Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 7

Hwehwɛ Ahobrɛase Na Sɔ Yehowa Ani

Hwehwɛ Ahobrɛase Na Sɔ Yehowa Ani

“Monhwehwɛ Yehowa, asase so ahobrɛasefo . . . Monhwehwɛ ahobrɛase.”—SEF. 2:3.

DWOM 80 “Monka Nhwɛ na Munhu sɛ Yehowa Ye”

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Bible ka Mose ho asɛm sɛn, na dɛn na ɔyɛe? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase?

BIBLE kaa Mose ho asɛm sɛ ɔyɛ “ɔbarima a odwo sen obiara wɔ asase so.” (Num. 12:3) Wei kyerɛ sɛ na ɔyɛ mmerɛw, ontumi nsisi gyinae, na na osuro sɛ ɔde ne nan besi fam anaa? Saa na ebia ebinom bɛka afa obi a odwo ho. Nanso, saa asɛm no nyɛ nokware. Ná Mose yɛ Onyankopɔn somfo a ɔyɛ den, otumi sisi gyinae, na ɔwɔ akokoduru. Yehowa boaa no ma otumi kɔɔ Egypt hene a na ɔwɔ tumi kɛse no anim, odii nnipa bɛyɛ 3,000,000 anim de wɔn faa sare so, na ɔboaa Israel man no ma wodii wɔn atamfo so nkonim.

2 Nsɛnnennen a Mose dii so no, ɛnyɛ bi na yehyia, nanso da biara da nkurɔfo a yɛne wɔn di anaa tebea ahorow a yɛfa mu no, ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛda ahobrɛase adi. Nanso, yɛwɔ nea enti pa ara a ɛsɛ sɛ yenya saa suban yi. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ “ahobrɛasefo benya asase no adi.” (Dw. 37:11) Wobɛka sɛ wowɔ ahobrɛase anaa? Afoforo bɛka sɛ wowɔ ahobrɛase anaa? Ansa na yebetumi ama saa nsɛmmisa no ho mmuae no, ehia sɛ yehu nea ahobrɛase kyerɛ.

DƐN NE AHOBRƐASE?

3-4. (a) Dɛn na yebetumi de atoto ahobrɛase ho? (b) Suban bɛn na ehia sɛ yenya na ama yɛatumi abrɛ yɛn ho ase, na adɛn ntia?

3 Ahobrɛase * te sɛ mfoni bi a ɛyɛ fɛ. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Sɛnea obi a ɔyɛ mfoni de kɔla ahorow bi a ɛyɛ fɛ yɛ mfoni no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya suban ahorow bi a ɛyɛ fɛ na ama yɛatumi abrɛ yɛn ho ase. Saa suban a ɛyɛ fɛ no bi pa ara ne osetie, odwo, ne akokoduru. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya saa suban ahorow no?

4 Nnipa a wɔwɔ ahobrɛase nkutoo na wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Onyankopɔn apɛde no bi ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade odwo mu. (Mat. 5:5; Gal. 5:23) Yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, yɛhyɛ Satan abufuw. Enti, ɛwom sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yedwo de, nanso nnipa a wɔwɔ Satan wiase mu no pii tan yɛn. (Yoh. 15:18, 19) Ɛno nti, ehia sɛ yenya akokoduru na ama yɛatumi ako atia Satan.

5-6. Adɛn nti na Satan tan ahobrɛasefo? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae?

5 Sɛ obi nni ahobrɛase a, na ɔyɛ ahomaso, ne koko haw no, na ontie Yehowa. Saa pɛpɛɛpɛ na Satan te. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔtan ahobrɛasefo! Ahobrɛasefo suban pa ma obiara hu sɛ Satan yɛ ɔbɔnefo. Nea ɛyɛ Satan ahi koraa ne sɛ, ahobrɛasefo ma ɛda adi sɛ ɔyɛ ɔtorofo. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ ɛmfa ho nea Satan bɛka anaa ɔbɛyɛ biara no, ɔrentumi mma ahobrɛasefo nnyae Yehowa som!—Hiob 2:3-5.

6 Bere bɛn na ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ ahobrɛase? Yebesusuw Mose, Hebrifo mmiɛnsa a wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ Babilon, ne Yesu nhwɛso ho. Wei bɛboa yɛn ama yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae.

BERE BƐN NA ƐYƐ DEN SƐ YƐBƐBRƐ YƐN HO ASE?

7-8. Bere a afoforo buu Mose animtiaa no, dɛn na ɔyɛe?

7 Bere a yenya afoforo so tumi: Ebetumi ayɛ den ama wɔn a wonya afoforo so tumi no sɛ wɔbɛkɔ so abrɛ wɔn ho ase, titiriw bere a obi a ɔhyɛ wɔn ase bu wɔn animtiaa anaa ɔka sɛ wɔanyɛ wɔn ade yiye. Woahyia biribi a ɛte saa pɛn? Sɛ wo busuani bi yɛ saa nso ɛ? Dɛn na wobɛyɛ? Yɛnhwɛ nea Mose yɛe wɔ asɛm a ɛte saa ho.

8 Yehowa paw Mose sɛ Israel kannifo, na ɔno mpo na ɔma ɔkyerɛw mmara maa ɔman no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yehowa taa Mose akyi. Ɛno mpo no, Mose nuabea Miriam ne ne nuabarima Aaron kasa tiaa no; wɔkaa sɛ anka ɛnsɛ sɛ ɔware ɔbea a ɔwaree no no. Sɛ mmarima bi na na wɔwɔ dibea a Mose wɔ no a, anka wɔn bo betumi afuw na wɔatwe Miriam ne Aaron aso, nanso Mose anyɛ saa. Ná Mose bo mfuw ntɛmntɛm. Ɔsrɛɛ Yehowa mpo sɛ ontwa Miriam asotwe no so. (Num. 12:1-13) Adɛn nti na Mose yɛɛ saa?

Mose srɛɛ Yehowa sɛ ontwa Miriam asotwe no so (Hwɛ nkyekyɛm 8)

9-10. (a) Dɛn na Yehowa boaa Mose ma ɔtee ase? (b) Dɛn na mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo betumi asua afi Mose hɔ?

9 Ná Mose ama kwan ama Yehowa atete no. Bɛyɛ mfe 40 a na atwam no, bere a na Mose yɛ Egypt adehye abusua no muni no, na onni ahobrɛase. Nokwasɛm ne sɛ, na ne bo fuw ntɛmntɛm araa ma da bi okum ɔbarima bi; ná Mose adwene yɛ no sɛ ɔbarima no ne obi anni no yiye. Mose nyaa adwene sɛ Yehowa bɛpene nea ɔyɛe no so. Yehowa de mfe 40 boaa Mose ma ɔtee ase sɛ ɛnyɛ akokoduru nko ara na obehia de adi Israelfo no anim, na mmom obehia ahobrɛase nso. Sɛ obenya ahobrɛase a, ebehia sɛ odwo na ɔyɛ osetie nso. Osuaa ahobrɛase pa ara saa bere no, na ɔbɛyɛɛ ɔhwɛfo pa.—Ex. 2:11, 12; Aso. 7:21-30, 36.

10 Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo suasua Mose. Sɛ afoforo bu wɔn animtiaa a, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn bo fuw ntɛmntɛm. Brɛ wo ho ase na gye wo mfomso tom. (Ɔsɛnk. 7:9, 20) Brɛ wo ho ase na fa Yehowa akwankyerɛ a ɛfa sɛnea yesiesie ɔhaw ho yɛ adwuma. Kasa bɔkɔɔ bere nyinaa. (Mmeb. 15:1) Mmusua ti ne asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ wɔn ade saa no sɔ Yehowa ani, wɔboa ma asomdwoe tena wɔne afoforo ntam, na afoforo hwɛ wɔn suasua wɔn ahobrɛase.

11-13. Nhwɛso bɛn na Hebrifo mmiɛnsa bi yɛ maa yɛn?

11 Bere a wɔretaa yɛn: Wiase atumfoɔ ataa Yehowa nkurɔfo fi tete. Ebia wɔbɛbɔ yɛn sobo sɛ yɛayɛ “bɔne” bi, nanso nea enti pa ara a wɔtaa yɛn ne sɛ “yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.” (Aso. 5:29) Wobetumi adi yɛn ho fɛw, wobetumi de yɛn agu afiase, anaa wɔahwe yɛn mpo. Nanso Yehowa bɛboa yɛn na yɛanyɛ bi antua wɔn so ka, na mmom yɛakɔ so ada odwo adi bere a yɛrehyia sɔhwɛ no.

12 Yɛnhwɛ nhwɛso a Hebrifo mmiɛnsa a na wɔwɔ nkoasom mu no yɛ maa yɛn: wɔne Hanania, Misael, ne Asaria. * Babilon hene no hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkotow sika honi kɛse bi. Wɔkaa nea enti a wɔrensom ohoni no kyerɛɛ ɔhene no wɔ odwo mu. Wɔyɛɛ osetie maa Onyankopɔn ɛmfa ho sɛ ɔhene no hunahunaa wɔn sɛ ɔde wɔn begu fononoo a ogya redɛw wom mu no. Yehowa gyee saa mmarima no ntɛm so, nanso wɔannya adwene sɛ sɛnea ɛte biara na Yehowa begye wɔn. Mmom, na wɔayɛ wɔn adwene sɛ nea Yehowa bɛma kwan ama aba wɔn so biara no, wobegye atom. (Dan. 3:1, 8-28) Wɔma ɛdaa adi sɛ obi a ɔwɔ ahobrɛase nyɛ ohufo. Yehowa ‘mpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ɔsom a yɛde ma no no,’ enti ɔhene biara, ahunahuna biara, ne asotwe biara nni hɔ a ebetumi asɛe gyinae a yɛasi sɛ yɛbɛsom ɔno nkutoo no.—Ex. 20:4, 5.

13 Sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ wɔ nokware a yedi ma Onyankopɔn ho a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Hebrifo mmiɛnsa no? Yɛwɔ ahobrɛase, na yegye di sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn. (Dw. 118:6, 7) Wɔn a wɔbɔ yɛn sobo sɛ yɛayɛ bɔne no, yeyi yɛn ho ano wɔ odwo ne obu mu. (1 Pet. 3:15) Afei nso, yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛbɛsɛe yɛne yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ntam.

Sɛ nkurɔfo sɔre tia yɛn a, yɛyɛ yɛn ade wɔ odwo ne obu mu (Hwɛ nkyekyɛm 13)

14-15. (a) Sɛ yɛn ho yeraw yɛn a, dɛn na ebetumi ama yɛayɛ? (b) Sɛnea Yesaia 53:7, 10 ka no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu ne obi a ɔdaa ahobrɛase adi pa ara wɔ ahoyeraw mu?

14 Bere a yɛn ho yeraw yɛn: Nneɛma pii na ɛma yɛn ho tumi yeraw yɛn. Ebia bere bi a na yɛrekɔyɛ sɔhwɛ wɔ sukuu anaa yɛrekɔyɛ adwuma bi wɔ adwumam no, yɛn ho yeraw yɛn. Anaasɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so asa yɛn yare ho asɛm besi yɛn tirim a, na yɛn ho yeraw yɛn anaa yɛn yam hyehye yɛn. Sɛ yɛn ho yeraw yɛn a, ɛyɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Ebia nneɛma bi a na anka ɛnhaw yɛn befi ase ahyɛ yɛn abufuw. Anhwɛ a yɛn kasa bɛwowɔ afoforo na yɛne wɔn bedi no yayaayaw. Sɛ wo ho ayeraw wo pɛn a, susuw Yesu nhwɛso no ho.

15 Abosome a etwa to wɔ Yesu asase so asetenam no, ne ho yeraw no papaapa. Ná onim sɛ wobekum no, na obehu amane pa ara. (Yoh. 3:14, 15; Gal. 3:13) Aka abosome bi ama Yesu awu no, ɔkaa sɛ ne ho yeraw no. (Luka 12:50) Afei, aka nna kakraa bi ama Yesu awu no, ɔkaa sɛ: “Me kra ho yeraw no.” Ne komam asɛm a ɔkae wɔ mpaebɔ mu no ma yehu sɛ na ɔbrɛ ne ho ase, na na ɔyɛ osetie ma Onyankopɔn. Ɔkaa sɛ: “Agya, gye me fi dɔn yi mu. Nanso eyi nti na maba dɔn yi mu. Agya, hyɛ wo din anuonyam.” (Yoh. 12:27, 28) Bere no dui no, Yesu nyaa akokoduru de ne ho maa Onyankopɔn atamfo. Saa atamfo no kum Yesu yayaayaw, na woguu n’anim ase pɔtɔɔ. Ɛwom sɛ Yesu faa ahoyeraw mu na ohuu amane pa ara de, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ Onyankopɔn apɛde. Yebetumi aka ankasa sɛ Yesu ne obi a ɔdaa ahobrɛase adi pa ara wɔ ahoyeraw mu!—Kenkan Yesaia 53:7, 10.

Yesu ne obi a ɔdaa ahobrɛase adi pa ara (Hwɛ nkyekyɛm 16-17) *

16-17. (a) Dɛn na Yesu nnamfo yɛe de sɔɔ n’ahobrɛase hwɛe? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu?

16 Anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetena mu no, ne nnamfo a wɔbɛn no pa ara sɔɔ n’ahobrɛase hwɛe. Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu ho yeraw no saa anadwo no. Ná obedi nokware akosi sɛ obewu anaa? Ná nnipa ɔpepem pii nkwa gyina nea ɔbɛyɛ so. (Rom. 5:18, 19) Nea ehia pa ara no, na n’Agya din ho wɔ asɛm no mu. (Hiob 2:4) Afei, bere a ɔne ne nnamfo a wɔbɛn no pa ara, asomafo no, hyiae wɔ adidi a etwa to ase no, nkɔmmɔ a na wɔrebɔ no danee “akasakasa gyegyeegye” wɔ “wɔn mu nea ɔyɛ kɛse” ho. Ná Yesu ateɛ ne nnamfo no adwene wɔ saa asɛm yi ho mpɛn pii; saa anwummere no ara mpo na wateɛ wɔn adwene wɔ ho! Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Yesu bo amfuw. Mmom, ɔkasa kyerɛɛ wɔn odwo mu. Yesu daa ayamye adi tɔɔ ne bo ase san kyerɛɛ wɔn suban a ɛsɛ sɛ wɔda no adi. Ɛno akyi no, ɔkamfoo ne nnamfo no sɛ wɔakɔ so abata ne ho.—Luka 22:24-28; Yoh. 13:1-5, 12-15.

17 Sɛ wo na wuhyiaa asɛm a ɛte saa a, dɛn na anka wobɛyɛ? Sɛ yɛwɔ ahoyeraw mu mpo a, yebetumi asuasua Yesu na yɛada odwo adi. Brɛ wo ho ase di Yehowa ahyɛde a ɛka sɛ “monkɔ so nnya mo ho abotare” no so. (Kol. 3:13) Sɛ yɛkae sɛ yɛn nyinaa tumi keka nsɛm bi na yɛyɛ nneɛma bi a ɛhyɛ afoforo abufuw a, yebedi saa ahyɛde yi so. (Mmeb. 12:18; Yak. 3:2, 5) Sɛ afoforo da suban pa adi a, bɔ mmɔden kamfo wɔn.—Efe. 4:29.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐKƆ SO HWEHWƐ AHOBRƐASE?

18. Dɛn na Yehowa de boa ahobrɛasefo ma wosisi gyinae pa, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

18 Yebesisi gyinae pa. Ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yesisi gyinae a emu yɛ den wɔ yɛn asetena mu a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa. Nanso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase nkutoo a ɛnna ɔbɛboa yɛn. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obetie “ahobrɛasefo sufrɛ.” (Dw. 10:17) Ɛnyɛ yɛn sufrɛ nko ara na obetie; ɔbɛyɛ nea ɛsen saa. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Ɔbɛma ahobrɛasefo anantew n’atemmusɛm mu, na wakyerɛkyerɛ ahobrɛasefo ne kwan.” (Dw. 25:9) Saa akwankyerɛ no, Yehowa de ma yɛn wɔ Bible ne asafo nhoma ne video ahorow * mu. Ɔma yɛn bi nso wɔ asafo nhyiam ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ ho nhyehyɛe ma yɛn no mu. (Mat. 24:45-47) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de na yɛde ahobrɛase gye tom sɛ yehia mmoa, yesua nneɛma a Yehowa de ma yɛn no, na yefi yɛn koma nyinaa mu de nea yesua no yɛ adwuma.

19-21. Mfomso bɛn na Mose dii wɔ Kades, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

19 Yɛrenni mfomso pii. Yɛnhwɛ Mose bio. Ɔbrɛɛ ne ho ase mfe pii, na ɔsɔɔ Yehowa ani. Afei, bere a Israelfo no kyinkyinii sare no so bɛyɛ mfe 40 akyi no, Mose anna ahobrɛase adi. Ná ne nuabea a yebetumi aka pa ara sɛ ɔno na ɔboa ma wogyee no nkwa wɔ Egypt no wui ma wosiee no wɔ Kades nkyɛe. Israelfo no san kae bio sɛ na wɔnhwɛ wɔn so yiye. Saa bere yi de wɔne “Mose hamee” sɛ wonnya nsu. Anwonwade a na Yehowa nam Mose so ayɛ ne koma pa a na Mose de adi ɔman no anim bere tenten nyinaa akyi no, wonwiinwii. Ɛnyɛ nsu a na wonnya ho nko na wonwiinwii, na mmom wonwiinwii tiaa Mose nso. Wɔma ɛyɛe te sɛ gyama Mose na wama sukɔm rede wɔn.—Num. 20:1-5, 9-11.

20 Mose bo fuwii, na n’ahobrɛase no tu yerae. Sɛ́ anka Mose benya gyidi na wakasa akyerɛ ɔbotan no sɛnea na Yehowa aka akyerɛ no no, ɔde abufuw na ɛkasa kyerɛɛ nkurɔfo no, na ɔhyɛɛ ne ho anuonyam. Afei, ɔde ne poma no bɔɔ botan no mu mprenu, na nsu pii fii mu bae. Ahantan ne abufuw maa Mose dii mfomso kɛse. (Dw. 106:32, 33) Esiane sɛ Mose anna ahobrɛase adi bere tiaa bi mu nti, Yehowa amma wankɔ Bɔhyɛ Asase no so.—Num. 20:12.

21 Yesua nneɛma pii fi saa asɛm yi mu. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho da ahobrɛase adi bere nyinaa. Sɛ yɛn werɛ fi yɛn ho bere tiaa bi a, yɛbɛyɛ ahantan, akeka nsɛnhunu, na yɛadi nkwaseasɛm. Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛwɔ ahoyeraw mu a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase, nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden brɛ yɛn ho ase.

22-23. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ ahobrɛase? (b) Asɛm a ɛwɔ Sefania 2:3 no kyerɛ sɛn?

22 Wɔbɛbɔ yɛn ho ban. Ɛrenkyɛ, Yehowa beyi abɔnefo nyinaa afi asase so, na ɛbɛka ahobrɛasefo nko ara. Saa bere no, asomdwoe bɛba asase so ankasa. (Dw. 37:10, 11) Wobɛka ahobrɛasefo no ho anaa? Sɛnea odiyifo Sefania ayɛ ho kyerɛwtohɔ no, Yehowa ayi ne yam reto nsa afrɛ wo. Sɛ wugye so a, wobɛka ahobrɛasefo no ho.—Kenkan Sefania 2:3.

23 Adɛn nti na Sefania 2:3 ka sɛ: “Ebia wɔbɛkora mo so”? Saa asɛm no nkyerɛ sɛ Yehowa rentumi mmɔ nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani na ɔdɔ wɔn no ho ban. Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ehia sɛ yɛyɛ biribi na ama wabɔ yɛn ho ban. Sɛ yɛyere yɛn ho seesei hwehwɛ ahobrɛase na yɛsɔ Yehowa ani a, yebetumi anya yɛn ti adidi mu “Yehowa abufuw da no” na yɛatena ase daa.

DWOM 120 Suasua Kristo Efisɛ Odwo

^ nky. 5 Wɔamfa ahobrɛase anwo yɛn mu biara. Ɛsɛ sɛ yesua ahobrɛase. Ebia yebehu sɛ, sɛ yɛne nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe reyɛ ade a, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase, nanso sɛ yɛne wɔn a wɔyɛ ahantan reyɛ ade a, ebia yebehu sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nsɛnnennen bi a ebehia sɛ yedi so ansa na yɛatumi anya suban pa a ɛne ahobrɛase.

^ nky. 3 NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Ahobrɛase. Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase ne afoforo di no ayamye so, na sɛ afoforo hyɛ wɔn abufuw mpo a, wɔnyɛ basabasa. Afei nso nnipa a wɔwɔ ahobrɛase nyɛ ahantan anaa ahomaso; wobu afoforo sɛ wɔkyɛn wɔn. Sɛ yɛka sɛ Yehowa brɛ ne ho ase a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔne nkurɔfo a ɔkorɔn kyɛn wɔn koraa di no ɔdɔ ne mmɔborɔhunu so.

^ nky. 12 Babilonfo na wɔtoo saa Hebrifo mmiɛnsa no din Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego.—Dan. 1:7.

^ nky. 18 Sɛ nhwɛso no, hwɛ asɛm a n’asɛmti ne “Sisi Gyinae a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” a epuee April 15, 2011, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a Yesu asuafo no gyee nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye no, Yesu daa odwo adi, na ɔtɔɔ ne bo ase teɛɛ wɔn adwene.