Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 9

Sɛnea Wɔdaa Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Wɔ Tete Israel

Sɛnea Wɔdaa Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Wɔ Tete Israel

“Ɔdɔ trenee ne atɛntrenee. Yehowa adɔe ahyɛ asase so ma.”—DW. 33:5.

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Dɛn na yɛn nyinaa pɛ? (b) Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

YƐN nyinaa pɛ sɛ nkurɔfo dɔ yɛn. Yɛn nyinaa pɛ sɛ nkurɔfo ne yɛn di no yiye. Mpɛn pii no, sɛ nkurɔfo anna ɔdɔ adi ankyerɛ yɛn na wɔne yɛn anni no atɛntrenee so a, yebetumi ate nka sɛ mfaso nni yɛn so, na yɛn anidaso asa.

2 Yehowa nim sɛ yɛhwɛ kwan sɛ afoforo bɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn, na yɛn yam a anka wɔne yɛn adi no atɛntrenee so. (Dw. 33:5) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn pa ara, na ɔpɛ sɛ afoforo ne yɛn di no yiye. Sɛ yɛhwɛ Mmara a Yehowa nam Mose so de maa Israel man no yiye a, yehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Sɛ afoforo nna ɔdɔ adi nkyerɛ wo, na wɔne wo nni no atɛntrenee so nti woayɛ basaa a, yɛsrɛ wo, hwɛ sɛnea Mose Mmara * no ma yehu sɛ Yehowa dwen ne nkurɔfo ho.

3. (a) Sɛnea Romafo 13:8-10 kyerɛkyerɛ mu no, sɛ yesua Mose Mmara no a, dɛn na yehu? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

3 Yesua Mose Mmara no a, yehu sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no dɔ yɛn pa ara. (Kenkan Romafo 13:8-10.) Adesua yi mu no, yebesusuw mmara a wɔde maa Israelfo no mu kakraa bi ho na yɛama nsɛmmisa a edi hɔ yi ho mmuae: Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ na wogyinaa so hyehyɛɛ Mose Mmara no? Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Mose Mmara no hyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔne afoforo nni no atɛntrenee so anaa wɔne wɔn nni no yiye? Sɛn na na Yehowa pɛ sɛ wɔn a wodi tumi no de Mose Mmara no yɛ adwuma? Henanom pa ara na Mose Mmara no bɔɔ wɔn ho ban? Saa nsɛmmisa yi ho mmuae betumi akyekye yɛn werɛ, ebetumi ama yɛanya anidaso, na ama yɛabɛn yɛn Agya a ɔwɔ ɔdɔ no kɛse.—Aso. 17:27; Rom. 15:4.

MMARA NSƐM A EGYINA ƆDƆ SO

4. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ na Yehowa gyinaa so hyehyɛɛ Mose Mmara no? (b) Sɛnea Mateo 22:36-40 ka no, mmara nsɛm bɛn na Yesu sii so dua?

4 Yebetumi aka sɛ ɔdɔ na Yehowa gyinaa so hyehyɛɛ Mose Mmara no, efisɛ biribiara a Yehowa yɛ no, ɔdɔ na ɛma ɔyɛ. (1 Yoh. 4:8) Yehowa de mmara nsɛm no nyinaa gyinaa ahyɛde titiriw mmienu so. Ɛno ne, dɔ Onyankopɔn, ne dɔ wo yɔnko. (Lev. 19:18; Deut. 6:5; kenkan Mateo 22:36-40.) Enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ ahyɛde 600 ne akyi a ɛwɔ Mose Mmara no mu biara ma yehu biribi fa Yehowa dɔ ho. Momma yɛnhwɛ emu bi.

5-6. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ awarefo yɛ, na dɛn na Yehowa hu? Ma ɛho nhwɛso.

5 Di wo kunu anaa wo yere nokware, na hwɛ wo mma yiye. Yehowa pɛ sɛ awarefo nya ɔdɔ a emu yɛ den pa ara ma wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn dɔ no bɛtena hɔ wɔn nkwa nna nyinaa. (Gen. 2:24; Mat. 19:3-6) Bɔne a enye koraa a obi betumi ayɛ atia ne kunu anaa ne yere no, baako ne awaresɛe. Ntease wom pa ara sɛ Mmara Nsɛm Du no mu no, nea ɛto so nson no baraa awaresɛe. (Deut. 5:18) Ɛyɛ bɔne a ‘etia Onyankopɔn,’ na ɛyɛ atirimɔdensɛm a ɔwarefo bi betumi ayɛ atia ne kunu anaa ne yere. (Gen. 39:7-9) Sɛ obi kunu anaa ne yere sɛe aware a, ebetumi ama nea ne ho nni asɛm no adi yaw mfe pii.

6 Sɛnea awarefo no mu biara ne ne yɔnko di no, Yehowa hu pa ara. Ná ɔpɛ sɛ Israelfo ne wɔn yerenom di no yiye. Ná ɔbarima a obu Mose Mmara no bɛdɔ ne yere, na na ɔrennyina nsɛm nketenkete so nnyae ne yere aware. (Deut. 24:1-4; Mat. 19:3, 8) Nanso, sɛ asɛnkɛse bi sɔre, na ogyae ne yere aware a, na ɛsɛ sɛ ɔma ɔbea no awaregyae krataa. Saa krataa no bɔɔ ɔbea no ho ban na nkurɔfo anni atoro ammɔ no sobo sɛ wabɔ aguaman. Afei nso, ɛda adi sɛ ansa na okunu no betumi de awaregyae krataa ama ne yere no, na gye sɛ okohu kurow no mu mpanyimfo. Sɛ ɔyɛ saa a, na kurow no mu mpanyimfo no benya hokwan aboa awarefo no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennyae aware. Sɛ pɛsɛmenkominya nti Israelni barima bi gyae ne yere aware a, ɛnyɛ bere nyinaa na na Yehowa de ne ho gye asɛm no mu. Nanso, na ohu ɛyaw a ɔbea no fam ne nusu a ɔtew no, na na Yehowa di yaw wɔ asɛm no ho.—Mal. 2:13-16.

(Hwɛ nkyekyɛm 7-8) *

7-8. (a) Dɛn na Yehowa kaa sɛ awofo nyɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.) (b) Asuade bɛn na yɛanya?

7 Mose Mmara no ma yehu nso sɛ Yehowa pɛ sɛ mmofra ani gye na wɔn bo tɔ wɔn yam. Yehowa ka kyerɛɛ awofo sɛ wɔmma wɔn mma nsa nka wɔn honam fam ahiade, na wɔmmoa wɔn mma wɔne Onyankopɔn ntam nyɛ kama. Ná ɛsɛ sɛ awofo de hokwan biara a wobenya boa wɔn mma ma wɔte Yehowa Mmara no ase na wonya ho anisɔ na wɔdɔ Yehowa. (Deut. 6:6-9; 7:13) Ade baako nti a Yehowa twee Israelfo no aso ne sɛ, ayayade a wɔde yɛɛ wɔn mma no bi no, na ɛhaw adwene pa ara. (Yer. 7:31, 33) Ná ɛnsɛ sɛ awofo bu wɔn mma sɛ biribi a wobetumi ato no asaworam anaa wɔayɛ no basabasa, na mmom na ɛsɛ sɛ wobu wɔn sɛ agyapade anaa akyɛde a efi Yehowa hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so yiye.—Dw. 127:3.

8 Asuade: Yehowa hu sɛnea awarefo no mu biara ne ne yɔnko di. Ɔpɛ sɛ awofo dɔ wɔn mma, na sɛ awofo yɛ wɔn mma basabasa a, obebu wɔn atɛn.

9-11. Adɛn nti na Yehowa de mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi ma n’ani bere ade no mae?

9 Mma w’ani mmmere ade. Mmara Nsɛm Du no, nea etwa to no kaa sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere obi ade. (Deut. 5:21; Rom. 7:7) Yehowa de saa mmara no mae de kyerɛɛ asuade titiriw bi. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo bɔ wɔn koma ho ban, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho ne wɔn nsusuwii yiye. Yehowa nim sɛ nsusuwii bɔne ne akɔnnɔ bɔne na ɛma nkurɔfo yɛ bɔne. (Mmeb. 4:23) Sɛ Israelni bi ma akɔnnɔ bɔne nyin wɔ ne koma mu a, anhwɛ a na ɔne afoforo anni no yiye. Saa afiri no yii Ɔhene Dawid. Sɛ yɛbɛka a, na Dawid yɛ onipa pa. Nanso bere bi, n’ani beree ɔbarima foforo yere. Akɔnnɔ a onyae no ma ɔyɛɛ bɔne. (Yak. 1:14, 15) Dawid sɛee aware, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛdaadaa ɔbea no kunu, na ɛno akyi no, ɔmaa wokum ɔbea no kunu no.—2 Sam. 11:2-4; 12:7-11.

10 Sɛ Israelni bu mmara a ɛfa anibere ho no so a, na Yehowa hu. Yehowa tumi hu nea ɛwɔ koma mu. (1 Be. 28:9) Mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi ma n’ani bere ade no, ɛmaa nkurɔfo no hui sɛ, ɛsɛ sɛ woyi nsusuwii a ɛma nnipa yɛ bɔne no fi wɔn mu. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa yɛ Agya a onim nyansa na ɔwɔ ɔdɔ!

11 Asuade: Yehowa hu sɛnea obi te ankasa sen sɛnea nnipa hu onii no. Ohu nea ɛwɔ yɛn mu ankasa, nea ɛwɔ yɛn koma mu tɔnn. (1 Sam. 16:7) Biribiara nni hɔ a yebetumi de asie a onhu, yɛn nsusuwii, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne yɛn nneyɛe biara. Ɔhwehwɛ nneɛma pa a ɛwɔ yɛn koma mu, na ɔpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ saa nneɛma no. Nanso, ɔpɛ sɛ yedi kan hu nsusuwii bɔne na yedi so, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenyɛ bɔne.—2 Be. 16:9; Mat. 5:27-30.

MMARA NSƐM A ƐHYƐƐ ATƐNTRENEE HO NKURAN

12. Dɛn na Mose Mmara no si so dua?

12 Mose Mmara no ma yehu nso sɛ Yehowa dɔ atɛntrenee. (Dw. 37:28; Yes. 61:8) Yehowa yɛɛ sɛnea yɛne afoforo bedi no yiye ho nhwɛso a edi mũ maa yɛn. Bere a Israelfo dii mmara a Yehowa de maa wɔn no so no, ohyiraa wɔn. Bere a wobuu wɔn ani guu ne gyinapɛn ahorow a ɛteɛ so no, wohuu amane. Momma yɛnhwɛ mmara foforo mmienu wɔ Mmara Nsɛm Du no mu.

13-14. Dɛn na na mmara mmienu a edi kan wɔ Mmara Nsɛm Du no mu no hwehwɛ sɛ Israelfo no yɛ? Sɛ wodii saa mmara no so a, anka ɛbɛboa wɔn sɛn?

13 Som Yehowa Nkutoo. Ná mmara mmienu a edi kan wɔ Mmara Nsɛm Du no mu no hwehwɛ sɛ Israelfo no som Yehowa nkutoo, na Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsom ahoni. (Ex. 20:3-6) Ɛnyɛ Yehowa na na obenya saa ahyɛde no so mfaso. Mmom, ne nkurɔfo no na na wobenya so mfaso. Bere a Yehowa nkurɔfo dii nokware maa no no, nneɛma kɔɔ yiye maa wɔn. Nanso, bere a wɔkɔsom aman foforo anyame no, wohuu amane.

14 Yɛnhwɛ Kanaanfo no. Wɔansom nokware Nyankopɔn teasefo no, na mmom na wɔsom ahoni a nkwa nnim. Ɛno nti, wɔyɛɛ adapaade. (Dw. 115:4-8) Wɔyɛɛ nna mu abofonode wɔ wɔn som mu, na wɔyɛɛ mmofra aninyanne de wɔn bɔɔ afɔre. Saa ara na bere a Israelfo buu wɔn ani guu Yehowa so na wɔsom abosom no, wɔyɛɛ adapaade, na wɔmaa wɔn mmusua dii yaw. (2 Be. 28:1-4) Wɔn a na wodi tumi wɔ ɔman no mu no amfa Yehowa atɛntrenee anyɛ adwuma. Wɔde wɔn tumi dii dwuma ɔkwammɔne so, na wɔhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw ne wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ so. (Hes. 34:1-4) Yehowa bɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ, wɔn a wɔyɛ mmea ne mmofra a wonni ahobammɔ bɔne no, obebu wɔn atɛn. (Deut. 10:17, 18; 27:19) Nanso, bere a Yehowa nkurɔfo dii nokware maa no, na wɔne wɔn ho wɔn ho dii no yiye no, ohyiraa wɔn.—1 Ahe. 10:4-9.

Yehowa dɔ yɛn, na sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, ohu (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Dɛn na yɛasua afa Yehowa ho?

15 Asuade: Sɛ nkurɔfo a wɔka sɛ wɔsom Yehowa bu wɔn ani gu ne mmara so na wɔyɛ ne nkurɔfo bɔne a, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ Yehowa na wama aba saa. Nanso, Yehowa dɔ yɛn, na sɛ nkurɔfo bu yɛn ntɛnkyea anaa wɔne yɛn anni no yiye a, ohu. Sɛnea ɔte nka ma yɛn no, ɛsen sɛnea maame bi te nka ma ne ba kumaa koraa. (Yes. 49:15) Ɛwom, ebia abɔnefo a wonnu wɔn ho no, Yehowa remmu wɔn atɛn ntɛm, nanso bere a ɛsɛ mu no obebu wɔn atɛn wɔ sɛnea wɔne afoforo dii no ho.

SƐN NA NA ƐSƐ SƐ WƆDE MMARA NO YƐ ADWUMA?

16-18. Asetenam nneɛma bɛn na na Mose Mmara no fa ho, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

16 Ná Mose Mmara no fa nneɛma pii a Israelni bi yɛ ho, enti na ehia sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no bu Yehowa nkurɔfo atɛn wɔ trenee mu. Ɛnyɛ nsɛm a ɛfa Onyankopɔn som ho nko na na wɔka ho asɛm, na mmom na wodi nsɛm a ɛfa akasakasa a ɛsɔre wɔ nkurɔfo ntam ne nsɛmmɔnedi nso ho. Yɛnhwɛ nhwɛso a edi hɔ yi.

17 Sɛ Israelni bi kum obi a, ɛnyɛ sɛ ɛhɔ ara na wɔakum no bi atua ka. Ná mpanyimfo a wɔwɔ kurom hɔ hwehwɛ asɛm no mu hu nea ɛmaa okum onii no ansa na wɔasi gyinae sɛ ebia ɛfata sɛ wokum ɔno nso. (Deut. 19:2-7, 11-13) Afei nso, asetenam nsɛmnsɛm a ɛsɔre da biara da wɔ nneɛma pii ho no, ná mpanyimfo no siesie. Efi agyapade ho akasakasa so kosi aware mu nsɛmnsɛm so. (Ex. 21:35; Deut. 22:13-19) Sɛ na mpanyimfo no di Israelfo no ntam nsɛmnsɛm yiye na ɔmanfo no di Mose Mmara no so a, na obiara bo tɔ ne yam, na ɔman no hyɛ Yehowa anuonyam.—Lev. 20:7, 8; Yes. 48:17, 18.

18 Asuade: Biribiara a ɛkɔ so wɔ yɛn asetenam ho hia Yehowa. Ɔpɛ sɛ yɛne afoforo di no yiye na yɛdɔ wɔn. Ɔte nea yɛka, na ohu nea yɛyɛ bere mpo a yɛn nko ara yɛwɔ yɛn fie.—Heb. 4:13.

19-21. (a) Ná ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ne atemmufo no ne Onyankopɔn nkurɔfo di no sɛn? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de bɔɔ ne nkurɔfo ho ban, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

19 Ná Yehowa pɛ sɛ ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a aman a ɛbɛn wɔn no rensɛe wɔn abrabɔ. Enti na ɔpɛ sɛ mpanyimfo no ne atemmufo no de Mose Mmara no bu atɛn a wɔnyɛ animhwɛ. Nanso, na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔrebu atɛn no ne ne nkurɔfo no di no atirimɔden so anaa wɔne wɔn di no katee. Mmom, na ɛsɛ sɛ wɔdɔ atɛntrenee.—Deut. 1:13-17; 16:18-20.

20 Ná Yehowa yam hyehye no ma ne nkurɔfo, enti ɔmaa wɔn mmara bi a ɛremma kwan mma wonsisi obiara. Nhwɛso bi ni. Mose Mmara no ma ɛyɛɛ den sɛ obi betwa atoro ato obi so sɛ wayɛ bɔne bi. Ná nea wɔkyerɛ sɛ wayɛ bɔne no wɔ hokwan sɛ ohu onii a wabɔ no sobo no. (Deut. 19:16-19; 25:1) Anyɛ yiye koraa no, ansa na wobebu onii no fɔ no, na ehia sɛ nnipa mmienu di adanse tia no. (Deut. 17:6; 19:15) Sɛ Israelni bi yɛ bɔne na onipa baako pɛ na ohui nso ɛ? Ná ɛnsɛ sɛ nea wayɛ bɔne no nya adwene sɛ ɔbɛfa ne ho adi wɔ bɔne a ɔyɛe no ho. Yehowa huu nea ɔyɛe no. Agyanom na na wodi tumi wɔ abusua mu, nanso na wɔn tumi no wɔ baabi a ekosi. Abusua mu nsɛmnsɛm bi wɔ hɔ a, kurow bi mu mpanyimfo na na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wodi na wobu ho atɛn korakora.—Deut. 21:18-21.

21 Asuade: Yehowa yɛ nhwɛso a edi mũ; biribiara a ɔyɛ no teɛ. (Dw. 9:7) Wɔn a wodi ne mmara so no, otua wɔn ka, nanso wɔn a wɔde wɔn tumi di dwuma ɔkwammɔne so no, ɔtwe wɔn aso. (2 Sam. 22:21-23; Hes. 9:9, 10) Ebinom betumi ayɛ bɔne, na wɔanya adwene sɛ wɔrennya ho asotwe biara, nanso sɛ Yehowa bere so a, obebu wɔn atɛn. (Mmeb. 28:13) Sɛ wɔannu wɔn ho a, ɛrenkyɛ wobehu sɛ “ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefo no nsam.”—Heb. 10:30, 31.

HENANOM PA ARA NA MOSE MMARA NO BƆƆ WƆN HO BAN?

Sɛ mpanyimfo resiesie akasakasa a, ɛsɛ sɛ wosuasua sɛnea Yehowa dɔ ne nkurɔfo na ɔdɔ atɛntrenee no (Hwɛ nkyekyɛm 22) *

22-24. (a) Henanom pa ara na Mose Mmara no bɔɔ wɔn ho ban, na dɛn na yɛahu afa Yehowa ho? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ Exodus 22:22-24?

22 Wɔn a Mose Mmara no bɔɔ wɔn ho ban pa ara ne wɔn a na wɔn ankasa ntumi mmɔ wɔn ho ban. Ebi ne nnyanka, akunafo, ne ahɔho. Yehowa ka kyerɛɛ Israel atemmufo sɛ: “Sɛ ɔhɔho anaa agyanka de asɛm ba w’anim a, nnan atemmu ani, na nnye okunafo ntama awowa.” (Deut. 24:17) Ɔmanfo a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ pa ara no, na Yehowa dwen wɔn ho ankasa. Yehowa twee nkurɔfo a wɔteetee wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no aso.—Kenkan Exodus 22:22-24.

23 Mose Mmara no san bɔɔ abusuafo ho ban fii mogyafra biara ho. (Lev. 18:6-30) Ná ɛnsɛ sɛ Israelfo no yɛ wɔn ade te sɛ aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no. Ná saa aman no ma ɔbrasɛe yi ho kwan anaasɛ na wogye tom. Saa bɔne yi, na Yehowa bu no sɛ ɛyɛ akyide, na na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo nso bu no saa ara.

24 Asuade: Yehowa pɛ sɛ wɔn a ɔde asɛyɛde ahyehyɛ wɔn nsa no ma wɔn ani kũ nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn ase no nyinaa ho. Yehowa kyi mogyafra, na ɔpɛ sɛ obiara nya ahobammɔ na wobu atɛntrenee ma obiara, titiriw, wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no.

MOSE MMARA NO, ƐYƐ “NNEPA A ƐBƐBA NO SUNSUMA”

25-26. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ ne atɛntrenee te sɛ ɔhome ne nkwa? (b) Adesua nsɛm a ɛbɛba atoatoa so no, dɛn na yebesusuw ho wɔ nea edi hɔ a ɛbɛba no mu?

25 Ɔdɔ ne atɛntrenee te sɛ ɔhome ne nkwa; baako nkɔ nnya baako wɔ asase so. Sɛ yehu sɛ Yehowa ne yɛn redi no trenee so a, ɔdɔ a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne ne gyinapɛn ahorow a ɛteɛ a, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛdɔ afoforo, na yɛne wɔn di no yiye.

26 Mose Mmara apam no boaa Israelfo no ma wɔne Yehowa abusuabɔ mu yɛɛ den kɛse. Nanso, Yesu de Mose Mmara no baa awiei, na wɔde biribi a eye sen ɛno sii ananmu. (Rom. 10:4) Ɔsomafo Paulo kaa Mose Mmara no ho asɛm sɛ ɛyɛ “nnepa a ɛbɛba no sunsuma.” (Heb. 10:1) Adesua nsɛm a ɛbɛba atoatoa so no, nea edi hɔ a ɛbɛba no bɛka saa nneɛma pa no ne dwuma a ɔdɔ ne atɛntrenee di wɔ Kristofo asafo no mu no bi ho asɛm.

DWOM 109 Momfa Mo Koma Nyinaa Nnɔ Anuanom

^ nky. 5 Yebesua nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa dwen yɛn ho wɔ adesua nsɛm nnan a ɛbɛba atoatoa so mu. Adesua asɛm yi ne nea edi kan. Mmiɛnsa a aka no bɛba May 2019 Ɔwɛn-Aban mu. Saa adesua nsɛm no bɛma yɛahu sɛnea Yehowa da ɔdɔ ne atɛntrenee adi wɔ Kristofo asafo no mu, sɛnea asafo mu mpanyimfo bɔ asafo no ho ban ne sɛnea awofo bɛbɔ wɔn mma ho ban na nkurɔfo amfeefee wɔn anaa wɔamfa nna ho nsɛm anteetee wɔn. Afei nso, ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛkyekye wɔn a wɔn mmofraase wɔfeefee wɔn anaa wɔde nna ho nsɛm teetee wɔn no werɛ.

^ nky. 2 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Mmara 600 ne akyi a Yehowa nam Mose so de maa Israelfo no, ɛno na yɛfrɛ no “Mmara no,” “Mose Mmara no,” ne “mmara nsɛm no.” Afei nso, nhoma nnum a edi kan wɔ Bible mu (efi Genesis kosi Deuteronomium) no, wɔtaa frɛ ɛno nso Mmara no. Ɛtɔ da nso a, sɛ wɔka Mmara no a, ɛkyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa.

^ nky. 60 ANIM MFONI: Bere a awofo retete wɔn mma wɔ ɔdɔ mu na wɔrekyerɛkyerɛ wɔn no, na Yehowa pɛ sɛ mmofra no te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ na wɔn koma tɔ wɔn yam

MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Israelni bea bi ne ne mmabea rebɔ nkɔmmɔ anigye so bere a wɔreyɛ aduan. Agya no rekyerɛ ne babarima sɛnea wɔyɛn nguan wɔ akyi hɔ.

^ nky. 64 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Oguadini bi ne okunafo bi ne ne ba anni no yiye. Mpanyimfo a wɔwɔ kurow pon ano ayi wɔn yam reboa ɔbea no ne ne ba no.