Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 40

Yere Wo Ho Yɛ Pii Wɔ “Nna a Edi Akyiri” Yi Awiei

Yere Wo Ho Yɛ Pii Wɔ “Nna a Edi Akyiri” Yi Awiei

Muntintim, munnhinhim, monyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu daa.”​1 KOR. 15:58.

DWOM 58 Yɛhwehwɛ Asomdwoe Nnipa

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na ɛma yegye di paa sɛ yɛte “nna a edi akyiri no” mu?

AFE 1914 twaam ansa na wɔrewo wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde woatena wiase yi “nna a edi akyiri” no mu wo nkwa nna nyinaa. (2 Tim. 3:1) Nneɛma a Yesu ka too hɔ sɛ ebesisi saa bere yi mu no, yɛate ho asɛm. Ebi ne akodi, aduankɔm, asasewosow, ɔyaredɔm, amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso, ne ɔtaa a wɔde bɛba Yehowa nkurɔfo so. (Mat. 24:3, 7-9, 12; Luka 21:10-12) Ɔsomafo Paul kaa suban a nkurɔfo bɛda no adi ho asɛm too hɔ, na ɛno nso, yɛahu sɛ abam. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Suban a Nkurɔfo Da No Adi Nnɛ.”) Yɛn a yɛsom Yehowa de, yegye di paa sɛ yɛte “nna a edi akyiri no” mu.—Mika 4:1.

2. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae?

2 Efi afe 1914 no, mfe pii atwam, enti yebetumi aka sɛ yɛte “nna a edi akyiri no” awiei mu. Esiane sɛ wiase yi awiei abɛn paa nti, ɛsɛ sɛ yenya nsɛmmisa a ɛho hia yi ho mmuae: Nneɛma bɛn na ebesisi wɔ “nna a edi akyiri no” awiei? Bere a yɛretwɛn sɛ saa nneɛma no besisi no, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?

DƐN NA EBESI WƆ “NNA A EDI AKYIRI NO” AWIEI?

3. Sɛnea nkɔmhyɛ a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 5:1-3 ka no, asɛm bɛn na wiase atumfoɔ no bɛka?

3 Kenkan 1 Tesalonikafo 5:1-3. Paul kaa “Yehowa da” no ho asɛm. Yehowa da a Paul kaa ho asɛm wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, ebefi ase bere a wiase atumfoɔ no bɛtow ahyɛ “Babilon Kɛse” no, anaa wiase atoro som ahemman no so, na ɛbɛkɔ akowie Harmagedon. (Adi. 16:14, 16; 17:5) Sɛ aka bere tiaa bi ama saa “da” no afi ase a, wiase atumfoɔ no bɛka sɛ wɔama “Asomdwoe ne dwoodwoo!” aba. (Bible nkyerɛase bi ka sɛ: “Asomdwoe ne ahotɔ.”) Ɛtɔ da na sɛ wiase atumfoɔ no reboa ama nneɛma atotɔ yiye wɔ amanaman no ntam a, ɛyɛ a wɔka nsɛm bi a ɛtete saa. * Nanso, “asomdwoe ne dwoodwoo” a Bible ka sɛ wiase atumfoɔ no bɛka no de, ɛbɛyɛ soronko. Adɛn ntia? Sɛ atumfoɔ no ka saa asɛm no a, ebia nkurɔfo benya adwene sɛ atumfoɔ no aboa ama wiase no anya asomdwoe ne ahobammɔ paa. Nanso, nokwasɛm ne sɛ saa bere no ara na “ahohiahia kɛse” no befi ase, na ɔsɛe bɛba wɔn so “mpofirim.”—Mat. 24:21.

Mma “asomdwoe ne dwoodwoo” a wiase atumfoɔ no bɛka no nnaadaa wo (Hwɛ nkyekyɛm 3-6) *

4. (a) “Asomdwoe ne dwoodwoo” a wɔbɛpae mu aka no, ɛho nsɛm bɛn na yennim? (b) Ɛho asɛm bɛn na yenim dedaw?

4 “Asomdwoe ne dwoodwoo” a wɔbɛpae mu aka no, yenim ɛho nsɛm bi. Nanso ɛho nsɛm bi wɔ hɔ a, yennim. Yennim nea ɛbɛma wiase atumfoɔ no aka saa asɛm no, anaa ɔkwan a wɔbɛfa so aka. Afei nso, yennim sɛ ebia wɔbɛka pɛnkoro pɛ anaa wɔbɛka no mpɛn pii. Nea ebesi biara no, yenim sɛ: Wiase atumfoɔ no rentumi mfa asomdwoe ankasa mma wiase, enti ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm a wɔbɛpae mu aka no daadaa yɛn. Mmom, nea Bible ka sɛ yɛnhwɛ kwan no ne asɛm a wɔbɛpae mu aka no. Ɛno na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ “Yehowa da” no rebefi ase!

5. Dɛn na 1 Tesalonikafo 5:4-6 ka sɛ yɛnyɛ na ama yɛasiesie yɛn ho ama “Yehowa da” no?

5 Kenkan 1 Tesalonikafo 5:4-6. Afotu a Paul de mae no ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho ma “Yehowa da” no. Ɛma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛda te sɛ wɔn a aka no.’ Ɛsɛ sɛ ‘yɛwɛn’ na yɛma yɛn ani da hɔ. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no bi ni. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛankogyina ɔfã biara akyi, na yɛamfa yɛn ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu nso. Sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ mu a, ebetumi ama yɛabɛyɛ “wiase no fã.” (Yoh. 15:19) Yenim sɛ Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi de asomdwoe aba wiase.

6. Dɛn na yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo ma wɔyɛ, na adɛn ntia?

6 Wɛn a yɛn ankasa yɛbɛwɛn da nkyɛn a, yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo nso ma wohu nneɛma a Bible ahyɛ nkɔm sɛ ebesisi wɔ wiase no. Momma yɛnkae sɛ, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, na aka akyi dodo sɛ nkurɔfo bɛba abɛsom Yehowa. Ɛno nti na ɛho hia paa sɛ yɛka asɛmpa no nnɛ no! *

YERE WO HO KA ASƐMPA NO

Bere a yɛreka asɛmpa no nnɛ no, yɛma nkurɔfo hu sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebetumi ama asomdwoe ne ahotɔ aba wiase (Hwɛ nkyekyɛm 7-9)

7. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ nnɛ?

7 Aka bere tiaa bi ama Yehowa “da” no afi ase, enti Yehowa pɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ‘yɛreyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Kor. 15:58) Yesu kaa nea yɛbɛyɛ no ho asɛm too hɔ. Bere a ɔkaa nneɛma titiriw a ebesisi wɔ nna a edi akyiri no mu nyinaa ho asɛm wiei no, ɔde kaa ho sɛ: “Afei nso ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu kan.” (Mar. 13:4, 8, 10; Mat. 24:14) Wo de hwɛ: Bere biara a wobɛkɔ asɛnka no, na woreboa ama saa Bible nkɔmhyɛ no anya mmamu!

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no renya nkɔso?

8 Sɛnea Ahenni ho asɛmpaka adwuma no renya nkɔso no, dɛn na yebetumi aka afa ho? Afe biara, nnipa pii tie Ahenni no ho asɛmpa no. Wo de, hwɛ sɛnea Ahenni adawurubɔfo dodow akɔ anim wɔ wiase nyinaa wɔ nna a edi akyiri yi mu. Afe 1914 no, na adawurubɔfo 5,155 na wɔwɔ aman 43 so. Ɛnnɛ, adawurubɔfo bɛyɛ ɔpepem 8.5 na wɔwɔ aman 240 so! Nanso, yenwiee yɛn adwuma no. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka kyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi ayi adesamma haw nyinaa afi hɔ.—Dw. 145:11-13.

9. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka Ahenni ho asɛmpa no?

9 Sɛ Yehowa ka sɛ yɛawie Ahenni no ho asɛm a yɛreka no a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ yɛawie adwuma no. Bere tenten ahe na aka a nkurɔfo de behu Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo? (Yoh. 17:3) Ɛno de, yɛrentumi nkyerɛ. Nea yenim ne sɛ, ansa na ahohiahia kɛse no befi ase no, obiara a ‘ɔpɛ daa nkwa’ no betumi atie asɛmpa no, na wabɛsom Yehowa. (Aso. 13:48) Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa saa nkurɔfo no ansa na aka akyi dodo?

10. Dɛn na Yehowa de boa yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no?

10 Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ma yɛn nsa ka nea yehia biara a yɛde bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no. Ebi ni. Nnawɔtwe biara, yenya ntetee wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no ase. Saa nhyiam yi ma yehu nea yɛbɛka wɔ nsrahwɛ a edi kan mu ne bere a yɛreyɛ sankɔhwɛ. Ɛma yehu sɛnea yɛbɛyɛ Bible adesua nso. Yehowa ahyehyɛde no asan ama yɛn Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ. Saa nnwinnade no boa yɛn ma . . .

  • yefi nkɔmmɔbɔ ase,

  • yɛka asɛm no ma nkurɔfo ani gye ho,

  • yɛboa nkurɔfo ma wɔn ani gye ho sɛ wobenya Bible mu nimdeɛ pii,

  • yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no bere a yɛne wɔn resua Bible, na

  • yɛka kyerɛ nkurɔfo a wɔn ani gye asɛm no ho sɛ wɔnkɔ yɛn wɛbsaet na wɔmmra yɛn Ahenni Asa so.

Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ nnwinnade no ara kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yenya. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma. * Nhwɛso bi ni. Sɛ wo ne obi a n’ani gye asɛm no ho bɔ nkɔmmɔ na wugya no kratawa anaa nsɛmma nhoma a, obetumi akenkan kosi sɛ wobɛsan akɔ ne nkyɛn bio. Ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛyere yɛn ho ka Ahenni no ho asɛmpa no bosome biara.

11. Adɛn nti na wɔyɛɛ Online Bible Study Lessons (Intanɛt So Bible Adesua) no?

11 Ɔkwan foforo a Yehowa refa so aboa nkurɔfo ama wɔahu nokware no ne sɛ wɔbɛhwɛ Online Bible Study Lessons (Intanɛt So Bible Adesua) a ɛwɔ jw.org®. (Hwɛ BIBLE TEACHINGS > ONLINE LESSONS.) Adɛn nti na wɔayɛ saa adesua yi ho nhyehyɛe? Bosome biara, nnipa mpempem a wɔwɔ wiase nyinaa kyinkyin Intanɛt so hwehwɛ biribi a wobesua wɔ Bible mu. Bible Adesua ho nhyehyɛe a ɛwɔ yɛn wɛbsaet no betumi aboa saa nkurɔfo no ama wɔahu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Afei nso, nkurɔfo a wudi wɔn adanse no, ebinom wɔ hɔ a ebia wɔn ani rennye ho sɛ wo ne wɔn besua Bible. Sɛ saa a, kyerɛ wɔn Bible adesua ho nhyehyɛe yi a ɛwɔ yɛn wɛbsaet no anaa fa Bible adesua no wɛbsaet address (link) ma wɔn. *

12. Online Bible Study Lessons a ɛwɔ yɛn wɛbsaet no, dɛn na obi betumi asua wɔ hɔ?

12 Nsɛmti a edidi so yi na wɔaka ho asɛm wɔ yɛn Online Bible Study Lessons hɔ: “The Bible and Its Author” (Bible No Ne Nea Emu Nsɛm Fi Ne Hɔ), “The Bible’s Main Characters” (Wɔn a Bible Ka Wɔn Ho Asɛm Paa), ne “The Bible’s Message of Hope” (Anidaso Asɛm a Ɛwɔ Bible Mu). Sɛ obi resua saa nsɛm yi a obehu:

  • Sɛnea Bible betumi aboa obi

  • Yehowa, Yesu, ne abɔfo no yiye

  • Nea enti a Yehowa bɔɔ nnipa

  • Nea enti a amanehunu ne bɔne wɔ hɔ

Adesua no san ka sɛnea Yehowa . . . 

  • beyi amanehunu ne owu afi hɔ,

  • benyan awufo aba nkwa mu,

  • de Onyankopɔn Ahenni besi nnipa aban a adi nnipa huammɔ no ananmu.

13. Sɛ obi sua nsɛm a ɛwɔ Online Bible Study Lessons hɔ wie a, ebehia sɛ Ɔdansefo bi san ne no sua Bible anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Wɔanyɛ Online Bible Study Lessons no sɛ yɛmfa nsi Bible adesua a yɛne nkurɔfo yɛ no ananmu. Yesu de hokwan no ama yɛn sɛ yɛmmoa nkurɔfo mma wɔmmɛyɛ asuafo. Nea enti a yɛayɛ adesua ho nhyehyɛe wɔ yɛn wɛbsaet hɔ ne sɛ nkurɔfo besua nea ɛwɔ hɔ no na wɔn ani agye ho, na ama wɔanya ɔpɛ sɛ wobesua pii aka ho. Ɛba saa a, ebia wɔbɛpene so ama yɛne wɔn asua Bible. Adesua a ɛwɔ yɛn wɛbsaet hɔ biara awiei no, wɔka kyerɛ ɔkenkanfo no sɛ ommisa mma obi ne no mmesua Bible. Wiase nyinaa no, da biara da, nkurɔfo a wɔfa yɛn wɛbsaet no so bisa sɛ obi ne wɔn mmesua Bible no dodow boro 230! Bible adesua a obi ne wɔn bɛyɛ no ho hia paa!

YERE WO HO BOA NKURƆFO MA WƆMMƐYƐ ASUAFO

14. Sɛnea Yesu akwankyerɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 28:19, 20 no ma yehu no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa sɛ yɛbɛyɛ, na adɛn ntia?

14 Kenkan Mateo 28:19, 20. Sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ ‘asuafo, akyerɛkyerɛ wɔn ama wɔadi nea Yesu ahyɛ nyinaa so.’ Ɛsɛ sɛ yɛboa nkurɔfo ma wohu nea enti a ehia sɛ wogyina Yehowa ne n’Ahenni no afã. Wei hwehwɛ sɛ yɛyere yɛn ho hyɛ nkurɔfo nkuran ma woso nokware no mu yiye, kyerɛ sɛ, yɛboa wɔn ma wɔde nea wosua no yɛ adwuma, wohyira wɔn ho so ma Yehowa, na wɔbɔ asu. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛnna wobenya nkwa Yehowa da no.—1 Pet. 3:21.

15. Henanom na ɛnsɛ sɛ yɛsɛe yɛn bere wɔ wɔn ho, na adɛn ntia?

15 Sɛnea yɛadi kan aka no, efi saa bere yi kosi sɛ wiase yi bɛkɔ n’awiei no, bere a aka no sua koraa. Wei nti, nkurɔfo a yɛne wɔn sua Bible a wɔnyɛ nsakrae biara wɔ wɔn asetenam mfa nkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa asomfo no, ɛnsɛ sɛ yɛsɛe yɛn bere wɔ wɔn ho. (1 Kor. 9:26) Ɛho hia paa sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no ntɛm paa! Nkurɔfo pii wɔ hɔ a ehia sɛ wɔte Ahenni ho asɛmpa no ansa na aka akyi dodo.

TWE WO HO FI BIRIBIARA A ƐFA ATORO SOM HO

16. Sɛnea Adiyisɛm 18:2, 4, 5, 8 ka no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

16 Kenkan Adiyisɛm 18:2, 4, 5, 8. Saa kyerɛwnsɛm yi ma yehu biribi foforo a Yehowa pɛ sɛ n’asomfo yɛ. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa hwɛ sɛ wɔremfa wɔn ho nhyehyɛ biribiara a ɛfa Babilon Kɛse no ho mu. Ansa na Bible suani bi rehu nokware no, ebia na ɔwɔ atoro som bi mu. Ebia na ɔkɔ asɔre, na na ɔyɛ nneɛma a asɔrefo no yɛ no bi. Anaasɛ ebia na oyi sika de boa asɔre no. Ansa na Bible suani betumi abɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho koraa fi biribiara a ɛfa atoro som ho. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw krataa kɔma asɔre no anaa ɔbɔ wɔn amanneɛ sɛ wagyae. Saa ara na sɛ na ɔdɔm ahyehyɛde biara a ɛyɛ Babilon Kɛse no fã a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw krataa kɔma wɔn anaa ɔbɔ wɔn amanneɛ sɛ ɔne wɔn nni hwee yɛ bio. *

17. Adwuma bɛn na ɛnsɛ sɛ Kristoni yɛ, na adɛn ntia?

17 Ɛsɛ sɛ nokware Kristoni hwɛ sɛ adwuma a ɔyɛ ne Babilon Kɛse no nni hwee yɛ. (2 Kor. 6:14-17) Ebi ne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔma asɔre bi fa no adwumam. Afei nso, Kristoni a adwumakuw bi afa no adwumam no, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ adwuma a ebegye bere pii wɔ ɔdan biara a ɛma atoro som nya nkɔso ho. Sɛ ɔno ankasa na ɔyɛ n’adwuma nso a, ɛnsɛ sɛ ɔkɔpere anaa ogye adwuma a ɛne Babilon Kɛse no wɔ biribi yɛ. Yɛfa saa asɛm yi aniberesɛm, adɛn ntia? Efisɛ atoro som ahyehyɛde ahorow no nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma bɔne a Onyankopɔn kyerɛ sɛ ɛho ntew no, yɛmpɛ sɛ yenya mu kyɛfa.—Yes. 52:11. *

18. Sɛn na onua bi de Bible nnyinasosɛm yɛɛ adwuma wɔ n’adwuma ho?

18 Mfe bi a atwam no, obi a osisi adan ka kyerɛɛ asafo mu panyin bi a ɔno ankasa yɛ n’adwuma sɛ ɔnkɔyɛ duadwumfo adwuma ketewa bi wɔ asɔredan bi ho wɔ kurow a onua no te mu. Ná nea osisi adan no nim sɛ onua no aka akyerɛ no dedaw sɛ ɔrenyɛ asɔredan ho adwuma. Nanso saa bere yi de, na nea osisi adan no repɛ obi denneennen ama wayɛ saa adwuma no. Nanso, onua no de Bible nnyinasosɛm yɛɛ adwuma, na wankɔyɛ saa adwuma no. Nnawɔtwe a edi hɔ no, atesɛm krataa bi a wotintim wɔ mpɔtam hɔ de duadwumfo foforo bi mfoni baa mu, na na duadwumfo no de mmeamudua bi rebɔ asɔredan no ho. Sɛ yɛn nua no amfa Bible nnyinasosɛm anyɛ adwuma a, ebia anka ne mfoni na ɛbɛba atesɛm krataa no mu. Wo de, hwɛ sɛnea anka ɛbɛsɛe ne din wɔ ne mfɛfo Kristofo mu! Afei nso, wo de, hwɛ sɛnea anka ɛbɛka Yehowa afa.

DƐN NA YƐASUA?

19-20. (a) Besi ha no, dɛn na yɛasua? (b) Dɛn bio na ɛsɛ sɛ yehu?

19 Sɛnea Bible nkɔmhyɛ kyerɛ no, nkɔmhyɛ titiriw a ɛrebenya mmamu wɔ wiase nnansa yi ara ne “asomdwoe ne dwoodwoo” a wiase atumfoɔ no bɛpae mu aka no. Esiane nea Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn nti, yenim sɛ amanaman no ntumi mfa asomdwoe a ɛbɛtena hɔ daa mma. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na saa asɛm no asi ama ɔsɛe adi akyi aba mpofirim? Yehowa pɛ sɛ yɛyere yɛn ho ka Ahenni ho asɛm no, na yɛyere yɛn ho yɛ asuafo pii. Bere koro no ara no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho koraa fi biribiara a ɛfa atoro som ho. Nea ɛka ho bi ne sɛ, akuw biara a ɛne Babilon Kɛse no wɔ biribi yɛ no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Afei nso, yɛrenyɛ adwuma biara a ɛne Babilon Kɛse no wɔ biribi yɛ.

20 Nneɛma foforo besisi wɔ “nna a edi akyiri” no awiei. Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ. Dɛn ne saa nneɛma no, na yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho ama biribiara a ɛreba nnansa yi ara? Yebehu wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 71 Yɛn Ne Yehowa Dɔm No!

^ nky. 5 Yɛhwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ wiase atumfoɔ bɛka sɛ wɔama “asomdwoe ne dwoodwoo!” aba. Ɛno na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no rebefi ase. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ ansa na atumfoɔ no aka saa asɛm no? Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛanya saa asɛm no ho mmuae.

^ nky. 3 Nhwɛso bi ni. Amanaman Nkabom no akyerɛw wɔ wɔn wɛbsaet sɛ, wɔn na “wɔboa ma amanaman no nya asomdwoe ne ahotɔ.”

^ nky. 6 Hwɛ asɛm a n’asɛmti ne “Onyankopɔn Atemmu​—Ɔbɔ Kɔkɔ Sɛnea Ɛsɛ Bere Nyinaa Anaa?” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ sɛnea wode Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no bɛyɛ adwuma ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a n’asɛmti ne “Kyerɛkyerɛ Nokware No” wɔ October 2018 Ɔwɛn-Aban mu.

^ nky. 11 Seesei, saa adesua yi wɔ Borɔfo ne Portugal kasa mu; wɔde kasa pii bɛka ho.

^ nky. 16 Afei nso, ahyehyɛde ahorow te sɛ mmabun akuw anaa anigyebea a atoro som ahyehyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Ebi ne YMCA (Kristofo Mmerante Fekuw) ne YWCA (Kristofo Mmabaa Fekuw). Ɛwom, ebia YMCA anaa YWCA fekuw ahorow a ɛwɔ baabi a wowɔ no bɛka sɛ wɔn dwumadi no mfa nyamesom ho ankasa, nanso nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ ahyehyɛde a ɛhyɛ atoro som nkyerɛkyerɛ ne atoro som botae ahorow ho nkuran.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ adwuma a yɛbɛyɛ ama nyamesom ahyehyɛde ahorow ho no ho nsɛm pii a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a epuee April 15, 1999 Ɔwɛn-Aban mu.

^ nky. 83 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nkurɔfo redidi wɔ adidibea; wɔate “Asɛm Bi a Asi Seesei Ara” wɔ television so. Ɛfa “asomdwoe ne dwoodwoo” mpaemuka ho. Adansefo bi a wɔyɛ awarefo a wɔakɔ asɛnka a wɔregye wɔn ahome de, amanneɛbɔ yi nnaadaa wɔn.