Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 6

Kura Wo Mũdi Mu!

Kura Wo Mũdi Mu!

“Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me mũdi mu da!”—HIOB 27:5.

DWOM 34 Mɛnantew Mũdi Mu

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Yehowa Adansefo mmiɛnsa a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ nkyekyɛm yi mu no yɛe de kyerɛe sɛ wodi Yehowa nokware?

YƐMFA no sɛ Yehowa Adansefo mmiɛnsa bi ahyia tebea a edi hɔ yi. (1) Da bi a abeawa bi kɔɔ sukuu no, ne kyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ sukuufo no nyinaa sɛ wonni dapɔnna bi. Abeawa no nim sɛ Onyankopɔn ani nnye saa dapɔnna no ho, enti wamfa ne ho anhyɛ mu. (2) Aberante bi a ɔfɛre ade redi adanse wɔ afie afie. Ohui sɛ ne sukuuni bi te fie a ɛtoa so no mu; ɔyɛ ne yɔnko sukuuni a wadi Yehowa Adansefo ho fɛw pɛn. Ne nyinaa akyi no, aberante no kɔɔ fie hɔ kɔbɔɔ pon no mu. (3) Ɔbarima bi yɛ adwumaden de hwɛ n’abusua; da bi, n’adwumam panyin ka kyerɛɛ no sɛ ontwa nkontompo anaa ɔnyɛ biribi a etia mmara. Ɛwom sɛ ɔbarima no nim sɛ n’adwuma betumi afi ne nsa de, nanso ɔmaa adwumawura no hui sɛ ɛsɛ sɛ odi nokware na odi mmara so, efisɛ saa na Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo yɛ.—Rom. 13:1-4; Heb. 13:18.

2. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho, na adɛn ntia?

2 Suban bɛn na wuhu sɛ saa nnipa mmiɛnsa yi daa no adi? Ebia wuhu suban pii; ebi ne akokoduru ne nokwaredi. Nanso, wɔn nyinaa daa suban baako bi a ɛho hia pa ara adi; ɛno ne mũdi. Nnipa mmiɛnsa no mu biara dii Yehowa nokware. Wɔn mu biara ammu Onyankopɔn mmara so. Nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ, na wɔpɛ sɛ wokura wɔn mũdi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa de wɔn mu biara bɛhoahoa ne ho sɛ wɔdaa saa su no adi. Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛma yɛn Agya a ɔwɔ soro no ani gye. Enti momma yensusuw nsɛmmisa yi ho: Dɛn ne mũdi? Adɛn nti na ehia sɛ yekura yɛn mũdi mu? Yɛbɛyɛ dɛn asi yɛn bo pa ara sɛ yebekura yɛn mũdi mu wɔ mmere a emu yɛ den yi mu?

DƐN NE MŨDI?

3. (a) Dɛn na Onyankopɔn asomfo yɛ de kyerɛ sɛ wokura wɔn mũdi mu? (b) Nhwɛso ahorow bɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛate nea mũdi kyerɛ ase?

3 Dɛn na Onyankopɔn asomfo yɛ de kyerɛ sɛ wokura wɔn mũdi mu? Ɛne sɛ wɔde wɔn koma nyinaa dɔ Yehowa, na wɔde wɔn ho ma no koraa, enti wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani bere nyinaa. Yɛnhwɛ sɛnea wɔde asɛmfua mũdi adi dwuma wɔ Bible mu ho nsɛm kakra. Bible mu no, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “mũdi” no kyerɛ: biribi a edi mũ, ɛte apɔw, anaa ɛyɛ mua. Ɛho nhwɛso ni. Ná Israelfo no de mmoa bɔ afɔre ma Yehowa. Mose Mmara no kaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde mmoa a wɔte apɔw na ɛyɛ saa. * (Lev. 22:21, 22) Onyankopɔn amma ne nkurɔfo kwan sɛ wɔmfa aboa a ne nan baako atwa, n’aso baako nni hɔ, anaa n’ani baako abɔ mmɔ afɔre; saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a ɔyare bɔ afɔre. Ná ehia Yehowa pa ara sɛ wɔde aboa a odi mũ, ɔte apɔw, anaa dɛm biara nni ne ho bɛbɔ afɔre. (Mal. 1:6-9) Yebetumi ahu nea enti a Yehowa pɛ biribi a edi mũ anaa biribi a dɛm biara nni ho. Sɛ yɛtɔ biribi a, sɛ ɛyɛ aduaba oo, nhoma oo, adwinnade oo, yɛmpɛ nea ɛho abobɔ ntokuru anaa nea n’afã bi atutu. Yɛpɛ nea edi mũ a asɛm biara nni ho. Saa ara nso na sɛ ɛba ɔdɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ Yehowa ne nokware a yebedi ama no a, ɔpɛ sɛ ɛyɛ nea edi mũ a asɛm biara nni ho.

4. (a) Adɛn nti na onipa a ɔtɔ sin betumi akura ne mũdi mu? (b) Sɛnea Dwom 103:12-14 kyerɛ no, dɛn na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ?

4 Ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pɛ ansa na yɛatumi akura yɛn mũdi mu anaa? Ebia yebenya adwene sɛ yɛtɔ sin pa ara, anaa mpo, yedi mfomso pii. Yɛnhwɛ nneɛma mmienu a enti ɛnsɛ sɛ yenya saa adwene no. Nea edi kan, Yehowa mfa n’adwene nsi yɛn mfomso so. N’Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a, O Yehowa, anka hena na obegyina?” (Dw. 130:3) Onim sɛ yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin, na bɔne wɔ yɛn ho, na oyi ne yam de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Dw. 86:5) Nea ɛto so mmienu, Yehowa nim nea yebetumi ayɛ ne nea yentumi nyɛ, enti ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. (Kenkan Dwom 103:12-14.) Ɛnde, dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yedi mũ anaa asɛm biara nni yɛn ho wɔ Yehowa ani so?

5. Adɛn nti na ɔdɔ ho hia na ama Yehowa asomfo atumi akura wɔn mũdi mu?

5 Ɔdɔ ho hia na ama Yehowa asomfo atumi akura wɔn mũdi mu. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn ho a yɛde ama no koraa sɛ yɛn soro Agya no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea edi mũ, anaa nea asɛm biara nni ho. Sɛ yehyia sɔhwɛ na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no anhinhim a, ɛkyerɛ sɛ yekura yɛn mũdi mu. (1 Be. 28:9; Mat. 22:37) Momma yɛnsan nhwɛ Adansefo mmiɛnsa a yɛkaa wɔn ho asɛm mfiase no. Adɛn nti na wɔyɛɛ wɔn ade sɛnea wɔyɛe no? Yemmisa sɛ, abeawa no mpɛ sɛ ogye n’ani wɔ sukuu, anaa aberante no pɛ sɛ wogu n’anim ase wɔ afie afie asɛnka mu, anaa ɔbarima a ɔwɔ abusua no pɛ sɛ n’adwuma fi ne nsa? Ɛnte saa koraa. Mmom, wonim sɛ Yehowa akwankyerɛ teɛ, na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ wɔn soro Agya no ani. Esiane sɛ wɔdɔ Yehowa nti, bere nyinaa ansa na wobesi gyinae bi no, wodi kan susuw no ho. Wɔyɛ saa a, wɔda no adi sɛ wokura wɔn mũdi mu.

NEA ENTI A EHIA SƐ YEKURA YƐN MŨDI MU

6. (a) Adɛn nti na ehia sɛ wukura wo mũdi mu? (b) Ɛyɛɛ dɛn na Adam ne Hawa ankura wɔn mũdi mu?

6 Adɛn nti na ehia sɛ yɛn mu biara kura ne mũdi mu? Ehia sɛ wukura wo mũdi mu, efisɛ Satan abɔ Yehowa sobo, na wabɔ wo nso sobo. Saa ɔbɔfo otuatewfo no yɛɛ ne ho Satan, anaa “Ɔsɔretiafo” wɔ Eden turom. Ɔsɛee Yehowa din; ɔkekaa nsɛm bi de kyerɛe sɛ Onyankopɔn yɛ Sodifo bɔne, ɔyɛ pɛsɛmenkominya, na ɔnyɛ ɔnokwafo. Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa kɔkaa Satan ho ma wɔtew atua tiaa Yehowa. (Gen. 3:1-6) Sɛnea na asetena te wɔ Eden no, na wɔwɔ hokwan pii a wɔde bɛhyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no mu den. Nanso, bere a Satan bɔɔ Yehowa sobo no, na wɔn dɔ nni mũ. Asɛm foforo bi sɔree sɛ: Nnipa bi bedi Yehowa Nyankopɔn nokware esiane sɛ wɔdɔ no nti anaa? Anaasɛ nnipa betumi akura wɔn mũdi mu? Saa asɛmmisa no sɔree wɔ Hiob asɛm no mu.

7. Sɛnea Hiob 1:8-11 ma yehu no, Yehowa tee nka sɛn wɔ Hiob mũdi mu a okurae no ho? Ná Satan nso tee nka sɛn?

7 Hiob tenaa ase bere a na Israelfo no wɔ Egypt. Ne bere so no, na onipa biara nni hɔ a okura ne mũdi mu te sɛ ɔno. Ná Hiob tɔ sin te sɛ yɛn ara. Ná odi mfomso. Nanso, esiane sɛ na Hiob kura ne mũdi mu nti, na Yehowa dɔ no. Ɛbɛyɛ sɛ na Satan atwa Yehowa mpoa dedaw sɛ nnipa ntumi nkura wɔn mũdi mu. Enti Yehowa twee Satan adwene kɔɔ Hiob so. Sɛnea Hiob bɔɔ ne bra no ma ɛdaa adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo! Satan kaa sɛ, Yehowa mma no kwan mma ɔnsɔ Hiob nhwɛ sɛ obekura ne mũdi mu anaa. Ná Yehowa wɔ n’adamfo Hiob mu ahotoso, enti ɔmaa kwan maa Satan sɔɔ no hwɛe.—Kenkan Hiob 1:8-11.

8. Dɛn na Satan de baa Hiob so?

8 Satan tirim yɛ den, na ɔyɛ owudifo. Otuu n’ani sii Hiob agyapade so ma ɔhweree n’ahode nyinaa, ne nkoa wuwui, na ɔmaa ne din sɛee wɔ ne nkurɔfo mu. Otuu n’ani sii Hiob abusua so kunkum ne mma du a wɔda ne koma so. Afei, Satan tuu n’ani sii Hiob nipadua so ma ɔyaree; ɔmaa mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ no fi ne tirim kosii ne nan ase. Ná Hiob yere adwene atu afra, na na awerɛhow ahyɛ no mã; ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ onnyaa ne mũdi mu na ɔnnome Onyankopɔn na onwu. Eduu baabi no, na Hiob ankasa mpo pɛ sɛ owu, nanso ɔkɔɔ so kuraa ne mũdi mu. Afei Satan faa ɔkwan foforo so tuu n’ani sii Hiob so. Ɔfaa mmarima mmiɛnsa a na wɔyɛ Hiob nnamfo so. Mmarima no kɔsraa Hiob, na wodii ne nkyɛn nna kakra, nanso wɔanka awerɛkyekyesɛm biara ankyerɛ no. Mmom, wɔkasa tiaa Hiob yayaayaw twiw n’anim. Wɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn na wama Hiob rehu amane, na ne mũdi mu a obekura ho nhia Onyankopɔn. Wɔkyerɛe mpo sɛ Hiob yɛ onipa bɔne, na nea ato no no, ɛfata!—Hiob 1:13-22; 2:7-11; 15:4, 5; 22:3-6; 25:4-6.

9. Sɔhwɛ a Hiob hyiae nyinaa akyi no, dɛn na wanyɛ?

9 Dɛn na Hiob yɛe wɔ saa amanehunu no nyinaa mu? Ná Hiob nyɛ pɛ. Ne bo fuwii ma ɔkasa tiaa gyamserefo no, na ɔkekaa nsɛm bi a akyiri yi ɔno ankasa gye toom sɛ ɔkasaa hatuhatu. Hiob kaa sɛ ɔyɛ ɔtreneeni mpɛn pii sen mpɛn dodow a ɔkaa sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni. (Hiob 6:3; 13:4, 5; 32:2; 34:5) Nanso, bere mpo a na nneɛma nkɔ yiye mma Hiob koraa no, wannyae Yehowa Nyankopɔn akyi di da. Wannye atosɛm a nkurɔfo a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ne nnamfo no kekae no antom. Ɔkaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mebu mo bem! Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me mũdi mu da!” (Hiob 27:5) Saa asɛm yi ma yehu sɛ na Hiob asi ne bo sɛ nea ebesi biara, obekura ne mũdi mu. Hiob annyae ne mũdi mu; yɛn nso yebetumi ayɛ saa.

10. Asɛm a Satan ma ɛsɔree wɔ Hiob ho no, ɛfa wo ho sɛn?

10 Sobo koro no ara na Satan de bɔ yɛn mu biara. Ɛfa wo ho sɛn? Nea Satan reka ankasa ne sɛ wonnɔ Yehowa Nyankopɔn, na wubegyae Yehowa som de apere wo nkwa, na worenkura wo mũdi mu! (Hiob 2:4, 5; Adi. 12:10) Ɛno ma wote nka sɛn? Ɛyɛ wo yaw, ɛnte saa? Nanso, susuw saa asɛm yi ho hwɛ: Yehowa gye wo di, enti wama woanya hokwan soronko bi. Yehowa ama Satan kwan sɛ ɔnsɔ wo nhwɛ sɛ wubekura wo mũdi mu anaa. Yehowa wɔ ahotoso sɛ wubetumi akura wo mũdi mu na woaboa ama ada adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wo ama woayɛ saa. (Heb. 13:6) Hwɛ hokwan a woanya sɛ amansan Hene no wɔ wo mu ahotoso! Woahu nea enti a ehia pa ara sɛ wukura wo mũdi mu? Ɛma yetumi bɔ Satan atosɛm no gu, na yɛkamfo din pa a yɛn Agya no wɔ, na yegyina ne tumidi akyi. Dɛn na yɛbɛyɛ na ama yɛatumi akura yɛn mũdi mu?

SƐNEA YEBEKURA YƐN MŨDI MU NNƐ

11. Dɛn na yebetumi asua afi Hiob hɔ?

11 Satan ani a watu asi Onyankopɔn asomfo so no, wamia mu wɔ “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu. (2 Tim. 3:1) Mmere bɔne a ɛte saa mu no, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn ho den na ama yɛakura yɛn mũdi mu? Wei mu nso, yebetumi asua nneɛma pii afi Hiob hɔ. Ansa na sɔhwɛ reba Hiob so no, na wakura ne mũdi mu ama Yehowa dedaadaw. Yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a yebetumi asua afi Hiob hɔ, na ahyɛ yɛn den ama yɛakura yɛn mũdi mu.

Nneɛma bɛn saa na yɛyɛ a, ɛhyɛ yɛn den ma yekura yɛn mũdi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 12) *

12. (a) Sɛnea Hiob 26:7, 8, 14 ka no, dɛn na Hiob yɛe a ɛma onyaa anisɔ ne obu kɛse maa Yehowa? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn ho anisɔ wɔ yɛn koma mu?

12 Hiob nyaa anisɔ kɛse maa Onyankopɔn, na ɛno hyɛɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu den. Hiob gyee bere dwinnwen Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa ho. (Kenkan Hiob 26:7, 8, 14.) Bere a Hiob dwinnwen asase, ewim, omununkum, ne aprannaa ho no, ne ho dwiriw no, nanso ohui sɛ onni nneɛma pii a Yehowa abɔ no ho nimdeɛ ahe biara. Afei nso, n’ani sɔɔ Yehowa anom nsɛm. Enti Hiob ka faa nea Onyankopɔn kae no ho sɛ: “Mede n’anom nsɛm asie.” (Hiob 23:12) Yehowa nnwuma maa Hiob ho dwiriw no, na onyaa obu kɛse maa no. Ná Hiob dɔ n’Agya, na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani. Wei maa Hiob sii ne bo kɛse sɛ obekura ne mũdi mu. Ehia sɛ yesuasua Hiob. Ɛnnɛ, yenim abɔde a ɛyɛ nwonwa ho nsɛm pii koraa sen nkurɔfo a wɔtenaa ase wɔ Hiob bere so. Afei, yɛwɔ Bible mũ no nyinaa a ɛbɛboa yɛn ama yɛahu Yehowa yiye. Biribiara a yebesua no, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya Yehowa ho anisɔ kɛse wɔ yɛn koma mu. Anisɔ kɛse ne obu a yebenya ama Yehowa no bɛka yɛn ama yɛadɔ no na yɛayɛ osetie ama no. Ɛno bɛhyɛ yɛn den ama yɛakɔ so akura yɛn mũdi mu.—Hiob 28:28.

Nea yɛyɛ de hyɛ yɛn ho den na ɛma yekura yɛn mũdi mu ne sɛ, yɛnhwɛ aguamansɛm (Hwɛ nkyekyɛm 13) *

13-14. (a) Sɛnea Hiob 31:1 ma yehu no, dɛn na Hiob yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ osetie? (b) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

13 Osetie a Hiob yɛe wɔ biribiara mu hyɛɛ no den ma okuraa ne mũdi mu. Ná Hiob nim sɛ, sɛ obetumi akura ne mũdi mu a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ osetie ma Yehowa. Nokwasɛm ne sɛ, osetie biara a yɛbɛyɛ no, ɛma yesi yɛn bo pa ara sɛ yebekura yɛn mũdi mu. Hiob yeree ne ho yɛɛ osetie maa Onyankopɔn wɔ n’asetenam da biara da. Ebi ne sɛ, na ɔhwɛ ne ho yiye wɔ mmea ho. (Kenkan Hiob 31:1.) Esiane sɛ na ɔyɛ ɔbarima warefo nti, na onim sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔbɛma ne koma akodi ɔbea foforo a ɔnyɛ ne yere akyi. Ɛnnɛ, wiase a yɛte mu no, nna ho sɔhwɛ abu so. Sɛnea Hiob yɛe no, yɛasi yɛn bo sɛ yɛremfa yɛn adwene nkɔ obiara a ɔnyɛ yɛn aware mu hokafo so anaa? Afei nso, yɛayɛ yɛn adwene sɛ yɛrenhwɛ mfoni biara a ɛyɛ ahuhude anaa aguamansɛm anaa? (Mat. 5:28) Sɛ yɛyere yɛn ho hyɛ yɛn ho so da biara da a, yɛbɛhyɛ yɛn ho den na ama yɛakura yɛn mũdi mu.

Nea yɛyɛ de hyɛ yɛn ho den na ɛma yekura yɛn mũdi mu ne sɛ, yenya ahonyade ho adwene a ɛfata (Hwɛ nkyekyɛm 14) *

14 Bio nso, Hiob tiee Yehowa, na onyaa adwempa wɔ ahonyade ho. Hiob hui sɛ, sɛ ɔde ne ho to n’agyapade so a, obedi mfomso kɛse a ɛfata asotwe. (Hiob 31:24, 25, 28) Ɛnnɛ, wiase a yɛte mu no, ahonyade agye nkurɔfo adwene pa ara. Sɛ yenya adwene a ɛfata wɔ sika ne ahonyade ho, sɛnea Bible ka no a, ɛbɛhyɛ yɛn den ama yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yebekura yɛn mũdi mu.—Mmeb. 30:8, 9; Mat. 6:19-21.

Nea yɛyɛ de hyɛ yɛn ho den na ɛma yekura yɛn mũdi mu ne sɛ, yɛhwɛ anidaso a yɛwɔ no kwan (Hwɛ nkyekyɛm 15) *

15. (a) Dɛn na na Hiob rehwɛ kwan a ɛboaa no ma okuraa ne mũdi mu? (b) Adɛn nti na nea yɛn nso yɛrehwɛ kwan no betumi aboa yɛn na yɛn werɛ amfi nea Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no?

15 Hiob de n’adwene sii akatua a na ɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de bɛma no no so, na ɛboaa no ma okuraa ne mũdi mu. Ná Hiob gye di sɛ ne mũdi mu a obekura no ho hia Onyankopɔn. (Hiob 31:6) Sɔhwɛ a ɛbaa Hiob so nyinaa akyi no, na ɔwɔ ahotoso sɛ awiei koraa no, Yehowa betua no ka. Saa ahotoso no boaa no pa ara ma okuraa ne mũdi mu. Sɛnea Hiob kuraa ne mũdi mu no maa Yehowa ani gyei pa ara. Ɛwom sɛ na Hiob da so ara yɛ onipa a ɔtɔ sin de, nanso Yehowa hyiraa no pii! (Hiob 42:12-17; Yak. 5:11) Akatua a ɛsen saa mpo da hɔ retwɛn Hiob. Wowɔ anidaso pa ara sɛ, sɛ wukura wo mũdi mu a, Yehowa betua wo ka anaa? Yɛn Nyankopɔn no nsakrae. (Mal. 3:6) Sɛ yɛkae sɛ, sɛ yekura yɛn mũdi mu a Yehowa ani sɔ a, yɛbɛkɔ so akura daakye papa ho anidaso a yɛwɔ no mu.—1 Tes. 5:8, 9.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

16 Ɛnde, si wo bo sɛ wobɛkɔ so akura wo mũdi mu bere nyinaa! Ɛtɔ da a, ebia wobɛte nka sɛ wo nko ara na wukura wo mũdi mu, nanso ɛrenka wo nko ara da. Wobɛka anokwafo ɔpepem pii a wokura wɔn mũdi mu wɔ wiase nyinaa no ho. Afei nso, wobɛka mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi a wokuraa wɔn mũdi mu tete no ho. Wohunahunaa wɔn mpo sɛ wobekum wɔn, nanso wokuraa wɔn mũdi mu. (Heb. 11:36-38; 12:1) Momma yɛn nyinaa nsi yɛn bo sɛ yɛde Hiob asɛm yi bɛbɔ yɛn bra: “Merennyaa me mũdi mu da!” Ɛmmra sɛ yebekura yɛn mũdi mu na yɛde ayi Yehowa ayɛ daa daa!

DWOM 124 Yebedi Nokware Daa

^ nky. 5 Dɛn ne mũdi? Adɛn nti na sɛ Yehowa asomfo da saa su yi adi a, n’ani sɔ? Adɛn nti na ehia sɛ yɛn mu biara kura ne mũdi mu? Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae a efi Bible mu. Afei nso, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu ɔkwan pa a yɛbɛfa so ahyɛ yɛn ho den na ama yɛatumi akura yɛn mũdi mu da biara da. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya nhyira pii.

^ nky. 3 Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase aboa a “ɔte apɔw” no, ɛte sɛ asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase nnipa a ‘wodi mũ.’

^ nky. 50 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yehu Hiob sɛ agya a ɔwɔ ne mmeranteberem. Ɔrekyerɛkyerɛ ne mma no bi Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa ho ade.

^ nky. 52 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi mfɛfo adwumayɛfo pɛ sɛ ɔne wɔn hwɛ aguamansɛm, nanso ɔrema wɔn ahu sɛ ɔrenhwɛ.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: obi reka akyerɛ no sɛ ɔmmɛtɔ television kɛse bi a ne bo yɛn den a onhia na onni sika a ɔde bɛtɔ, nanso ɔrema wahu sɛ ɔrentɔ.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: wagye bere rebɔ Paradise ho anidaso a ɔwɔ ho mpae, na ɔredwinnwen ho.