Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 28

Wɔbara Yɛn a, Kɔ So Som Yehowa

Wɔbara Yɛn a, Kɔ So Som Yehowa

“Nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.”​—ASO. 4:19, 20.

DWOM 122 Muntintim, Munnhinhim!

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Sɛ aban bi bara yɛn som adwuma no a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

AFE 2018 no, na adawurubɔfo a wɔka asɛmpa no bɛboro 223,000 na wɔte aman a wɔabara yɛn som adwuma no anaa wɔde nsa ato so denneennen mu. Wei nyɛ yɛn nwonwa. Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim no, nokware Kristofo hwɛ kwan sɛ wɔbɛtaa wɔn. (2 Tim. 3:12) Ɛmfa ho baabi a yɛte biara no, aban ahorow betumi abara yɛn mpofirim bere a yɛnhwɛ kwan sɛ wɔremma yɛnsom Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no.

2 Sɛ aban a ɛwɔ ɔman a wote mu yɛ n’adwene sɛ ɛbɛbara Yehowa som a, bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ ɔtaa ba yɛn so a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani nnye yɛn ho anaa? Wɔbara yɛn som adwuma no a, yɛrensom Yehowa bio anaa? Mintu nkɔ ɔman bi a wɔmfaa nsa ntoo yɛn som adwuma no so mu anaa?’ Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ adesua yi mu. Afei, yebehu sɛnea yɛbɛkɔ so asom Yehowa bere a wɔabara yɛn som adwuma no. Yebehu nneɛma bi a sɛ wɔbara yɛn a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nso.

YEHYIA ƆTAA A, ƐKYERƐ SƐ ONYANKOPƆN ANI NNYE YƐN HO ANAA?

3. Sɛnea 2 Korintofo 11:23-27 kyerɛ no, ɔtaa bɛn na ɔsomafo Paulo hyiae, na dɛn yesua fi nea ɛtoo Paulo no mu?

3 Sɛ aban bi bara yɛn som a, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ Onyankopɔn ani nnye yɛn ho. Nanso kae sɛ, yehyia ɔtaa a, ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani nnye yɛn ho. Momma yɛnhwɛ ɔsomafo Paulo. Yebetumi aka pa ara sɛ na Onyankopɔn ani gye Paulo ho. Onyaa hokwan kyerɛw nkrataa 14 a ɛka Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho, na na ɔyɛ ɔsomafo ma amanaman no. Ne nyinaa akyi no, ohyiaa ɔtaa a emu yɛ den. (Kenkan 2 Korintofo 11:23-27.) Nea ɛtoo ɔsomafo Paulo no ma yehu sɛ, Yehowa ma kwan ma n’asomfo anokwafo hyia ɔtaa.

4. Adɛn nti na wiase no tan yɛn?

4 Yesu kyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia ɔtaa. Ɔkaa sɛ, esiane sɛ yɛnyɛ wiase no fã nti, wiase no bɛtan yɛn. (Yoh. 15:18, 19) Enti sɛ yehyia ɔtaa a, ɛnkyerɛ sɛ Yehowa nhyira afi yɛn so. Mmom no, yehyia ɔtaa a, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ nea ɛteɛ!

WƆBARA YƐN A, YEBEGYAE YEHOWA SOM ANAA?

5. Onipa desani betumi asiw Yehowa som ho kwan anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Onipa desani biara rentumi nsɔre ntia yɛn mma yennyae ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn Yehowa som da. Nnipa pii yɛɛ wɔn adwene sɛ wobegu Yehowa som, nanso ankosi hwee. Wo de, yɛnhwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Wiase Ko II no mu. Saa bere no, aban ahorow de ɔtaa a emu yɛ den baa Onyankopɔn nkurɔfo so wɔ aman pii so. Nasi amanyɔkuw a na ɛwɔ Germany no baraa Yehowa Adansefo som adwuma no, na Australia aban, Canada aban, ne aban ahorow a ɛwɔ aman foforo so nso yɛɛ saa. Nanso, dɛn na efii ɔtaa no mu bae? Bere a ɔko no fii ase afe 1939 no, na adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa dodow si 72,475. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, bere a ɔko no baa awiei afe 1945 no, na Yehowa ahyira ne nkurɔfo ma adawurubɔfo no dodow adu 156,299. Ná adawurubɔfo no dodow abu abɔ ho koraa aboro so!

6. Sɛ wɔtaa yɛn a, adepa bɛn na ebetumi afi mu aba? Ma ɛho nhwɛso.

6 Sɛ yehyia ɔtaa a, sɛ́ anka ɛbɛbɔ yɛn hu no, ebetumi ahyɛ yɛn den ama yɛatumi asom Yehowa yiye. Nhwɛso bi ni. Aban bi yɛe sɛ ɛbɛbara yɛn som adwuma no, na na awarefo bi a wɔwɔ ba kumaa te ɔman no mu. Awarefo no ammɔ hu, na mmom wofii ase yɛɛ daa akwampae adwuma. Ná ɔbea no yɛ adwuma bi a ogye akatua kɛse, nanso ogyae yɛɛ akwampae adwuma. Ne kunu no kaa sɛ, yɛn adwuma no a wɔbarae no maa nkurɔfo pii bisaa nsɛm faa Yehowa Adansefo ho. Wei ma ɛyɛɛ mmerɛw maa no sɛ ɔne nkurɔfo befi ase asua Bible. Bere a wɔbaraa ɔsom adwuma no, adepa foforo fii mu bae. Asafo mu panyin bi a ɔwɔ saa ɔman no mu kaa sɛ, anuanom pii a na wɔagyae Yehowa som san fii ase baa asafo nhyiam, na wɔsan fii asɛnka ase.

7. (a) Dɛn na yesua fi asɛm a ɛwɔ Leviticus 26:36, 37 no mu? (b) Sɛ wɔbara yɛn som a, dɛn na wobɛyɛ?

7 Sɛ nkurɔfo a wɔtan yɛn no bara yɛn som a, nea wɔpɛ ara ne sɛ ɛbɛbɔ yɛn hu ama yɛagyae Yehowa som. Ɛno akyi no, ebia wɔbɛkeka nsɛm a ɛnyɛ nokware afa yɛn ho, wɔbɛsoma aban mpanyimfo aba yɛn fie abɛhwehwɛ yɛn nneɛma mu, atwe yɛn akɔ asɛnnibea, anaa mpo wɔde yɛn mu bi agu afiase. Wɔn adwene ne sɛ, sɛ wɔde yɛn mu kakra gu afiase a, ɛbɛma ehu aka yɛn. Sɛ yɛma nea wɔreyɛ no bɔ yɛn hu a, anhwɛ a yɛn ankasa “bɛbara” yɛn ho, kyerɛ sɛ, yɛn ankasa begyae Yehowa som. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade te sɛ nkurɔfo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Leviticus 26:36, 37 no. (Kenkan.) Yɛremma kwan mma ehu nti yɛngow yɛn ho anaa yennyae Yehowa som. Yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa, na yɛmma ehu nkyekyere yɛn. (Yes. 28:16) Yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ n’akwankyerɛ. Yenim sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho, enti nnipa aban a ɛyɛ den pa ara mpo rentumi mma yennyae nokwaredi a yɛde som yɛn Nyankopɔn no.—Heb. 13:6.

ƐSƐ SƐ MITU KƆ ƆMAN FOFORO SO ANAA?

8-9. (a) Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ abusua ti biara anaa ankorankoro biara si? (b) Dɛn na ɛbɛboa obi ma wasi gyinae pa?

8 Ɔman a wote mu no, sɛ aban no bara yɛn som no a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ tu kɔ ɔman foforo so na ama woatumi asom Yehowa a biribiara rentwitware w’akwan mu. Wei yɛ gyinae a ɛsɛ sɛ w’ankasa wusi; obiara rentumi nsi mma wo. Ansa na ebinom besi gyinae a ɛte saa no, ebia wɔbɛhwɛ nea Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no yɛe bere a wohyiaa ɔtaa no. Bere a atamfo siw Stefano abo kum no no, asuafo a na wɔwɔ Yerusalem no bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa, na wɔkɔe araa koduu Foinike, Kipro, ne Antiokia mpo. (Mat. 10:23; Aso. 8:1; 11:19) Nanso ebia ebinom bɛka sɛ, bere a Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so hyiaa ɔtaa foforo no, ɔsomafo Paulo sii gyinae sɛ ɔremfi nkurow a na wɔasɔre atia asɛnka adwuma no mu. Mmom, ɔde ne nkwa too asiane mu tenaa hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atrɛw asɛmpa no mu, na wahyɛ anuanom a wɔrehyia ɔtaa a emu yɛ den wɔ saa nkurow no mu no den.—Aso. 14:19-23.

9 Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso mmienu yi mu? Sɛ ɔtaa ba a, abusua ti biara na ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ obetu anaa ɔrentu. Ansa na obesi gyinae no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae na osusuw asetena a n’abusua wom, adepa a ebetumi afi gyinae a ɔresi no mu aba, ne ɔhaw a ebetumi de aba no nso ho yiye. Saa asɛm yi de, Kristoni biara “bɛsoa n’ankasa adesoa.” (Gal. 6:5) Enti, gyinae a obi besi biara no, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia.

WƆBARA YƐN A, YƐBƐYƐ DƐN AKƆ SO ASOM YEHOWA?

10. Akwankyerɛ bɛn na Betel ne asafo mu mpanyimfo de bɛma yɛn?

10 Wɔbara yɛn a, wobɛyɛ dɛn akɔ so asom Yehowa? Betel de akwankyerɛ ne nyansahyɛ ahorow bɛma mpanyimfo a wɔwɔ asafo a wowom no. Afei, mpanyimfo no de sɛnea mo nsa bɛka honhom fam aduan, sɛnea mobɛyɛ mo asafo nhyiam, ne sɛnea mobɛyɛ asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ bɛma mo. Sɛ Betel ntumi ne asafo mu mpanyimfo no nni nkitaho a, ɛnde mpanyimfo no bɛboa wo ne asafo no mufo nyinaa ama moakɔ so asom Yehowa. Nsɛm a ɛwɔ Bible mu ne nea ɛwɔ asafo nhoma ahorow mu na mpanyimfo no begyina so de akwankyerɛ ama mo.—Mat. 28:19, 20; Aso. 5:29; Heb. 10:24, 25.

11. Adɛn nti na wubetumi anya ahotoso sɛ wo nsa bɛka honhom fam aduan bere nyinaa, na dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ saa aduan no ho ban?

11 Yehowa ahyɛ n’asomfo bɔ sɛ, ɔbɛma wɔadidi yiye wɔ honhom fam. (Yes. 65:13, 14; Luka 12:42-44) Enti wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa ahyehyɛde no bɛyɛ nea ebetumi biara ama woanya biribiara a ɛbɛboa wo ama wo gyidi ayɛ den. Dɛn na wo nso wubetumi ayɛ? Sɛ wɔbara ɔsom adwuma no a, pɛ baabi pa fa wo Bible ne asafo nhoma biara a wowɔ sie. Hwɛ yiye na woamfa honhom fam aduan a ɛsom bo saa a ɛwɔ nhoma mu anaa ɛlɛtrɔnik mfiri so angu baabi a ɛnyɛ den sɛ obi behu. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ nea obetumi de hyɛ ne gyidi den.

Yehowa ka yɛn ho, enti yebetumi ahyiam asom a yɛrensuro (Hwɛ nkyekyɛm 12) *

12. Sɛn na mpanyimfo no bɛyɛ asafo nhyiam ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo adwene remma yɛn so?

12 Asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe biara no nso ɛ? Mpanyimfo no bɛyɛ asafo nhyiam ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan bi so a, ɛremma nkurɔfo adwene mma yɛn so. Ebia wɔbɛkyekyɛ mo mu ayɛ mo akuw nketewa ama moahyiam, na ebia wɔbɛtaa asesa bere a mode yɛ nhyiam no ne mmeae a moyɛ nhyiam no. Sɛ worekɔ baabi a wɔyɛ nhyiam no anaa worefi hɔ akɔ a, ɛyɛ a nkasa den. Woyɛ saa a, ɛbɛbɔ wo nuanom ho ban. Afei nso, ebehia sɛ yɛhyɛ ntade a ɛrentwetwe nkurɔfo adwene mma yɛn so.

Sɛ aban bara yɛn som adwuma no mpo a, yɛrennyae asɛmpa no ka (Hwɛ nkyekyɛm 13) *

13. Dɛn na yebetumi asua afi yɛn nuanom a na wɔwɔ kan Soviet Union no hɔ?

13 Wɔbara yɛn a, sɛnea nneɛma te wɔ baabi a yɛwɔ no na ɛbɛkyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma no. Nanso, esiane sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yɛka n’Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo nti, yɛbɛhwehwɛ ɔkwan bi a yɛbɛfa so aka asɛm no. (Luka 8:1; Aso. 4:29) Emily B. Baran yɛ abakɔsɛm kyerɛwfo. Ɔkaa asɛnka adwuma a na Yehowa Adansefo yɛ wɔ kan Soviet Union no ho asɛm sɛ: “Bere a aban no ka kyerɛɛ Yehowa Adansefo sɛ wonnyae asɛmpa no ka no, Adansefo no fii ase ne nkurɔfo a wɔne wɔn te mpɔtam, nkurɔfo a wɔne wɔn yɛ adwuma, ne wɔn nnamfo bɔɔ nkɔmmɔ. Bere a Adansefo no annyae asɛmpa no ka na wɔde wɔn koguu adwumayɛban mu no, Adansefo no kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wɔne wɔn da afiase no.” Ɛwom sɛ wɔbaraa yɛn som adwuma no wɔ kan Soviet Union de, nanso anuanom a wɔwɔ hɔ no annyae asɛmpa no ka. Sɛ ɛba sɛ wɔbara asɛnka adwuma no wɔ baabi a wote a, suasua wɔn na kɔ so ka asɛmpa no!

NEA ƐSƐ SƐ YƐHWƐ YIYE WƆ HO

Ɛsɛ sɛ yehu sɛ kommyɛ wɔ ne bere (Hwɛ nkyekyɛm 14) *

14. Dɛn na Dwom 39:1 bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho?

14 Hwɛ yiye wɔ nsɛm a woka kyerɛ afoforo ho. Sɛ wɔbara yɛn a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ “kommyɛ wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:7) Nsɛm bi wɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ afoforo. Ebi ne yɛn nuanom din, mmeae a yehyiam, akwan a yɛfa so yɛ asɛnka adwuma, ne akwan a yɛfa so nya honhom fam aduan. Yɛrenka saa nsɛm yi nkyerɛ wiase atumfoɔ; saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛka kyerɛ yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a wɔwɔ yɛn man mu anaa aman foforo so. Sɛ yɛka kyerɛ wɔn a, yɛde yɛn nuanom bɛto asiane mu.—Kenkan Dwom 39:1.

15. Dɛn na Satan bɛyɛ n’adwene sɛ ɔde bɛyɛ yɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na wannya yɛn?

15 Ɛnsɛ sɛ yɛma nsɛm nketenkete de mpaapaemu ba yɛn mu. Satan nim sɛ, sɛ mpaapaemu wɔ fie bi mu a, ofie no rentumi nnyina. (Mar. 3:24, 25) Wayɛ n’adwene sɛ ɔde mpaapaemu bɛba yɛn mu bere biara. Ɔhwɛ kwan sɛ, sɛ otumi yɛ saa a, yebefi ase ne yɛn ho yɛn ho ako sen sɛ yɛbɛko atia ɔno mmom.

16. Nhwɛso pa bɛn na Onuawa Gertrud Poetzinger yɛe?

16 Kristofo a wɔn ho akokwaw mpo, sɛ wɔanhwɛ yiye a, saa afiri yi betumi ayi wɔn. Yɛnhwɛ anuanom mmea mmienu bi a wɔasra wɔn; wɔn din de Gertrud Poetzinger ne Elfriede Löhr. Wɔde Gertrud ne Elfriede ne Kristofo mmea foforo guu Nasi nneduaban mu. Sɛ Elfriede ma ɔkasa a ɛhyɛ nkuran kyerɛ anuanom mmea a wɔda afiase hɔ a, na ɛyɛ Gertrud yaw. Akyiri yi, Gertrud ani wui na ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ afoforo bɔ mmɔden wɔ nneɛma bi mu sen yɛn, anaa wɔwɔ ɔsom hokwan pii sen yɛn a, ɛsɛ sɛ yegye tom.” Ɛyɛɛ dɛn na Gertrud tumi yii ahoɔyaw no fii ne mu? Gertrud de n’adwene sii Elfriede suban pa ne sɛnea ɔpɛ nnipa no so. Bere a Gertrud yɛɛ saa no, ɔne Elfriede ntam san yɛɛ kama. Wɔn mmienu nyinaa anwu wɔ nneduaban no mu, na ɛno akyi no, wɔde nokwaredi som Yehowa kosii sɛ wowiee wɔn som adwuma wɔ asase so. Sɛ yɛyere yɛn ho siesie akasakasa biara a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam a, yɛremma kwan mma biribiara mpaapae yɛn mu.—Kol. 3:13, 14.

17. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ?

17 Nyɛ nea w’ankasa wopɛ. Akwankyerɛ a anuanom a wodi nneɛma anim a yɛwɔ wɔn mu ahotoso no de ma yɛn no, sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛrenkɔfa ɔhaw biara mma. (1 Pet. 5:5) Nhwɛso bi ni. Wɔabara yɛn som adwuma no wɔ ɔman bi mu. Enti, anuanom a wodi nneɛma anim wɔ hɔ no ka kyerɛɛ adawurubɔfo no sɛ mma wɔmfa nhoma mma obiara wɔ asɛnka mu. Nanso, onua bi a ɔyɛ ɔkwampaefo amfa saa akwankyerɛ no anyɛ adwuma, na ɔkyekyɛɛ nhoma. Dɛn na efii mu bae? Bere a ɔne adawurubɔfo bi dii nkurɔfo adanse wiei no, ankyɛ na polisifo bebisabisaa wɔn nsɛm. Ɛbɛyɛ sɛ na aban mpanyimfo bi di wɔn akyi, na wogyee nhoma a na wɔakyekyɛ ama nkurɔfo no. Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Sɛ wɔma yɛn akwankyerɛ na sɛ yɛne wɔn a wɔde mae no nyɛ adwene mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. Sɛ yetie anuanom a Yehowa apaw wɔn sɛ wonni yɛn anim no a, Yehowa hyira yɛn bere nyinaa.—Heb. 13:7, 17.

18. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhyehyɛ mmara a ɛho nhia?

18 Nhyehyɛ mmara a ɛho nhia. Sɛ asafo mu mpanyimfo hyehyɛ mmara a ɛho nhia a, wɔbɛma nneɛma mu ayɛ den ama afoforo. Onua Juraj Kaminský kaa nea ɛkɔɔ so wɔ kan Czechoslovakia bere a wɔbaraa yɛn som adwuma wɔ hɔ no. Ɔkaa sɛ: “Wɔkyeree asafo mu mpanyimfo pii. Ɛbaa saa no, wɔn a wɔkae a na wodi nneɛma anim wɔ asafo ahorow ne amansin no mu no fii ase hyehyɛɛ mmara maa adawurubɔfo no. Wɔhyehyɛɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ho mmara.” Yehowa mmaa yɛn kwan sɛ yɛnhyehyɛ mmara mma afoforo. Obi hyehyɛ mmara ma ne nua a, obetumi de ne nua no ato asiane mu. Sɛ ɔyɛ saa a, na ɔpɛ sɛ odi tumi wɔ ne nua no gyidi so anaa ɔkyerɛ ne nua no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ.—2 Kor. 1:24.

NNYAE YEHOWA SOM DA

19. Nea Satan reyɛ nyinaa akyi no, adɛn nti na asɛm a ɛwɔ 2 Beresosɛm 32:7, 8 ma yenya akokoduru?

19 Satan Ɔbonsam a ɔyɛ yɛn tamfo kɛse no bɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛkɔ so ataa Yehowa asomfo anokwafo. (1 Pet. 5:8; Adi. 2:10) Satan ne ne nkurɔfo bɛyere wɔn ho sɛ wɔbɛbara Yehowa som. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma ehu kyekyere yɛn! (Deut. 7:21) Yehowa wɔ yɛn afã, na sɛ wɔbara yɛn som adwuma no mpo a, ɔbɛkɔ so aboa yɛn.—Kenkan 2 Beresosɛm 32:7, 8.

20. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

20 Nea yɛn nuanom a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so yɛe no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ bi. Wɔka kyerɛɛ atumfoɔ a na wɔwɔ hɔ no sɛ: “Sɛ ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yetie mo mmom sen Onyankopɔn a, mo ankasa mummua. Na yɛn mmom de, nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.”—Aso. 4:19, 20.

DWOM 73 Ma Yɛn Akokoduru

^ nky. 5 Sɛ aban bara sɛ yennyae Yehowa som a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Adesua yi bɛma yɛanya nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ho nyansahyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrennyae yɛn Nyankopɔn som da!

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mfoni a ɛwɔ adesua yi mu nyinaa ma yehu Adansefo a wɔwɔ aman a wɔde nsa ato yɛn som adwuma no so mu. Anuanom kakraa bi reyɛ asafo nhyiam wɔ ɔdan ketewaa bi mu wɔ onua bi fie.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi (benkum so) ne ɔbea bi rebɔ nkɔmmɔ, na onuawa no repɛ hokwan bi de aka Yehowa ho asɛm akyerɛ no.

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Polisifo bi rebisabisa onua bi nsɛm; onua no nyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛka asafo a ɔwom ho asɛm akyerɛ wɔn.