Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 29

‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’

‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’

“Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”​—MAT. 28:19.

DWOM 60 Wobenya Nkwa

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Sɛnea ahyɛde a Yesu de mae wɔ Mateo 28:18-20 kyerɛ no, dɛn ne Kristofo asafo no adwuma titiriw? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

BERE a asomafo no hyiae wɔ bepɔw bi so no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔrehwɛ biribi kwan denneennen. Yesu wusɔre akyi na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wonhyia no wɔ hɔ. (Mat. 28:16) Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na “oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahanum bere koro mu” no. (1 Kor. 15:6) Adɛn nti na Yesu kaa sɛ n’asuafo no nkohyia no wɔ hɔ? Ná ɔpɛ sɛ ɔma wɔn adwuma bi a ɛbɛma wɔn ani agye. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”—Kenkan Mateo 28:18-20.

2 Asuafo a wɔtee asɛm a Yesu kae no, akyiri yi wɔbɛyɛɛ tete Kristofo asafo no mufo. Ná saa asafo no adwuma titiriw ne sɛ ɛbɛma nnipa pii abɛyɛ Kristo asuafo. * Ɛnnɛ, nokware Kristofo asafo mpempem wɔ wiase baabiara, na saa asafo ahorow no adwuma titiriw te sɛ tete Kristofo de no ara. Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛmmisa nnan ho: Adɛn nti na asuafoyɛ adwuma no ho hia saa? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi aboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo? Kristoni biara betumi aboa ama obi abɛyɛ osuani anaa? Adɛn nti na ehia sɛ yenya abotare na yɛatumi ayɛ saa adwuma yi?

ADƐN NTI NA ASUAFOYƐ ADWUMA NO HO HIA SAA?

3. Sɛnea Yohane 14:6 ne 17:3 kyerɛ no, adɛn nti na asuafoyɛ adwuma no ho hia saa?

3 Adɛn nti na asuafoyɛ adwuma no ho hia saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔn a wɔyɛ Kristo asuafo nko ara na Onyankopɔn betumi afa wɔn nnamfo. Bio nso, wɔn a wodi Kristo akyi no nya asetena pa nnɛ, na wɔwɔ anidaso sɛ daakye wɔbɛtena ase daa. (Kenkan Yohane 14:6; 17:3.) Nokwasɛm ne sɛ, Yesu de asɛyɛde bi a ɛho hia ahyɛ yɛn nsa, nanso ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛyɛ saa adwuma yi. Ɔsomafo Paulo kyerɛw ɔno ankasa ne ne mfɛfo bi a na ɔne wɔn yɛ ɔsom adwuma no ho asɛm sɛ: “Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9) Wei yɛ hokwan a Yehowa ne Kristo de ama nnipa a yɛnyɛ pɛ!

4. Dɛn na yebetumi asua afi Ivan ne Matilde asɛm no mu?

4 Asuafoyɛ adwuma no betumi ama yɛn ani agye pa ara. Yɛnhwɛ Ivan ne ne yere Matilde a wɔwɔ Colombia. Wodii aberante bi a ne din de Davier adanse. Davier ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ sɛ meyɛ nsakrae wɔ m’asetena mu, nanso mintumi.” Ná Davier bɔ akuturuku, na na ɔnom nnubɔne san we nsa pa ara. Afei nso, na ɔne Erika na ɛte; na ɔnwaree no. Ivan kaa sɛ: “Yefii ase kɔsraa Davier wɔ n’akuraa a na atew ne ho no ase. Enti na ɛsɛ sɛ yɛtena sakre so fa atɛkyɛ mu twa kwan nnɔnhwerew pii. Bere a Erika hui sɛ Davier nneyɛe ne ne suban ayɛ fɛ no, ɔno nso besuaa Bible no bi.” Bere bi akyi no, Davier gyaee nnubɔne ne nsa nom, na ogyaee akuturuku bɔ. Afei nso, ɔwaree Erika. Matilde kaa sɛ: “Bere a Davier ne Erika bɔɔ asu afe 2016 no, yɛkaee sɛ na Davier taa ka sɛ, ‘Mepɛ sɛ meyɛ nsakrae, nanso mintumi.’ Yɛn ani gyei araa ma yesui.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛboa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ Kristo asuafo a, yedi ahurusi.

DƐN NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ NA YƐATUMI ABOA NKURƆFO AMA WƆABƐYƐ ASUAFO?

5. Dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ na yɛatumi aboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo?

5 Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi aboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo ne sɛ ‘yɛbɛhwehwɛ’ nkurɔfo a wɔwɔ koma pa. (Mat. 10:11) Sɛ yɛka Yehowa ho asɛm kyerɛ obiara a yebehyia no a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Yedi Kristo ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no so a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ nokware Kristofo.

6. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama nkurɔfo atie asɛmpa a yɛka no?

6 Ebinom ani gye ho sɛ wobesua nokware a ɛwɔ Bible mu, nanso nnipa pii wɔ hɔ a, bere a edi kan a yebehyia wɔn no, ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔn ani nnye ho. Ebehia sɛ yɛyɛ biribi de kanyan wɔn anigye. Sɛ nkurɔfo betie asɛmpa no a, ɛsɛ sɛ yehu ɔkwan pa a yɛbɛfa so aka asɛm no. Paw nsɛm a wohwɛ a nkurɔfo a wubehyia wɔn no ani begye ho. Afei hwɛ ɔkwan a wobɛfa so afi w’asɛm no ase.

7. Wobɛyɛ dɛn ne obi afi ase abɔ nkɔmmɔ, na dɛn nti na wususuw sɛ ehia sɛ yetie no na yebu no?

7 Wubetumi abisa ofiewura bi sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ mibisa wo asɛm bi ma wokyerɛ w’adwene. Ɛnnɛ, ɔhaw pii a yɛrehyia no, nnipa a wɔwɔ wiase baabiara nso hyia bi. Wohwɛ a, aban bi wɔ hɔ a ebetumi ayi wiase haw yi afi hɔ?” Afei wubetumi ne no asusuw Daniel 2:44 ho. Anaa wubetumi abisa obi sɛ: “Wohwɛ a, dɛn na ebetumi aboa awofo pa ara ma wɔatete wɔn mma ama wɔanya suban pa? Mesrɛ wo, mepɛ sɛ wokyerɛ w’adwene.” Afei, wo ne no nsusuw Deuteronomium 6:6, 7 ho. Asɛm biara a wopɛ sɛ wo ne nkurɔfo bɔ ho nkɔmmɔ no, hu wɔn a ɛbɛfata wɔn. Dwinnwen sɛnea sɛ wohu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa a ɛbɛboa wɔn no ho. Sɛ wo ne wɔn rekasa a, ehia sɛ wutie wɔn, na wɔkyerɛ wɔn adwene nso a, ɛnsɛ sɛ wubu wɔn animtiaa. Woyɛ saa a, wobɛte wɔn ase yiye, na ebia ɛbɛma wɔatie wo.

8. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ sankɔhwɛ?

8 Ansa na obi bɛyɛ n’adwene sɛ obesua Bible no, ebia ebehia sɛ wugye bere na wobɔ mmɔden san kɔ ne nkyɛn mpɛn pii. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛsan kɔ nkurɔfo nkyɛn a, yɛto wɔn. Afei nso, ebia ɛho behia sɛ wosan kɔ ofiewura no nkyɛn mpɛn pii ansa na wapene so ama wo ne no asua Bible. Kae sɛ, sɛ afifide betumi anyin a, gye sɛ yegugu so nsu daa. Saa ara na sɛ obi a n’ani gye asɛmpa no ho betumi anya Yehowa ne Kristo ho dɔ kɛse a, ebehia sɛ yɛne no bɔ Onyankopɔn Asɛm ho nkɔmmɔ daa.

KRISTONI BIARA BETUMI ABOA AMA OBI ABƐYƐ OSUANI ANAA?

Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa reboa ama yɛahwehwɛ nkurɔfo a wɔfata (Hwɛ nkyekyɛm 9-10) *

9-10. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ nokware Kristoni biara boa ma yɛhwehwɛ nkurɔfo a wɔwɔ koma pa?

9 Nokware Kristoni biara boa ma yɛhwehwɛ nkurɔfo a wɔwɔ koma pa. Yebetumi de saa adwuma yi atoto nkurɔfo a wɔrehwehwɛ abofra bi a wayera ho. Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛnhwɛ asɛm bi a esii ankasa; ɛfa abarimaa bi a wadi mfe mmiɛnsa a ɔyerae ho. Nnipa bɛyɛ 500 na na wɔrehwehwɛ no. Abofra no yerae akyi bɛyɛ nnɔnhwerew 20 no, wɔn a na wɔrehwehwɛ abofra no baako kohuu no wɔ aburofuw bi mu. Onipa a ohuu no no ampɛ sɛ obegye anuonyam ama ne ho sɛ ɔno na ohuu abofra no. Ɔkaa sɛ: “Wɔn nyinaa na wɔboa ma wohuu abofra no.”

10 Nnipa pii te sɛ saa abofra no. Wɔte nka sɛ wɔayera. Wonni anidaso biara, nanso wonya mmoa a, wɔpɛ. (Efe. 2:12) Nnipa bɛboro ɔpepem nwɔtwe na yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛhwehwɛ saa nkurɔfo a wɔfata no. Ebia w’ankasa worennya obi a ɔpɛ sɛ wo ne no besua Bible. Nanso, ebia adawurubɔfo foforo a wɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ asasesin koro no ara mu benya obi a ɔpɛ sɛ ohu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Sɛ onua anaa onuawa bi nya obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Kristo suani a, obiara a ɔboa ma wɔhwehwɛɛ no no ani betumi agye.

11. Wunni Bible suani mpo a, akwan foforo bɛn na wubetumi afa so aboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo?

11 Seesei, sɛ wunni Bible suani mpo a, wubetumi afa akwan foforo so aboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo. Ebi ne sɛ, sɛ wuhu obi a ɔyɛ foforo wɔ Ahenni Asa so a, wubetumi ama no akwaaba na woafa no adamfo. Woyɛ saa a, wubetumi aboa no ama wahu sɛ ɔdɔ wɔ nokware Kristofo mu ampa. (Yoh. 13:34, 35) Sɛ woma mmuae wɔ asafo nhyiam ase na ɛyɛ tia mpo a, ebetumi ama wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no foforo no ahu sɛnea wobeyi wɔn yam ama mmuae wɔ obu mu. Wubetumi nso ne ɔdawurubɔfo a ɔyɛ foforo akɔ asɛnka na woaboa no ama wahu sɛnea ɔde Kyerɛwnsɛm no bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo. Woyɛ saa a, na worekyerɛ no ama wasuasua Kristo.—Luka 10:25-28.

12. Ehia sɛ yenya nimdeɛ soronko ansa na yɛatumi aboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara nya adwene sɛ ehia sɛ onya nimdeɛ soronko ansa na watumi akyerɛkyerɛ nkurɔfo ama wɔabɛyɛ Yesu asuafo. Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛnhwɛ Faustina a ɔte Bolivia. Bere a ofii ase ne Yehowa Adansefo bɔe no, na onnim akenkan. Efi saa bere no, wasua akenkan ama otumi kenkan kakra. Seesei Faustina abɔ asu, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo. Ɔtaa yɛ Bible adesua nnum nnawɔtwe biara. Faustina asuafo dodow no ara nim akenkan sen no, nanso waboa nnipa nsia ama wɔabɔ asu.—Luka 10:21.

13. Sɛ mpo yenni adagyew koraa, na yɛboa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ asuafo a, nhyira a yebenya no bi ne sɛn?

13 Kristofo bebree nni adagyew koraa efisɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛho hia pii. Nanso, wonya bere yɛ Bible adesua, na ɛma wɔn ani gye pa ara. Yɛnhwɛ Melanie. Ná ɔyɛ ɔbaatankoro a ɔte Alaska, na na ɔretete ne babea a wadi mfe nwɔtwe. Ná ɔde ne bere fã kɛse no ara nso yɛ adwuma, na na ɔboa ma wɔhwɛ ne papa a wanya kokoram. Ná Melanie te kurow bi a atew ne ho mu; ɔno nko ara na na ɔyɛ Ɔdansefo wɔ hɔ. Ná ɔtaa bɔ Yehowa mpae sɛ ɔnhyɛ no den ma ontumi mfa awɔw mu nkɔ asɛnka, efisɛ na ɔpɛ pa ara sɛ onya obi ne no sua Bible. Awiei koraa no, ohyiaa Sara. Sara ani gyei pa ara sɛ ohui sɛ Onyankopɔn wɔ din. Bere bi akyi no, Sara penee so maa Melanie ne no suaa Bible. Melanie kaa sɛ: “Ebedu Fida anwummere no na mabrɛ. Nanso na me ne me babea no kɔ Sara nkyɛn ne no kosua ade, na ɛboaa me ne me babea no pa ara. Sɛ Sara bisa nsɛm a, na yɛn ani gye sɛ yɛbɛhwehwɛ ho mmuae, na yɛn ani gyei pa ara sɛ Sara bɛyɛɛ Yehowa adamfo.” Sara de akokoduru gyinaa ɔtaa ano. Ogyaee asɔre a na ɔkɔ no, na ɔbɔɔ asu.

EHIA SƐ YENYA ABOTARE NA YƐATUMI ABOA NKURƆFO MA WƆABƐYƐ ASUAFO

14. (a) Wɔn a wɔboa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ asuafo no te sɛ mpataayifo. Adɛn ntia? (b) Paulo asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 4:1, 2 no ka wo sɛn?

14 Sɛ wunnyaa obi a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ osuani mpo a, mpa abaw, kɔ so hwehwɛ bi. Kae sɛ, Yesu kaa sɛ nkurɔfo a wɔboa afoforo ma wɔbɛyɛ asuafo no te sɛ mpataayifo. Mpataayifo de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma ansa na wɔayi mpataa. Mpɛn pii no, wɔyɛ adwuma anadwo dasum anaa anɔpatutuutu, na ɛtɔ da a wɔkɔ akyirikyiri. (Luka 5:5) Saa ara na Kristofo binom nso nya abotare de nnɔnhwerew pii hwehwɛ nkurɔfo a wɔwɔ koma pa wɔ mmeae ahorow, na wɔsesa bere a wɔde yɛ saa nso. Adɛn nti na wɔyɛ saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnipa pii aka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Wɔn a wɔyere wɔn ho pa ara saa no taa nya nkurɔfo a wɔn ani gye asɛm a yɛka no ho. Wobɛsɔ ahwɛ aka asɛmpa no wɔ bere a wubetumi anya nnipa pii? Anaa wobɛyɛ saa wɔ beae bi a wubetumi anya nnipa pii?—Kenkan 2 Timoteo 4:1, 2.

Nya abotare boa wo Bible asuafo ma wonsua Yehowa ho ade, wɔnnɔ no, na wontie no (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15. Sɛ yɛne obi resua Bible a, adɛn nti na ehia sɛ yenya abotare?

15 Sɛ yɛne obi resua Bible a, adɛn nti na ehia sɛ yenya abotare? Ade baako ne sɛ ehia sɛ yɛboa nea yɛne no resua ade no ma ohu nea Bible kyerɛkyerɛ na n’ani gye ho. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛboa osuani no ma ohu Bible no Kyerɛwfo a ɔne Yehowa na ɔdɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ osuani no ma ohu nea Yesu hwehwɛ sɛ n’asuafo yɛ, na yɛboa osuani no ma ohu sɛnea ɔbɛbɔ ne bra sɛ nokware Kristoni nso. Bere a osuani no rebɔ mmɔden sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma no, ɛsɛ sɛ yenya ne ho abotare na yɛboa no. Ebinom tumi sesa wɔn nsusuwii ne wɔn suban wɔ abosome kakraa bi mu; afoforo de, etumi kyɛ.

16. Dɛn na wusua fii Raúl asɛm no mu?

16 Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Peru nyaa osuahu bi a ɛma yehu mfaso a ɛwɔ abotare a yebenya so. Ɔkaa sɛ: “Me ne me Bible suani bi a ne din de Raúl suaa asafo nhoma mmienu wiei. Nanso, na nsakrae pii wɔ hɔ a ehia sɛ ɔyɛ wɔ n’asetena mu. Ná asomdwoe nni n’aware mu koraa, na na ɔka kasafĩ. Esiane sɛ na ne suban nye nti, na ɛyɛ den ma ne mma sɛ wobebu no. Ná ɔba asafo nhyiam daa, enti mekɔɔ so araa kɔɔ ne nkyɛn kɔboaa ɔne n’abusua. Bere a mihyiaa no akyi bɛboro mfe mmiɛnsa no, otumi yɛɛ nsakrae bɔɔ asu.”

17. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔ nkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo.’ Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa adwuma no, yɛtaa ne nkurɔfo a ɛsono wɔn gyidi koraa bɔ nkɔmmɔ. Wɔn mu bi ne nkurɔfo a wonni ɔsom biara mu anaa wonnye nni mpo sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so aka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a wɔte saa no.

DWOM 68 Gu Ahenni Aba

^ nky. 5 Kristofo asafo no adwuma titiriw ne sɛ ɛbɛboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Adesua yi bɛma yɛanya nyansahyɛ a ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa adwuma no.

^ nky. 2 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Kristo asuafo sua nea Yesu kyerɛkyerɛe, na wɔsan yɛ nneɛma pii ka ho. Wɔde nea wosua no yɛ adwuma. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ anaa wɔbɛyɛ nea Yesu yɛe no bi sɛnea wobetumi.—1 Pet. 2:21.

^ nky. 52 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔbarima bi a ɔretu kwan akogye n’ahome agye kratawa afi Adansefo no hɔ wɔ wimhyɛn gyinabea bi. Akyiri yi, bere a ɔnam kurom rehwehwɛ hɔ no, ohuu Adansefo foforo sɛ wɔreyɛ baguam adansedi. Bere a ɔsan kɔɔ ne kurom no, adawurubɔfo bi kɔɔ ne nkyɛn wɔ ne fie.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔbarima koro no ara ama wɔne no resua Bible. Awiei koraa no, wanya nkɔso ama ɔrebɔ asu.