Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Ampa Sɛ Yesu Wu Maa Me?

Ɛyɛ Ampa Sɛ Yesu Wu Maa Me?

NSƐM a nnipa a ‘wɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara’ afi wɔn komam aka pii wɔ Bible mu. (Yak. 5:17) Ebi ni. Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛte asɛm a Paulo kaa wɔ Romafo 7:21-24 no ase. Ɔkaa sɛ: “Bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho. . . . M’asɛm yɛ mmɔbɔ!” Sɛnea Paulo kaa ne komam asɛm no ma yenya awerɛkyekye bere a yɛn nso yɛreko tia yɛn sintɔ no.

Paulo kaa sɛnea na ɔte nka wɔ nneɛma foforo ho nso. Ɔkaa wɔ Galatifo 2:20 sɛ, ogye di pa ara sɛ Yesu ‘dɔ no, na ɔde ne ho too hɔ maa no’! Saa ara na yɛn nso ‘yɛte nka’ anaa? Ɛnyɛ bere nyinaa na ebia yɛte nka saa.

Bɔne a yɛyɛe bere bi a atwam betumi ama yɛate nka sɛ yɛn so nni mfaso. Enti ɛtɔ da a, ebia ɛbɛyɛ den mpo sɛ yebegye atom sɛ Yehowa dɔ yɛn na ɔde yɛn bɔne afiri yɛn, na kampɛsɛ yɛagye atom sɛ agyede afɔre no yɛ akyɛde a ɔde ama yɛn. Yemmisa sɛ, ɛyɛ ampa sɛ Yesu pɛ sɛ yegye agyede no tom sɛ akyɛde? Sɛ saa a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛagye atom saa? Momma yensusuw saa nsɛmmisa mmienu yi ho.

ADWENE A YESU WƆ WƆ AFƆRE A ƆBƆE HO

Yɛbɛka sɛ Yesu pɛ sɛ yegye afɔre a ɔbɔe no tom sɛ akyɛde a ɔde ama yɛn. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ saa na ɛte? Fa w’adwene kɔ nea esii a wɔaka ho asɛm wɔ Luka 23:39-43 no so. Ná wɔabɔ ɔbarima bi asɛnduam wɔ Yesu nkyɛn. Ɔbarima no gye toom sɛ wayɛ bɔne. Ɛbɛyɛ sɛ na ne bɔne no sõ pa ara, efisɛ amumɔyɛfo a wɔyɛ nneɛma bɔne pa ara na na wɔtwe wɔn aso denneennen saa. Ɔbarima no hui sɛ n’asɛm yɛ mmɔbɔ, enti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ woba w’ahenni mu a, kae me.”

Dɛn na Yesu yɛe? Wo de, hwɛ sɛ Yesu retwa n’ani ahwɛ omumɔyɛfo no anim; na Yesu bɛte yaw pa ara. Ɛwom sɛ na Yesu refa yaw mu de, nanso otumi serewee, na ɔkyekyee ɔbarima no werɛ. Ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.” Anka Yesu betumi aka akyerɛ ɔbarima no kɛkɛ sɛ ‘onipa Ba no bae sɛ ɔde ne kra bɛyɛ agyede de agye nnipa bebree.’ (Mat. 20:28) Nanso, Yesu yii ne yam sii so dua sɛ ɔbarima no betumi anya n’afɔrebɔ no so mfaso. Wohyɛɛ saa asɛm no nsow? Ná Yesu pɛ nnipa, enti ɔde nsɛmfua “wo” ne “me” na edii dwuma. Afei nso, Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ ɔbɛtena ase wɔ paradise wɔ asase so.

Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yesu pɛ sɛ saa barima no gye n’afɔre no tom sɛ akyɛde a obenya so mfaso. Sɛ Yesu tee nka saa maa omumɔyɛfo a na onnyaa hokwan mpo sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn a, ɛnde ɔbɛte nka saa ara ama Kristoni a wabɔ asu a ɔresom Onyankopɔn. Ɛno nti, ɛmfa ho sɛ yɛayɛ bɔne bere bi a atwam no, dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛagye adi sɛ afɔre a Kristo bɔe no bɛboa yɛn?

NEA ƐBOAA PAULO

Asɛnka adwuma a Yesu de hyɛɛ Paulo nsa no na ɛmaa Paulo hui sɛ Yesu wu maa no. Adɛn ntia? Paulo kaa sɛ: “Meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, efisɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom adwuma bi mu, ɛwom, bere bi a atwam no na meyɛ mmusubɔfo, metaa nkurɔfo, na meyɛɛ aniammɔho.” (1 Tim. 1:12-14) Asɛnka adwuma a Paulo yɛe no ma onyaa awerɛhyem sɛ Yesu ahu no mmɔbɔ, ɔdɔ no, na ɔwɔ ne mu ahotoso. Saa ara na yɛn nso, Yesu de asɛnka adwuma no ahyɛ yɛn mu biara nsa. (Mat. 28:19, 20) Yɛn nso, asɛnka adwuma a yɛyɛ no, ɛma yehu sɛ Yesu wu maa yɛn anaa?

Yɛnhwɛ Albert; wasan aba Yehowa nkyɛn nnansa yi ara. Bere a wotuu no fii asafo no mu no, edii bɛyɛ mfe 34 ansa na ɔresan aba. Ɔkaa sɛ: “Me bɔne wɔ m’anim daa nyinaa. Nanso sɛ mewɔ asɛnka mu a, mete nka sɛ Yesu de asɛnka adwuma no ahyɛ me nsa te sɛ nea ɔde hyɛɛ ɔsomafo Paulo nsa no. Ɛhyɛ me den, na ɛma m’ani gye pa ara; ɛma minya m’asetena, me daakye, ne m’ankasa me ho adwempa.”—Dw. 51:3.

Sɛ wo ne nnipa ahorow nyinaa resua ade a, ma wonnya awerɛhyem sɛ Yesu behu wɔn mmɔbɔ na wadɔ wɔn

Ansa na Allan rehu nokware no, ɔyɛɛ bɔne bebree, na na ɔyɛ basabasa pa ara. Ɔkaa sɛ: “Amane a mama nkurɔfo ahu nyinaa no, meda so ara kae. Ɛtɔ da a, ɛma me werɛ how pa ara. Nanso, meda Yehowa ase sɛ, wama ɔbɔnefo te sɛ me anya hokwan reka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Sɛ mihu sɛ nkurɔfo tie asɛmpa no a, ɛkae me sɛ Yehowa ye, na ɔdɔ me. Mete nka sɛ ɔnam me so reboa afoforo a wɔayɛ nneɛma bɔne te sɛ me.”

Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, yɛyɛ adepa, na yedwen nneɛma pa ho. Ɛma yenya awerɛhyem sɛ, Yesu ahu yɛn mmɔbɔ, ɔdɔ yɛn, na ɔwɔ yɛn mu ahotoso.

YEHOWA SÕ SEN YƐN KOMA

Enkosi sɛ Satan wiase bɔne yi befi hɔ no, bɔne a yɛyɛe bere bi a atwam nti, ebia yɛn koma bɛkɔ so abu yɛn fɔ. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛako atia nsusuwii a ɛte saa?

Bere a Jean yɛ ababaa no, na odi bɔne sie, na ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, ɛyɛ a n’ahonim taa bu no fɔ. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ me dɛ sɛ ‘Onyankopɔn sõ sen yɛn koma.’” (1 Yoh. 3:19, 20) Yɛn nso, yebetumi anya awerɛkyekye sɛ yɛahu sɛ Yehowa ne Yesu nim sen yɛn pa ara sɛ yɛyɛ abɔnefo. Kae sɛ, agyede a Yehowa ne Yesu yii wɔn yam de mae no, ɛnyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ nti na wɔde mae, na mmom abɔnefo.—1 Tim. 1:15.

Sɛ yedwinnwen sɛnea Yesu ne nnipa a wɔtɔ sin dii ho yiye, na yɛyɛ nea yebetumi biara yɛ asɛnka adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no a, ɛma yenya awerɛhyem sɛ yɛanya agyede afɔre no so mfaso. Sɛ woyɛ saa a, sɛnea Paulo kae no, wo nso wubetumi aka sɛ: Yesu ‘dɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.’