Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 18

Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Wɔ Kristofo Asafo No Mu

Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Wɔ Kristofo Asafo No Mu

“Monkɔ so mmoa mo ho mo ho wɔ nneɛma a emu yɛ duru mu na monam so awie Kristo mmara no so di.”—GAL. 6:2.

DWOM 12 Otumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn

NEA YƐREBESUA *

1. Nneɛma mmienu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

YEHOWA NYANKOPƆN dɔ n’asomfo. Wadɔ wɔn fi tete, na ɔbɛkɔ so adɔ wɔn. Ɔdɔ atɛntrenee nso. (Dw. 33:5) Enti ɛsɛ sɛ yɛkae nneɛma mmienu yi: (1) Sɛ nkurɔfo ne Yehowa asomfo anni no yiye a, ɛyɛ no yaw. (2) Ɔbɛhwɛ abu atɛntrenee ama wɔn. Adesua nsɛm a ɛtoatoa so no mu nea edi kan no, * yehui sɛ Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa Israelfo no, na egyina ɔdɔ so. Ɛmaa nkurɔfo yɛɛ nea ɛteɛ, na ɛmaa wɔne obiara dii no yiye, ne titiriw no, nkurɔfo a wɔn ankasa ntumi mmɔ wɔn ho ban no. (Deut. 10:18) Mose Mmara no ma yehu sɛ Yehowa dwen n’asomfo ho pa ara.

2. Nsɛmmisa bɛn na yɛbɛma ho mmuae?

2 Bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no afe 33 Y.B. no, Mose Mmara no baa awiei. Enti, na wei kyerɛ sɛ Kristofo rennya mmara biara a egyina ɔdɔ so a ɛbɛma atɛntrenee ayɛ adwuma na abɔ wɔn ho ban anaa? Ná wobenya bi! Kristofo nyaa mmara foforo bi. Adesua yi mu no, yebedi kan ahwɛ saa mmara no. Ɛno akyi no, yɛbɛma nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔdɔ na wogyinaa so hyehyɛɛ saa mmara no? Adɛn nti na yebetumi aka sɛ saa mmara no ma atɛntrenee yɛ adwuma? Sɛnea saa mmara no kyerɛ no, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ tumi ne afoforo di?

DƐN NE “KRISTO MMARA NO”?

3. Sɛnea Galatifo 6:2 ka no, dɛn ne “Kristo mmara no”?

3 Kenkan Galatifo 6:2. Kristofo hyɛ “Kristo mmara no” ase. Yesu ankyerɛw mmara nsɛm amma n’akyidifo, na mmom ɔmaa wɔn akwankyerɛ, ahyɛde, ne nnyinasosɛm a wɔde bɛbɔ wɔn bra. Biribiara a Yesu kyerɛkyerɛe no, ɛno ne “Kristo mmara no.” Yebehu mmara no ho nsɛm pii wɔ nkyekyɛm a edi hɔ no mu.

4-5. Akwan bɛn na Yesu faa so kyerɛkyerɛe, na bere bɛn na ɔkyerɛkyerɛe?

4 Akwan bɛn na Yesu faa so kyerɛkyerɛe? Nea edi kan, ɔnam ne kasa so na ɔkyerɛkyerɛe. Ná ne nsɛm ka koma, efisɛ ɛmaa nkurɔfo huu nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, na ɛma wohuu nea enti pa ara a nnipa te ase. Afei nso, ɛma wohui sɛ Onyankopɔn Ahenni no na ebeyi amane a nnipa rehu nyinaa afi hɔ. (Luka 24:19) Yesu de ne nhwɛso nso kyerɛkyerɛe. Ɔnam n’abrabɔ so maa n’akyidifo huu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra.—Yoh. 13:15.

5 Bere bɛn na Yesu kyerɛkyerɛe? Ɔkyerɛkyerɛe bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so no. (Mat. 4:23) Ne wusɔre akyi pɛɛ nso, ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no. Nhwɛso bi ni. Oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo bi. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn dodow boro 500. Ɔmaa wɔn ahyɛde sɛ ‘wɔnkɔyɛ asuafo.’ (Mat. 28:19, 20; 1 Kor. 15:6) Bere a Yesu a ɔyɛ asafo no ti san kɔɔ soro no, ɔkɔɔ so de akwankyerɛ maa n’asuafo no. Ɛho nhwɛso ni. Bɛyɛ afe 96 Y.B. no, Kristo ka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ ɔnhyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nkuran, na ontu wɔn fo.—Kol. 1:18; Adi. 1:1.

6-7. (a) Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛhe na wɔakyerɛw no? (b) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yedi Kristo mmara no so?

6 Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛhe na wɔakyerɛw no? Nsɛm a Yesu kae ne nneɛma a ɔyɛe wɔ asase so no, wɔakyerɛw pii wɔ Nsɛmpa nnan no mu. Adwene a na Yesu wɔ wɔ nneɛma ho no, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a aka no boa yɛn ma yehu no yiye, efisɛ wɔn a wɔkyerɛwee no, honhom kronkron na ɛboaa wɔn, na na wɔwɔ “Kristo adwene.”—1 Kor. 2:16.

7 Asuade: Biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu no, Yesu nkyerɛkyerɛ boa yɛn. Kristo mmara no, ɛka biribiara a yɛyɛ wɔ fie, wɔ adwuma mu anaa sukuu mu, ne asafo no mu. Sɛ yɛkenkan Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no na yedwinnwen ho a, yehu Kristo mmara no. Sɛ yɛde akwankyerɛ ne nnyinasosɛm a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu bɔ yɛn bra na yedi ahyɛde a ɛwom no so a, na yɛredi Kristo mmara no so. Sɛ yedi Kristo mmara no so a, na yɛretie yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no, efisɛ ne nkyɛn na nea Yesu kyerɛkyerɛe no nyinaa fi.—Yoh. 8:28.

MMARA A EGYINA ƆDƆ SO

8. Dɛn na Kristofo mmara no gyina so?

8 Sɛ nkurɔfo te ofie a wɔasi no yiye na ne nnyinaso yɛ den mu a, ɛma wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ na wɔn koma tɔ wɔn yam. Saa ara na mmara pa a ɛwɔ nnyinaso a edi mũ no, ɛma wɔn a wɔde bɔ wɔn bra no te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ na wɔn koma tɔ wɔn yam. Kristo mmara no wɔ nnyinaso a edi mũ pa ara; saa nnyinaso no ne ɔdɔ. Adɛn nti na yebetumi aka saa?

Sɛ yɛne afoforo di no ɔdɔ so a, na yɛredi “Kristo mmara no” so (Hwɛ nkyekyɛm 9-14) *

9-10. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ biribiara a Yesu yɛe no gyina ɔdɔ so, na dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua no?

9 Nea edi kan, biribiara a Yesu yɛe no, ɔdɔ na ɛma ɔyɛe. Esiane sɛ na Yesu dɔ afoforo nti, na nkurɔfo taa yɛ no mmɔbɔ, anaa na ne yam taa hyehye no ma wɔn. Enti, Yesu yam hyehyee no ma ɔkyerɛkyerɛɛ nnipakuw no, ɔsaa ayarefo yare, ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan, na onyanee awufo. (Mat. 14:14; 15:32-38; Mar. 6:34; Luka 7:11-15) Ɛwom sɛ saa nneɛma yi a Yesu yɛe no, ɛma ɔbrɛe pa ara na egyee ne bere pii de, nanso oyii ne yam de nea afoforo hia dii n’ankasa de anim. Ade a ɛsen biara a Yesu yɛe de daa ne dɔ adi ne sɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre maa afoforo.—Yoh. 15:13.

10 Asuade: Sɛ yɛde nea afoforo hia di kan a, na yɛresuasua Yesu. Yebetumi nso anya ayamhyehye ama nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu de asuasua Yesu. Sɛ ayamhyehye a ɛte saa ma yɛka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na yɛkyerɛkyerɛ wɔn a, na yɛredi Kristo mmara no so.

11-12. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa dwen yɛn ho pa ara? (b) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi?

11 Nea ɛto so mmienu, Yesu ma yehuu ɔdɔ a n’Agya wɔ. Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, ɔma yehui sɛ Yehowa dwen n’asomfo ho pa ara. Nea Yesu kyerɛkyerɛe no bi ne sɛ: Yɛn mu biara som bo ma yɛn soro Agya no. (Mat. 10:31) Sɛ Yehowa somfo bi yɛ bɔne na onu ne ho, na ɔsan ba asafo no mu a, Yehowa de anigye gye no fɛw so. (Luka 15:7, 10) Yehowa de ne Ba no ama yɛn sɛ agyede de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn.—Yoh. 3:16.

12 Asuade: Yɛbɛyɛ dɛn asuasua ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi? (Efe. 5:1, 2) Ɛsɛ sɛ yebu yɛn nua Kristoni biara sɛ ɔsom bo, na sɛ “oguan a wayera” san ba Yehowa nkyɛn a, yɛde anigye gye no fɛw so. (Dw. 119:176) Sɛ yetu yɛn ho ma boa yɛn nuanom Kristofo bere a wɔwɔ ahohia mu a, yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn. (1 Yoh. 3:17) Sɛ yɛne afoforo di no ɔdɔ so a, na yɛredi Kristo mmara no so.

13-14. (a) Sɛnea Yohane 13:34, 35 ka no, ahyɛde bɛn na Yesu kaa sɛ n’akyidifo no nni so, na adɛn nti na wei yɛ ahyɛde foforo? (b) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yedi ahyɛde foforo yi so?

13 Nea ɛto so mmiɛnsa, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wonyi wɔn yam nna ɔdɔ adi. (Kenkan Yohane 13:34, 35.) Saa ahyɛde a Yesu de mae no yɛ foforo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛhwehwɛ sɛ Kristofo da ɔdɔ adi wɔ ɔkwan soronko so. Nanso, Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no de, na ɛnhwehwɛ sɛ wɔyɛ saa. Ahyɛde foforo no ne sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo sɛnea Yesu dɔɔ yɛn no. Saa ahyɛde no hwehwɛ sɛ yeyi yɛn yam da ɔdɔ adi. * Ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom sen sɛnea yɛdɔ yɛn ho. Sɛnea Yesu yɛ maa yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom araa ma sɛ ɛho behia sɛ yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre ma wɔn a, yɛbɛyɛ saa.

14 Asuade: Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yedi ahyɛde foforo yi so? Ɛne sɛ, yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode bɛboa yɛn nuanom. Yɛdɔ yɛn nuanom araa ma ɛnyɛ yɛn nkwa nko ara na yɛde bɛbɔ afɔre ama wɔn, na mmom yɛbɛyɛ nneɛma nketenkete nso ama wɔn. Ebi ne sɛ, yɛbɛkɔ akɔfa onua anaa onuawa bi a n’ani afi akɔ asafo nhyiam daa, anaa yebefi yɛn pɛ mu agyae nneɛma bi a yɛn ani gye ho akyi di sɛnea ɛbɛma yɛn dɔfo bi ani agye. Ebi nso ne sɛ, yebegyae yɛn nnwuma agu hɔ kakra akɔboa nkurɔfo a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akyere wɔn. Yɛyɛ saa a, na yɛredi Kristo mmara no so. Afei nso, yɛyɛ saa a, na yɛreboa ama asafo a yɛwom no ayɛ baabi a asomdwoe wɔ, na ama asafo no muni biara koma atɔ ne yam.

MMARA A ƐMA ATƐNTRENEE YƐ ADWUMA

15-17. (a) Ɔkwan bɛn so na nneɛma a Yesu yɛe ma yehu sɛ ɔpɛ atɛntrenee? (b) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu?

15 Bible mu no, nea “atɛntrenee” kyerɛ pa ara ne sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so, na yɛrenyɛ nyiyim. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristo mmara no ma atɛntrenee yɛ adwuma?

Ná Yesu bu mmea, na ɔne wɔn dii no yiye; wɔn a na afoforo bu wɔn animtiaa mpo, ɔne wɔn dii no yiye (Hwɛ nkyekyɛm 16) *

16 Nea edi kan, yɛnhwɛ sɛnea nneɛma a Yesu yɛe ma yehu sɛ na ɔpɛ atɛntrenee. Yesu bere so no, na Yudasom mu akannifo no tan nkurɔfo a wɔnyɛ Yudafo. Afei nso, na wobu Yudafo a wɔnkɔɔ nyamesom sukuu no animtiaa, na na wommu mmea. Nanso, Yesu ne obiara dii no yiye; wanyɛ nyiyim antia obiara. Nkurɔfo a wɔnyɛ Yudafo a wonyaa ne mu gyidi no, wampo wɔn. (Mat. 8:5-10, 13) Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara, asikafo ne ahiafo; wanyɛ nyiyim. (Mat. 11:5; Luka 19:2, 9) Ɔne mmea anni no atirimɔden so, na wankasa antia wɔn da. Mmom, na obu mmea, na ɔne wɔn dii no yiye, na wɔn a na afoforo bu wɔn animtiaa mpo, saa ara na ɔne wɔn dii.—Luka 7:37-39, 44-50.

17 Asuade: Sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ obiara a obetie na yɛanyɛ nyiyim a, na yɛresuasua Yesu. Yɛrenhwɛ sɛ onipa no yɛ sikani anaa ohiani, na saa ara nso na yɛrenhwɛ ɔsom a ɔwom. Kristofo mmarima suasua Yesu, enti wobu mmea. Yɛyɛ saa nneɛma yi a, na yɛredi Kristo mmara no so.

18-19. Dɛn na Yesu ka faa atɛntrenee ho, na dɛn na yesua fi ne nkyerɛkyerɛ mu?

18 Nea ɛto so mmienu, yɛnhwɛ nea Yesu ka faa atɛntrenee ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no nnyinasosɛm a ɛbɛboa wɔn ama wɔne afoforo adi no yiye. Wo de, yɛnhwɛ Yesu asɛm a ɛne sɛ biribiara a yɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma yɛn no, yɛnyɛ saa ara mma wɔn no. (Mat. 7:12) Yɛn nyinaa pɛ sɛ afoforo ne yɛn di no yiye. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛne afoforo di no yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, ebia ɛbɛma wɔne yɛn adi no yiye. Na sɛ obi ne yɛn adi no yayaayaw bere a yɛnyɛɛ no hwee nso ɛ? Yesu san ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wonnya ahotoso sɛ Yehowa ‘bebu atɛntrenee ama wɔn a wɔteɛm frɛ no awia ne anadwo no.’ (Luka 18:6, 7) Yebetumi aka sɛ saa asɛm no yɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ: Yɛn Nyankopɔn a obu atɛntrenee no nim sɔhwɛ a yɛrefa mu wɔ nna a edi akyiri yi mu, na ne bere so a, obebu atɛntrenee ama yɛn.—2 Tes. 1:6.

19 Asuade: Sɛ yɛde nnyinasosɛm a Yesu kyerɛkyerɛe no yɛ adwuma a, yɛne afoforo bedi no yiye. Sɛ afoforo ne yɛn adi no yayaayaw wɔ Satan wiase yi mu a, yebetumi anya awerɛkyekye, efisɛ yenim sɛ Yehowa bebu atɛntrenee ama yɛn.

SƐN NA ƐSƐ SƐ WƆN A WƆWƆ AFOFORO SO TUMI NO NE WƆN DI?

20-21. (a) Sɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ afoforo so tumi no ne wɔn di? (b) Dɛn na okunu bɛyɛ de akyerɛ sɛ oyi ne yam dɔ ne yere, na sɛn na ɛsɛ sɛ agya ne ne mma di?

20 Sɛnea Kristo mmara no kyerɛ no, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ afoforo so tumi no ne wɔn di? Esiane sɛ ɔdɔ na wogyinaa so hyehyɛɛ Kristo mmara no nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ afoforo so tumi no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no ni, na wɔne wɔn di wɔ ɔdɔ mu. Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ Kristo pɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi wɔ biribiara mu.

21 Abusua mu. Ɛsɛ sɛ okunu dɔ ne yere “sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.” (Efe. 5:25, 28, 29) Kristo yii ne yam daa ɔdɔ adi, na ɛsɛ sɛ okunu suasua no na ɔde nea ne yere hia ne nea n’ani gye ho di kan. Ebia ɛbɛyɛ den ama mmarima bi sɛ wɔbɛda ɔdɔ a ɛte saa adi. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ebia wɔtetee wɔn wɔ abusua bi a emufo nna ɔdɔ adi anaa wɔne afoforo nni no yiye mu. Ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛsesa subammɔne a ɛte saa, nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa na ama wɔatumi adi Kristo mmara no so. Sɛ okunu yi ne yam dɔ ne yere a, ɛma ne yere nya obu ma no. Agya a ɔdɔ ne mma pa ara renyɛ biribi anaa ɔrenkeka nsɛm bi a ɛbɛma ne mma werɛ ahow anaa wɔadi yaw da. (Efe. 4:31) Mmom, nea ɛbɛyɛ na ne mma koma atɔ wɔn yam na wɔate nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ no, ɔma wohu sɛ ɔdɔ wɔn, na n’ani sɔ wɔn. Sɛ agya bi te saa a, ɛma ne mma dɔ no, na wonya ne mu ahotoso.

22. Sɛnea 1 Petro 5:1-3 ka no, “nguan” no yɛ hena dea, na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn di no sɛn?

22 Asafo mu. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo kae sɛ “nguan” no nyɛ wɔn dea. (Yoh. 10:16; kenkan 1 Petro 5:1-3.) Saa nsɛm yi, “Onyankopɔn nguankuw,” ne “Onyankopɔn agyapade” kae asafo mu mpanyimfo sɛ nguankuw no yɛ Yehowa dea. Yehowa pɛ sɛ mpanyimfo no ne ne nguan di wɔ ɔdɔ mu, na wonya ayamhyehye ma wɔn. (1 Tes. 2:7, 8) Asafo mu mpanyimfo a wɔhwɛ Yehowa nguan so wɔ ɔdɔ mu no nya n’anim dom. Ɛma anuanom dɔ asafo mu mpanyimfo a wɔte saa no nso, na wonya obu ma wɔn.

23-24. (a) Sɛ asafo no muni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, asɛyɛde bɛn na asafo mu mpanyimfo no wɔ? (b) Asafo mu mpanyimfo redi nsɛm a ɛte saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho?

23 Sɛ asafo no muni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, asɛyɛde bɛn na asafo mu mpanyimfo no wɔ? Ɛsono asɛyɛde a asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no wɔ, ɛnna ɛsono atemmufo ne mpanyimfo a na wɔhyɛ Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo ase no nso wɔ. Bere a na Mose Mmara no yɛ adwuma no, ɛnyɛ nsɛm a ɛfa Yehowa som ho nko ara na na atemmufo ne mpanyimfo no di, na mmom na wodi akasakasa a ɛsɔre wɔ nkurɔfo ntam ne nsɛm a ɛfa nsɛmmɔnedi ho. Nanso, Kristo mmara no ase de, sɛ obi yɛ bɔne a, asɛm no fã a ɛfa Yehowa som ho nko ara na mpanyimfo no di. Asafo mu mpanyimfo nim sɛ Onyankopɔn ama aban mpanyimfo tumi sɛ wonni akasakasa a ɛsɔre wɔ nkurɔfo ntam ne nea ɛfa nsɛmmɔnedi ho. Enti aban mpanyimfo no wɔ tumi sɛ wɔtwe nkurɔfo aso; ebi ne sɛ wɔbɛbɔ wɔn ka anaasɛ wɔde wɔn begu afiase.—Rom. 13:1-4.

24 Sɛ asafo no muni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, asɛm no fã a ɛfa Yehowa som ho no, sɛn na mpanyimfo no di ho dwuma? Mpanyimfo no de Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ asɛm no mu, na wosi ho gyinae. Wɔmma wɔn werɛ mmfi sɛ ɔdɔ na wogyinaa so hyehyɛɛ Kristo mmara no. Ɔdɔ a mpanyimfo no wɔ nti, wosusuw nea edidi so yi ho: Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ de boa asafo no muni bi a obi ayɛ no bɔne? Nea wayɛ bɔne no, ɔdɔ a mpanyimfo no wɔ nti, wosusuw ho hwɛ sɛ: Wanu ne ho anaa? Mpanyimfo no bisa wɔn ho sɛ: Yebetumi aboa no ama ɔne Yehowa ntam asan ayɛ kama anaa?

25. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

25 Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛwɔ Kristo mmara no ase! Sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden di so a, yɛboa ma asafo a yɛwom no yɛ baabi a emuni biara betumi ate nka sɛ ne nuanom dɔ no, wobu no, na afei ne koma tɔ ne yam. Nanso, “nnipa bɔne” akɔ wɔn anim “wɔ bɔneyɛ mu” wɔ wiase a yɛte mu yi mu. (2 Tim. 3:13) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Sɛ obi to abofra mmonnaa anaa ɔde nna ho nsɛm teetee no na ɛbɛtɔ Kristofo asafo no anim na wɔreka ho asɛm a, dɛn na wɔbɛyɛ de ada Onyankopɔn atɛntrenee adi? Yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 15 Kamfo Yehowa Abakan No!

^ nky. 5 Adesua yi ne mmienu a edi hɔ no yɛ adesua asɛm a etwa to wɔ February 2019, Ɔwɛn-Aban mu no ntoaso. Ɛma yehu nea enti a yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ na obu atɛntrenee. Yehowa pɛ sɛ afoforo ne ne nkurɔfo di no yiye, na ɔkyekye wɔn a afoforo ne wɔn anni no yiye wɔ wiase bɔne yi mu no werɛ.

^ nky. 1 Hwɛ asɛm a wɔato din “Sɛnea Wɔdaa Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Wɔ Tete Israel” a ɛbaa February 2019 Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 13 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Ɔdɔ a yeyi yɛn yam da no adi no, ɛma yedi kan yɛ nea afoforo hia ne nea ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn ma wɔn ansa na yɛayɛ nea yɛn ankasa hia. Yefi yɛn pɛ mu gyae biribi akyi di anaa yɛde biribi kame yɛn ho sɛnea ɛbɛma yɛatumi aboa afoforo anaa yɛama wɔn ho adwo wɔn.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu rehwɛ okunafo bi a ne babarima a odi no bakoro awu. Ɛmaa Yesu yam hyehyee no ma onyan aberante no.

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu redidi wɔ Farisini bi a ne din de Simon fie. Ɔbea bi a ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ aguaman de ne nusu ahohoro Yesu nan ho, de ne ti nwi apopa, na wahwie ngo agu Yesu nan ho. Simon ani annye nea ɔbea no yɛe ho, nanso Yesu kaa bi maa ɔbea no.