Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 10

Dɛn Na Esiw Me Asubɔ Ho Kwan?

Dɛn Na Esiw Me Asubɔ Ho Kwan?

“Wɔn baanu nyinaa sian kɔɔ nsu no mu, Filipo ne opiani no; na ɔbɔɔ no asu.”—ASO. 8:38.

DWOM 52 Kristofo Ahosohyira

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na Adam ne Hawa hweree, na dɛn na efii mu bae?

HENA na wususuw sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne? Bere a Adam ne Hawa dii papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no, wɔdaa no adi pefee sɛ: Wonnye Yehowa ne ne mmara ntom. Wɔn ankasa kyerɛɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Gen. 3:22) Nanso, wo de, hwɛ nea wɔhweree. Wɔne Yehowa adamfofa sɛee. Hokwan a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa no nso bɔɔ wɔn, na wɔde bɔne ne owu woo wɔn mma. (Rom. 5:12) Gyinae a Adam ne Hawa sii no kowiee awerɛhow mu.

Bere a Etiopiani piani no gyee Yesu toom no, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu ntɛm ara (Hwɛ nkyekyɛm 2-3)

2-3. (a) Bere a Filipo kaa asɛmpa no kyerɛɛ Etiopiani piani no, dɛn na opiani no yɛe? (b) Yɛbɔ asu a, nhyira bɛn na yenya, na nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Suban a Etiopiani piani no daa no adi bere a Filipo kaa asɛmpa no kyerɛɛ no no, wo de, fa toto suban a Adam ne Hawa daa no adi no ho hwɛ. Opiani no kyerɛɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama no no ho anisɔ kɛse ma enti ɔbɔɔ asu ntɛm ara. (Aso. 8:34-38) Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu sɛnea opiani no yɛe no a, yɛda biribi adi pefee. Yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn. Yɛda no adi nso sɛ, yɛwɔ Yehowa mu gyidi, na yegye tom sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.

3 Sɛ yɛsom Yehowa a, wo de, hwɛ nhyira a yenya! Ade baako ne sɛ, yenya anidaso sɛ awiei koraa no yɛn nsa bɛka nea Adam ne Hawa hweree no nyinaa; nea ɛka ho bi ne hokwan a yebenya atena ase daa. Yesu Kristo mu gyidi a yɛanya nti, Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn, na ɛma yenya ahonim pa. (Mat. 20:28; Aso. 10:43) Afei nso, ɛma yɛbɛyɛ Yehowa abusua a n’asomfo a wagye wɔn atom wom no mufo, na yɛhwɛ kwan sɛ yebenya nhyira daakye. (Yoh. 10:14-16; Rom. 8:20, 21) Nanso, nhyira yi nyinaa akyi no, ebinom a wɔabehu Yehowa twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobesua nea Etiopiani piani no yɛe no. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na esiw wɔn asubɔ ho kwan? Wɔbɛyɛ dɛn adi nsɛnnennen no so?

NSƐNNENNEN A ESIW EBINOM ASUBƆ HO KWAN

Nsɛnnennen a ebinom hyia ansa na wɔasi gyinae abɔ asu

Ebinom nni ahotoso (Hwɛ nkyekyɛm 4-5) *

4-5. Nsɛnnennen bɛn na aberante bi a ne din de Avery ne ababaa bi a ne din de Hannah hyiae?

4 Ebinom nni ahotoso. Avery awofo yɛ Yehowa Adansefo. Ne papa wɔ din pa sɛ agya a odwen ne mma ho ne asafo mu panyin a ɔyɛ ne som adwuma yiye. Nanso, Avery twentwɛnee ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ asu. Adɛn ntia? Ɔkaa sɛ: “Ná me papa wɔ din pa, na na minnye nni sɛ metumi abɔ me bra te sɛ ɔno.” Afei nso, na Avery nni ahotoso sɛ, sɛ wɔde asɛyɛde hyehyɛ ne nsa daakye a obetumi adi ho dwuma. Ɔsan kaa sɛ: “Ná ɛhaw me sɛ wɔbɛka akyerɛ me sɛ memmɔ mpae wɔ baguam, memma ɔkasa ahorow, anaa menhwɛ asɛnka nhyiam so.”

5 Hannah adi mfe 18. Ná onni ahotoso koraa. Ɛwom sɛ awofo a wɔtetee no yɛ Yehowa asomfo, nanso na onnye nni sɛ obetumi de Yehowa asɛm abɔ ne bra. Adɛn ntia? Ná Hannah nnye ne ho nni koraa. Ɛtɔ da a, na ne werɛ tumi how araa ma ɔhyɛ da pira ne ho. Opira ne ho saa a, na n’awerɛhow no ayɛ kɛse. Ɔkaa sɛ: “Manka nea na mede yɛ me ho no ho asɛm ankyerɛ obiara da; m’awofo mpo, manka ankyerɛ wɔn. Ná m’adwene ara ne sɛ, esiane nea na mede yɛ me ho no nti, Yehowa ani rennye me ho da.”

Nnamfo nhyɛso (Hwɛ nkyekyɛm 6) *

6. Dɛn na ɛmaa Vanessa twentwɛn ne nan ase wɔ asubɔ ho?

6 Nnamfo Nhyɛso. Vanessa adi mfe 22. Ɔkaa sɛ, “Ná mewɔ adamfo pa bi a me ne no abɔ bɛyɛ mfe du.” Nanso, na Vanessa adamfo no ani nnye Vanessa som ho, na wammoa no amma wammɔ asu. Asɛm no yɛɛ Vanessa yaw pa ara. Ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ den ma me sɛ mɛfa nnamfo, na na ɛhaw me sɛ, sɛ me ne m’adamfo no twa yɛn adamfofa mu a, merennya adamfo pa saa bio.”

Ebinom suro sɛ wobedi mfomso kɛse (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. Dɛn na na ababaa bi a ne din de Makayla suro, na adɛn ntia?

7 Ebinom suro sɛ wobedi mfomso kɛse. Bere a wotuu Makayla nuabarima fii asafo no mu no, na Makayla adi mfe nnum. Bere a Makayla nyinii no, ohuu sɛnea ne nuabarima no nneyɛe maa n’awofo werɛ howee. Makayla kaa sɛ: “Ná misuro sɛ, sɛ mebɔ asu a, medi mfomso, wobetu me afi asafo no mu, na ɛbɛma m’awofo adi awerɛhow kɛse pa ara.”

Ebinom suro sɛ wɔbɛsɔre atia wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 8) *

8. Dɛn na na aberante bi a ne din de Miles suro?

8 Ebinom suro sɛ wɔbɛsɔre atia wɔn. Miles papa ne ne papa yere yɛ Yehowa asomfo, nanso ne maame de, ɔnyɛ Ɔdansefo. Miles kaa sɛ: “Me ne me maame tenae mfe 18, na na misuro sɛ mɛka akyerɛ no sɛ mepɛ sɛ mebɔ asu. Bere a me papa bɛyɛɛ Ɔdansefo no, mihuu nea me maame yɛe. Enti na misuro sɛ, sɛ meka sɛ mepɛ sɛ mebɔ asu a, ɔbɛhaw me.”

WOBƐYƐ DƐN ADI NSƐNNENNEN NO SO?

9. Sɛ wuhu sɛnea Yehowa wɔ ɔdɔ ne abotare a, dɛn na ɛbɛma woayɛ?

9 Nea amma Adam ne Hawa ansom Yehowa ne sɛ, wɔannya ɔdɔ a emu yɛ den amma Yehowa. Nanso Yehowa ma wɔtenaa ase kyɛe woo mma, na ɔmaa wɔn ankasa faa ɔkwan a wɔpɛ so tetee wɔn mma. Adam ne Hawa sii gyinae twee wɔn ho fii Yehowa ho, nanso ankyɛ koraa na wohuu pa ara sɛ, nyansa nni saa gyinae a wosii no mu. Wɔn babarima panyin kum ne nuabarima a na ɔnyɛɛ no bɔne biara. Na bere bi akyi no, basabasayɛ ne pɛsɛmenkominya hyɛɛ nnipa asetena mã. (Gen. 4:8; 6:11-13) Nanso, na Yehowa wɔ ɔkwan a ɔbɛfa so agye Adam ne Hawa mma a wɔpɛ sɛ wɔsom no no nkwa. (Yoh. 6:38-40, 57, 58) Sɛ wusua sɛnea Yehowa wɔ ɔdɔ ne abotare ho ade pii a, ebetumi ama ɔdɔ a wowɔ ma no no ayɛ kɛse. Ɛba saa a, ɛbɛka wo koma na woremfa ɔkwan a Adam ne Hawa faa so no so, na mmom wubehyira wo ho so ama Yehowa.

Sɛnea wubetumi adi saa nsɛnnennen yi so

(Hwɛ nkyekyɛm 9-10) *

10. Adɛn nti na sɛ wudwinnwen Dwom 19:7 ho a, ebetumi aboa wo ama woasom Yehowa?

10 Kɔ so sua Yehowa ho ade. Dodow a wusua Yehowa ho ade pii no, dodow no ara na wubenya ahotoso sɛ wubetumi asom no yiye. Avery a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Bere a meyɛɛ bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 19:7 ho nhwehwɛmu na midwinnwen ho no, minyaa ahotoso. (Kenkan.) Bere a Avery huu sɛnea Yehowa adi saa bɔhyɛ no so no, ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no mu yɛɛ den kɛse. Ɔdɔ ma yenya ahotoso, na ɛsan nso boa yɛn ma yɛde yɛn adwene si Yehowa ne n’apɛde so. Hannah a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Bible a mekenkanee na misuae no ma mibehui sɛ, sɛ mipira me ho a, mema Yehowa di yaw.” (1 Pet. 5:7) Hannah bɛyɛɛ ‘Onyankopɔn asɛm no yɛfo.’ (Yak. 1:22) Dɛn na efii mu bae? Hannah kaa sɛ: “Bere a mitiee Yehowa asɛm na mihuu mfaso a manya no, minyaa ɔdɔ kɛse maa no. Seesei migye di pa ara sɛ, sɛ mihia mmoa a, Yehowa bɛkyerɛ me nea menyɛ bere nyinaa.” Hannah tumi dii adwene a ɛyɛ a onya sɛ ompira ne ho no so. Ohyiraa ne ho so maa Yehowa, na ɔbɔɔ asu.

(Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. Dɛn na Vanessa yɛe a ɛma onyaa nnamfo pa, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

11 Paw wo nnamfo nyansam. Awiei koraa no, Vanessa a yɛadi kan aka ne ho asɛm no hui sɛ, n’adamfo no na wama ɔretwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛsom Yehowa. Enti otwaa ɔne n’adamfofa no mu. Nanso, Vanessa yɛɛ biribi foforo. Ɔyeree ne ho hwehwɛɛ nnamfo foforo wɔ asafo no mu. Ɔkaa sɛ, Noa ne n’abusua nhwɛso na ɛboaa no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná Noa ne n’abusua te nnipa a wɔnnɔ Yehowa mu, nanso Noa abusua no mufo ne wɔn ho wɔn ho faa nnamfo pa ara.” Bere a Vanessa bɔɔ asu no, ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo. Seesei ɔka sɛ, “Wei aboa me ama manya nnamfo pa wɔ asafo a mewom ne asafo afoforo mu.” Adwuma a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no, sɛ wo nso woyere wo ho yɛ sɛnea w’ahoɔden betumi a, wubetumi anya nnamfo pa.—Mat. 24:14.

(Hwɛ nkyekyɛm 12-15) *

12. Osuro bɛn na na Adam ne Hawa nni, na dɛn na efii mu bae?

12 Nya osuro pa. Osuro bi wɔ hɔ a eye ma yɛn. Ebi ni. Ɛsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a Yehowa ani nnye ho. (Dw. 111:10) Sɛ Adam ne Hawa nyaa osuro a ɛte saa a, anka wɔantew Yehowa so atua. Nanso, wɔtew atua. Bere a wɔtew atua no, wɔn ani buei. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, wobehui pa ara sɛ wɔyɛ abɔnefo. Nea wotumi de maa wɔn mma ara ne bɔne ne owu. Esiane sɛ wohui sɛ wɔabu Onyankopɔn mmara so nti, wɔfɛree sɛ wɔda adagyaw, na wɔkataa wɔn ho.—Gen. 3:7, 21.

13-14. (a) Sɛnea 1 Petro 3:21 ka no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro owu boro so? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa?

13 Ehia sɛ yenya Yehowa ho suro pa, nanso ɛnsɛ sɛ yesuro owu boro so. Yehowa abue kwan bi ama yɛn a yebetumi afa so anya daa nkwa. Sɛ yɛyɛ bɔne bi na yenu yɛn ho pa ara a, Yehowa de yɛn bɔne no bɛkyɛ yɛn. Ne Ba no agyede afɔre no mu gyidi a yɛwɔ nti, ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Ade titiriw baako a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi ne sɛ yebehyira yɛn nkwa so ama Onyankopɔn na yɛabɔ asu.—Kenkan 1 Petro 3:21.

14 Nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. Ɔma yɛn nsa ka nneɛma pa a yehia da biara da, na ɔsan nso kyerɛkyerɛ yɛn nokware a ɛfa ɔno ankasa ne n’atirimpɔw ho. (Yoh. 8:31, 32) Wama yɛn Kristofo asafo no sɛ ɛnkyerɛ yɛn kwan na ɛmmoa yɛn. Seesei ɔboa yɛn ma yegyina yɛn haw ahorow ano, na wama yɛanya anidaso sɛ daakye yɛbɛtena ase daa anya asetena a edi mũ. (Dw. 68:19; Adi. 21:3, 4) Yehowa ayɛ nneɛma pii dedaw de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn, na sɛ yedwinnwen ho a, ɛka yɛn koma ma yɛdɔ no. Sɛ yɛdɔ Yehowa a, ɛma yenya osuro pa. Ɛma yesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛhaw Yehowa, onii a yɛabenya ne ho dɔ kɛse no.

15. Ná Makayla suro sɛ obedi mfomso kɛse, ɛyɛɛ dɛn na odii so?

15 Bere a Makayla a yɛadi kan aka ne ho asɛm no behui sɛ Yehowa de bɔne kyɛ no, odii suro a na osuro sɛ anhwɛ a na wadi mfomso kɛse no so. Makayla kaa sɛ: “Mihui sɛ yɛn nyinaa tɔ sin, na yebedi mfomso. Mibehui nso sɛ Yehowa dɔ yɛn, na obegyina agyede no so de yɛn bɔne akyɛ yɛn.” Yehowa ho dɔ a onyae no kaa ne koma ma ohyiraa ne ho so maa Yehowa, na ɔbɔɔ asu.

(Hwɛ nkyekyɛm 16) *

16. Ná Miles suro ɔsɔretia. Dɛn na ɛboaa no ma odii so?

16 Ná Miles suro sɛ, sɛ ɔka sɛ ɔbɛbɔ asu a, ne maame bɛsɔre atia no. Enti ɔkɔɔ ɔmansin sohwɛfo bi nkyɛn kogyee afotu. Miles kaa sɛ: “Sɛɛ na ɔmansin sohwɛfo no nso, abusua a wɔtetee no wom no, na awofo no baako nyɛ Ɔdansefo. Ɔmansin sohwɛfo no boaa me ma mihuu asɛm a metumi aka ama me maame ate ase sɛ ɛyɛ m’ankasa na mepɛ sɛ mebɔ asu, na ɛnyɛ me papa na ɔrepiapia me.” Miles maame ani annye ho koraa sɛ ne ba no bɛbɔ asu. Awiei koraa no, ɛho behiae sɛ Miles tu fi ne maame fie, nanso wansesa n’adwene wɔ gyinae a na wasi sɛ ɔbɛbɔ asu no ho. Miles kaa sɛ: “Nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama me ho ade a misuae no kaa me koma. Bere a midwinnwen Yesu afɔrebɔ no ho kɔɔ akyiri no, mibehui sɛ Yehowa dɔ me pa ara. Wei kaa me koma ma mihyiraa me ho so maa Yehowa, na mebɔɔ asu.”

NSESA W’ADWENE WƆ GYINAE A WOASI HO

Yebetumi akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Hokwan bɛn na yɛwɔ?

17 Bere a Hawa dii saa dua a na esi Eden no aba no, ɔtew n’Agya so atua. Bere a Adam kɔkaa Hawa ho no, Adam daa no adi sɛ n’ani nsɔ nneɛma pii a na Yehowa ayɛ ama no no. Yɛn nyinaa wɔ hokwan sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛnyɛ bonniayɛ te sɛ Adam ne Hawa. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ biribiara a Yehowa yɛ ma yɛn. Sɛ yɛbɔ asu a, yɛda no adi sɛ yegye di sɛ Yehowa na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ yɛn Agya no, na yegye no di.

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so asom Yehowa?

18 Yɛbɔ asu wie a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ nea Yehowa pɛ. Saa na Yehowa asomfo ɔpepem pii reyɛ. Sɛ wokɔ so sua Onyankopɔn Asɛm Bible na wote ase yiye a, wubetumi abɔ wo bra te sɛ wɔn; wo ne wo nuanom Kristofo mmɔ bere nyinaa; na fa nsi ne ahokeka ka nea woasua afa w’Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ho no kyerɛ afoforo. (Heb. 10:24, 25) Sɛ woresisi gyinae a, tie afotu a Yehowa nam n’Asɛm no ne n’ahyehyɛde no so de ma wo no. (Yes. 30:21) Woyɛ saa a, nea wobɛyɛ biara no, ebesi wo yiye.—Mmeb. 16:3, 20.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ wokae bere nyinaa, na adɛn ntia?

19 Sɛ wokae sɛnea Yehowa akwankyerɛ boa wo bere nyinaa a, ne ho dɔ a wowɔ no mu bɛyɛ den na w’ani agye ne mmara ho. Ɛba saa a, biribiara nni hɔ a Satan betumi de atwetwe wo ama woagyae Yehowa som. Wo de, dwen ho hwɛ, mfe apem akyi no, wobɛkae sɛ gyinae a wusi bɔɔ asu no, ɛno ne gyinae a eye sen biara a woasi!

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

^ nky. 5 Gyinae a ɛho hia sen biara a wubesi ne sɛ ebia wobɛbɔ asu anaa worenyɛ saa. Adɛn nti na saa gyinae no ho hia pa ara? Yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ adesua yi mu. Wɔn a wɔresusuw asubɔ ho nso, adesua no bɛboa wɔn ama wɔadi nsɛnnennen a ebia ɛmma wontumi mmɔ asu no so.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ahotoso: Aberante bi suro sɛ ɔbɛma mmuae.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nnamfo: Ababaa bi a ɔyɛ Ɔdansefo ne ne yɔnko bɔne bi nam, na wahu ne mfɛfo adansefo ama wafɛre.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mfomso: Bere a wotuu ababaa bi nuabarima fii asafo no mu no, ne nuabarima no fii fie; ɛhaw ababaa no sɛ anhwɛ a ɔno nso bɛyɛ bɔne.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔsɔretia: Abarimaa bi rebɔ mpae na osuro; ne maame a ɔnyɛ Ɔdansefo rehwɛ no.

^ nky. 65 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ahotoso: Aberante bi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ne kokoam adesua yiye.

^ nky. 67 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nnamfo: Ababaa bi asua sɛ ɔbɛma n’ani agye sɛ ɔyɛ Ɔdansefo.

^ nky. 69 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mfomso: Ababaa bi aso nokware no mu den, na wabɔ asu.

^ nky. 71 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔsɔretia: Abarimaa bi de akokoduru reka ne gyidi ho asɛm akyerɛ ne maame a ɔnyɛ Ɔdansefo.