Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 8

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ?

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ?

“Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.”—KOL. 3:15.

DWOM 46 Yɛda Wo Ase, Yehowa

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Samariani bi a Yesu saa no yare yɛe de kyerɛɛ anisɔ?

NÁ MMARIMA du no ho yeraw wɔn. Ná wɔyare kwata, na na wonni anidaso biara sɛ wobenya ayaresa. Nanso, da bi wohuu Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no wɔ akyirikyiri. Ná wɔate sɛ Yesu asa nyarewa ahorow nyinaa bi, na na wogye di sɛ obetumi asa wɔn nso yare. Enti wɔteɛɛm sɛ: “Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo, hu yɛn mmɔbɔ!” Saa mmarima du no ho tɔɔ wɔn koraa. Yebetumi aka pa ara sɛ wɔn nyinaa ani sɔɔ ayamye a Yesu daa no adi kyerɛɛ wɔn no. Nanso, wɔn mu baako de, ɛnyɛ anisɔ kɛkɛ na onyae, na mmom ɔyɛɛ biribi de kyerɛɛ nea Yesu yɛe no ho anisɔ. * Saa Samariani barima a onyaa ayaresa no koma kaa no ma ɔde “nne kɛse” hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.—Luka 17:12-19.

2-3. (a) Ebetumi aba sɛ yɛrenkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Dɛn na ɛbɛma aba saa? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Sɛnea Samariani no yɛe no, yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ ma wɔn a wɔda ayamye adi kyerɛ yɛn. Nanso, ɛtɔ da a, ebia yɛn werɛ befi sɛ yɛbɛda afoforo ase anaa yɛbɛma wɔahu sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn.

3 Adesua yi mu no, yebehu nea enti a ehia sɛ yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe kyerɛ nneɛma ho anisɔ. Yebehu nnipa bi a Bible ka wɔn ho asɛm sɛ wɔkyerɛɛ nneɛma ho anisɔ ne wɔn a wɔanyɛ saa, na yɛasua biribi afi nea wɔyɛe no mu. Afei, yɛbɛhwɛ akwan pɔtee bi a yebetumi afa so akyerɛ nneɛma ho anisɔ.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐKYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ?

4-5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ?

4 Yehowa yɛ sɛnea yɛbɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ ho nhwɛso ma yɛn. Ɔkwan baako a ɔfa so yɛ saa ne sɛ, ohyira wɔn a wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani. (2 Sam. 22:21; Dw. 13:6; Mat. 10:40, 41) Kyerɛwnsɛm no nso hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.’ (Efe. 5:1) Nea enti pa ara a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ ne sɛ, yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa.

5 Yɛnhwɛ ade foforo nti a yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ afoforo ho anisɔ. Anisɔ te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ; yɛne afoforo bom di a, ɛnna ɛma yɛte ne dɛ pa ara. Sɛ yehu sɛ afoforo ani sɔ yɛn a, ɛma yɛn ani gye. Sɛ yɛkyerɛ nea afoforo ayɛ ho anisɔ a, yɛma wɔn nso ani gye. Sɛ yɛkyerɛ obi ho anisɔ a, ɛma ohu sɛ mmoa a ɔyɛɛ yɛn anaa nea yehia a ɔmaa yɛn nsa kae no, ɛboaa yɛn pa ara. Ɛno ma adamfofa a ɛda yɛne onii no ntam no mu yɛ den.

6. Asɛm a yɛka de kyerɛ anisɔ ne aduaba a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no, ɔkwan bɛn so na edi nsɛ?

6 Asɛm a yɛka de kyerɛ nneɛma ho anisɔ no, mfaso wɔ so. Bible ka sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a egu dwetɛ anwenne mu.” (Mmeb. 25:11) Aduaba a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a egu dwetɛ anwenne mu, hwɛ ne fɛ ne sɛnea ɛsom bo! Sɛ wunya akyɛde a ɛte saa a, wobɛte nka sɛn? Saa ara na asɛm a woka de kyerɛ afoforo ho anisɔ nso betumi aboa pa ara. Wo de, hwɛ asɛm yi: Aduaba a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ tumi kyɛ pa ara. Saa ara na sɛ woka asɛm bi de kyerɛ obi ho anisɔ a, ebetumi atɔ ne koma so na wakae ne nkwa nna a aka nyinaa.

WƆKYERƐƐ NNEƐMA HO ANISƆ

7. Sɛnea Dwom 27:4 ma yehu no, dɛn na Dawid ne afoforo a wɔkyerɛw nnwom nhoma no yɛe de kyerɛɛ nneɛma ho anisɔ?

7 Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no, wɔn mu pii kyerɛɛ nneɛma ho anisɔ. Wɔn mu baako ne Dawid. (Kenkan Dwom 27:4.) Ná ɔwɔ nokware som ho anisɔ pa ara, na ɔde ne kasa ne ne nneyɛe kyerɛɛ saa. Ɔde n’ahode pii boa ma wosii asɔrefie no. Asaf asefo hyehyɛɛ ayeyi nnwom de kyerɛɛ nneɛma ho anisɔ. Nnwom no baako mu no, wɔdaa Onyankopɔn ase, na wɔkyerɛɛ Yehowa ‘anwonwadwuma’ ho anisɔ. (Dw. 75:1) Yehu pefee sɛ, na Dawid ne Asaf asefo pɛ sɛ wɔma Yehowa hu sɛ wɔn ani sɔ nhyira a wama wɔanya no nyinaa pa ara. Akwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so asuasua saa nnwontofo no?

Dɛn na ɛwɔ krataa a Paulo de kɔmaa Romafo no mu a ɛma yehu sɛnea yɛbɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ? (Hwɛ nkyekyɛm 8-9) *

8-9. Dɛn na ɔsomafo Paulo yɛe de kyerɛɛ ne nuanom ho anisɔ, na dɛn na ɛbɛyɛ sɛ efii mu bae?

8 Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ ne nuanom ho anisɔ, na ɔmaa no daa adi wɔ sɛnea ɔkaa wɔn ho asɛm mu. Ná ɔda Onyankopɔn ase daa wɔ ne mpaebɔ mu sɛ wama wanya anuanom a wɔte saa. Bere a ɔrekyerɛw ne nuanom no, ɔma wohui sɛ n’ani sɔ wɔn. Paulo bobɔɔ ne nuanom Kristofo 27 din wɔ Romafo ti 16 nkyekyɛm 1 kosi 15. Paulo hyɛɛ da kaa sɛ Priska ne Akwila ‘de wɔn ankasa kɔn too hɔ maa’ no, na ɔkaa Foibe ho asɛm sɛ ‘ogyinaa nnipa pii akyi,’ na na Paulo ka ho. Ɔkamfoo saa anuanom a wɔyɛ adwumaden a wɔda ne koma so no.—Rom. 16:1-15.

9 Ná Paulo nim sɛ ne nuanom Kristofo tɔ sin, nanso bere a ɔde krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no reba awiei no, suban pa a na wɔwɔ mmom na ɔde n’adwene sii so. Bere a wɔkenkan Paulo krataa no wɔ asafo no mu maa saa anuanom no tee no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn nkuran! Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛno bɛma adamfofa a ɛwɔ wɔne Paulo ntam no mu ayɛ den pa ara. Bere biara a anuanom a wo ne wɔn wɔ asafo mu bɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ anaa wɔbɛyɛ nneɛma pa no, ɛyɛ a wokamfo wɔn?

10. Sɛnea Yesu kyerɛɛ n’akyidifo ho anisɔ no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

10 Asɛm a Yesu kyerɛw kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ Asia Kumaa no mu no, ɔkyerɛɛ adwuma a n’akyidifo yɛe no ho anisɔ. Ɛho nhwɛso ni. Bere a ɔrekyerɛw krataa akɔma Tiatira asafo no, odii kan kaa sɛ: “Minim wo nnwuma, ne wo dɔ ne gyidi ne ɔsom adwuma ne boasetɔ, na nea woyɛ seesei no sen kan de no.” (Adi. 2:19) Nkɔso kɛse a na wɔanya wɔ wɔn som adwuma mu no, Yesu kamfoo wɔn wɔ ho; ɛnna ɔsan kamfoo wɔn wɔ suban a ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ saa nnwuma pa no ho. Ɛwom, na ɛho hia sɛ Yesu de afotu ma Tiatira asafo no mufo bi, nanso ɔde nkuranhyɛsɛm na efii ne krataa no ase, na nkuranhyɛ nso na ɔde wiei. (Adi. 2:25-28) Yesu na ɔyɛ asafo no nyinaa ti, wode hwɛ tumi a ɔwɔ. Adwuma a yɛyɛ ma no no, enhia sɛ ɔda yɛn ase wɔ ho. Nanso, ɔkyerɛ nea yɛyɛ ho anisɔ. Hwɛ nhwɛso pa a wayɛ ama asafo mu mpanyimfo!

WƆANKYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ

11. Sɛnea Hebrifo 12:16 ka no, suban bɛn na Esau daa no adi wɔ akronkronne ho?

11 Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no bi ankyerɛ nneɛma ho anisɔ. Ɛho nhwɛso ni. Ɛwom, awofo a wɔtetee Esau no, na wɔdɔ Yehowa na na wobu no, nanso na Esau mmu akronkronne. (Kenkan Hebrifo 12:16.) Dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ommu akronkronne? Esau peree ne ho tɔn ne panyin maa ne nua kumaa Yakob de gyee asɛdua kyɛnsee mã. (Gen. 25:30-34) Akyiri yi, Esau nuu ne ho pa ara wɔ gyinae a osii no ho. Nanso, esiane sɛ wankyerɛ nea na ɔwɔ ho anisɔ nti, bere a nhyira a ɛsɛ sɛ abakan nya no fii ne nsa no, na ɛnsɛ sɛ onwiinwii.

12-13. Dɛn na Israelfo no yɛe de kyerɛe sɛ wɔnkyerɛ nneɛma ho anisɔ, na dɛn na efii mu bae?

12 Israelfo no wɔ nea enti pa ara a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Bere a Yehowa de Ɔhaw Du baa Egyptfo so no, ogyee Israelfo fii nkoasom mu. Ɛno akyi no, Onyankopɔn sɛee Egypt asraafodɔm no nyinaa wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, na ogyee Israelfo no fii amanehunu mu. Israelfo no ani sɔɔ nea Yehowa yɛ maa wɔn no araa ma wɔtoo nkonimdi dwom de yii no ayɛ. Nanso, wɔkɔɔ so kyerɛɛ nneɛma ho anisɔ anaa?

13 Bere a Israelfo no hyiaa nsɛnnennen foforo no, ankyɛ na wɔn werɛ fii nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wɔn no nyinaa. Saa bere no, wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ bonniayɛ. (Dw. 106:7) Dɛn na wɔyɛe? Bible ka sɛ: “Israel asafo no nyinaa fii ase nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron.” Sɛ yɛbɛka pa ara a, Yehowa mmom na wonwiinwii tiaa no. (Ex. 16:2, 8) Yehowa ani annye sɛ ne nkurɔfo ankyerɛ anisɔ. Akyiri yi, ɔkaa sɛ saa Israelfo awo ntoatoaso no nyinaa bewuwu sare no so, gye Yosua ne Kaleb. (Num. 14:22-24; 26:65) Momma yɛnhwɛ nea yɛbɛyɛ na yɛanni saa nhwɛso bɔne yi akyi, na mmom yɛasuasua wɔn a wɔyɛɛ nhwɛso pa no.

KYERƐ NNEƐMA HO ANISƆ NNƐ

14-15. (a) Dɛn na awarefo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn mu biara ani sɔ ne yɔnko? (b) Dɛn na awofo betumi ayɛ de akyerɛkyerɛ wɔn mma ama wɔakyerɛ nneɛma ho anisɔ?

14 Abusua mu. Sɛ abusua muni biara kyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛboa abusua no nyinaa. Sɛ awarefo kɔ so kyerɛ nea wɔn mu biara yɛ ma ne yɔnko ho anisɔ a, ɛma wɔn ntam yɛ kama pa ara. Afei nso, wohu sɛ ɛyɛ mmerɛw kɛse ma wɔn sɛ wɔn mu biara de ne yɔnko mfomso bɛkyɛ no. Ɔbarima a ɔkyerɛ nea ne yere yɛ ho anisɔ no, ɛnyɛ nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɔbea no ka nko na ɔte anaa nneɛma pa a ɔbea no yɛ nko na ohu, na mmom ‘ɔsɔre gyina, na oyi no ayɛ.’ (Mmeb. 31:10, 28) Ɔbea nyansafo nso ma ne kunu hu ade pɔtee a ne kunu yɛ a ɛsɔ n’ani.

15 Awofo, mobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ mo mma ama wɔakyerɛ nneɛma ho anisɔ? Kae sɛ wo mma besuasua nea woka ne nea woyɛ. Enti, sɛ wo mma yɛ ade ma wo a, da wɔn ase fa yɛ nhwɛso pa ma wɔn. Bio nso, kyerɛ wo mma sɛ, sɛ nkurɔfo yɛ ade ma wɔn a, ɛsɛ sɛ wɔka medaase. Boa wo mma ma wonhu sɛ koma na ɛkanyan yɛn ma yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ, na asɛm a wɔbɛka de akyerɛ saa no betumi aboa pa ara. Yɛnhwɛ ababaa bi a wɔfrɛ no Clary. Ɔka sɛ: “Bere a me maame dii mfe 32 no, prɛko pɛ na ɛbae sɛ ɔno nko ara tete mmofra mmiɛnsa. Bere a me nso midii mfe 32 no, mibehui sɛ na ɛbɛyɛ den ama no pa ara saa bere no. Enti, meka kyerɛɛ no sɛ m’ani sɔ sɛnea ɔyeree ne ho tetee me ne me nuabarimanom no pa ara. Nnansa yi ara, ɔka kyerɛɛ me sɛ asɛm a meka kyerɛɛ no no da so ara da ne koma so, ɔtaa dwinnwen ho, na ɛma n’ani gye.”

Kyerɛkyerɛ wo mma ma wɔnkyerɛ nneɛma ho anisɔ (Hwɛ nkyekyɛm 15) *

16. Sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, etumi hyɛ afoforo nkuran. Ma ɛho nhwɛso.

16 Asafo mu. Sɛ yɛkyerɛ yɛn nuanom ho anisɔ a, yɛhyɛ wɔn nkuran. Ɛho nhwɛso ni. Jorge yɛ asafo mu panyin a wadi mfe 28; yare a emu yɛ den bɔɔ no. Bosome baako twaam a wantumi ankɔ asafo nhyiam. Bere mpo a otumi fii ase kɔɔ asafo nhyiam bio no, na ontumi nyɛ dwumadi biara. Jorge ka sɛ: “Esiane sɛ na meyare na mintumi nyɛ asɛyɛde a ɛhyɛ me nsa wɔ asafo no mu nti, metee nka sɛ mfaso biara nni me so. Nanso, da bi a yɛpɔn asafo nhyiam no, onua bi ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Mepɛ sɛ meda wo ase sɛ woayɛ nhwɛso pa ama m’abusua. Mfe kakra a atwam no, yɛn ani agye ɔkasa ahorow a woama no ho pa ara. Ahyɛ yɛn gyidi den ankasa.’ Saa asɛm no kaa me koma araa ma m’ani taataa nusu. Nea na merepɛ ate ara na ɔkae no.”

17. Sɛnea Kolosefo 3:15 ka no, ayamye a Yehowa da no adi no, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ ho anisɔ?

17 Yɛn Nyankopɔn a ne yam ye. Yehowa ama yɛn honhom fam aduan pii. Ebi ne sɛ, yenya akwankyerɛ a ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn nhyiam ahorow ase, yɛn nsɛmma nhoma mu, ne yɛn wɛbsaet hɔ. Woatie ɔkasa bi, woakenkan asɛm bi, anaa woahwɛ dwumadi bi wɔ JW Broadcasting pɛn ama woaka sɛ, ‘Wei de, wobɛka sɛ wɔyɛ maa me’? Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ nea Yehowa yɛ ma yɛn ho anisɔ? (Kenkan Kolosefo 3:15.) Ade baako a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛda no ase daa wɔ mpaebɔ mu wɔ nneɛma pa a ɔde akyɛ yɛn no ho.—Yak. 1:17.

Ɔkwan pa baako a yɛfa so kyerɛ nneɛma ho anisɔ ne sɛ yɛbɛboa ama wɔasiesie Ahenni Asa so (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ yɛn Ahenni Asa ho anisɔ?

18 Afei nso, sɛ yesiesie baabi a yehyiam som na yɛma hɔ tew a, na yɛrekyerɛ nea Yehowa yɛ ma yɛn ho anisɔ. Yɛboa ma wosiesie yɛn Ahenni Asa so daa na wɔhwɛ so yiye, na anuanom a wɔhwɛ asafo no ɛlɛtrɔnik mfiri so no nso yɛ adwuma no yiye. Sɛ yɛhwɛ yɛn Ahenni Asa so yiye a, ɛbɛkyɛ pa ara, na nneɛma rensɛe kɛse wɔ hɔ na yɛasiesie. Yɛyɛ saa a, ɛma asafo no nya sika pii sisi Ahenni Asa wɔ wiase baabiara na wosiesie bi nso.

19. Dɛn na wusua fii ɔmansin sohwɛfo bi ne ne yere asɛm no mu?

19 Wɔn a wɔyɛ adwumaden ma yɛn. Yɛyɛ nnipa a yɛkyerɛ anisɔ a, nsɛm a yɛka betumi ama sɛnea obi te nka wɔ nsɛnnennen a ɔrehyia ho asesa. Yɛnhwɛ ɔmansin sohwɛfo bi ne ne yere asɛm. Da bi, wɔkɔɔ asɛnka da mũ nyinaa, na na ɛyɛ awɔw bere. Bere a wɔbaa fie no, na wɔabrɛ ankasa. Ná awɔw no ano yɛ den pa ara, enti ɔbea no anyi n’atade a ɔde kõ awɔw no angu hɔ, ɛno ara na ɔde dae. Ade kyee no, ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ ɔrentumi nyɛ akwantu adwuma no bio. Saa anɔpa no ara a ɔkaa saa asɛm no, wɔn nsa kaa krataa fii baa dwumadibea, na na ɔbea no din na ɛwɔ so. Krataa no mu no, wɔkamfoo ɔbea no pa ara sɛ ɔde animia gu so reyɛ asɛnka adwuma no. Wɔkaa sɛ wonim sɛ ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ obi bɛsesa ne dabere nnawɔtwe biara. Ne kunu kaa sɛ: “Sɛnea wɔkamfoo me yere no kaa ne koma pa ara, na wanka bio da sɛ obegyae akwantu adwuma no. Nokwasɛm ne sɛ, bere biara a na mɛka sɛ megyae akwantu adwuma no, ɔno mmom na na ɔhyɛ me nkuran sɛ mma minnyae, na ɔyɛɛ saa mpɛn pii.” Saa awarefo no kɔɔ so yɛɛ akwantu adwuma no bɛyɛ mfe 40.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ da biara, na adɛn ntia?

20 Momma yɛmmɔ mmɔden sɛ da biara da yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe bɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Seesei, wiase a yɛte mu yi, nkurɔfo nkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Enti, ebia nea yebetumi ayɛ de aboa obi ama watumi agyina nsɛnnennen a ɔrehyia ano ne sɛ yebefi yɛn komam aka asɛm bi akyerɛ no anaa yɛbɛyɛ biribi ama no. Afei nso, sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛbɛma yɛanya nnamfo a yɛne wɔn ntam bɛkɔ so ayɛ kama afebɔɔ. Nea ehia pa ara no, yɛyɛ saa a, na yɛresuasua yɛn Agya Yehowa a ne yam ye na ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no.

DWOM 20 Wode Wo Dɔba no Maa Yɛn

^ nky. 5 Dɛn na yebetumi asua afi Yehowa, Yesu, ne Samariani bi a na ɔyare kwata no hɔ na aboa yɛn ama yɛakyerɛ nneɛma ho anisɔ? Adesua yi bɛka saa nhwɛso ahorow no ne afoforo pii ho asɛm. Yɛbɛhwɛ nea enti a ɛho hia pa ara sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ, na yɛahu akwan pɔtee bi a yɛbɛfa so ayɛ saa.

^ nky. 1 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Nea ɛkyerɛ sɛ yɛn ani asɔ obi anaa biribi ne sɛ, yebehu sɛ onii no anaa saa ade no som bo ma yɛn. Saa asɛmfua no betumi akyerɛ sɛnea anisɔ ahyɛ yɛn koma mã.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Wɔakenkan Paulo krataa wɔ Roma asafo mu; Akwila, Priskila, Foibe, ne afoforo ani agye sɛ wɔabɔ wɔn din wɔ krataa no mu.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔbaatan bi reboa ne babea ama wakyerɛ anisɔ wɔ nhwɛso pa a onuawa bi a ne mfe akɔ anim ayɛ ho.