Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

‘Yehowa Ne Yɛn Adi No Yiye’

‘Yehowa Ne Yɛn Adi No Yiye’

BERE a me ne me yere Danièle duu hotɛl hɔ ara pɛ na obi a ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wogye ahɔho no ka kyerɛɛ me sɛ, “Owura, mesrɛ wo wubetumi afrɛ polisifo a wɔhwɛ ɔman no hye so no?” Afe 1970 mfe mu hɔ no, na wɔabara yɛn som adwuma no wɔ Gabon. Gabon yɛ ɔman a ɛwɔ Afrika Atɔe fam. Yeduu hɔ no, nnɔnhwerew kakraa bi akyi na saa asɛm yi sii.

Ná Danièle yɛ obi a n’ani da hɔ bere nyinaa, enti ɔka guu m’asom sɛ: “Nhaw wo ho mfrɛ polisifo no; wɔwɔ ha dedaw!” Kar bi begyinaa hotɛl no anim wɔ yɛn akyi pɛɛ. Simma kakraa bi akyi no, asraafo kyeree yɛn mmienu nyinaa. Nanso, esiane sɛ Danièle dii kan bɔɔ me kɔkɔ nti, mitumi de nkrataa bi maa onua bi a na ɔwɔ hɔ.

Bere a asraafo no de yɛn rekɔ polisifo adwumam no, midwinnwen sɛnea eye pa ara sɛ manya ɔyere a ɔwɔ akokoduru na odwen Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho. Mpɛn pii na me ne Danièle boom yɛɛ ɔsom adwuma no, na wei yɛ emu baako pɛ. Nea ɛyɛe a yɛkɔɔ aman a na wɔabara yɛn asɛnka adwuma no mu no, ma menka ho asɛm nkyerɛ wo.

YEHOWA BOAA ME MA MIHUU NOKWARE NO

Afe 1930 na wɔwoo me. Wɔwoo me wɔ Croix; ɛyɛ kurow ketewa bi a ɛwɔ France atifi fam. Ná m’abusuafo yɛ Katolekfo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ. Nnawɔtwe biara na yɛn abusua no kɔ Mass, na na me papa de ne ho hyɛ asɔre no dwumadi mu pa ara. Nanso, bere a mereyɛ adi mfe 14 no, asɛm bi sii a ɛma mihuu nyaatwom a ɛwɔ asɔre no mu.

Wiase ko a ɛto so mmienu no mu no, German asraafo gyee France man no bɔɔ so. Sɛ yɛn sɔfo no reyɛ asɔre a, na ɔtaa hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛntaa Vichy aban no a na akogyina Nasi tumidi no afã no akyi. Ná nsɛm a ɔsɔfo no ka no bɔ yɛn hu pa ara. Ná yewia yɛn ho tie BBC radio sɛnea na nnipa pii a wɔwɔ France yɛ no. Aman a na wɔreko atia Germany no, na BBC radio no ka wɔn ho asɛm. Nanso, September 1944 no, ɔsɔfo no sesaa n’ano. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛnyɛ nnaase asɔre sɛ asraafo a wɔreko tia Germany no redi nkonim. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ ɔyɛɛ nyaatwom saa. Ɛsɛee ahotoso a na mewɔ wɔ asɔfo no mu.

Ɔko no baa awiei no, ankyɛ na me papa wui. Ná me nuabea panyin aware dedaw, na na ɔne ne kunu te Belgium. Enti mihui sɛ ɛsɛ sɛ mehwɛ me maame. Adwumakuw bi a ɛyɛ ntama faa me wɔ adwuma no mu. Ná m’adwumawura ne ne mmabarima yɛ Katolekfo a wonni wɔn som ho agorɔ. Ɛwom sɛ na nneɛma betumi akɔ yiye ama me wɔ wɔn adwuma no mu de, nanso na ɛrenkyɛ na mahyia sɔhwɛ bi.

Afe 1953 no, me nuabea Simone a na wabɛyɛ Ɔdansefo no bɛsraa yɛn. Ɔtɔɔ ne bo ase de ne Bible kyerɛkyerɛɛ me ma mihui sɛ Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛne hellgya, Baasakoro, ne ɔkra a enwu da no yɛ atoro. Mfiase no, mekaa sɛ ɛnyɛ Katolek Bible na ɔde reyɛ adwuma. Nanso, ankyɛ na mibehui sɛ asɛm a na ɔreka akyerɛ me no yɛ nokware. Akyiri yi, ɔbrɛɛ me Ɔwɛn-Aban dedaw bi, na mede anigye kenkanee wɔ me dan mu anadwo. Ankyɛ koraa na mihui sɛ nokware no ni; nanso na misuro sɛ, sɛ mema nkurɔfo hu sɛ meyɛ Yehowa Dansefo a, m’adwuma befi me nsa.

M’ankasa misuaa Bible ne Ɔwɛn-Aban mu nsɛm abosome kakra. Ɛno akyi no, misii gyinae sɛ mɛkɔ Ahenni Asa so. Ɔdɔ a na ɛwɔ asafo no mu no kaa me pa ara. Onua bi a ne ho akokwaw ne me suaa Bible no abosome nsia, na ɛno akyi no, mebɔɔ asu September 1954. Ankyɛ na me maame ne me nuabea kumaa no bɛyɛɛ Adansefo; wei maa m’ani gyei pa ara.

YƐDE YƐN HO TOO YEHOWA SO WƆ BERE NYINAA SOM ADWUMA NO MU

Afe 1958 no, minyaa hokwan kɔɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York no bi. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, aka nnawɔtwe kakraa bi ama nhyiam no adu so no, me maame wui. Mifi nhyiam no bae no, na obiara nni hɔ a ɛda me so sɛ mehwɛ no. Enti migyaee m’adwuma no, na mifii akwampae adwuma ase. Saa bere no, me ne onuawa bi a ne din de Danièle Delie yɛɛ aware nhyehyɛe. Ná ɔyɛ ɔkwampaefo a ɔyɛ nsi. Mewaree Danièle a na medɔ no pa ara no May 1959.

Danièle fii bere nyinaa som adwuma ase wɔ Brittany nkuraase, na ɛhɔ mmɛn ne kurom koraa. Ná Katolekfo dɔɔso wɔ hɔ pa ara. Enti, na obehia akokoduru na ama watumi atena sakre so akɔ nkuraa no ase akɔka asɛm no wɔ hɔ. Ná me ne no nyinaa te nka sɛ awiei no abɛn pa ara, enti yɛde nsi ne ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no. (Mat. 25:13) Esiane sɛ na Danièle wɔ ahofama nti, ɛboaa yɛn ma yɛkɔɔ so yɛɛ bere nyinaa som adwuma no.

Yɛwaree no, nna kakraa bi akyi na wɔma yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma. Ná ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ. Asafo a edi kan a yɛkɔsraa wɔn no, na adawurubɔfo 14 na wɔwom. Ná anuanom a wɔwɔ hɔ no di hia nti, wɔn mu biara annya baabi amma yɛn anna. Enti, yɛde matras too asɛnka agua so wɔ Ahenni Asa so daa so. Ná ɛso da nyɛ dɛ ankasa de, nanso ɛboaa yɛn akyi berɛmo pa ara!

Yɛde yɛn kar ketewa no na na ɛkɔsrasra asafo ahorow

Ɛwom sɛ na akwantu adwuma no yɛ den de, nanso Danièle suaa sɛnea ɔbɛyɛ adwuma no. Mpɛn pii no, na yɛyɛ mpanyimfo nhyiam a yenni kan nyɛ ho nhyehyɛe. Ɛba saa a, na ɛsɛ sɛ ɔtena yɛn kar ketewa no mu twɛn, nanso wannwiinwii da. Yɛde mfe mmienu pɛ na ɛyɛɛ ɔmansin adwuma no. Saa bere no na yehui sɛ ɛho hia pa ara sɛ awarefo yi wɔn yam bɔ nkɔmmɔ, na wɔbom yɛ biribiara.—Ɔsɛnk. 4:9.

YENYAA ƆSOM ADWUMA FOFORO

Afe 1962 no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ma yɛkɔɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 37 wɔ Brooklyn, New York. Yɛde abosome du na esuaa ade wɔ sukuu hɔ. Sukuufo 100 a yɛkɔɔ sukuu no, na yɛn mu 26 na yɛaware. Enti, yehui sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛn mmienu boom kɔɔ bi. Minyaa hokwan ne gyidifo akukudam te sɛ Frederick Franz, Ulysses Glass, ne Alexander H. Macmillan bɔe. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, sɛ mekae a, na m’ani agye.

Yɛn ani gyei pa ara sɛ yɛn mmienu boom kɔɔ Gilead Sukuu!

Bere a na yɛresua ade wɔ Gilead no, wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mmɔden nhyɛ nneɛma nsow. Sɛ yɛpɔn sukuu Memeneda a, ɛtɔ da a, awia na yɛkɔ New York City kɔhwehwɛ mmeae bi. Ná yenim sɛ edu Dwoda a, yɛbɛkyerɛw nea yehui no ho sɔhwɛ. Mpɛn pii no, yɛbɛba fie Memeneda anwummere no, na yɛabrɛ sei ara tam. Nanso, na onua a ɔyɛ adwuma wɔ Betel a odi yɛn anim de yɛn kɔ no bisabisa yɛn nsɛm bi. Ná ɔyɛ saa sɛnea ɛbɛboa yɛn ama yɛakaakae nneɛma bi akyerɛw bere a yɛreyɛ sɔhwɛ no. Memeneda bi, awia no nyinaa, yekyinkyin kurow no mu. Yɛkɔɔ baabi a nyansahufo de mfiri hwɛ wim nneɛma, na yesuaa nsoromma a etua dua (meteor) ne nyame akuma (meteorite) ho ade. Yɛsan nso kɔɔ Amerika Asoɛe a Ɛkora Nnua ne Mmoa Ho Nsɛm So, na yehuu nsonsonoe a ɛwɔ ɔkyekye ne ɔdɛnkyɛm ntam. Bere a yɛsan kɔɔ Betel no, onua a odii yɛn anim kɔe no bisaa yɛn sɛ: “Enti, nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nsoromma a etua dua ne nyame akuma ntam?” Ná Danièle abrɛ, enti ɔkaa sɛ: “Nyame akuma de, ne sẽ woware!”

Yɛn ani gyei sɛ yɛkɔsrasraa yɛn nuanom anokwafo a wɔwɔ Afrika

Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ wɔde yɛn kɔɔ France baa dwumadibea; yɛsomee wɔ hɔ bɛboro mfe 53. Afe 1976 no, wɔma mesomee sɛ Baa Boayikuw ntam nkitahodifo. Afei nso, wɔma mekɔsrasraa aman a wɔabara yɛn som adwuma no wɔ hɔ anaa wɔde nsa ato yɛn so wɔ Afrika ne Mediterranea Apuei fam. Wei na ɛma yekopuee Gabon; ɛhɔ na asɛm a mekaa no mfiase no too yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na na mete nka sɛ metumi ayɛ nnwuma a na menhwɛ kwan a wɔde hyɛɛ me nsa no. Nanso, Danièle boaa me pa ara ma mitumi yɛɛ adwuma biara a wɔde hyɛɛ me nsa.

Merekyerɛ Onua Theodore Jaracz kasa ase wɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam nhyiam ase wɔ Paris, afe 1988

YƐFAA ASETENA A EMU YƐ DEN MU

Yɛn ani gyee Betel asetena ho fii mfiase pɛɛ. Danièle suaa Borɔfo kasa abosome nnum ansa na yɛrekɔ Gilead. Ɔbɛyɛɛ nsɛm asekyerɛfo a ne ho akokwaw, na na ɔkyerɛ yɛn nhoma ahorow ase. Adwuma a yɛyɛ wɔ Betel no maa yɛn ani gyei pa ara, nanso asafo dwumadi ahorow a yɛde yɛn ho hyɛɛ mu no maa yɛn ani gyei kɛse. Ná me ne Danièle taa fa keteke a ɛnam asase ase anadwo wɔ Paris; bere biara a mɛkae no, na m’ani agye. Ná yɛbrɛ de, nanso na yɛn ani gye sɛ yɛkɔyɛɛ Bible adesua ahorow a etu mpɔn. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, yare bɔɔ Danièle mpofirim, na na ɛmma ontumi nyɛ ne som adwuma sɛnea ɔpɛ.

Afe 1993 no, wɔyɛɛ Danièle nipadua mu nhwehwɛmu hui sɛ kokoram atɔ ne nufu mu. Ná ɔkwan a wɔfa so sa no yare no ano yɛ den; wɔyɛɛ no oprehyɛn, na na wɔma no nnuru a ano yɛ den nso. Mfe 15 akyi no, wɔyɛɛ ne nipadua mu nhwehwɛmu hui sɛ wasan anya kokoram; wei de, na emu yɛ den pa ara. Nanso, na n’ani gye nsɛm asekyerɛ adwuma a ɔyɛ no ho ara ma sɛ na ne ho tɔ no kakra a, na ɔkɔ adwuma.

Ɛmfa ho yare bɔne a ɛbɔɔ Danièle no, yɛanyɛ yɛn adwene da sɛ yebefi Betel. Sɛ wowɔ Betel na wonte apɔw a, ɛno nso wɔ ne haw. Titiriw, sɛ afoforo nnim sɛnea yare no mu yɛ den fa a, na asɛm no asɛe koraa. (Mmeb. 14:13) Bere mpo a na Danièle reyɛ adi mfe 80 no, esiane sɛ na n’anim tew na ne ho yɛ fɛ nti, na ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ ɔyare. Ná onsu ne ho mmɔbɔ. Mmom, na ɔhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so aboa afoforo. Ná onim sɛ, sɛ ɔyɛ aso tie nkurɔfo a wɔrehu amane a, ebetumi aboa wɔn pa ara. (Mmeb. 17:17) Danièle anyɛ ne ho sɛ ɔyɛ ɔfotufo; nanso na ɔde ne suahu boa anuanom mmea pii ma wohu sɛ ɛnsɛ sɛ wosuro kokoram.

Afei nso, yehyiaa ɔhaw afoforo a na ɛsɛ sɛ yegyina ano. Bere a ɛbae sɛ na Danièle ntumi nyɛ adwuma da mũ nyinaa no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛboa me wɔ nneɛma pii mu. Ɔyɛɛ nneɛma pii maa m’asetena yɛɛ mmerɛw, na ɛboaa me ma mitumi somee sɛ Baa Boayikuw ntam nkitahodifo mfe 37. Ebi ne sɛ, daa na ɔyɛ aduan sɛnea ɛbɛyɛ a yebedidi wɔ dan mu awia na yɛagye yɛn ahome kakra.—Mmeb. 18:22.

SƐNEA YEGYINAA AHOYERAW ANO DA BIARA DA

Ná Danièle hwɛ kwan bere nyinaa sɛ nneɛma bɛyɛ yiye, na na ɔpɛ pa ara sɛ ɔtena ase kyɛ. Nanso, ɔsan nyaa kokoram ne mprɛnsa so. Wei maa yɛn abam bui. Nnuru a ano yɛ den a na wɔde ma no, ne mfiri a wɔde no faa mu hwehwɛɛ ne nipadua mu no ma ɔyɛɛ mmerɛw pa ara ma ɛtɔ da a, na ɛyɛ den sɛ ɔbɛnantew. Eduu bere bi no, me yere a ɔda me koma so a na ɔyɛ nsɛm asekyerɛfo a ne ho akokwaw no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkasa. Saa bere no, me werɛ howee pa ara.

Ɛwom, yehui sɛ na yɛrentumi nyɛ nea ato yɛn no ho hwee de, nanso yɛkɔɔ so bɔɔ mpae, na na yegye di sɛ Yehowa remma yenhu amane ntra nea yebetumi. (1 Kor. 10:13) Yehowa nam n’Asɛm, anuanom a wɔhwɛ wɔn a wɔyare wɔ Betel, ne yɛn nuanom a wɔwɔ asafo no mu so boaa yɛn. Bere nyinaa na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ ho anisɔ.

Yɛsrɛɛ Yehowa mpɛn pii sɛ ɔmmoa yɛn mma yenhu ayaresa a ɛsɛ sɛ yegye tom. Eduu bere bi no, na ayaresafo nhu ɔkwan a wɔbɛfa so asa no yare. Ná oduruyɛfo a wahwɛ Danièle mfe 23 no ntumi nhu nea enti a bere biara a wɔbɛma Danièle nnuru a ano yɛ den no, na ade retɔ no so. Oduruyɛfo no antumi ankyerɛ ɔkwan foforo biara a obetumi afa so asa no yare. Yɛtee nka sɛ aka yɛn nko ara, na na yentumi nhu nea ɛbɛkɔ akowie. Saa bere no, oduruyɛfo foforo a ɔhwɛ nkurɔfo a wɔanya kokoram kaa sɛ ɔbɛhwɛ Danièle. Ɛyɛɛ yɛn sɛ nea Yehowa abue kwan bi a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina ahoyeraw no ano.

Yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛremfa nea ebesi ɔkyena nhaw yɛn ho. Sɛnea Yesu kae no, “da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.” (Mat. 6:34) Yɛkɔɔ so nyaa adwempa, na yɛde nsɛm no bi nso yɛɛ serew, na ɛno boaa yɛn. Nhwɛso bi ni. Eduu bere bi a wɔamma Danièle nnuru a ano yɛ den abosome mmienu no, ɔserew kyerɛɛ me, na mihui sɛ asɛm wɔ n’ano. Ɔkaa sɛ, “Me ho ntɔɔ me sei da!” (Mmeb. 17:22) Amane a na ɔrehu nyinaa akyi no, na ɔde anigye bobɔ Ahenni nnwom foforo no so, na na ɔto no den.

Adwempa a na Danièle wɔ no boaa me ma mitumi gyinaa m’ankasa me haw ano. Nokwasɛm ne sɛ, mfe 57 a yɛde waree no, ɔmaa me nsa kaa nea na mihia. Ná ɔmpɛ sɛ ɔkyerɛ me sɛnea yɛkyew kesua mpo! Enti, eduu bere bi a na ontumi nyɛ hwee no, na ɛsɛ sɛ misua sɛnea yɛhohoro nkyɛnsee mu, sɛnea yɛhoro ntade, ne sɛnea yɛnoa nnuan a ɛho adwuma nyɛ den. Mabobɔ nkuruwa a yɛnom mu kakra, nanso na m’ani gye pa ara sɛ mereyɛ nneɛma bi a ɛbɛma n’ani agye. *

MEDA YEHOWA ASE SƐ WAYƐ ME ADƆE

Sɛ mehwɛ m’akyi a, mihu sɛ, ɔhaw a yare ne onyin de baa yɛn so no ama masua nneɛma bi a mfaso wɔ so. Nea edi kan, ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma foforo gye yɛn bere araa ma yɛn werɛ fi sɛ yebenya bere ama yɛn hokafo a yɛdɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn adɔfo yiye bere a yɛwɔ ahoɔden pa ara no. (Ɔsɛnk. 9:9) Nea ɛto so mmienu, ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma nketenkete haw yɛn pii; anyɛ saa a, yebebu yɛn ani agu nhyira pii a yenya da biara da no so.—Mmeb. 15:15.

Sɛ midwinnwen bere a yɛde ayɛ bere nyinaa som adwuma no ho a, mete nka pa ara sɛ Yehowa ahyira yɛn sen sɛnea na yɛhwɛ kwan. Me ne odwontofo no yɛ adwene. Ɔkaa sɛ: ‘Yehowa ne me adi no yiye.’—Dw. 116:7.

^ nky. 32 Bere a yɛrekyerɛw saa asɛm yi na Onuawa Danièle Bockaert wui. Odii mfe 78.