Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 13

Nya Tema Ma Afoforo Wɔ Asɛnka Mu

Nya Tema Ma Afoforo Wɔ Asɛnka Mu

“Wɔyɛɛ no mmɔbɔ . . . Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”—MAR. 6:34.

DWOM 70 Hwehwɛ Wɔn a Wɔfata

NEA YƐREBESUA *

1. Yesu suban a ɛka koma pa ara no, emu baako ne dɛn? Kyerɛkyerɛ mu.

YESU suban a ɛka koma pa ara no, emu baako ne sɛnea otumi te ɔhaw a nnipa a yɛnyɛ pɛ refa mu ase no. Bere a Yesu wɔ asase so no, otumi ne ‘wɔn a na wɔredi ahurusi dii ahurusi,’ na ‘ɔne wɔn a wɔresu nso sui.’ (Rom. 12:15) Ɛho nhwɛso ni. Bere a n’asuafo 70 kɔyɛɛ asɛnka adwuma no na wɔde anigye san bae no, ‘anigye hyɛɛ Yesu mã denam honhom kronkron so.’ (Luka 10:17-21) Nanso, bere a Yesu hui sɛ Lasaro awu a n’adɔfo redi awerɛhow no, “osii apini na ne ho yeraw no.”—Yoh. 11:33.

2. Dɛn na ɛboaa Yesu ma otumi nyaa tema maa nkurɔfo?

2 Dɛn na ɛboaa onipa a ɔyɛ pɛ yi ma ohuu nnipa a wɔnyɛ pɛ mmɔbɔ na onyaa ayamhyehye saa maa wɔn? Nea edi kan koraa no, na Yesu dɔ nnipa. Sɛnea yɛkaa wɔ adesua a edi wei anim mu no, ‘nnipa mma ho nsɛm na na ɛda Yesu koma so.’ (Mmeb. 8:31) Ɔdɔ a Yesu wɔ ma nnipa no kaa no ma ohuu nnipa adwene yiye. Ɔsomafo Yohane kaa sɛ: ‘Ná onim nea ɛwɔ onipa mu.’ (Yoh. 2:25) Ná Yesu wɔ ayamhyehye kɛse ma afoforo. Nkurɔfo hui sɛ na ɔdɔ wɔn, na ɛma wotiee Ahenni ho asɛmpa no. Sɛ yɛyere yɛn ho nya ayamhyehye a ɛte saa ma nkurɔfo bere a yɛreka asɛmpa no a, ɛbɛma yɛatumi aboa wɔn pa ara.—2 Tim. 4:5.

3-4. (a) Yɛwɔ tema a, yebebu asɛnka adwuma a yɛyɛ no sɛn? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ná ɔsomafo Paulo nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔka asɛmpa no, na yɛn nso yenim sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. (1 Kor. 9:16) Nanso, sɛ yɛwɔ tema a, yɛremfa no sɛ ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no ara nti na yɛka. Mmom, yɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ yedwen wɔn ho, na yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn. Yenim sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Sɛ nkurɔfo a yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn nti na yɛka asɛmpa no a, asɛnka adwuma no bɛyɛ yɛn dɛ pa ara.

4 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebenya tema ama nkurɔfo wɔ asɛnka mu. Nea edi kan, yebehu nea yebetumi asua afi sɛnea Yesu nyaa tema maa afoforo no mu. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ akwan nnan a yɛbɛfa so asuasua nea Yesu yɛe no.—1 Pet. 2:21.

YESU NYAA TEMA MAA AFOFORO WƆ ASƐNKA MU

Tema a na Yesu wɔ ma nkurɔfo nti, ɛma ɔkaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 5-6)

5-6. (a) Henanom na Yesu nyaa tema maa wɔn? (b) Sɛnea Yesaia 61:1, 2 ka too hɔ no, adɛn nti na nkurɔfo a Yesu kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no asɛm yɛɛ no mmɔbɔ?

5 Yɛnhwɛ sɛnea Yesu nyaa tema maa nkurɔfo ho nhwɛso bi. Bere bi, na Yesu ne n’asuafo no abrɛ pa ara, efisɛ na wɔaka asɛmpa no a wonnyee wɔn ahome. Wɔannya “bere mpo annidi.” Enti, Yesu ne n’asuafo no ‘kɔhyɛɛ baabi sɛ wɔrekɔhome kakra.’ Nanso, nnipakuw kɛse bi tuu mmirika dii Yesu ne n’asuafo no anim kɔɔ baabi a na wɔrekɔ no. Bere a Yesu duu hɔ na ohuu nkurɔfo no, ɔtee nka sɛn, na dɛn na ɔyɛe? Bible ka sɛ: ‘Wɔyɛɛ Yesu mmɔbɔ, * efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.’—Mar. 6:30-34.

6 Momma yɛnhwɛ nea enti a nkurɔfo yɛɛ Yesu mmɔbɔ anaa onyaa tema maa wɔn. Yesu hui sɛ nkurɔfo no ‘te sɛ nguan a wonni hwɛfo.’ Ebia Yesu hui sɛ ebinom yɛ ahiafo, na wɔyɛ adwumaden de hwɛ wɔn mmusua. Ebi nso a na ebinom adɔfo awu ama wɔredi awerɛhow. Sɛ saa a, na Yesu bɛte wɔn ase. Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu ankasa afa ɔhaw a ɛte saa no bi mu. Ná Yesu dwen nkurɔfo ho, na na ɔpɛ sɛ ɔka awerɛkyekyesɛm kyerɛ wɔn.—Kenkan Yesaia 61:1, 2.

7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu?

7 Dɛn na yesua fi Yesu hɔ? Sɛnea na nkurɔfo a “wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo” atwa Yesu ho ahyia no, saa ara na nkurɔfo a wɔte saa atwa yɛn nso ho ahyia. Saa nkurɔfo no refa ɔhaw pii mu. Yɛwɔ nea wohia; ɛno ne Ahenni ho asɛmpa no. (Adi. 14:6) Enti, yesuasua yɛn Wura no, na yɛka asɛmpa no efisɛ ‘ɔbrɛfo ne ohiani asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ.’ (Dw. 72:13) Nkurɔfo asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi boa wɔn.

SƐNEA YEBENYA TEMA AMA NKURƆFO

Onipa biara a wubehyia no no, hwɛ nea ɛbɛboa no (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)

8. Yɛwɔ asɛnka mu a, dɛn ne ɔkwan baako a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛwɔ tema ma nkurɔfo? Ma ɛho nhwɛso.

8 Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya tema ama nkurɔfo a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no? Nkurɔfo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no, yɛpɛ sɛ yɛte wɔn ase. Yɛpɛ sɛ yɛfa no sɛ yɛn na yɛwɔ tebea a wɔwom no mu, na sɛnea yɛpɛ sɛ afoforo ne yɛn di no, yɛn nso yɛne wɔn bedi no saa ara. * (Mat. 7:12) Momma yɛnhwɛ akwan nnan a yebetumi afa so ayɛ saa. Nea edi kan, onipa biara a yebehyia no no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nea ɛbɛboa no. Yebetumi de asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no atoto nea dɔkotafo yɛ de boa ayarefo a wɔhwɛ wɔn no ho. Dɔkota a onim adwuma no, osusuw nea ɔyarefo biara a ɔhwɛ no hia ho. Obisabisa ɔyarefo no nsɛm, na ɔyɛ aso tie no bere a ɔreka nea ɔrefa mu anaa sɛnea ɔte nka no. Sɛ́ anka dɔkota no bɛkyerɛw aduru biara a ebedi kan aba ne tirim ama ɔyarefo no, obegye bere kakra ahwɛ nea ɛrehaw no, na afei wama no ayaresa a ɛfata. Yɛn nso, ɛnyɛ ɔkwan baako na ɛsɛ sɛ yɛfa so ka asɛm no kyerɛ obiara a yebehyia no wɔ asɛnka mu. Mmom, obiara a yebehyia no wɔ asɛnka mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu tebea a ɔwom ne adwene a okura.

9. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Wuhyia obi wɔ asɛnka mu a, nnya adwene sɛ wunim nea ɔrefa mu anaa wunim nea ogye di ne nea enti a ogye di. (Mmeb. 18:13) Mmom, bisabisa no nsɛm anifere so. (Mmeb. 20:5) Mo mpɔtam hɔ, sɛ ɛfata sɛ wubisa onii no adwuma a ɔyɛ, n’abusua ho asɛm, nea ɔrefa mu wɔ n’asetena mu, ne adwene a okura ho nsɛm a, yɛ saa. Sɛ yebisabisa afoforo nsɛm a, ɛma yehu nea wohia ankasa. Sɛnea Yesu yɛe no, sɛ yehu nea nkurɔfo hia a, yebetumi anya tema ama wɔn na yɛaboa wɔn ama wɔn nsa aka nea wohia no.—Fa toto 1 Korintofo 9:19-23 ho.

Sɛ wopɛ sɛ wudi obi adanse a, fa w’adwene bu nea wohwɛ a ɛrekɔ so wɔ n’asetena mu (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)

10-11. Sɛnea asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 4:7, 8 kyerɛ no, dɛn ne ɔkwan a ɛto so mmienu a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛwɔ tema ma afoforo? Ma ɛho nhwɛso.

10 Nea ɛto so mmienu, fa w’adwene bu nea wohwɛ a ɛrekɔ so wɔ wɔn asetena mu. Yɛyɛ saa a, yebetumi ahu nea wɔrefa mu no ho biribi kakra. Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛn nyinaa fa ɔhaw ahorow mu. (1 Kor. 10:13) Yenim sɛ wiase yi mu asetena yɛ den pa ara. Yehowa nko ara na obetumi aboa yɛn ama yɛatena wiase yi mu. (Kenkan 2 Korintofo 4:7, 8.) Wo de, yɛnhwɛ wɔn a wɔne Yehowa nni abusuabɔ pa no. Esiane sɛ wonnya Yehowa mmoa nti, ɛbɛyɛ den ama wɔn pa ara wɔ wiase yi mu. Saa nkurɔfo no yɛ yɛn mmɔbɔ sɛnea nkurɔfo yɛɛ Yesu mmɔbɔ no, na yɛpɛ sɛ yɛka “adepa ho asɛmpa” kyerɛ wɔn.—Yes. 52:7.

11 Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Sergey. Ansa na Sergey rehu nokware no, na ɔfɛre ade, na na ɔmpɛ kasa nso. Ná ɛyɛ den ma no pa ara sɛ ɔne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ. Bere bi akyi no, ɔmaa kwan ma wɔne no suaa Bible. Sergey kaa sɛ: “Bere a misuaa Bible no, mihui sɛ ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ wɔka nea wogye di ho asɛm kyerɛ afoforo. Nokwasɛm ne sɛ, na minnye nni sɛ metumi ayɛ saa da.” Nanso, osusuw wɔn a wonnya ntee nokware no ho asɛm ho, na ohui sɛ esiane sɛ wonnim Yehowa nti ɛbɛyɛ sɛ asetena yɛ den ma wɔn pa ara. Sergey kaa sɛ: “Nneɛma foforo a na meresua no ma minyaa anigye ne asomdwoe kɛse. Mihui sɛ ehia sɛ afoforo nso sua saa nokware no.” Bere a Sergey nyaa tema kɛse maa afoforo no, onyaa akokoduru kɛse a ɔde bɛka asɛmpa no. Sergey kaa sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa pa ara sɛ Bible mu asɛm a meka kyerɛɛ afoforo no ma minyaa ahotoso kɛse. Nea migye di ho asɛm a meka kyerɛɛ afoforo no maa m’ankasa nso gyidi yɛɛ den.” *

Ebetumi aba sɛ ebegye bere ansa na ebinom anya nkɔso wɔ Yehowa som mu (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)

12-13. Nkurɔfo a yɛkyerɛkyerɛ wɔn wɔ asɛnka mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho abotare? Ma ɛho mfatoho.

12 Nea ɛto so mmiɛnsa, nya nkurɔfo a wokyerɛkyerɛ wɔn no ho abotare. Kae sɛ, nokware ahorow a ɛwɔ Bible mu a yenim no yiye no, ebi wɔ hɔ a ebia saa nkurɔfo no nnwenee ho da. Nea wɔn mu pii gye di no, ɛda wɔn koma so pa ara. Ebia wɔn adwene yɛ wɔn sɛ ɔsom a wɔwom no boa wɔn ma baakoyɛ tena wɔne wɔn abusuafo ne ɔmanfo a wɔne wɔn te ntam, na ɛma wokura wɔn amammerɛ mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa nkurɔfo a wɔte saa?

13 Yɛnhwɛ mfatoho yi: Sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsesa ɛtwene dedaw bi a asɛe a, dɛn na wɔyɛ? Mpɛn pii no, wɔyɛ ɛtwene foforo; nanso bere a wogu so reyɛ foforo no, nkurɔfo fa dedaw no so. Sɛ wɔyɛ ɛtwene foforo no wie a, wobubu dedaw no. Yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo gyae wɔn gyidi “dedaw” a ɛda wɔn koma so pa ara akyi di a, ebehia sɛ yedi kan boa wɔn ma wonya anisɔ kɛse ma nokware “foforo” a wɔahu no. Nokware “foforo” no, ɛno ne Bible nkyerɛkyerɛ a na wonnim ansa na yɛrefi ase ne wɔn asua ade. Sɛ yɛboa wɔn saa a, ɛno ansa na wobegyae wɔn gyidi dedaw no akyi di. Ebetumi aba sɛ ebegye bere ansa na yɛatumi aboa nkurɔfo ama wɔayɛ nsakrae a ɛte saa.—Rom. 12:2.

14-15. Ebinom wɔ hɔ a, anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya daa nkwa wɔ paradise wɔ asase so no, wonni ho nimdeɛ papa, anaa wonnim ho hwee. Yɛbɛyɛ dɛn aboa nkurɔfo a wɔte saa? Ma ɛho nhwɛso.

14 Sɛ yenya nkurɔfo ho abotare wɔ asɛnka mu a, ɛremma yennya adwene sɛ, ɛsɛ sɛ wɔte nokware a ɛwɔ Bible mu no ase anaa wogye tom ɛda a edi kan a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ wɔn. Mmom, tema a yɛwɔ ma afoforo bɛka yɛn koma ama yɛaboa wɔn nkakrankakra ama wɔasusuw nea Bible ka no ho yiye. Nhwɛso bi ni. Yɛnhwɛ sɛnea yebetumi aboa obi ama wate anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya daa nkwa wɔ paradise wɔ asase so no ase. Saa nkyerɛkyerɛ yi, nnipa pii nnim ho nsɛm pii anaa wɔntee da. Ebia nea wogye di ne sɛ, sɛ onipa wu a ɔremma nkwa mu bio. Anaasɛ wɔn adwene ne sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro. Yɛbɛyɛ dɛn aboa nkurɔfo a wɔte saa?

15 Ɔkwan bi a onua bi ahu sɛ etu mpɔn a ɔfa so boa nkurɔfo ni. Nea edi kan, ɔkenkan Genesis 1:28. Afei, obisa ofiewura no baabi a na Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tena ne asetena a na ɔpɛ sɛ nnipa nya. Nkurɔfo dodow no ara bua sɛ, “Ná ɔpɛ sɛ nnipa nya asetena pa wɔ asase so.” Ɛno akyi no, onua no kenkan Yesaia 55:11, na obisa ofiewura no sɛ Onyankopɔn atirimpɔw asesa anaa. Mpɛn pii no, ofiewura no bua sɛ ɛnsesae. Nea etwa to no, onua no kenkan Dwom 37:10, 11, na obisa sɛnea nnipa asetena bɛyɛ daakye. Onua no nam saa kwan a ɔfa so ne nkurɔfo susuw Kyerɛwnsɛm ho no so aboa nnipa pii ama wɔahu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa pa tena ase daa wɔ Paradise wɔ asase so.

Yɛkyerɛw krataa kɔhyɛ obi nkuran a, ɛnyɛ ade kɛse de, nanso nneɛma pa pii betumi afi adɔe a ɛte saa mu aba (Hwɛ nkyekyɛm 16-17)

16-17. Yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:27 a, akwampa a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛwɔ tema ma nkurɔfo no, ebi ne sɛn? Ma ɛho nhwɛso.

16 Nea ɛto so nnan, hwehwɛ akwampa a wobɛfa so ama afoforo ahu sɛ wudwen wɔn ho. Yemmisa sɛ, woakɔ ofiewura bi nkyɛn a ɛnyɛ bere pa anaa? Wubetumi apa no kyɛw na woaka akyerɛ no sɛ wobɛsan aba ne nkyɛn bere pa mu. Sɛ ofiewura bi hia obi ama wayɛ adwuma ketewa bi ama no nso ɛ? Anaa obi a yare anaa onyin nti waka dan mu repɛ obi asoma no nso ɛ? Sɛ yɛkɔto tebea a ɛte saa a, yebetumi aboa onipa no.—Kenkan Mmebusɛm 3:27.

17 Onuawa bi yɛɛ adɔe bi a ɛte sɛ nea ɛnyɛ biribi titiriw biara, nanso biribi pa fii mu bae. Onuawa no tee nka maa abusua bi a na wɔn ba awu, enti ɔkyerɛw krataa kɔmaa wɔn. Ná krataa no mu nsɛm no bi yɛ Bible mu nsɛm a ɛma awerɛkyekye. Krataa no mu nsɛm kaa abusua no sɛn? Maame a na ɔredi awerɛhow no kyerɛwee sɛ: “Nnɛra, na mabotow pa ara. Minnye nni sɛ wunim sɛnea wo krataa no asi aboa yɛn. Wo krataa no kyekyee yɛn werɛ pa ara, minhu asɛm a menka mfa nna wo ase. Nnɛra, anyɛ yiye koraa no, mekenkan wo krataa no bɛboro mpɛn 20. Sɛnea wo krataa no kaa yɛn koma too yɛn yam na ɛkyekyee yɛn werɛ no, ɛyɛɛ me nwonwa pa ara. Yefi yɛn koma nyinaa mu da wo ase.” Sɛ nkurɔfo rehu amane na yɛfa no sɛ nea ato wɔn no ɛyɛ yɛn na ato yɛn, na afei yɛyɛ biribi de boa wɔn a, sɛnea ɛte biara biribi pa befi mu aba.

HU NEA YEHOWA PƐ SƐ WOYƐ

18. Sɛnea 1 Korintofo 3:6, 7 kyerɛ no, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi wɔ asɛnka adwuma no ho, na adɛn ntia?

18 Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ wɔ asɛnka adwuma no ho. Yebetumi aboa nkurɔfo ama wɔasua Onyankopɔn ho ade, nanso adwuma no fã titiriw pa ara no, ɛnyɛ yɛn na yɛyɛ. (Kenkan 1 Korintofo 3:6, 7.) Yehowa na ɔtwe nkurɔfo ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Obi begye asɛmpa no atom oo, ɔrennye ntom oo, egyina onii no koma so. (Mat. 13:4-8) Momma yɛnkae sɛ nnipa dodow no ara annye asɛmpa a Yesu kae no antom, nanso na ɔno ne Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watena ase pɛn! Enti nea ɛwom ara ne sɛ, nkurɔfo a yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛboa wɔn no, sɛ wɔantie asɛmpa a yɛka no a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu.

19. Yenya tema ma afoforo wɔ asɛnka mu a, nneɛma pa bɛn na efi mu ba?

19 Yenya tema ma afoforo wɔ asɛnka mu a, nneɛma pa befi mu aba. Yɛn ani begye asɛnka adwuma no ho kɛse. Yebenya ɔma mu anigye a ɛsen biara. Afei nso, yɛbɛma ayɛ mmerɛw ama “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no sɛ wobegye asɛmpa no atom. (Aso. 13:48) Enti “mpɛn dodow a yɛwɔ bere a ɛfata no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.” (Gal. 6:10) Yɛyɛ saa a, yɛn ani begye sɛ yɛahyɛ yɛn soro Agya no anuonyam.—Mat. 5:16.

DWOM 64 Fa Anigye Yɛ Otwa Adwuma no Bi

^ nky. 5 Yenya tema ma afoforo a, ebetumi ama yɛn ani agye ankasa, na ebetumi nso ama nkurɔfo atie asɛm a yɛka no pa ara. Adɛn nti na yɛreka saa? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi nea Yesu yɛe mu, ɛne akwan nnan a yebetumi afa so anya tema ama nkurɔfo a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no.

^ nky. 5 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛnea wɔde asɛmfua mmɔbɔ adi dwuma wɔ Bible mu wɔ ha no, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi benya ayamhyehye kɛse ama onipa bi a ɔrehu amane anaa afoforo adi n’ani yayaayaw. Sɛ obi te nka saa a, ɛbɛka ne koma ama wayɛ nea obetumi biara aboa nkurɔfo.

^ nky. 8 Hwɛ May 15, 2014, Ɔwɛn-Aban mu asɛm a n’asɛmti ne “Momma Yennya Tema Mma Yɛn Atiefo.”