Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛbɛbɔ Yɛn Ho Ban Wɔ Satan Afiri Bi Ho

Sɛnea Yɛbɛbɔ Yɛn Ho Ban Wɔ Satan Afiri Bi Ho

BERE a aka kakra ama Israelfo atwa Asubɔnten Yordan akɔ asase a na Onyankopɔn de ahyɛ wɔn bɔ no so no, ahɔho bi baa wɔn nkyɛn. Ná saa ahɔho yi yɛ mmea ananafo; wɔtoo nsa frɛɛ Israelfo mmarima no kɔɔ apontow bi ase. Ɛbɛyɛ sɛ Israelfo no nyaa adwene sɛ wei yɛ hokwan soronko a wɔanya. Nea na ebetumi atwetwe wɔn pa ara akɔ apontow no ase ne nnamfo foforo a na wobenya, asaw a na wɔbɛsaw, ne aduan pa a na wobedi. Ná saa ananafo mmea no amammerɛ ne wɔn abrabɔ nte sɛ nea na Israelfo no asua wɔ Onyankopɔn Mmara mu no. Nanso, ebia Israelfo mmarima no bi nyaa adwene sɛ: ‘Yenim nea yɛbɛyɛ. Yɛbɛhwɛ yɛn ho yiye.’

Dɛn na esii? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Nnipa no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman.” Nokwasɛm ne sɛ, na mmea no pɛ sɛ Israelfo mmarima no som atoro anyame. Saa pɛpɛɛpɛ na Israelfo mmarima no yɛe! Edi sɛ “Yehowa bo fuw Israel denneennen.”—Num. 25:1-3.

Israelfo no buu Onyankopɔn Mmara so wɔ akwan mmienu so: Wɔsom abosom, na wɔbɔɔ aguaman. Asoɔden nti, Israelfo mpempem wuwui. (Ex. 20:4, 5, 14; Deut. 13:6-9) Nea ɛma asɛm no yɛ yaw koraa ne bere a asɛm no sii no. Sɛ mmarima no ammu Onyankopɔn Mmara so a, anka ɛrenkyɛ na saa Israelfo mpempem no atwa Yordan akɔ Bɔhyɛ Asase no so.—Num. 25:5, 9.

Ɔsomafo Paulo kaa nea esii no ho asɛm sɛ: “Eyinom too wɔn sɛ sɛnnahɔ, na wɔakyerɛw de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛe yi awiei ato yɛn no kɔkɔ.” (1 Kor. 10:7-11) Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Israelfo no bi yɛɛ bɔne a emu yɛ duru ma enti wɔamma wɔankɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Satan ani gyei pa ara. Esiane sɛ yenim sɛ, sɛ Satan amma yɛankɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a n’ani begye pa ara nti, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebetie saa kɔkɔbɔ no!

AFIRI BI A ƐYƐ HU

Satan atu n’ani asi Kristofo so, enti osum wɔn mfiri a onim yiye sɛ ɔde ayi nnipa pii. Sɛnea yɛadi kan aka no, ɔde aguamammɔ na esum Israelfo no afiri. Yɛn bere yi so nso, ɔbrasɛe da so ara yɛ afiri a ɛyɛ hu. Aguamansɛm anaa ponografi yɛ afiri baako pa ara a Satan betumi afa so anya yɛn.

Ɛnnɛ, obi betumi ahwɛ aguamansɛm a obiara renhu. Mfe pii a atwam no, sɛ obi pɛ sɛ ɔhwɛ aguamansɛm a na ɛsɛ sɛ ɔkɔ sinidan mu ansa na wanya sini a aguamansɛm wom ahwɛ anaa ɔkɔ sotɔɔ a wɔtɔn aguamansɛm ho nhoma na wakɔtɔ bi. Esiane sɛ ɛyɛ aniwu sɛ nkurɔfo behu obi wɔ baabi a ɛte saa anaa baabi a ɛbɛn hɔ nti, ɛbɛyɛ sɛ na nnipa pii nkɔ mmeae a ɛte saa. Nanso seesei de, obi wɔ intanɛt a, obetumi ahwɛ aguamansɛm wɔ adwumam anaa mpo obetumi akɔtena kar mu ahwɛ. Aman pii so no, ɔbarima anaa ɔbea betumi ahwɛ aguamansɛm wɔ ɔno ara ne fie.

Ɛnyɛ ɛno nko ara. Fon ne tablɛt nti, ayɛ mmerɛw sɛ nkurɔfo bɛhwɛ aguamansɛm. Sɛ nkurɔfo nam kwan ho anaa wɔte bɔs anaa keteke mu a, wotumi hwɛ aguamansɛm wɔ wɔn fon anaa wɔn tablɛt so.

Esiane sɛ ɛnyɛ den sɛ obi benya aguamansɛm ahwɛ na watumi de asie a obiara renhu nti, ɛrepira nnipa pii nnɛ sen kan no. Nnipa pii a wɔhwɛ aguamansɛm ma wɔn aware gyigya, ɛmma wonnye wɔn ho nni, na wɔsɛe wɔn ahonim. Nea enye koraa no, ebetumi ama wɔne Yehowa ntam asɛe. Sɛ woka sɛ wɔn a wɔhwɛ aguamansɛm no pira wɔn ho a, wudi ka pa ara. Mpɛn pii no, egyaw wɔn adwinnwen pa ara. Ebia adwinnwen no so bɛtew nkakrankakra, nanso ɛtɔ da a onipa no werɛ ntumi mfi korakora.

Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ Yehowa ama yɛn nea ɛbɛboa yɛn ama yɛabɔ yɛn ho ban afi Satan afiri yi ho. Sɛ yebenya Yehowa ahobammɔ a, ɛsɛ sɛ ‘yetie’ Yehowa. Ɛno na tete Israelfo mmarima no antumi anyɛ. (Ex. 19:5) Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ, sɛ obi hwɛ aguamansɛm a, Onyankopɔn kyi kɔkɔɔkɔ. Adɛn nti na yɛreka saa?

KYI AGUAMANSƐM EFISƐ YEHOWA KYI

Wo de, hwɛ asɛm a edi hɔ yi: Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no, na ɛnte sɛ ɔman biara a na ɛwɔ hɔ saa bere no de koraa. Ná mmara no ayɛ sɛ ɔfasu a ɛbɔ Israelfo no ho ban fi aman a na atwa wɔn ho ahyia no ne wɔn subammɔne ho. (Deut. 4:6-8) Saa mmara no maa nokwasɛm titiriw bi daa adi pefee. Ɛne sɛ: Yehowa kyi aguamammɔ.

Yehowa kyerɛɛ nna mu nneyɛe bi a ɛyɛ abofono a na aman a ɛbɛn Israel no de wɔn ho hyɛ mu. Afei ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mede mo rekɔ Kanaan; monhwɛ na moamfa Kanaan kwan so. . . . Asase no so agu fĩ, na mede ne bɔne ho asotwe bɛba ne so.” Ná Kanaanfo no bra asɛe pa ara, enti Israel Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no kaa sɛ efĩ aka asase a wɔte so no.—Lev. 18:3, 25.

Ɛwom sɛ Yehowa twee Kanaanfo no aso de, nanso afoforo kɔɔ so ara bɔɔ aguaman. Bɛboro mfe 1,500 akyi no, Paulo kaa aman a na Kristofo te mu ho asɛm sɛ “wɔatoto wɔn ani awe,” anaa wɔn ani nwu ade. Nokwasɛm ne sɛ, “wɔde wɔn ho maa ahohwibra yɛɛ afide nyinaa bi anibere so.” (Efe. 4:17-19) Ɛnnɛ nso, nnipa pii de wɔn ho ahyɛ ahohwibra mu na wɔmfɛre ho. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔrenhwɛ aguamansɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu no.

Aguamansɛm bu Onyankopɔn animtiaa pa ara. Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ne suban so sɛnea ɔte, na ɔbɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bi so a ɛma yetumi hu papa ne bɔne. Esiane sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa nti, ɔhyehyɛɛ mmara wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho. Ná Onyankopɔn adwene ne sɛ awarefo benya nna mu kyɛfa ama wɔn ani agye. (Gen. 1:26-28; Mmeb. 5:18, 19) Wɔn a wɔyɛ aguamansɛm anaa wɔn a wɔhyɛ ho nkuran no nso, dɛn na wɔreyɛ? Wommu Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho koraa. Nokwasɛm ne sɛ, nkurɔfo a wɔhyɛ aguamansɛm ho nkuran no mmu Yehowa. Nkurɔfo a wɔyɛ aguamansɛm anaa wɔhyɛ ho nkuran no mfa Onyankopɔn akwankyerɛ nyɛ hwee. Onyankopɔn bebu wɔn nyinaa atɛn.—Rom. 1:24-27.

Na nkurɔfo a wɔhyɛ da kenkan aguamansɛm anaa wɔhwɛ no nso ɛ? Ebia ebinom bɛte nka sɛ mfomso nni ho sɛ wɔde aguamansɛm begyigye wɔn ani. Nanso nea wɔreyɛ no kyerɛ sɛ wɔreboa wɔn a wɔmfa Onyankopɔn akwankyerɛ nyɛ hwee no. Bere a wofii ase hwɛɛ aguamansɛm no, ebia na ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wɔrehwɛ de abu Yehowa animtiaa. Nanso, Bible ma yehu pefee sɛ, ɛsɛ sɛ nokware Nyankopɔn asomfo kyi aguamansɛm kɔkɔɔkɔ. Bible ka sɛ: “O mo a modɔ Yehowa nyinaa, munkyi bɔne.”—Dw. 97:10.

Wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔhwɛ aguamansɛm mpo, ebetumi ayɛ den ama wɔn. Yɛtɔ sin nti, ebia ebehia sɛ yɛyere yɛn ho ko tia nna ho akɔnnɔ bɔne. Afei nso, yɛn koma a ɛtɔ sin no betumi adaadaa yɛn sɛ yemmu Onyankopɔn mmara so. (Yer. 17:9) Nanso, nnipa pii a wɔabɛyɛ Kristofo atumi adi wɔn ho so na wɔnhwɛ aguamansɛm bio. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegyae aguamansɛm hwɛ a, saa asɛm yi betumi ahyɛ wo nkuran pa ara. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm betumi aboa wo na Satan afiri a ɛne aguamansɛm no anyi wo.

MFA W’ADWENE NSI AKƆNNƆ BƆNE SO

Sɛnea yɛadi kan ahu no, Israelfo pii maa akɔnnɔ bɔne gyee ntini wɔ wɔn komam ma ɛde wɔn kɔɔ asiane mu. Biribi a ɛte saa betumi ato yɛn nnɛ. Yesu nua Yakobo kaa saa asiane yi ho asɛm sɛ: ‘Obi ankasa akɔnnɔ na ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.’ (Yak. 1:14, 15) Sɛ akɔnnɔ bɔne gye ntini wɔ obi komam du baabi a, ɛnyɛ den koraa sɛ onii no betumi ayɛ bɔne. Enti ɛsɛ sɛ yeyi akɔnnɔ bɔne biara fi yɛn mu; ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so.

Sɛ akɔnnɔ bɔne retwetwe wo a, yɛ ho biribi ntɛm ara. Yesu kaa sɛ: “Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa fi hɔ tow kyene. . . . Afei nso, sɛ w’ani to wo hintidua a, tu fi hɔ na tow kyene.” (Mat. 18:8, 9) Ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ yentwa yɛn honam akwaa bi nkyene. Mmom, na ɔreyɛ mfatoho de akyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ yetu ade a ɛto yɛn hintidua no ase, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ntɛm ara. Yɛbɛyɛ dɛn de saa afotu no ayɛ adwuma na yɛanhwɛ aguamansɛm?

Sɛ wukopue aguamansɛm so a, nka sɛ ‘Minim nea mɛyɛ.’ Yi w’ani ntɛm ara. Dum television no ntɛm ara. Dum kɔmputa anaa fon anaa tablɛt no ntɛm ara. Dwen biribi a ɛho tew ho. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ama woahyɛ wo ho so na akɔnnɔ bɔne amfa wo anyɛ akoa.

WODA SO KAAKAE AGUAMANSƐM NSO Ɛ?

Sɛ wonhwɛ aguamansɛm bio nanso ɛwom ara na ɛho adwene asan aba wo tirim a, dɛn na wobɛyɛ? Aguamansɛm mfoni anaa ɛho adwene betumi atena obi tirim akyɛ. Ɛho adwene tumi ba obi tirim a ɛmmɔ no nkae. Sɛ ɛba saa a, ebia ɛbɛba wo mu sɛ yɛ biribi a ɛho ntew; biribi te sɛ boasipem. Enti, mma wo werɛ mmfi sɛ adwene a ɛte saa betumi aba wo tirim bere a wonhwɛ kwan, na yɛ krado sɛ ɛba a wubeyi afi wo tirim ntɛm ara.

Si wo bo pa ara sɛ wubenya Onyankopɔn adwene na woayɛ nea ɔpɛ sɛ woyɛ. Suasua ɔsomafo Paulo; na ɔpɛ sɛ ‘odi ne nipadua nya, na ɔhyɛ no sɛ akoa.’ (1 Kor. 9:27) Mma akɔnnɔ bɔne mmfa wo nyɛ akoa. Bible ka sɛ: ‘Nya adwensakra fa yɛ wo ho foforo, na woasɔ ahwɛ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.’ (Rom. 12:2) Kae sɛ: Sɛ wunya Onyankopɔn adwene na woyɛ n’apɛde a, ɛbɛma woanya abotɔyam, na sɛ wudi akɔnnɔ bɔne akyi a, w’ani rennye.

Sɛ wunya Onyankopɔn adwene na woyɛ n’apɛde a, ɛbɛma woanya abotɔyam, na sɛ wudi akɔnnɔ bɔne akyi a, w’ani rennye

Yere wo ho kyere Bible mu nsɛm bi gu wo tirim. Afei sɛ nsusuwii bɔne ba wo tirim a, mia w’ani dwinnwen saa kyerɛwnsɛm no ho. Kyerɛwnsɛm bi te sɛ Dwom 119:37; Yesaia 52:11; Mateo 5:28; Efesofo 5:3; Kolosefo 3:5; ne 1 Tesalonikafo 4:4-8 bɛboa wo ama woanya Yehowa adwene wɔ aguamansɛm ho na woayɛ n’apɛde.

Sɛ ɛtɔ da na biribi yɛ wo sɛ hwɛ aguamansɛm anaa dwinnwen ho na sɛ wugye wo ho a ennye a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Di Yesu a wayɛ nhwɛso pa ama yɛn no anammɔn akyi pɛɛ. (1 Pet. 2:21) Bere a Yesu bɔɔ asu no, Satan sɔɔ no hwɛe mpɛn pii. Dɛn na Yesu yɛe? Ɔkɔɔ so ko tiae. Ɔfaa Bible mu nsɛm pii de ko tiaa sɔhwɛ ahorow a Satan de baa no so no. Yesu kaa sɛ: “Fi me so kɔ, Satan!,” na Satan gyaw no hɔ kɔe. Yesu kɔɔ so ko tiaa Ɔbonsam, na saa ara na ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ. (Mat. 4:1-11) Satan ne ne wiase no bɛkɔ so ayɛ wɔn adwene sɛ wɔde akɔnnɔ bɔne bɛhyɛ w’adwenem, nanso mpa abaw. Wubetumi agyae aguamansɛm hwɛ. Yehowa betumi aboa wo ama woadi wo tamfo no so.

BƆ YEHOWA MPAE NA TIE NO

Kɔ so bɔ Yehowa mpae na srɛ no sɛ ɔmmoa wo. Paulo kaa sɛ: ‘Fa w’adesrɛ to Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ wo koma ne w’adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.’ (Filip. 4:6, 7) Onyankopɔn bɛma w’asom adwo wo na waboa wo ama woatwe wo ho afi bɔne ho. Sɛ wobɛn Yehowa a, ‘ɔbɛbɛn wo.’—Yak. 4:8.

Ahobammɔ a ɛsen biara ne sɛ yɛne amansan Hene no benya abusuabɔ a emu yɛ den. Yesu kaa sɛ: “Wiase sodifo [Satan] no reba. Na onni tumi wɔ me so.” (Yoh. 14:30) Adɛn nti na na Yesu wɔ saa ahotoso no? Bere bi ɔkaa sɛ: “Nea ɔsomaa me no ka me ho; wannyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yoh. 8:29) Sɛ woyere wo ho yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a, wo nso, ɔrennyaw wo da. Twe wo ho fi aguamansɛm ho, na Satan afiri rentumi nyi wo.