Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 27

Siesie Wo Ho Nnɛ Ma Ɔtaa

Siesie Wo Ho Nnɛ Ma Ɔtaa

“Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔn nso wɔbɛtaa wɔn.”​—2 TIM. 3:12.

DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na ehia sɛ yesiesie yɛn ho ma ɔtaa?

ANADWO a ade rebɛkye ama wɔakum yɛn Awurade Yesu no, ɔkaa sɛ obiara a ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ ne suani no, wɔbɛtan no. (Yoh. 17:14) Efi saa bere no besi nnɛ, nkurɔfo a wɔnsom Yehowa ataa nokware Kristofo. (2 Tim. 3:12) Bere a wiase yi rebɛn n’awiei no, yɛhwɛ kwan sɛ yɛn atamfo bɛsɔre atia yɛn kɛse.—Mat. 24:9.

2-3. (a) Adɛn nti na enye sɛ yɛbɛma ehu ahyɛ yɛn so? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Dɛn na yɛbɛyɛ de asiesie yɛn ho nnɛ na sɛ ɔtaa ba a, yɛatumi agyina ano? Ɛho nhia sɛ yɛde yɛn adwene bu nneɛma bɔne biara a ebetumi ato yɛn. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma ehu ne dadwen ahyɛ yɛn so. Sɛ yedwinnwen nneɛma bɔne a ebetumi ato yɛn ho a, ehu betumi aka yɛn araa ma yɛagyae Yehowa som mpo ansa na sɔhwɛ bi aba. (Mmeb. 12:25; 17:22) Ehu yɛ akode a edi awu a yɛn “tamfo Ɔbonsam” pɛ sɛ ɔde ko tia yɛn. (1 Pet. 5:8, 9) Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ de asiesie yɛn ho de agyina ɔtaa ano?

3 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi ahyɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu den, ne nea enti a ehia sɛ yɛyɛ saa nnɛ. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ na ama yɛanya akokoduru kɛse. Nea etwa to no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ bere a nkurɔfo tan yɛn.

SƐNEA WOBƐHYƐ WO NE YEHOWA ABUSUABƆ MU DEN

4. Sɛnea Hebrifo 13:5, 6 kyerɛ no, awerɛhyem bɛn na ɛsɛ sɛ yenya, na adɛn ntia?

4 Nya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wo, na ɔrennyaw wo da. (Kenkan Hebrifo 13:5, 6.) Mfe pii a atwam no, Ɔwɛn-Aban bi kaa sɛ: “Onipa a onim Onyankopɔn yiye no, sɛ ohyia ɔtaa a, ɔde ne ho to Onyankopɔn so koraa.” Saa asɛm yi yɛ nokware pa ara! Sɛ yebetumi agyina ɔtaa ano akosi ase a, ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛde yɛn ho to no so koraa. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn adwenem yɛ yɛn nãã da sɛ Yehowa dɔ yɛn.—Mat. 22:36-38; Yak. 5:11.

5. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woahu sɛ Yehowa dɔ wo?

5 Kenkan Bible da biara da na aboa wo ama woabɛn Yehowa yiye. (Yak. 4:8) Worekenkan Bible a, fa w’adwene si Yehowa su ahorow a ɛkyerɛ sɛ odwen yɛn ho no so. Sɛ worekenkan nea Yehowa aka ne nea wayɛ ho asɛm wɔ Bible mu a, bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛ ɔdɔ wo pa ara. (Ex. 34:6) Ebia ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wobegye adi sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn, efisɛ obiara nnaa ɔdɔ adi nkyerɛɛ wɔn da. Sɛ saa na w’adwene yɛ wo a, da biara da, nea ɛkyerɛ sɛ Yehowa ada mmɔborɔhunu ne ayamye adi akyerɛ wo no, bɔ mmɔden kyerɛw to hɔ. (Dw. 78:38, 39; Rom. 8:32) Sɛ wo ara wohwɛ nea woahu wɔ w’asetenam na wudwinnwen nea wokenkan wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho a, wubetumi akaakae nneɛma pii a Yehowa ayɛ ama wo. Sɛ woma w’ani sɔ nea Yehowa yɛ ma wo nyinaa a, wo ne n’abusuabɔ mu bɛyɛ den.—Dw. 116:1, 2.

6. Sɛnea Dwom 94:17-19 kyerɛ no, sɛ wufi wo komam bɔ mpae a, ɛbɛboa wo sɛn?

6 Bɔ mpae daa. Wo de, hwɛ abarimaa bi a ne papa ayɛ no atuu. Abarimaa no tumi hu sɛ ne papa dɔ no, na onya ne mu ahotoso pa ara. Enti otumi ka nea ɛkɔɔ yiye ne nea ankɔ yiye wɔ da no mu nyinaa kyerɛ ne papa. Wo nso, sɛ wuyi wo yam bɔ Yehowa mpae da biara da na wobɛn no a, wo ne no benya abusuabɔ a abarimaa no ne ne papa wɔ no bi. (Kenkan Dwom 94:17-19.) Sɛ worebɔ mpae a, “hwie wo koma gu Yehowa anim sɛ nsu,” na ka nea wusuro ne nea agyaw wo adwinnwen no nyinaa kyerɛ w’Agya a ɔdɔ wo no. (Kwa. 2:19) Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo sɛn? Wubenya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so” a Bible ka ho asɛm no. (Filip. 4:6, 7) Sɛ wokɔ so bɔ mpae saa a, wubehu pa ara sɛ woabɛn Yehowa kɛse.—Rom. 8:38, 39.

Sɛ yenya Yehowa ne n’Ahenni no mu gyidi a, ɛma yenya akokoduru

Ná Stanley Jones gye di sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba nti, ɔhyɛɛ ne gyidi den (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wugye di pa ara sɛ ɛbɔ ahorow a Onyankopɔn ahyɛ afa n’Ahenni no ho no bɛbam?

7 Nya gyidi pa ara sɛ nhyira a Onyankopɔn aka sɛ n’Ahenni no de bɛba no bɛbam. (Num. 23:19) Sɛ wunnye nni ankasa sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no bɛbam a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama Satan ne ne nkurɔfo sɛ wobehunahuna wo. (Mmeb. 24:10; Heb. 2:15) Onyankopɔn Ahenni no mu gyidi a wowɔ no, wobɛyɛ dɛn ahyɛ mu den nnɛ? Ɛbɔ ahorow a Onyankopɔn ahyɛ sɛ n’Ahenni no de bɛba ne nea enti a wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛba mu no, fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ ho nhwehwɛmu. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo sɛn? Yɛnhwɛ Stanley Jones; ne gyidi nti wɔde no too afiase mfe nson. * Dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa mu kosii ase? Ɔkaa sɛ: “Esiane sɛ na mewɔ Onyankopɔn Ahenni no ho nimdeɛ na migye di sɛ ɛbɛba nti, m’adwenem anyɛ me nãã koraa da, na me gyidi nso anhinhim.” Sɛ wugye di pa ara sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam a, wobɛbɛn Yehowa kɛse, na woremma ehu nkyekyere wo.—Mmeb. 3:25, 26.

8. Sɛ yɛhwɛ adwene a yɛwɔ wɔ asafo nhyiam ho a, dɛn na yebetumi ahu afa yɛn ho? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Kɔ Kristofo nhyiam daa. Asafo nhyiam ahorow boa ma yɛbɛn Yehowa kɛse. Ɛnnɛ, adwene a yɛwɔ wɔ asafo nhyiam a yɛbɛkɔ ho no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ, sɛ ɔtaa ba daakye a, yebetumi agyina ano anaa yɛrentumi nnyina ano. (Heb. 10:24, 25) Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ nneɛma nketenkete bi nti yɛnkɔ asafo nhyiam nnɛ a, ɛkɔba sɛ daakye ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nkwa to asiane mu na ama yɛne yɛn nuanom Kristofo ahyia a, dɛn na yɛbɛyɛ? Nanso, sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam ahorow na ɛkɔba sɛ wɔn a wɔsɔre tia yɛn yɛ wɔn adwene sɛ wobesiw yɛn kwan a, yɛbɛkɔ. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn pa ara sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam. Sɛ yɛma asafo nhyiam a yɛbɛkɔ ho hia yɛn pa ara a, sɛ nkurɔfo sɔre tia yɛn oo, sɛ aban mpo bara yɛn oo, yɛbɛkɔ so atie Onyankopɔn mmom asen nnipa.—Aso. 5:29.

Wokyere kyerɛwnsɛm ne Ahenni nnwom gu wo tirim nnɛ a, ebetumi aboa wo bere a ɔtaa aba (Hwɛ nkyekyɛm 9) *

9. Adɛn nti na kyerɛwnsɛm a yɛbɛkyere agu yɛn tirim yɛ ɔkwan pa a yebetumi afa so asiesie yɛn ho ama ɔtaa?

9 Kyere kyerɛwnsɛm a ɛda wo koma so gu wo tirim. (Mat. 13:52) Ebia wo werɛ taa fi ade, nanso Yehowa betumi de ne honhom kronkron a tumi wom no aboa wo ama woakaakae saa kyerɛwnsɛm no. (Yoh. 14:26) Yɛnhwɛ onua bi a wɔde no too afiase wɔ East Germany; wɔde ɔno nko ara too ɔdan bi mu. Ɔkaa sɛ: “M’ani gyei pa ara, efisɛ saa bere no, na makyere kyerɛwnsɛm pii agu me tirim! Ná minni hwee yɛ, enti midwinnwen Bible mu nsɛm pii ho.” Kyerɛwnsɛm a onua no kyere guu ne tirim no boaa no ma ɔkɔɔ so bɛn Yehowa, na okuraa ne mũdi mu kosii ase.

(Hwɛ nkyekyɛm 10) *

10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyere yɛn nnwom mu nsɛm gu yɛn tirim?

10 Nnwom a yɛto yi Yehowa ayɛ no, kyere mu nsɛm gu wo tirim na to. Bere a wɔde Paulo ne Silas guu afiase wɔ Filipi no, wɔtoo nnwom a na wɔakyere agu wɔn tirim yii Yehowa ayɛ. (Aso. 16:25) Bere a wotwaa yɛn nuanom a na wɔwɔ kan Soviet Union asu kɔɔ Siberia no, dɛn na wɔyɛe de hyɛɛ wɔn gyidi den? Onuawa Mariya Fedun kaa sɛ: “Nnwom a ɛwɔ yɛn nnwom nhoma no mu a na yenim nyinaa, yɛtoe.” Ɔkaa sɛ, saa nnwom no hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran na ɛboaa wɔn ma wɔbɛn Yehowa. Nnwom a yɛto de yi Yehowa ayɛ no, woto nea ɛda wo koma so a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Ɛnde, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wokyere saa nnwom no mu nsɛm gu wo tirim!—Hwɛ adaka a wɔato din “ Ma Me Akokoduru” no.

NEA WOBƐYƐ NA AMA WOANYA AKOKODURU KƐSE

11-12. (a) Sɛnea 1 Samuel 17:37, 45-47 kyerɛ no, dɛn na ɛmaa Dawid nyaa akokoduru? (b) Ade titiriw bɛn na yesua fi Dawid asɛm no mu?

11 Sɛ wubetumi agyina ɔtaa ano a, ehia sɛ wunya akokoduru. Sɛ wuhu sɛ wunni akokoduru a, dɛn na wubetumi ayɛ? Kae sɛ, ɛnyɛ obi ahoɔden, ne nimdeɛ, sɛ́ ɔyɛ tenten anaa tiatia, ɔsõ anaa osua na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru. Yɛnhwɛ nea esii bere a aberantewa Dawid kɔɔ Goliat so no. Sɛ yɛde Dawid toto Goliat a ɔyɛ ɔbran no ho a, na Dawid sua koraa, na n’ahoɔden nnu Goliat de ho hwee, na na onni akode papa biara nso. Nkrante mpo, na Dawid nni bi. Nanso, na ɔwɔ akokoduru pa ara. Dawid de akokoduru tuu mmirika ne saa ɔbran a ɔyɛ ahantan no kɔkoe.

12 Dɛn na ɛmaa Dawid nyaa akokoduru saa? Ná ogye di pa ara sɛ Yehowa ka ne ho. (Kenkan 1 Samuel 17:37, 45-47.) Sɛ Dawid de ne ho toto Goliat a, na Dawid sua koraa, nanso ɛnyɛ ɛno na na ɔrehwɛ. Mmom, ohui sɛ, sɛ ɔde Goliat toto Yehowa ho a, na Goliat nsɛ hwee koraa. Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Wɔn a wɔsɔre tia yɛn no, yɛde wɔn toto ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ho a, wɔnsɛ hwee. Sɛ yegye saa asɛm no di na yehu sɛ Yehowa ka yɛn ho a, ɛbɛma yɛanya akokoduru. (2 Be. 20:15; Dw. 16:8) Yɛbɛyɛ dɛn anya akokoduru kɛse nnɛ ansa na ɔtaa aba?

13. Yɛbɛyɛ dɛn anya akokoduru kɛse? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Yɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a, yebetumi anya akokoduru kɛse nnɛ. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ yɛka asɛmpa no a, ɛma yehu sɛnea yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so, na yɛansuro nnipa. (Mmeb. 29:25) Sɛ yɛteɛteɛ yɛn apɔw mu a, ɛma yɛn ntini mu yɛ den, saa ara na sɛ yɛyɛ afie afie asɛnka, yɛyɛ baguam adansedi, yedi adanse wɔ bɔnnɔ so, na yɛyɛ asasesin a nnwuma wom mu adwuma a, ɛma yenya akokoduru kɛse. Sɛ yenya akokoduru de ka asɛm no nnɛ, na ɛba mpo sɛ aban bara yɛn som adwuma no a, yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no.—1 Tes. 2:1, 2.

Nancy Yuen annyae asɛmpa no ka da (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14-15. Dɛn na yebetumi asua afi Nancy Yuen ne Valentina Garnovskaya asɛm no mu?

14 Yebetumi asua nneɛma pii afi anuanom mmea anokwafo mmienu bi a wɔdaa akokoduru kɛse adi no hɔ. Ná Nancy Yuen tenten bɛyɛ anammɔn nnum (mita 1.5), nanso na ɔwɔ akokoduru pa ara. * Wannyae Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa ka da. Ɛno nti, wɔde no too afiase mfe 20 wɔ China. Aban mpanyimfo a wobisabisaa Nancy Yuen nsɛm no kaa sɛ ɔno ne obi a “n’aso yɛ den sen obiara” wɔ wɔn man no mu!

Ná Valentina Garnovskaya gye di pa ara sɛ Yehowa ka ne ho (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15 Valentina Garnovskaya nso, wɔde no too afiase wɔ kan Soviet Union mprɛnsa; yɛka ne nyinaa bom a, ɔdaa afiase mfe pɔrepɔre 21. * Bɔne bɛn na ɔyɛe? Ná wasi ne bo pa ara sɛ ɔbɛkɔ so aka asɛmpa no, enti polisifo kaa sɛ “ɔyɛ nsɛmmɔnedifo a ne ho yɛ hu pa ara.” Dɛn na ɛmaa mmea anokwafo mmienu yi nyaa akokoduru saa? Ná wogye di pa ara sɛ Yehowa ka wɔn ho.

16. Dɛn na ɛma yenya akokoduru ankasa?

16 Sɛnea yɛahu no, sɛ yebenya akokoduru kɛse a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ankasa mmɔdenbɔ ne yɛn nimdeɛ so. Mmom, ɛsɛ sɛ yenya gyidi sɛ Yehowa ka yɛn ho, na ɔno na ɔreko ama yɛn. (Deut. 1:29, 30; Sak. 4:6) Ɛno ne ade a ɛma obi nya akokoduru ankasa.

NEA WUBETUMI AYƐ BERE A NKURƆFO TAN WO

17-18. Sɛnea Yohane 15:18-21 ka no, kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa yɛn? Kyerɛkyerɛ mu.

17 Sɛ yehu sɛ afoforo bu yɛn a, ɛyɛ yɛn dɛ, nanso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, sɛ nkurɔfo mpɛ yɛn asɛm a, ɛkyerɛ sɛ yɛnsɛ hwee. Yesu kaa sɛ: “Anigye ne mo bere a nnipa tan mo, ne bere a woyi mo fi nnipa mu na wɔbɔ mo ahohora, na woyi mo din tow kyene sɛ nnebɔneyɛfo esiane onipa Ba no nti.” (Luka 6:22) Dɛn na na Yesu rekyerɛ?

18 Ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ, sɛ wɔtan Kristofo a, ɛbɛyɛ wɔn dɛ. Mmom, na ɔreka nea ɛbɛto yɛn. Yɛnyɛ wiase no fã. Yɛde Yesu nkyerɛkyerɛ bɔ yɛn bra, na asɛm a ɔkae no ara na yɛka. Ɛno nti, wiase no tan yɛn. (Kenkan Yohane 15:18-21.) Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Yɛn Agya a yɛdɔ no nti, sɛ nkurɔfo tan yɛn a, yɛremma yɛn abam mmu.

19. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua nea asomafo no yɛe?

19 Mma asɛm biara a onipa desani bɛka anaa nea ɔbɛyɛ nhyɛ wo aniwu sɛ woyɛ Yehowa Dansefo. (Mika 4:5) Sɛ yedwinnwen nea asomafo a na wɔwɔ Yerusalem no yɛe ho bere a wokum Yesu akyi pɛɛ no a, yebetumi ayi nnipa ho suro afi yɛn mu. Ná asomafo no nim sɛ Yudafo nyamesom akannifo no tan wɔn pa ara. (Aso. 5:17, 18, 27, 28) Nanso, wɔkɔɔ asɔrefie hɔ daa, na wɔdaa wɔn ho adi wɔ baguam sɛ wɔyɛ Yesu asuafo. (Aso. 5:42) Wɔamma ehu ankyekyere wɔn. Yɛn nso, daa sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo wɔ adwuma mu, sukuu mu, ne mpɔtam a yɛte a, yɛremma nnipa ho suro nhyɛ yɛn so.—Aso. 4:29; Rom. 1:16.

20. Ɛwom sɛ na nkurɔfo tan asomafo no de, nanso adɛn nti na asomafo no ani gyei?

20 Adɛn nti na asomafo no ani gyei? Ná wonim nea enti a nkurɔfo tan wɔn, na wɔfaa no sɛ ɛyɛ hokwan sɛ Yehowa apɛde a wɔreyɛ nti nkurɔfo tan wɔn. (Luka 6:23; Aso. 5:41) Akyiri yi, ɔsomafo Petro kaa sɛ: “Sɛ trenee nti muhu amane mpo a, mowɔ anigye.” (1 Pet. 2:19-21; 3:14) Sɛ yɛte ase sɛ nea ɛteɛ a yɛyɛ nti na nkurɔfo tan yɛn a, yɛrennyae Yehowa som da.

WUSIESIE WO HO A, ƐBƐBOA WO

21-22. (a) Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ de siesie wo ho ma ɔtaa? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Yennim bere a nkurɔfo befi ase ataa yɛn anaa bere a aban ahorow bɛbara Yehowa som adwuma a yɛyɛ no. Nanso yenim sɛ, sɛ yɛhyɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu den, yenya akokoduru kɛse, na yehu nea yɛbɛyɛ bere a nkurɔfo tan yɛn a, yebetumi asiesie yɛn ho nnɛ. Sɛnea yebesiesie yɛn ho nnɛ no bɛboa yɛn ama yɛakɔ so asom Yehowa daakye.

22 Sɛ ɛba sɛ wɔbara yɛn som nso ɛ? Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so asom Yehowa bere a wɔabara yɛn.

DWOM 118 “Ma Yɛn Gyidi Nyɛ Kɛse”

^ nky. 5 Yɛmpɛ sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn. Nanso, ɛyɛ dɛn ara a yɛn mu biara behyia ɔtaa. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛanya akokoduru de agyina ɔtaa ano.

^ nky. 7 Hwɛ Ɔwɛn-Aban, December 15, 1965, Borɔfo de, kr. 756-767.

^ nky. 14 Hwɛ July 15, 1979, Ɔwɛn-Aban, Borɔfo de, kr. 4-7. Hwɛ video a wɔato din Jehovah’s Name Will Be Made Known wɔ JW Broadcasting®. Hwɛ INTERVIEWS AND EXPERIENCES.

^ nky. 15 Hwɛ afe 2008 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kr. 191-192.

^ nky. 67 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Abusua bi reyɛ abusua som; awofo no akyerɛw kyerɛwnsɛm agu krataa so na aboa mmofra no ama wɔakyere emu nsɛm agu wɔn tirim.

^ nky. 70 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Abusua bi te kar mu rekɔ asafo nhyiam; wɔrebobɔ Ahenni nnwom so.