Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 11

Muntie Yehowa Nne

Muntie Yehowa Nne

“Oyi ne me Ba . . . Muntie no.”—MAT. 17:5.

DWOM 89 Tie Onyankopɔn Asɛm na Nya Nhyira

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Akwan bɛn na Yehowa afa so ne nnipa adi nkitaho? (b) Dɛn na yebehu wɔ adesua yi mu?

YEHOWA ani gye ho sɛ ɔne yɛn bedi nkitaho. Tete no, Yehowa nam adiyifo, abɔfo, ne ne Ba Kristo Yesu so na ɔma yehuu ne nsusuwii. (Amos 3:7; Gal. 3:19; Adi. 1:1) Ɛnnɛ, ɔnam n’Asɛm Bible so na ɔne yɛn di nkitaho. Ɔde n’Asɛm no maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu ne nsusuwii ne n’akwan.

2 Bere a Yesu wɔ asase so no, Yehowa fi soro kasae; ɔyɛɛ saa mprɛnsa. Momma yɛnhwɛ nea ɔkae wɔ emu biara mu, nea yebetumi asua afi nea ɔkae no mu, ne mfaso a yenya fi nea ɔkae no mu.

“WOYƐ ME BA A MEDƆ WO”

3. Sɛnea Marko 1:9-11 ka no, bere a Yesu bɔɔ asu no, asɛm bɛn na Yehowa kae, na nokwasɛm titiriw bɛn na saa asɛm no sii so dua?

3 Bere a edi kan a Yehowa fi soro kasae ho kyerɛwtohɔ wɔ Marko 1:9-11. (Kenkan.) Yehowa kaa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.” Bere a Yesu tee sɛ n’Agya reka sɛ ɔdɔ no na ɔwɔ ne mu ahotoso no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa Yesu koma! Asɛm a Yehowa kae no sii nokwasɛm titiriw mmiɛnsa a ɛfa Yesu ho so dua. Nea edi kan, Yesu yɛ ne Ba. Nea ɛto so mmienu, Yehowa dɔ ne Ba no. Nea ɛto so mmiɛnsa, Yehowa agye ne Ba no atom. Momma yensusuw emu biara ho nkɔ akyiri.

4. Bere a Yesu bɔɔ asu no, abusuabɔ foforo bɛn na ɔne Onyankopɔn nyae?

4 “Woyɛ me Ba.” Yehowa kaa saa asɛm yi de kyerɛe sɛ ɔne ne Dɔba Yesu anya abusuabɔ foforo. Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ honhom abɔde. Nanso, bere a Yesu bɔɔ asu no, Onyankopɔn de honhom kronkron sraa no. Saa bere no, Onyankopɔn kyerɛe sɛ Yesu yɛ ne Ba a ɔde honhom asra no, na wanya anidaso sɛ ɔbɛsan akɔ soro akɔyɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin a Onyankopɔn apaw no. (Luka 1:31-33; Heb. 1:8, 9; 2:17) Enti bere a Yesu rebɔ asu no, na n’Agya wɔ nea enti pa ara a ɔkaa sɛ: “Woyɛ me Ba.”—Luka 3:22.

Nkamfo ne nkuranhyɛ ma yenya nkɔso (Hwɛ nkyekyɛm 5) *

5. Sɛnea Yehowa da ɔdɔ adi na ɔhyɛ nkuran no, yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua?

5 “Medɔ wo.” Sɛnea Yehowa da ɔdɔ adi na ɔhyɛ nkuran no kae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ahyɛ afoforo nkuran. (Yoh. 5:20) Sɛ obi a yɛpɛ n’asɛm da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn na ɔkamfo yɛn wɔ nneɛma pa a yɛyɛ ho a, ɛma yenya nkɔso. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn nuanom a yɛne wɔn wɔ asafo no mu ne yɛn abusuafo na yɛhyɛ wɔn nkuran. Sɛ yɛkamfo afoforo a, yɛhyɛ wɔn gyidi den na yɛboa wɔn ma wɔde nokwaredi som Yehowa. Awofo pa ara na ehia sɛ wɔhyɛ wɔn mma nkuran. Sɛ awofo yi wɔn yam kamfo wɔn mma na wɔma wohu sɛ wɔdɔ wɔn a, wɔboa wɔn mma ma wonya nkɔso.

6. Adɛn nti na yebetumi anya Yesu Kristo mu awerɛhyem?

6 “Magye wo atom.” Saa asɛm yi ma yehu sɛ, na Yehowa wɔ Yesu mu awerɛhyem sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ n’Agya apɛde. Yehowa wɔ ne Ba no mu awerɛhyem, enti yɛn nso yebetumi anya awerɛhyem koraa sɛ Yesu bɛma Yehowa bɔhyɛ nyinaa abam. (2 Kor. 1:20) Sɛ yesusuw nea Yesu yɛe ho a, yɛbɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebesua biribi afi ne hɔ no mu den, na yɛadi n’anammɔn akyi. Sɛnea na Yehowa wɔ Yesu mu ahotoso no, ɔwɔ yɛn a yɛyɛ ne nkoa no nso mu ahotoso sɛ yɛbɛkɔ so asuasua ne Ba no.—1 Pet. 2:21.

“MUNTIE NO”

7. Sɛnea Mateo 17:1-5 ka no, bere bɛn na Yehowa fi soro kasae, na asɛm bɛn na ɔkae?

7 Kenkan Mateo 17:1-5. Bere a ɛto so mmienu a Yehowa fi soro kasae ne bere a Yesu ‘sakrae’ no. Yesu frɛɛ Petro, Yakobo, ne Yohane, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so. Bere a wɔwɔ hɔ no, wohuu anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa. Yesu anim yɛɛ hyɛnn, na ne ntade yɛɛ hyɛnhyɛnhyɛn. Asomafo no ani so no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔahu mmarima mmienu a wogyina hɔ ma Mose ne Elia, na Yesu fii ase ne mmarima no bɔɔ ne wu ne ne wusɔre ho nkɔmmɔ. Ɛmfa ho sɛ na ‘nna wɔ asomafo mmiɛnsa no ani so’ no, bere a wohuu anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi no, na wɔn ani so atetew wɔn nwann. (Luka 9:29-32) Afei, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn ho, na wɔtee nne bi wɔ mununkum no mu; ná ɛyɛ Onyankopɔn nne! Sɛnea Yehowa yɛe bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, ɔkyerɛe sɛ ogye ne Ba no tom na ɔdɔ no. Yehowa kaa sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a migye no tom.” Nanso, saa bere yi de, Yehowa de kaa ho sɛ: “Muntie no.”

8. Anisoadehu no kaa Yesu ne n’asuafo no sɛn?

8 Anisoadehu no maa asuafo no huu anuonyam ne tumi a na Yesu benya daakye sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Akyinnye biara nni ho sɛ, nea esii no hyɛɛ Kristo den, na esiesiee no maa amanehunu a na ɔrebɛfa mu ne owu yawyaw a na ɔrebehyia no. Anisoadehu no hyɛɛ asuafo no nso gyidi den. Wei boaa wɔn ma wosiesiee wɔn ho maa nokwaredi ho sɔhwɛ a na wobehyia ne adwumaden a na wɔbɛyɛ no mfe pii no. Bɛyɛ mfe 30 akyi no, ɔsomafo Petro kaa ahosakra anisoadehu no ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ, na Petro da so ara kae anisoadehu no.—2 Pet. 1:16-18.

9. Afotu pa bɛn na Yesu de maa n’asuafo?

9 “Muntie no.” Yehowa kaa no pefee sɛ, ɔpɛ sɛ yetie ne Ba no asɛm na yedi so. Bere a Yesu wɔ asase so no, asɛm bɛn na ɔkae? Ɔkaa nsɛm pii a ehia sɛ yetie! Ebi ni. Ná Yesu dɔ n’akyidifo no, na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɛka asɛmpa no. Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn mpɛn pii sɛ wɔnwɛn. (Mat. 24:42; 28:19, 20) Ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnyere wɔn ho denneennen, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ mma wɔmpa abaw. (Luka 13:24) Yesu sii so dua sɛ ehia sɛ n’akyidifo dodɔ wɔn ho, wɔkɔ so yɛ baako, na wodi n’ahyɛde so. (Yoh. 15:10, 12, 13) Afotu a Yesu de maa n’asuafo no, hwɛ sɛnea mfaso wɔ so pa ara! Afotu a Yesu de mae saa bere no, na ɛho hia, na saa ara na nnɛ nso ɛho hia.

10-11. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yetie Yesu?

10 Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔwɔ nokware no afã no tie me nne.” (Yoh. 18:37) Sɛ ‘yɛkɔ so nya yɛn ho abotare na yɛde firifiri yɛn ho korakora’ a, yɛda no adi sɛ yetie Yesu nne. (Kol. 3:13; Luka 17:3, 4) Afei nso, sɛ yɛde nsi ne ahokeka ka asɛmpa no wɔ “mmere pa ne mmere bɔne mu” a, yɛda no adi sɛ yetie Yesu.—2 Tim. 4:2.

11 Yesu kaa sɛ: “Me nguan tie me nne.” (Yoh. 10:27) Nea Kristo akyidifo yɛ de kyerɛ sɛ wotie Yesu ne sɛ, wɔde n’asɛm yɛ adwuma. Wɔmma “asetena mu dadwen” ntwetwe wɔn adwene. (Luka 21:34) Mmom, sɛ wohyia ɔhaw a emu yɛ den mpo a, Yesu ahyɛde a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ wɔn asetenam no na wɔma ɛho hia wɔn pa ara. Yɛn nuanom pii refa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den mu; ebinom nso, wɔn a wɔsɔre tia yɛn no tu wɔn ani si wɔn so, ebinom di hia buruburoo, na atoyerɛnkyɛm teetee ebinom. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, wɔkɔ so di Yehowa nokware, ɛmfa ho amanehunu a ebia wɔrefa mu. Yesu maa wɔn awerɛhyem a edi hɔ yi sɛ: “Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno na ɔdɔ me. Na nea ɔdɔ me no m’Agya bɛdɔ no.”—Yoh. 14:21.

Asɛnka adwuma no boa yɛn na nneɛma antwetwe yɛn adwene (Hwɛ nkyekyɛm 12) *

12. Ade foforo bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yetie Yesu?

12 Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yetie Yesu ni: ɛne sɛ yɛbɛyɛ osetie ama wɔn a Yesu apaw wɔn sɛ wonni yɛn anim no. (Heb. 13:7, 17) Mfe kakra a atwam no, Onyankopɔn ahyehyɛde no ayɛ nsakrae pii. Ebi ne sɛnea yɛde nnwinnade foforo a wɔde ama yɛn no bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu ne akwan foforo a yɛbɛfa so aka asɛmpa no, asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu a wɔasesa mu, ne ɔkwan a yɛfa so sisi Ahenni Asa ne sɛnea yesiesie Ahenni Asa. Sɛnea wofi wɔn komam tɔ wɔn bo ase kyerɛ yɛn kwan no, yɛn ani sɔ pa ara! Akwankyerɛ a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma yɛn wɔ ne bere mu no, sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛ adwuma a, yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ no so.

13. Sɛ yetie Yesu a, mfaso bɛn na yenya?

13 Sɛ yetie nea Yesu kyerɛkyerɛe nyinaa a, yenya so mfaso. Yesu hyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ ne nkyerɛkyerɛ no bɛma wɔn ho adwo wɔn. Yesu kaa sɛ: “Mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare.” (Mat. 11:28-30) Nsɛmpa nnan no, ɛka nhoma a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu ho, na ɛka Yesu asetena ne ne som adwuma ho asɛm. Ɛma yɛn ho dwo yɛn, na ɛma yehu nyansa. (Dw. 19:7; 23:3) Yesu kaa sɛ: “Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”—Luka 11:28.

‘MƐHYƐ ME DIN ANUONYAM’

14-15. (a) Bere a ɛto so mmiɛnsa a Yehowa fi soro kasae a ɛho asɛm wɔ Yohane 12:27, 28 no, na ɛyɛ bere bɛn? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ asɛm a Yehowa kae no kyekyee Yesu werɛ, na ɛhyɛɛ no den?

14 Kenkan Yohane 12:27, 28. Bere a ɛto so mmiɛnsa a Yehowa fi soro kasae no, ɛwɔ Yohane Asɛmpa no mu. Aka nna kakra ama Yesu awu no, na ɔwɔ Yerusalem rekodi Twam afahyɛ; ɛno ne Twam afahyɛ a etwa to a odii. Ɔkaa sɛ: “Me kra ho yeraw no.” Afei ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam.” Ɛnna Yesu Agya nso fi soro kaa sɛ: “Mahyɛ no anuonyam na mɛsan ahyɛ no anuonyam bio.”

15 Asɛyɛde kɛse a na ɛda Yesu so sɛ ɛsɛ sɛ odi Yehowa nokware no, ɛno na ɛmaa ne ho yeraw no. Ná Yesu nim sɛ wɔbɛbɔ no mmaa atirimɔden so, na wɔakum no yayaayaw. (Mat. 26:38) Nanso, nea na ehia Yesu pa ara ne sɛ ɔbɛhyɛ n’Agya anuonyam. Wɔbɔɔ Yesu sobo sɛ ɔka abususɛm, na na ɛhaw no sɛ ne wu no de animguase bɛba Onyankopɔn so. Yebetumi aka pa ara sɛ, asɛm a Yehowa kae no hyɛɛ Yesu den ankasa! Ná Yesu betumi anya awerɛhyem sɛ, wɔbɛhyɛ Yehowa din anuonyam. Asɛm a Yesu Agya kae no, yebetumi aka sɛ ɛkyekyee ne werɛ pa ara, na na ɛbɛhyɛ no den ama watumi agyina nea na ɔrebɛfa mu no ano. Nnipa a na wɔwɔ hɔ nyinaa no, ɛbɛyɛ sɛ Yesu nko ara na ɔtee asɛm a n’Agya kae saa bere no ase de, nanso Yehowa hwɛ ma wɔkyerɛw N’asɛm no too hɔ maa yɛn nyinaa.—Yoh. 12:29, 30.

Yehowa bɛhyɛ ne din anuonyam, na obegye ne nkurɔfo (Hwɛ nkyekyɛm 16) *

16. Adɛn nti na ɛtɔ da a, ebia ɛbɛhaw yɛn sɛ nkurɔfo bɛbɔ Onyankopɔn din ahohora?

16 Yɛn nso, ebia ɛbɛhaw yɛn sɛ nkurɔfo bɛbɔ Onyankopɔn din ahohora te sɛ nea ɛhaw Yesu no. Sɛnea wobuu Yesu atɛnkyea no, ebia yɛn nso wobu yɛn atɛnkyea saa ara. Anaa ebia atosɛm a nkurɔfo a wɔsɔre tia yɛn keka fa yɛn ho no haw yɛn. Ahohorabɔ a saa nsɛm no de ba Yehowa din ne n’ahyehyɛde no so no, ebia yedwen ho. Mmere a ɛte saa mu no, asɛm a Yehowa kae no kyekye yɛn werɛ kɛse. Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn pii. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.’ (Filip. 4:6, 7) Yehowa bɛhyɛ ne din anuonyam bere nyinaa. Ɔhaw biara a Ɔbonsam ne wiase yi de ba Yehowa asomfo anokwafo so no, Yehowa nam Ahenni no so beyi ne nyinaa afi hɔ.—Dw. 94:22, 23; Yes. 65:17.

MOMMA YENTIE YEHOWA NNE NA YENNYA SO MFASO NNƐ

17. Sɛnea Yesaia 30:21 ka no, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kasa kyerɛ yɛn nnɛ?

17 Yehowa da so ara kasa kyerɛ yɛn nnɛ. (Kenkan Yesaia 30:21.) Ɛwom, yɛnte sɛ Onyankopɔn fi soro rekasa akyerɛ yɛn. Nanso, ɔde n’Asɛm Bible no ama yɛn, na ɛno mu na akwankyerɛ a ɔde ama yɛn no wɔ. Afei nso, Yehowa de ne honhom no boa “ofiehwɛfo nokwafo no” ma ɔkɔ so ma Yehowa nkoa aduan. (Luka 12:42) Aduan a wɔde ma yɛn no, ebi ne nhoma a wotintim, nsɛm a ɛwɔ Intanɛt so, video ahorow, ne nsɛm a yɛbɔ tie. Yebetumi aka pa ara sɛ yenya honhom fam aduan pii!

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asɛm hyɛ wo gyidi den na ɛma wunya akokoduru?

18 Momma yɛnkae asɛm a Yehowa kae bere a na ne Ba no wɔ asase so no! Momma Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu no mma yennya ahotoso sɛ biribiara nso Yehowa yɛ. Ɔhaw biara a Satan ne ne wiase bɔne no de aba yɛn so no, obeyi afi hɔ. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ aso atie Yehowa nne. Yɛyɛ saa a, ɔhaw biara a yebehyia nnɛ ne nsɛnnennen biara a yebehyia daakye no, yebetumi agyina ano. Bible ka sɛ: “Muhia boasetɔ, na sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde wie a, mo nsa aka bɔhyɛ no.”—Heb. 10:36.

DWOM 4 “Yehowa Ne Me Hwɛfo”

^ nky. 5 Bere a Yesu wɔ asase so no, Yehowa fi soro kasae mprɛnsa. Emu baako no, Yehowa ka kyerɛɛ Kristo asuafo no sɛ wontie ne Ba no. Ɛnnɛ, Yehowa nam n’Asɛm no so na ɔkasa kyerɛ yɛn; n’Asɛm no mu na Yesu nkyerɛkyerɛ wɔ. Afei nso, ɔfa n’ahyehyɛde no so kasa kyerɛ yɛn. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea sɛ yetie Yehowa ne Yesu a, ɛboa yɛn.

^ nky. 52 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi ahu sɛ asafo mu somfo bi resiesie Ahenni Asa so, na ɔreyɛ adwuma wɔ baabi a wogye nhoma. Asafo mu panyin no rekamfo ɔsomfo no.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awarefo bi a wɔwɔ Sierra Leone de krataa a wɔde to nsa frɛ nkurɔfo ba asafo nhyiam rema mpataayifo bi.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Adansefo ahyiam wɔ obi fie wɔ ɔman bi a atumfoɔ no abara yɛn som adwuma no. Wɔahyehyɛ ntade a ɛremma nkurɔfo ani mma wɔn so.