Kristoni bi a ne din de Emma. * Efi Emma mmofraase no, na n’ani gye mpɔnkɔ ho pa ara. Bere biara a obenya kwan no, na ɔkɔtena pɔnkɔ so. Bere bi akyi no, bere dodow a na ɔde tena pɔnkɔ so de gyigye n’ani no ho asɛm fii ase haw no. Ɔyɛɛ nsakrae, na awiei koraa no, wamma nea ɔyɛ de gyigye n’ani no annye ne bere pii bio. Cory Wells a kan no na ɔtena pɔnkɔ so si akan no suahu nso hyɛɛ no nkuran. * Seesei, Emma de ne bere pii yɛ ɔsom adwuma, na onya bere ne n’abusua ne ne nnamfo a wɔyɛ Kristofo bɔ. Ɔte nka sɛ wabɛn Yehowa kɛse, na ɔwɔ asomdwoe; wahu sɛ ɔde ne bere redi dwuma yiye.

9. Dɛn na ebetumi ama ebinom adi ahonyade akyi na wɔde Yehowa som ato nkyɛn?

9 Ahonyade. Sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu a, ɛnsɛ sɛ yɛde ahonyade a yɛbɛhwehwɛ di kan wɔ yɛn asetena mu. Bere a yehuu nokware no, yɛamfa ahonyade a yɛbɛhwehwɛ anni Yehowa som adwuma anim. Ná yɛn ani gye ho sɛ yebegyae honam fam nneɛma bi akyi di sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu. Nanso, bere bi akyi no, ebia yebehu sɛ afoforo retotɔ ɛlɛtrɔnik mfiri a aba so anaasɛ wɔwɔ honam fam nneɛma foforo a yenni bi. Yebetumi afi ase ate nka sɛ yɛrehwere biribi. Sɛ yɛamma yɛn ani ansɔ honam fam nneɛma a yɛwɔ a, ebia yɛde nneɛma a ɛfa Yehowa som ho begu nkyɛn na yɛakɔpɛ ahonyade. Wei ma yɛkae nea ɛtoo Dema. “Mprempren wiase nhyehyɛe” ho anigye a Dema nyae ma ogyaee ɔsom adwuma a na ɔne ɔsomafo Paulo reyɛ no. (2 Tim. 4:10) Adɛn nti na Dema gyaw Paulo hɔ? Sɛ ahonyade na n’ani begyee ho sen ɔsom adwuma no oo, sɛ na ɔmpɛ sɛ ɔde nneɛma bɔ afɔre bio na ama watumi ne Paulo ayɛ ɔsom adwuma no oo, ɛno de, Bible nka. Ebia bere bi a atwam no, na yɛn ani gye honam fam nneɛma ho. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi anya saa nneɛma no ho anigye bio na emu ayɛ den araa ma nokware no ho anigye a yɛwɔ no afi yɛn mu.

10. Nhyɛso bɛn na ɛsɛ sɛ yɛko tia na ama yɛakɔ so anantew nokware no mu?

10 Yɛne afoforo abusuabɔ. Sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu a, ɛnsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔnsom Yehowa kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Bere a yefii ase nantew nokware no mu no, nneɛma sesae wɔ yɛne yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no ntam. Ná ebinom te yɛn ase; afoforo nso sɔre tiaa yɛn. (1 Pet. 4:4) Ɛwom, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne yɛn abusuafo ntam bɛyɛ kama na yɛne wɔn adi no yiye, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛrentoto nokware no ase sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsɔ wɔn ani. Yɛbɛkɔ so ayɛ nea yebetumi biara sɛ yɛne yɛn abusuafo bɛtena yiye. Nanso, esiane kɔkɔbɔ pefee a ɛwɔ 1 Korintofo 15:33 no nti, wɔn a wɔdɔ Yehowa no nkutoo na yɛne wɔn benya adamfofa a emu yɛ den.

11. Yɛbɛyɛ dɛn atwe yɛn ho afi nneyɛe a Bible kasa tia ho?

11 Nsusuwii bɔne ne nneyɛe bɔne. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnam nokware no mu nyinaa yɛ kronkron. (Yes. 35:8; kenkan 1 Petro 1:14-16.) Bere a yɛreba nokware no mu no, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ nsakrae na ama yɛatumi de Bible akwankyerɛ a ɛteɛ no abɔ yɛn bra. Ná ehia sɛ ebinom yɛ nsakrae akɛse. Sɛnea ɛte biara no, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ kronkron sesa ɔbrasɛe a ɛwɔ wiase yi mu no. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛamfa yɛn ho ankɔhyɛ ɔbrasɛe mu? Ade kɛse a Yehowa de mae sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ kronkron no, dwinnwen ho. Ɛno ne ne Dɔba Yesu Kristo mogya a ɛsom bo no. (1 Pet. 1:18, 19) Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so ayɛ kronkron wɔ Yehowa ani so no, ehia sɛ yɛma sɛnea Yesu agyede afɔre no som bo no tena yɛn adwene ne yɛn koma mu bere nyinaa.

12, 13. (a) Adwene a Yehowa wɔ wɔ nnapɔnna ho no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya bi? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho?

12 Amanne ne nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Ebia yɛn abusuafo, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, ne yɛn mfɛfo sukuufo bɛtwetwe yɛn sɛ yɛne wɔn nni wɔn afahyɛ ahorow. Sɛ wɔhyɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ amanne ne nnapɔnna a ɛnsɔ Yehowa ani mu a, dɛn na ɛbɛboa yɛn? Ehia sɛ yɛkae nea enti pa ara a Yehowa ani nnye nneyɛe a ɛte saa ho. Nea ɛyɛe a saa nnapɔnna no bae no, sɛ yɛyɛ ho nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu a, ɛbɛboa yɛn. Sɛ yɛma nea enti a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ mma yenni nnapɔnna a ɛte saa no tena yɛn adwenem a, ɛma yehu pa ara sɛ yɛrebɔ yɛn bra sɛnea “ɛsɔ Awurade ani.” (Efe. 5:10) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa ne n’Asɛm a ɛyɛ nokware no so a, ɛbɛboa yɛn na ɛremma ‘yensuro nnipa.’—Mmeb. 29:25.

13 Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu daa. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mu den? Nneɛma mmiɛnsa a yebetumi ayɛ na edi hɔ yi.

SI WO BO PA ARA SƐ WOBƐKƆ SO ANANTEW NOKWARE NO MU

14. (a) Sɛ yɛkɔ so sua Bible no a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ama yɛasi yɛn bo sɛ yɛrentɔn nokware no anaa yɛremfi mu da? (b) Adɛn nti na yehia nyansa, nteɛso, ne ntease?

14 Nea edi kan, kɔ so sua nokware a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no na dwinnwen ho. Yi bere si hɔ daa fa sua nokware a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no fa tɔ nokware no. Woyɛ saa a, ɛbɛma woanya anisɔ kɛse ama nokware no, na ama woasi wo bo pa ara sɛ worentɔn nokware no, anaa woremfi mu da. Nokware no a yɛbɛtɔ akyi no, Mmebusɛm 23:23 ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛtɔ “nyansa ne nteɛso ne ntease” nso. Bible mu nimdeɛ a yebenya nko ara nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ yɛde nokware no bɔ yɛn bra. Yenya ntease a, ɛma yetumi de Yehowa ho ade a yɛasua no toto nea yenim dedaw ho. Nyansa kanyan yɛn ma yɛde nea yenim yɛ adwuma. Ɛtɔ da a, nokware no teɛ yɛn so, na ɛma yehu nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛde akwankyerɛ a ɛte saa no yɛ adwuma ntɛm bere nyinaa. Ɛsom bo sen dwetɛ koraa.—Mmeb. 8:10.

15. Ɔkwan bɛn so na nokware no bɔ yɛn ho ban te sɛ abɔso anaa bɛlt?

15 Nea ɛto so mmienu, si wo bo pintinn sɛ wode nokware no bɛbɔ wo bra da biara da. Fa nokware no bɔ w’asen anaa wo sisi te sɛ abɔso anaa bɛlt. (Efe. 6:14) Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na ɔsraani bɔ bɛlt de bɔ ne sisi ne ne yam nneɛma ho ban. Sɛ bɛlt no betumi abɔ ɔsraani no ho ban a, ebehia sɛ omia mu denneennen. Sɛ ɔma bɛlt no hodwow anaa emu gow a, ɛrentumi mmɔ ne ho ban yiye. Sɛn na yɛn honhom fam bɛlt no bɔ yɛn ho ban? Sɛ yɛkɔ so de nokware no bɔ yɛn sisi denneennen te sɛ bɛlt a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi nsusuwii hunu ho, na ɛbɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa. Sɛ biribi sɔ yɛn hwɛ anaa sɔhwɛ bi to yɛn a, nokware a ɛwɔ Bible mu a yɛasua no bɛboa yɛn ama yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ. Sɛnea sɛ ɔsraani bi rekɔ akono a ɛremma da sɛ obegyaw ne bɛlt hɔ no, saa ara na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremma nokware a ɛte sɛ bɛlt a ɛbɔ yɛn no renhodwow anaa yɛrenyi mfi yɛn ho da. Mmom, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de nokware no abɔ yɛn bra; yɛyɛ saa a, ɛte sɛ nea yɛabɔ yɛn bɛlt denneennen. Adwuma foforo a na ɔsraani bɛlt yɛ ne sɛ, na ɛma onya baabi de ne nkrante hyɛ. Ɛno de yɛn ba ade foforo a yɛbɛyɛ de ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu den so.

16. Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu no den?

16 Nea ɛto so mmiɛnsa, yɛ nea wubetumi biara sɛ wode nokware a ɛwɔ Bible mu no bɛkyerɛkyerɛ afoforo. Woyɛ saa a, wubeso honhom no nkrante a ɛne “Onyankopɔn asɛm” no mu denneennen. (Efe. 6:17) Yɛn nyinaa betumi ayere yɛn ho ama yɛn ho akokwaw sɛ akyerɛkyerɛfo a ‘yekura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Tim. 2:15) Sɛ yɛde Bible boa afoforo ma wɔtɔ nokware no na wɔpo atosɛm a, yɛma Onyankopɔn asɛm tim yɛn ankasa adwene ne yɛn koma mu. Ɛba saa a, yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so anantew nokware no mu no, yɛhyɛ mu den.

17. Adɛn nti na nokware no som bo ma wo?

17 Nokware no yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Yehowa hɔ. Saa akyɛde yi na ama yɛanya agyapade a ɛsom bo sen biara no. Ɛno ne abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne yɛn soro Agya no wɔ. Nea Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn de abesi nnɛ no, ɛyɛ mfiase ara kwa! Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ nokware no a yɛatɔ dedaw no, ɔbɛkɔ so de bi aka ho ama yɛn daa. Enti, ma w’ani nsɔ nokware no te sɛ ahene pa anaa ahweneɛ pa. Kɔ so “tɔ nokware na ntɔn.” Sɛ woyɛ saa a, sɛnea Dawid yɛe no, wo nso wobɛhyɛ Yehowa bɔ sɛ: “Mɛnantew wo nokware mu.”—Dw. 86:11.

^ nky. 8 Wɔasesa din no.