Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun, Mubetumi Anya Asetena a Akomatɔyam Wom

Mmabun, Mubetumi Anya Asetena a Akomatɔyam Wom

“Wobɛma mahu nkwa kwan.”​—DW. 16:11.

NNWOM: 133, 89

1, 2. Nsakrae bɛn na Tony asɛm no ma yehu sɛ obi betumi ayɛ?

TONY yɛ sukuuni a na ɔpɛ sɛ ogyae ntoaso sukuu. Tony annya agya antete no, na na n’ani nnye sukuu ho. Edu Memeneda ne Kwasida a, na ɔkɔhwɛ sini, na na ɔde ne ho bɔ ne nnamfonom. Ná ɔnyɛ basabasa, na na ɔnnom nnubɔne nso. Nea ɛwom ara ne sɛ, na botae biara nsi n’ani so wɔ asetena mu. Ná onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Da bi, ohyiaa awarefo bi a wɔyɛ Adansefo; ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na obisabisaa wɔn nsɛm. Awarefo no maa no nhomawa mmienu: The Origin of Life—Five Questions Worth Asking ne Was Life Created?

2 Bere a awarefo no san kɔsraa Tony no, na n’adwene asesa koraa. Ná wasua nhomawa no yiye araa ma na nhomawa no nkratafa anoano akeka ato so, na na amoamoa nso. Ɔkaa sɛ: “Ɛrentumi mma sɛ Onyankopɔn nni hɔ.” Ɔpenee so ma wɔne no suaa Bible, na nkakrankakra ne suban sesae. Ansa na Tony ne Adansefo no resua Bible no, na ɔmmɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu. Nanso, akyiri yi, sukuufo a wɔbɔ mmɔden pa ara no, na ɔka ho. Ɔpanyin a na ɔhwɛ sukuu a Tony kɔ so no ho dwiriw no. Ɔkaa sɛ: “Wo suban ayɛ papa pa ara, na worebɔ mmɔden wɔ adesua mu nso. Yehowa Adansefo a wode wo ho abɔ wɔn no nti anaa?” Tony kaa sɛ aane, na afei odii no adanse kama. Tony tumi wiee ntoaso sukuu no; seesei ɔyɛ daa kwampaefo, na ɔyɛ asafo mu somfo nso. N’ani agye nso sɛ seesei wanya Yehowa sɛ n’Agya a ɔdɔ no.—Dw. 68:5.

TIE YEHOWA, NA EBESI WO YIYE

3. Afotu bɛn na Yehowa de ma mmabun?

3 Tony asɛm no ma yehu sɛ Yehowa dwen mmabun a wɔwɔ yɛn mu no ho pa ara. Yehowa pɛ sɛ esi wo yiye ankasa na wunya akomatɔyam. Enti, otu wo fo sɛ: “Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem.” (Ɔsɛnk. 12:1) Ɛnnɛ wiase yi mu no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛyɛ saa bere nyinaa, nanso wubetumi ayɛ. Onyankopɔn bɛboa wo ama woakae no wɔ wo mmabunberem ne wo nkwa nna nyinaa mu. Nhwɛso bi ni. Yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Bɔhyɛ Asase no a Israelfo ko fae ne Dawid ne Goliat ntɔkwaw no mu.

4, 5. Ade titiriw bɛn na yebetumi asua afi sɛnea Israelfo dii Kanaanfo so nkonim ne Dawid ne Goliat ntɔkwaw no mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Bere a Israelfo rebɛn Bɔhyɛ Asase no, Onyankopɔn anka ankyerɛ wɔn sɛ wɔntete wɔn ho yiye mma akodi. (Deut. 28:1, 2) Mmom, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ehia sɛ wodi n’ahyɛde so na wɔde wɔn ho to no so. (Yos. 1:7-9) Nnipa ani so no, na ɛte sɛ nea ntease nni saa afotu no mu! Nanso, na ɛno ne afotu a eye pa ara, efisɛ Yehowa maa ne nkurɔfo dii Kanaanfo so nkonim mpɛn pii. (Yos. 24:11-13) Ehia sɛ obi nya gyidi na ama watumi ayɛ osetie ama Onyankopɔn, nanso sɛ obi nya gyidi a ɛte saa a, esi no yiye bere nyinaa. Saa nokwasɛm yi nsesa da. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, ɛyɛ nokware.

5 Ná Goliat yɛ ɔdɔmmarima kokodurufo. Ná ne tenten bɛyɛ anammɔn nkron ne fã (mita 2.9), na na akode a ɔde ahyehyɛ ne ho yɛ hu. (1 Sam. 17:4-7) Nanso Dawid de, nneɛma mmienu na na ɔwɔ: ataabo ne ne Nyankopɔn Yehowa mu gyidi. Wɔn a wonni gyidi de, na ɛbɛyɛ wɔn sɛ Dawid nnim nyansa. Nanso, na ɛnte saa koraa! Goliat mmom na na onnim nyansa.—1 Sam. 17:48-51.

6. Dɛn na yebesusuw ho akɔ akyiri?

6 Adesua a edi wei anim no, yesusuw nneɛma nnan a ɛboa yɛn ma yenya anigye na esi yɛn yiye ho. Saa nneɛma no ne sɛnea yebenya yɛn honhom fam ahiade, sɛnea yɛbɛkyerɛ nnamfo a Onyankopɔn ama yɛanya ho anisɔ, botae pa a yɛde besisi yɛn ani so, ne yɛn ahofadi a yɛbɛma asom bo ama yɛn sɛ Onyankopɔn asomfo. Afei, momma yensusuw saa nsɛm yi ho nkɔ akyiri. Saa bere yi de, yɛbɛhwɛ nnyinasosɛm ahorow bi a ɛwɔ Dwom 16.

MA WO NSA NKA WO HONHOM FAM AHIADE

7. (a) Sɛ yɛka sɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ obi kwan a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Dɛn na na ɛyɛ Dawid “kyɛfa,” na wei kaa no sɛn?

7 Obi a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan wɔ Onyankopɔn mu gyidi, na ɔwɔ Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho. Ɔhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, na wasi ne bo sɛ obetie no. (1 Kor. 2:12, 13) Dawid yɛ obi a na Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan. Ɔtoo dwom sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa ne kuruwa a wɔasusuw ama me.” (Dw. 16:5) Abusuabɔ pa a na Dawid ne Onyankopɔn wɔ no ka ne “kyɛfa” no ho. Ná ɔde Onyankopɔn ayɛ ne guankɔbea. (Dw. 16:1) Dɛn na efii mu bae? Ɔkaa sɛ: “M’anuonyam adi ahurusi.” Nokwasɛm ne sɛ, abusuabɔ a na Dawid ne Onyankopɔn wɔ no na ɛmaa n’ani gyei pa ara.—Kenkan Dwom 16:9, 11.

8. Nneɛma a ɛma yenya akomatɔyam pa ara no, ebi ne dɛn?

8 Nnipa a wɔde wɔn ani si anigyede ne sika so no, wonnya anigye a Dawid nyae no bi. (1 Tim. 6:9, 10) Onua bi a ɔwɔ Canada kaa sɛ: “Ɛnyɛ nea yenya wɔ asetenam na ɛma yenya akomatɔyam ankasa, na mmom nea yɛde ma Yehowa Nyankopɔn, Onii a akyɛde pa biara fi no no.” (Yak. 1:17) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wunya Yehowa mu gyidi na wosom no a, ebesi wo yiye na woanya akomatɔyam. Dɛn na wobɛyɛ na wo gyidi ayɛ den? Ɛsɛ sɛ wo ne Yehowa bɔ; nea wobɛyɛ ne sɛ wobɛkenkan n’Asɛm, ahwɛ nneɛma a wabɔ, asusuw ne su ahorow ne ɔdɔ a ɔwɔ ma wo ho.—Rom. 1:20; 5:8.

9. Wobɛyɛ dɛn ama Onyankopɔn Asɛm akyerɛ wo kwan sɛnea Dawid yɛe no?

9 Ɛtɔ da a, Onyankopɔn teɛ yɛn so de da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn sɛnea agya a ɔdɔ ne mma yɛ no. Dawid ani sɔɔ nteɛso a ɛte saa. Ɔkaa sɛ: “Mehyira Yehowa a wama me afotu no. Anadwo na m’asaabo teɛ me so.” (Dw. 16:7) Nokwarem no, Dawid susuw Onyankopɔn adwene ho, osuaa biribi fii mu, na ɔma ɛkyerɛɛ no kwan. Sɛ woyɛ saa wɔ gyidi mu a, ɔdɔ a wo nso wowɔ ma Onyankopɔn no bɛyɛ kɛse, na woanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wubetie no. Wobɛyɛ Kristoni a ne ho akokwaw nso. Onuawa bi a ne din de Christin kaa sɛ: “Sɛ meyɛ nhwehwɛmu na midwinnwen nea mekenkan ho a, mete nka sɛ Yehowa ma wɔkyerɛw saa asɛm no maa me!”

10. Sɛnea Yesaia 26:3 ka no, woma Onyankopɔn honhom kyerɛ wo kwan a, ɛbɛboa wo sɛn?

10 Yɛka sɛ, sɛ woma Onyankopɔn honhom kyerɛ wo kwan a wubenya nimdeɛ ne nhumu soronko a, ɛnyɛ asɛm a yɛrehaahaa yɛn ani aka. Ɛbɛma wode Onyankopɔn adwene ahu nea ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu ne nea ɛbɛba daakye nso. Adɛn nti na Onyankopɔn ma wunya nimdeɛ ne nhumu a ɛte saa? Onyankopɔn pɛ sɛ wode gyinae pa sisi w’ani so wɔ w’asetenam, na wode ahotoso ahwɛ daakye kwan! (Kenkan Yesaia 26:3.) Onua bi a ne din de Joshua a ɔte United States kaa sɛ: “Sɛ wobɛn Yehowa a, ɛma wuhu nneɛma a ɛho hia ne nea ɛho nhia.” Saa asɛm yi yɛ nokware, na ɛma yenya akomatɔyam!

FA NNAMFO PA

11. Ɔkwan bɛn na Dawid faa so paw ne nnamfo?

11 Kenkan Dwom 16:3. Ná Dawid nim sɛnea yɛfa nnamfo pa. Wɔn a wɔdɔ Yehowa a ɔne wɔn bɔe no, ‘n’ani sɔe pa ara,’ anaa ɛmaa n’ani gyei pa ara. Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “akronkronfo,” efisɛ wɔn ho tew, na wɔteɛ. Odwontofo foforo nso tee nka saa ara wɔ nkurɔfo a ɔfaa wɔn nnamfo ho. Ɔkaa sɛ: “Me nnamfo ne wɔn a wosuro wo ne wɔn a wodi w’ahyɛde so.” (Dw. 119:63) Adesua a edi wei anim no, yehui sɛ wo nso wubetumi anya nnamfo pa pii wɔ wɔn a wosuro Yehowa na wotie n’asɛm mu. Nanso, ɛnyɛ nkurɔfo a wo ne wɔn bɔ tipɛn nko ara na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo.

12. Dɛn na ɛmaa Dawid ne Yonatan faa adamfo?

12 Ɛnyɛ odwontofo Dawid atipɛnfo nko ara na ɔfaa wɔn nnamfo. Wunim ‘onuonyamfo’ a ɔbɛyɛɛ Dawid adamfo pa no din? Ná ne din de Yonatan. Nokwarem no, nnamfofa a ɛyɛ fɛ pa ara a ɛho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, Dawid ne Yonatan adamfofa no ka ho. Nanso, wunim sɛ na Yonatan anyin sen Dawid bɛyɛ mfe 30? Ɛnde, dɛn na ɛma wɔfaa adamfo? Onyankopɔn mu gyidi a na wɔwɔ ne obu a na wɔn mu biara wɔ ma ne yɔnko. Afei nso, bere a na wɔne Onyankopɔn atamfo reko no, wɔn mu biara hui sɛ ne yɔnko daa akokoduru adi.—1 Sam. 13:3; 14:13; 17:48-50; 18:1.

13. Wobɛyɛ dɛn atumi anya nnamfo pii? Ma ɛho nhwɛso.

13 Sɛ yɛfa wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔwɔ ne mu gyidi nnamfo sɛnea Dawid ne Yonatan yɛe no a, yɛn nso yebenya ‘anisɔ pa ara,’ anaa yɛn ani begye pa ara. Kiera asom Onyankopɔn mfe pii. Ɔka sɛ: “Me ne nnipa a wofi wiase baabiara afa nnamfo, nkurɔfo a wofi aman ahorow so na ɛsono wɔn amammerɛ.” Sɛ wo ne nnipa pii fa nnamfo saa a, wubehu pa ara sɛ Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom ma n’asomfo yɛ baako.

FA BOTAE PA SISI W’ANI SO

14. (a) Dɛn na ebetumi aboa wo ama wode botae pa asisi w’ani so wɔ w’asetena mu? (b) Dɛn na mmabun bi aka afa botae a wɔde asisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu ho?

14 Kenkan Dwom 16:8. Onyankopɔn som ne ade a na ɛho hia Dawid pa ara. Sɛ wo nso wokɔ so de Onyankopɔn som di kan wɔ biribiara mu, na wugyina n’asɛm so de botae sisi w’ani so a, wubenya akomatɔyam pa ara wɔ w’asetena mu. Onua bi a ne din de Steven kaa sɛ: “Sɛ mede botae sisi m’ani so na midu ho, na afei mehwɛ nkɔso a manya a, ɛma me koma tɔ me yam.” Onua aberante bi a ofi Germany som wɔ ɔman foforo so seesei. Ɔka sɛ: “Midu me nkwakoraabere mu na mehwɛ m’akyi na mihu sɛ biribiara a meyɛe no, meyɛ maa me ho a, ɛremma m’ani nnye.” Wote nka saa? Sɛ saa a, fa wo dom akyɛde hyɛ Onyankopɔn anuonyam, na yɛ nneɛma ma afoforo. (Gal. 6:10) Fa botae sisi w’ani so wɔ Yehowa som mu, na bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wuntumi nyɛ ho adwuma. N’ani bɛsɔ mpae a ɛte saa na wabua.—1 Yoh. 3:22; 5:14, 15.

15. Botae bɛn na wubetumi de asisi w’ani so? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Botae Bi a Wubetumi De Asisi W’ani So.”)

15 Botae bɛn na wubetumi de asisi w’ani so? Ebi ne w’ankasa nsɛm a wode bɛma mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase, akwampae adwuma a wobɛyɛ, anaasɛ wobɛkɔ akɔsom wɔ Betel. Wubetumi asua kasa foforo na woaka asɛm no akyerɛ nkurɔfo a wɔka ɔman foforo so kasa. Barak yɛ aberante a ɔyɛ bere nyinaa somfo. Ɔka sɛ: “Sɛ anɔpa biara mesɔre na mihu sɛ mede m’ahoɔden nyinaa resom Yehowa a, ɛma minya atenka bi a biribi foforo biara rentumi mma minnya.”

MA W’ANI NSƆ AHOFADI A ONYANKOPƆN DE AMA WO NO

16. Dawid tee nka sɛn wɔ Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm ho, na adɛn ntia?

16 Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim no, Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ma yɛde yɛn ho. Ɛboa yɛn ma yɛdɔ papa, na yɛtan bɔne. (Amos 5:15) Odwontofo Dawid kaa sɛ Yehowa papayɛ dɔɔso. (Dw. 31:19) Papayɛ yɛ suban pa, anaa ɔbra pa. Dawid yeree ne ho sɛ obesuasua ne Nyankopɔn, na ama watumi ayɛ papa a Onyankopɔn yɛ no bi. Dawid san tanee ade a Onyankopɔn tan. Ebi ne abosonsom; ɛyɛ nneyɛe a egu nnipa anim ase, na ɛma nnipa de anuonyam a ɛsɛ sɛ wɔde ma Yehowa no ma biribi foforo.—Yes. 2:8, 9; Adi. 4:11.

17, 18. (a) Dɛn na Dawid ka faa nea atoro som de ba ho? (b) Nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ no, dɛn na ɛma “wɔn yawdi dɔɔso”?

17 Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ na nkurɔfo a wɔsom abosom taa de aguamammɔ frafra wɔn som mu. (Hos. 4:13, 14) Nokwasɛm ne sɛ, atoro som ma nkurɔfo di honam akɔnnɔ akyi. Nanso, yemmisa sɛ, ɛma wonya anigye a ɛtena hɔ daa anaa? Dabida! Dawid kaa sɛ: ‘Wɔn a wodii anyame foforo akyi no, wɔn yawdi dɔɔso.’ (Dw. 16:4) Afei nso, wɔde wɔn mma pii bɔɔ afɔre maa atoro anyame. (Yes. 57:5) Yehowa kyi atirimɔdensɛm a ɛte saa! (Yer. 7:31) Sɛ saa bere no na wowɔ hɔ, ɛnna w’awofo tiee Yehowa asɛm na wɔsom no a, akyinnye biara nni ho sɛ, anka w’ani begye.

18 Ɛnnɛ nso, atoro som pene aguamammɔ ne ɔbarima ne ɔbarima nna ne ɔbea ne ɔbea nna so. Nanso, efi bere a na wɔrekyerɛw Bible no de besi nnɛ, nea ɛto nkurɔfo a wɔde wɔn ho hyɛ abrabɔ a ɛte saa mu no nsesae ankasa. (1 Kor. 6:18, 19) Sɛnea ebia woahu no, nkurɔfo ma “wɔn yawdi dɔɔso.” Enti, mmabun, muntie mo soro Agya no. Munnye ntom koraa sɛ eye ma mo sɛ mubetie no. Momma ɛntena mo adwenem sɛ, bere tiaa mu anigye biara a mubenya afi nneyɛe bɔne mu no, amanehunu a efi mu ba no dɔɔso sen ɛno koraa. (Gal. 6:8) Joshua a yɛadi kan afa n’asɛm aka no kaa sɛ: “Ahofadi a yɛwɔ no, yebetumi de ayɛ nea yɛpɛ biara, nanso sɛ yɛamfa anni dwuma yiye a, yɛrennya akomatɔyam.”

19, 20. Mmabun a wɔwɔ Yehowa mu gyidi na wotie no no, nhyira bɛn na wobenya?

19 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.” (Yoh. 8:31, 32) Yehowa adom nti, yɛade yɛn ho afi atoro som ne gyidihunu ho, na yɛanya nimdeɛ. Nanso pii ka ho. Yɛhwɛ kwan sɛ daakye yebenya “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi.” (Rom. 8:21) Sɛ ‘wotena Kristo asɛm mu,’ anaa wutie ne nkyerɛkyerɛ a, ɛnnɛ mpo wubetumi anya saa ahofadi no bi. Woyɛ saa a, “wubehu nokware no,” kyerɛ sɛ, ɛnyɛ sɛ wubesua ho ade kɛkɛ, na mmom, wode bɛbɔ wo bra nso.

20 Mmabun, momma mo ani nsɔ ahofadi a Onyankopɔn de ama mo no. Momfa saa ahofadi no nni dwuma nyansam, na moyɛ saa a, mobɛto nhyɛase pa ama daakye. Onua aberante bi kaa sɛ: “Sɛ wode ahofadi a wowɔ di dwuma nyansam wɔ wo mmabunberem a, akyiri yi, ɛbɛboa wo bere a ɛsɛ sɛ wusisi gyinae akɛse no. Ebi ne bere a woresi gyinae sɛ ebia wobɛware anaa wubedi sigya akosi bere bi, anaa bere a worehwehwɛ adwuma a ɛfata no.”

21. Wobɛyɛ dɛn akɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ “nkwa ankasa” mu no so?

21 Wiase dedaw yi mu no, nea wɔfrɛ no asetena pa mpo no, yennim nea ɛbɛkɔ akowie, na ɛyɛ tia nso. Yennim nea ebesi ɔkyena. (Yak. 4:13, 14) Ɛnde, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ “nkwa ankasa,” anaa daa nkwa mu no so. (1 Tim. 6:19) Nanso, Onyankopɔn nhyɛ yɛn sɛ yɛnnantew saa kwan no so. Yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yɛpɛ. Ma Yehowa nyɛ wo “kyɛfa.” Ma w’ani nsɔ ‘nneɛma pa’ pii a ɔde ama wo no. (Dw. 103:5) Nya gyidi sɛ obetumi ama woadi “ahurusi kɛse,” na woanya ‘anigye daa.’—Dw. 16:11.