Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti a ƐNSƐ SƐ Woma Asetena Fono Wo

Nea Enti a ƐNSƐ SƐ Woma Asetena Fono Wo

Faizal yere wui, na afe ne kakra akyi no, na ehia sɛ wɔyɛ ne koma oprehyɛn. Ɔkaa sɛ: “Bere a mekenkan Hiob nhoma no, mibehui sɛ biribi pa bi nti na Yehowa de saa nhoma no kaa Bible no ho. Sɛ yɛrefa ateetee mu na yɛkenkan obi a yɛne n’asɛm hyia ho asɛm wɔ Bible mu a, yenya awerɛkyekye.” Owiee n’asɛm no sɛ: “Mma asetena mfono wo.”

Tarsha nso, bere a ɔyɛ abofra koraa na ne maame wui. Ɔkaa sɛ: “Sɛ yehu yɛn Bɔfo no yiye a, ɛmfa ho ɔhaw biara a yebehyia no, yɛn abrabɔ renyɛ basaa, na yebenya anidaso ne anigye. Ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ahwɛ yɛn na ɔbɛboa yɛn da biara da.”

ƐDE BESI ha yi, nsɛm a yɛasusuw ho wɔ nhoma yi mu no ama yɛahu sɛ, sɛ yehyia tebea ahorow bi a emu yɛ den a, ebetumi ama yɛn abam abu. Ebia wo nso, wowɔ w’ankasa wo haw a worehyia, na w’abam reyɛ abu, anaa wususuw sɛ w’asɛm mfa obiara ho. Nanso nya awerɛhyem sɛ, nneɛma a ɛhyɛ wo so nyinaa akyi, Onyankopɔn dwen wo ho. Wosom bo ma no.

Onii a ɔkyerɛw Dwom 86 no daa no adi sɛ ɔde ne ho ato Onyankopɔn so. Ɔkaa sɛ: “M’ahohia da mu, mɛfrɛ wo, efisɛ wubetie me.” (Dwom 86:7) Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn atie me “m’ahohia da mu”?’

Ɛwom, ebia Onyankopɔn renyi wo haw nyinaa mfi wo so anim anim yi ara. Nanso n’Asɛm Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn betumi ama w’asom adwo wo, na waboa ma woagyina wo haw ano. Bible ka sɛ: “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban.” (Filipifo 4:6, 7) Wo de, hwɛ sɛnea Bible mu nsɛm a edidi so yi ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho.

Onyankopɔn Dwen Wo Ho

‘Nkasanoma no mu biako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no. Mosom bo sen nkasanoma bebree.’Luka 12:6, 7.

SUSUW HO HWƐ: Wohwɛ nnomaa nketewa te sɛ nkasanoma a, wɔ nnipa pii ani so no, ɛte sɛ nea mfaso biara nni wɔn so. Nanso Onyankopɔn dwen nnomaa yi ho. Wɔn mu baako mpo nni hɔ a Onyankopɔn ani pa no so. Wɔn mu biara som bo ma no. Nnipa ho hia Onyankopɔn koraa sen nkasanoma. Nneɛma a Onyankopɔn abɔ wɔ asase so nyinaa, nnipa da mu fua. Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ne “suban” so, na wotumi da ne su ahorow a ɛkyɛn so no adi.—Genesis 1:26, 27.

‘O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na wunim me. Woahu m’adwene. Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwen.’Dwom 139:1, 2, 23.

SUSUW HO HWƐ: Onyankopɔn nim wo pa ara. Onim nneɛma a ɛhaw wo ne sɛnea wote nka nyinaa. Ɛwom sɛ ebia ebinom rente ateetee a worefa mu no ase de, nanso Onyankopɔn dwen wo ho, na ɔpɛ sɛ ɔboa wo. Wei nti, mma asetena mfono wo.

W’asetena So Wɔ Mfaso

‘O Yehowa, tie me mpaebɔ ɛ; ma me sufrɛ nnu w’anim. Yɛ aso ma me; da a mɛfrɛ wo no, yɛ ntɛm gye me so. Asõ na ɔbɛyɛ atie wɔn a wɔagye wɔn ho biribiara no mpaebɔ.’Dwom 102:1, 2, 17.

SUSUW HO HWƐ: Efi bere a nnipa fii ase huu amane no, yɛn nusu nyinaa da Onyankopɔn anim. (Dwom 56:8) Nusu a woate nyinaa nso, Onyankopɔn ahu. Esiane sɛ wosom bo ma Onyankopɔn nti, ɔkae w’amanehunu ne nusu a woate nyinaa.

‘Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Me Yehowa wo Nyankopɔn, meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro, na me ara mɛboa wo.’’Yesaia 41:10, 13.

SUSUW HO HWƐ: Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo. Wohwe ase a, ɔbɛma wo so.

Daakye Papa Bi Da Yɛn Anim

“Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”Yohane 3:16.

SUSUW HO HWƐ: Wo ho hia Onyankopɔn araa ma ofii ne pɛ mu de ne Ba a ɔwoo no koro no bɔɔ afɔre maa wo. Saa afɔrebɔ no nti, wubetumi ahwɛ kwan sɛ wobɛtena ase anigye mu na woanya akomatɔyam daa daa. *

Ɛwom, ebia ɔhaw ahyɛ wo so, na ɛte sɛ nea asetena afono wo. Sɛ saa a, gye bere sua Onyankopɔn Asɛm. Fa w’ani to Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so, na nya mu gyidi. Woyɛ saa a, w’ani begye, na wubehu sɛ ɛnsɛ sɛ woma w’abam bu.

^ nky. 19 Afɔre a Yesu bɔe no, wopɛ ho nsɛm pii ne nea ebetumi ayɛ ama wo a, kɔ www.pr418.com/tw na hwɛ video tiawa a yɛato din Kae Yesu Wu No. Kɔ NHOMA > VIDEO > ASAFO NHYIAM NE ASƐNKA.