Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 20

Sɛnea Yɛbɛkyekye Wɔn a Wɔato Wɔn Mmonnaa Werɛ

Sɛnea Yɛbɛkyekye Wɔn a Wɔato Wɔn Mmonnaa Werɛ

‘Awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn kyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.’—2 KOR. 1:3, 4.

DWOM 134 Onyankopɔn De Mmofra Ahyɛ Awofo Nsa

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Nhwɛso bɛn na ɛma yehu sɛ onipa biara hia awerɛkyekye, na obiara betumi akyekye afoforo werɛ? (b) Ɛyaw bɛn na mmofra binom fa mu?

ONIPA biara hia awerɛkyekye, na nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ obiara nso betumi akyekye afoforo werɛ. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ abofra redi agorɔ na ɔhwe ase ma ne kotodwe anim worɔw a, ɔde su tu mmirika kɔ ne maame anaa ne papa hɔ. Ɛwom sɛ awofo no ntumi nkum kuru no de, nanso wobetumi akyekye abofra no werɛ. Ebia wobebisa abofra no nea esii, wɔapopa n’anim, wɔaka akyerɛ no sɛ ɔnkosɛ de aka ne koma ato ne yam, na afei ebia wɔapɛ aduru bi de agu kuru no so anaa wɔakyekyere ama no. Ɛnkyɛ, na abofra no agyae su, na ebi mpo a wasan akodi n’agorɔ. Bere bi akyi no, kuru no bewu.

2 Nanso, ɛtɔ da a, mmofra tumi fa yaw kɛse mu. Wɔto ebinom mmonnaa. Ebia ebesi pɛnkoro, anaa ɛbɛkɔ so mpɛn pii wɔ mfe bebree mu. Emu biara no, etumi ma abofra no di yaw kɛse, na ne werɛ mfi da. Ɛtɔ da a, wɔkyere nea odi saa bɔne no, na wɔtwe n’aso. Ɛtɔ da nso a, ɛyɛ te sɛ nea onii a wayɛ bɔne no afa ne ho adi. Nanso, sɛ wɔkyere nea wayɛ bɔne no twe n’aso anim-anim hɔ ara mpo a, abofra no betumi akɔ so adi yaw bere a wanyin mpo.

3. Sɛnea 2 Korintofo 1:3, 4 kyerɛ no, dɛn na Yehowa pɛ, na nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Sɛ wɔtoo Kristoni bi mmonnaa wɔ ne mmofraase, na sɛ ɔda so ara redi yaw bere a wanyin a, dɛn na ebetumi aboa no? (Kenkan 2 Korintofo 1:3, 4.) Yehu pefee sɛ, nea Yehowa pɛ ne sɛ n’asomfo benya awerɛkyekye na wɔahu sɛ afoforo dɔ wɔn. Enti momma yensusuw nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho: (1) Nkurɔfo a wɔtoo wɔn mmonnaa wɔ wɔn mmofraberem no, adɛn nti na wobehia awerɛkyekye? (2) Henanom na wobetumi akyekye nkurɔfo a wɔte saa werɛ? (3) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyekye wɔn werɛ?

ADƐN NTI NA WOHIA AWERƐKYEKYE?

4-5. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛsono mmofra ɛnna ɛsono mpanyin? (b) Mmofra gye afoforo di, nanso sɛ wɔto wɔn mmonnaa a, ebetumi aka wɔn sɛn?

4 Ebinom a wɔtoo wɔn mmonnaa wɔ wɔn mmofraase a seesei a wɔayɛ mpanyimfo no, ɛwom sɛ mfe pii atwam de, nanso ebia wobehia awerɛkyekye. Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ yɛbɛte wei ase a, nea edi kan, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛsono mmofra ɛnna ɛsono mpanyin koraa. Sɛ obi ne abofra anni no yiye a, mpɛn pii no, ɛka no pa ara sen sɛnea ɛbɛka ɔpanyin. Yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi.

5 Ehia sɛ mmofra tumi bɛn nkurɔfo a wɔtete wɔn anaa nkurɔfo a wɔhwɛ wɔn, na wotumi gye wɔn di. Abusuabɔ a ɛte saa no ma mmofra koma tɔ wɔn yam, na ɛma wotumi gye nkurɔfo a wɔdɔ wɔn di. (Dw. 22:9) Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔtaa to mmofra mmonnaa wɔ wɔn fie, na mpɛn pii no, nkurɔfo a wɔyɛ saa bɔne no yɛ mmofra no abusuafo anaa nkurɔfo a wɔbɛn mmofra no abusua pa ara. Sɛ obi a abofra gye no di yɛ no bɔne a ɛte saa a, mfe pii akyi mpo, ebetumi ayɛ den ama no sɛ obegye afoforo adi.

6. Mmonnaato yɛ atirimɔdensɛm, na edi nkurɔfo awu. Adɛn ntia?

6 Mmofra ntumi mmɔ wɔn ho ban, na mmonnaato yɛ atirimɔdensɛm, na edi awu. Sɛ obi de nna ho nsɛm teetee abofra wɔ ne mmofraase pɛɛ a, ebetumi apira no papaapa, efisɛ saa bere no, na onnyinii wɔ adwene ne nipaduam sɛ ɔbɛware anya nna mu kyɛfa. Sɛ obi to abofra mmonnaa a, ebetumi ama abofra no anya nna ho adwene a ɛmfata. Ebetumi ama abofra no ate nka sɛ ne so nni mfaso, na afei nso ɛremma onnye afoforo nni.

7. (a) Adɛn nti na ɛnyɛ den sɛ obi bɛdaadaa abofra na wato no mmonnaa, na ɔkwan bɛn na obetumi afa so ayɛ saa? (b) Dɛn na nnaadaasɛm a ɛte saa betumi de aba?

7 Mmofra ntumi nsusuw nneɛma ho yiye nsisi gyinae, na saa ara nso na asiane reba a wontumi nhu ntwe wɔn ho mfi ho. (1 Kor. 13:11) Enti, ɛnyɛ den koraa sɛ obi bɛdaadaa abofra ato no mmonnaa. Mmonnaatofo ka nnaadaasɛm a ɛyɛ hu kyerɛ mmofra. Ebi ne sɛ, abofra no ara na ɔyɛ ma ɔtoo no mmonnaa, ɛnsɛ sɛ ɔka nea asi no kyerɛ obiara, na sɛ ɔka a, obiara rennye nni anaa obiara renyɛ ho hwee. Afei nso, obetumi aka akyerɛ abofra no sɛ, sɛ ɔpanyin ne abofra da a, ɛnyɛ bɔne, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wɔdɔ wɔn ho pa ara. Ebetumi adi mfe pii ansa na abofra no ahu sɛ saa nsɛm no nyinaa yɛ nnaadaa. Sɛ abofra a ɔte saa nyin a, obetumi anya adwene sɛ ne bra asɛe, na ɔmfata sɛ obi dɔ no anaa obi kyekye ne werɛ.

8. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi akyekye wɔn a wɔayɛ wɔn bɔne no werɛ?

8 Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo a wɔato wɔn mmonnaa no tumi hu amane mfe pii. Saa bɔne yi yɛ atirimɔdensɛm pa ara! Bɔne a ɛte saa a ɛkɔ so wɔ wiase baabiara no ma yehu pa ara sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu. Ɛnnɛ, nnipa pii ‘nni tema,’ na ‘nnipa bɔne ne nnaadaafo rekɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu.’ (2 Tim. 3:1-5, 13) Nneɛma a Satan pɛ sɛ ɔde sɛe yɛn no, ɛyɛ hu pa ara, na sɛ nnipa yɛ nea Ɔbonsam pɛ a, ɛyɛ awerɛhow. Nanso, Yehowa wɔ tumi koraa sen Satan ne wɔn a wɔyɛ nea Satan pɛ no nyinaa. Yehowa nim Satan akwan nyinaa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa hu ɛyaw a yɛrefa mu no, na obetumi akyekye yɛn werɛ. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛresom “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, nea ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, nea ɛbɛyɛ a yɛn nso, awerɛkyekye yi a yenya fi Onyankopɔn hɔ nti, yebetumi akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu no werɛ.” (2 Kor. 1:3, 4) Ɛnde, henanom na Yehowa nam wɔn so kyekye nkurɔfo a wɔayɛ wɔn bɔne no werɛ?

HENANOM NA WOBETUMI AKYEKYE WƆN A WƆAYƐ WƆN BƆNE NO WERƐ?

9. Sɛnea Ɔhene Dawid kaa wɔ Dwom 27:10 no, dɛn na Yehowa bɛyɛ ama nkurɔfo a wɔn abusua apo wɔn?

9 Mmofra a wɔn awofo ammɔ wɔn ho ban nti wɔtoo wɔn mmonnaa anaa mmofra a nkurɔfo a wɔbɛn wɔn too wɔn mmonnaa no pa ara na wobehia awerɛkyekye. Ná odwontofo Dawid nim sɛ Yehowa ne ɔwerɛkyekyefo a ɔsen biara a yebetumi de yɛn ho ato no so. (Kenkan Dwom 27:10.) Ná Dawid gye di sɛ Yehowa begye nkurɔfo a wɔn abusua apo wɔn no de wɔn ayɛ ne mma. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so yɛ saa? Ɔfa n’asomfo a wodi nokware so. Yɛn nuanom a yɛne wɔn som Yehowa no, yɛne wɔn ayɛ sɛ abusua. Sɛ nhwɛso no, Yesu kaa sɛ wɔn a ɔne wɔn som Yehowa no, wɔne ne nua mmarima, ne nua mmea, ne ne maame.—Mat. 12:48-50.

10. Adwuma a na ɔsomafo Paulo yɛ sɛ asafo mu panyin no, ɔkaa ho asɛm sɛn?

10 Yɛrebɛhwɛ sɛnea yɛne yɛn nuanom Kristofo a yɛne wɔn wɔ asafo no mu no ayɛ sɛ abusua ho nhwɛso bi. Ná ɔsomafo Paulo yɛ asafo mu panyin a ɔyɛ nsi ne ɔnokwafo. Ɔyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn, na Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔka kyerɛɛ afoforo sɛ wonsuasua no sɛnea ɔno suasuaa Kristo no. (1 Kor. 11:1) Bere bi, Paulo kaa sɛnea ɔyɛ ne som adwuma sɛ asafo mu panyin ho asɛm sɛ: “Yɛyɛɛ mo brɛbrɛ sɛnea ɔbaatan ma n’ani kũ n’ankasa mma ho no.” (1 Tes. 2:7) Ɛnnɛ, sɛ asafo mu mpanyimfo de Kyerɛwnsɛm no rekyekye wɔn a wohia mmoa werɛ a, wɔn nso betumi aka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ayamhyehye ne tema.

Mpɛn pii no, Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw tumi kyekye nkurɔfo werɛ (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ asafo mu mpanyimfo nko ara na wobetumi akyekye afoforo werɛ?

11 Asafo mu mpanyimfo nko ara na wobetumi akyekye wɔn a wɔato wɔn mmonnaa werɛ anaa? Dabi. Ɛyɛ yɛn nyinaa asɛde sɛ ‘yɛkɔ so ara kyekye yɛn ho yɛn ho werɛ.’ (1 Tes. 4:18) Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw betumi ahyɛ anuanom mmea a wohia awerɛkyekye nkuran pa ara. Enti, sɛ Yehowa Nyankopɔn de ne ho toto ɔbaatan a ɔkyekye ne ba werɛ ho a, ɛfata. (Yes. 66:13) Sɛ yɛkan Bible a, ɛma yehu sɛ wɔn a wɔkyekyee afoforo a na wɔrehu amane werɛ no, na mmea ka ho. (Hiob 42:11) Ɛnnɛ, sɛ Yehowa hu sɛ Kristofo mmea rekyekye wɔn nuanom mmea a wɔredi awerɛhow werɛ a, n’ani gye pa ara! Ɛtɔ da a, asafo mu panyin bi anaa mpanyimfo mmienu betumi afa ɔkwan bi so aka akyerɛ onuawa bi a ne ho akokwaw sɛ ɔmmoa onuawa foforo a ɔredi yaw. *

DƐN NA YEBETUMI AYƐ DE AKYEKYE WƆN WERƐ?

12. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

12 Sɛ yɛreboa yɛn nua Kristoni bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na ne kokoam nsɛm bi a ɔmpɛ sɛ ɔka ho asɛm no, yɛamfeefee mu. (1 Tes. 4:11) Nanso, wɔn a wohia mmoa ne awerɛkyekye na wɔpɛ sɛ yɛboa wɔn no, dɛn na yebetumi ayɛ ama wɔn? Momma yɛnhwɛ akwan nnum a Bible ma yehu sɛ yebetumi afa so akyekye afoforo werɛ.

13. Sɛnea 1 Ahene 19:5-8 kyerɛ no, dɛn na Yehowa bɔfo yɛ maa Elia, na dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua ɔbɔfo no?

13 Yɛ biribi boa. Bere a na nkurɔfo repɛ odiyifo Elia akum no na ɔreguan no, n’abam bui araa ma ne yam a na anka wawu. Yehowa somaa ɔbɔfo hoɔdenfo bi sɛ ɔnkɔsra ɔbarima a n’abam abu no. Ɔbɔfo no maa Elia nsa kaa nea na ohia saa bere no. Ɔmaa Elia aduan a ɛyɛ hyew, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ onni. (Kenkan 1 Ahene 19:5-8.) Saa asɛm no ma yehu nokwasɛm bi a mfaso wɔ so pa ara: Ɛtɔ da a, sɛ yeyi yɛn yam yɛ biribi ketewaa bi ma obi a, etumi boa no pa ara. Sɛ yɛn nua bi rehu amane na yɛpɛ sɛ yɛma ohu sɛ yɛdɔ no, na yedwen ne ho a, yebetumi ayɛ aduan ama no, yɛakyɛ no biribi ketewa bi, anaa yɛakyerɛw asɛm tiawa bi akɔma no de aka ne koma ato ne yam. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛne no besusuw ne kokoam asɛm bi ho, anaa yɛne no bɛbɔ asɛm a ɛyɛ yaw a ato no no ho nkɔmmɔ mpo a, yebetumi ayɛ nea yɛaka ho asɛm yi bi de aboa no.

14. Dɛn na yebetumi asua afi Elia asɛm no mu?

14 Ka wɔn a wɔahaw no koma to wɔn yam na wɔn ho nnwo wɔn. Yebetumi asua biribi foforo afi Elia asɛm no mu. Yehowa nam anwonwakwan so boaa odiyifo no ma otwaa kwantenten kɔɔ Bepɔw Horeb so. Bere a ebia Elia duu baabi a atew ne ho saa no, ne koma tɔɔ ne yam. Saa beae no na mfe pii a na atwam no Yehowa ne ne nkurɔfo yɛɛ apam no. Ebia onyaa adwene sɛ, baabi a wadu no de, wɔn a wɔrepɛ no akum no no nsa renka no. Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyekye wɔn a wɔato wɔn mmonnaa werɛ a, nea edi kan no, ebia ebehia sɛ yɛka wɔn koma to wɔn yam. Ɛho nhwɛso ni. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hu sɛ, sɛ wɔne onuawa a wahaw hyiam wɔ ɔno ankasa fie bere a ɔrenom anonne bi a, ebia ɛbɛma ne koma atɔ ne yam na ne ho adwo no. Ebia ɛno bɛboa no asen sɛ wɔne no behyiam wɔ Ahenni Asa so. Obi nso wɔ hɔ a, eye ma no sɛ wɔne no behyiam wɔ Ahenni Asa so.

Sɛ yenya abotare tie afoforo, yefi yɛn komam bɔ mpae ma wɔn, na yɛpɛ nsɛm a ɛhyɛ nkuran ka kyerɛ wɔn a, yebetumi ahyɛ wɔn den (Hwɛ nkyekyɛm 15-20) *

15-16. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ otiefo pa?

15 Yɛ Otiefo Pa. Bible de afotu a emu da hɔ yi ma sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa.” (Yak. 1:19) Yɛyɛ atiefo pa anaa? Anhwɛ a, yebetumi anya adwene sɛ, nea ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ atiefo pa ne sɛ, sɛ obi rekasa a, yɛbɛyɛ din ahwɛ n’anim a yɛrenka hwee. Nanso, yɛka sɛ obi yɛ otiefo pa a, ɛkyerɛ pii sen saa. Yɛmfa Elia sɛ nhwɛso. Ewiee ase no, ɔkaa sɛnea na ne ho yeraw no no ho asɛm kyerɛɛ Yehowa, na Yehowa tiee no yiye. Yehowa hui sɛ na Elia abɔ hu na ɔte nka sɛ wayɛ ankonam, na afei ohui sɛ n’adwene yɛ no sɛ wabrɛ agu. Yehowa yii ne yam boaa no ma odii ɔhaw biara a na ɔrefa mu no so. Ɔmaa Elia hui pa ara sɛ watie no.—1 Ahe. 19:9-11, 15-18.

16 Sɛ yɛda tema ne ayamhyehye adi bere a yɛretie obi a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ onii no. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ saa suban no? Ɛtɔ da na yɛde anifere ka nsɛm a ɛka koma kakra kyerɛ onii no a, ebetumi ama wahu sɛ yedwen ne ho. Yebetumi aka sɛ: “Ɛyɛ me yaw pa ara sɛ asɛm a ɛte saa ato wo! Ɛnsɛ sɛ obi yɛ abofra biara saa!” Ebia wubetumi abisa asɛm baako anaa mmienu na ama woate asɛm a w’adamfo a ɔredi yaw no reka no ase. Wubetumi abisa sɛ, “Mepa wo kyɛw, nea wokae no, wubetumi akyerɛ mu kakra akyerɛ me?” anaa “Bere a wokaa saa no, m’adwene yɛɛ me sɛ . . . Saa na na worekyerɛ anaa?” Sɛ wuyi wo yam ka asɛm a ɛte saa a, ebia ɛbɛma onii no ahu sɛ woretie no pa ara, na wopɛ sɛ wote nea ɔreka no ase.—1 Kor. 13:4, 7.

17. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya abotare na yɛyɛ ‘nyaa kasa’?

17 Nanso, hwɛ yiye, na yɛ ‘nyaa kasa.’ Sɛ onipa no rekasa a, ntwa n’ano sɛ worema no afotu anaa woreteɛ n’adwene. Nya abotare! Awiei koraa no, bere a Elia kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa no, na ɔwɔ ahoyeraw mu, na bere a ɔrekasa nyinaa na ne werɛ ahow pa ara. Akyiri yi, bere a Yehowa hyɛɛ Elia gyidi den wiei no, Elia san kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa, na ɔkaa asɛm koro no ara. (1 Ahe. 19:9, 10, 13, 14) Dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛtɔ da a, ehia sɛ wɔn a wɔrehu amane no ka nea ɛhaw wɔn no ho asɛm mpɛn pii. Yɛpɛ sɛ yenya abotare tie afoforo sɛnea Yehowa yɛ no. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ no, ɛsɛ sɛ yenya tema ne ayamhyehye ma wɔn.—1 Pet. 3:8.

18. Sɛ yɛne wɔn a wɔredi yaw bɔ mpae a, adɛn nti na ebetumi akyekye wɔn werɛ?

18 Fi wo komam ne nea ɔredi yaw no mmɔ mpae. Ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn a wɔabotow pa ara sɛ wɔbɛbɔ mpae. Obi betumi ate nka sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yehowa mpae. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyekye obi a ɔte saa werɛ a, yebetumi ne onii no abɔ mpae na yɛabɔ ne din wɔ mpaebɔ no mu. Sɛ yɛrebɔ mpae no a, yebetumi aka akyerɛ Yehowa sɛ nea wabotow no da yɛne asafo no koma so pa ara. Yebetumi aka akyerɛ Yehowa sɛ ɔnkyekye ne somfo a ɔsom bo no werɛ na ɔmma ne ho nnwo no. Yɛbɔ mpae a ɛte saa a, ebetumi akyekye onii no werɛ pa ara.—Yak. 5:16.

19. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛahu nea yɛbɛyɛ de akyekye obi werɛ?

19 Pɛ nsɛm a ɛbɛhyɛ no den na akyekye ne werɛ. Dwen nea wobɛka ho ansa na woaka. Sɛ yɛannwen nea yɛbɛka ho ansa na yɛaka a, ebetumi apira afoforo. Nsɛm a ɛyɛ dɛ tumi sa yare anaa ɛhyɛ den. (Mmeb. 12:18) Enti, bɔ Yehowa mpae na ɔmmoa wo na nya nsɛm a ɛhyɛ nkuran, ɛkyekye werɛ, na ɛka koma. Kae sɛ, Yehowa anom asɛm a ɛwɔ Bible mu no wɔ tumi kɛse pa ara sen asɛm foforo biara.—Heb. 4:12.

20. Nneɛma bɔne a anuanom binom afa mu nti, adwene bɛn na ebia ama wɔanya, na dɛn na yɛpɛ sɛ wohu?

20 Ebinom a wɔato wɔn mmonnaa anya adwene sɛ wɔn ho ntew, mfaso nni wɔn so, na obiara nnɔ wɔn anaa mpo wɔmfata sɛ obi dɔ wɔn. Ɛnyɛ nokware koraa! Enti, wo ne wɔn nkenkan Bible mu nsɛm a ɛbɛkae wɔn sɛ wɔsom bo pa ara ma Yehowa. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Awerɛkyekye a Efi Kyerɛwnsɛm No Mu.”) Bere a odiyifo Daniel tee nka sɛ wayɛ mmerɛw na wabotow no, kae sɛnea ɔbɔfo bi yii ne yam hyɛɛ no den. Ná Yehowa pɛ sɛ saa barima nokwafo no hu sɛ ɔsom bo ma no. (Dan. 10:2, 11, 19) Saa ara na yɛn nuanom a wɔwɔ ahoyeraw mu no nso som bo ma Yehowa!

21. Dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne a wonnu wɔn ho nyinaa, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa si yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ seesei?

21 Sɛ yɛkyekye afoforo werɛ a, ɛma wohu sɛ Yehowa dɔ wɔn. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a obu atɛntrenee. Obi to obi mmonnaa na obiara anhu mpo a, Yehowa de, onim. Yehowa hu biribiara, na ɔremma abɔnefo a wonnu wɔn ho mfa wɔn ho nni. (Num. 14:18) Seesei de, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mma wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no nhu sɛ yɛdɔ wɔn. Afei nso, yenim sɛ Yehowa bɛma wɔn a Satan ne ne wiase no ama wɔahu amane no nyinaa ho ayɛ wɔn den korakora. Wei kyekye yɛn werɛ pa ara! Ɛrenkyɛ koraa, yɛn werɛ befi nneɛma a ɛma yedi yaw no, na ɛremma yɛn komam bio.—Yes. 65:17.

DWOM 109 Momfa Mo Koma Nyinaa Nnɔ Anuanom

^ nky. 5 Nkurɔfo a wɔto wɔn mmonnaa wɔ wɔn mmofraase no, wobetumi afa ɔhaw pii mu bere a wɔanyin mpo. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a ɛte saa. Afei nso, yɛbɛhwɛ wɔn a wobetumi akyekye nnipa a wɔte saa no werɛ. Nea etwa to no, yebehu akwan pa a yebetumi afa so akyekye wɔn werɛ.

^ nky. 11 Sɛ nea wɔato no mmonnaa no si gyinae sɛ ɔbɛkɔ akohu dɔkota akɔhwehwɛ mmoa a, ɛyɛ ɔno ara n’asɛm.

^ nky. 76 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi a ne ho akokwaw rekyekye onuawa foforo a ɔredi awerɛhow werɛ.

^ nky. 78 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu mpanyimfo mmienu akɔsra onuawa a ɔwɔ ahoyeraw mu no. Onuawa no afrɛ onuawa a ne ho akokwaw no ama waba hɔ.