Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Tete no, sɛ obi pɛ sɛ ɔde po so hyɛn tu kwan a, na dɛn na ɔyɛ?

PAULO bere so no, na po so ahyɛn a ɛfa nnipa nko ara ho yɛ den. Sɛ obi pɛ sɛ ɔde po so hyɛn tu kwan a, na ɛsɛ sɛ obisa afoforo sɛ wonim po so hyɛn bi a ɛfa aguadifo nneɛma a ɛbɛfa baabi a ɔrekɔ no, na ɛbɛfa nnipa anaa. (Aso. 21:2, 3) Sɛ po so hyɛn no renkɔ baabi pɔtee a onipa no rekɔ mpo, na ebegyinagyina suhyɛn gyinabea a, na obetumi ahwehwɛ hyɛn foforo a ɛde no bɛbɛn baabi a ɔrekɔ no.​—Aso. 27:1-6.

Ná ɛnyɛ afe no mu nyinaa na po so ahyɛn tutu akwan, na na wonni nhyehyɛe pɔtee a ɛde tu. Ewim tebea a enye da nkyɛn a, sɛ po so hyɛn mu adwumayɛfo a wɔwɔ gyidihunu hu biribi a ɛyɛ wɔn sɛ ɛyɛ mmusu a, na wontu kwan. Ebi ne sɛ wɔahu sɛ kwaakwaadabi abesi po so hyɛn no nhama no bi so resu, anaa wɔahu po so hyɛn bi a agu asu ho biribi wɔ mpoano. Ná po so hyɛn mu adwumayɛfo fi wɔn akwantu ase bere a mframa a ɛrebɔ ano nyɛ den pii. Sɛ ɔkwantuni no nya po so hyɛn bi a ɛbɛfa no a, na ɔfa ne nneɛma kɔ po so hyɛn gyinabea hɔ kɔtwɛn kosi sɛ ɔbɛte sɛ wɔde reto gua sɛ hyɛn no rebetu.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Lionel Casson kaa sɛ, “Ná ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo benya po so hyɛn aforo wɔ Rome, efisɛ na enhia sɛ wɔn ankasa bekyinkyin ahwehwɛ bi. Ná po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Rome no wɔ baabi a Tiber asubɔnten no bɔ po mu. Ná ɔmanfo ahyiae kɛse bi a ɔfese atwa ho ahyia wɔ Ostia kurow a ɛbɛn hɔ no. Ná saa ɔfese no pii yɛ po so hyɛn mu adwumayɛfo a wofi mmeaemmeae de: ná po so hyɛn adwumayɛfo a wofi Narbonne [ɛnnɛ ɛwɔ France] no wɔ bi, Carthage [ɛnnɛ ɛwɔ Tunisia] no wɔ bi, . . . ne nea ɛkeka ho. Enti, sɛ obi pɛ sɛ ɔde po so hyɛn tu kwan a, na nea ɔbɛyɛ ara ne sɛ ɔbɛkɔ nkurow a ɛhyɛn no bɛfa hɔ ɔfese akobisa sɛ obenya bi aforo anaa.

Sɛ obi de po so hyɛn tu kwan a, na ɛnsɛe ne bere, nanso na asiane wom. Paulo nyaa akwanhyia wɔ po so mpɛn pii wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu mu.​—2 Kor. 11:25.