Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 47

Nea Yebetumi Asua Afi Leviticus Nhoma No Mu

Nea Yebetumi Asua Afi Leviticus Nhoma No Mu

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye.”—2 TIM. 3:16.

DWOM 98 Kyerɛwnsɛm no Fi Yehowa Hɔ

NEA YƐREBESUA *

1-2. Adɛn nti na nnɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ma wɔn ani gye Leviticus nhoma no ho?

ƆSOMAFO Paul kaee n’adamfo Timoteo a na ɔyɛ aberante no sɛ, “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye.” (2 Tim. 3:16) Leviticus nhoma no nso ka ho. Sɛn na wuhu saa Bible mu nhoma yi? Ebia ebinom hu no sɛ ɛyɛ nhoma a mmara nko ara na ahyɛ mu mã na mfaso biara nni so ma yɛn nnɛ. Nanso, nokware Kristofo nhu no saa.

2 Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni na wɔkyerɛw Leviticus nhoma no, nanso Yehowa ma wɔkoraa so ‘maa yɛn nkyerɛkyerɛ.’ (Rom. 15:4) Esiane sɛ Leviticus nhoma no ma yehu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho nti, ɛsɛ sɛ yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛtweetwee mu. Nea ɛte ne sɛ, yebetumi asua nneɛma pii afi nhoma a efi Onyankopɔn hɔ yi mu. Momma yensusuw emu nnan ho.

NEA ƐBƐMA YƐASƆ YEHOWA ANI

3. Adɛn nti na afe biara na Israelfo bɔ afɔre ahorow Mpata Da no?

3 Asuade a edi kan: Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani ansa na wagye yɛn afɔrebɔ atom. Afe biara, sɛ edu Mpata Da no a na Israel man no behyiam ma ɔsɔfo panyin no de mmoa bɔ afɔre ma wɔn. Saa afɔre ahorow no kaee Israelfo no sɛ na ehia sɛ wɔma wɔtew wɔn ho fi wɔn bɔne ho! Nanso, ansa na ɔsɔfo panyin no de mmoa a ɔde bɔɔ afɔre no mu bi mogya bɛba Kronkron Mu Kronkronbea hɔ saa da no, na ɛsɛ sɛ odi kan yɛ biribi. Ná ɛyɛ biribi a ɛho hia koraa sen ɔman no bɔne a wɔde bɛkyɛ wɔn.

(Hwɛ nkyekyɛm 4) *

4. Sɛnea Leviticus 16:12, 13 kyerɛ no, edu Mpata Da no na ɔsɔfo panyin no kɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ bere a edi kan a, dɛn na na ɔyɛ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

4 Kenkan Leviticus 16:12, 13. Nea na ɛkɔ so Mpata Da no, twa ho mfoni hwɛ: Ɔsɔfo panyin no akɔ ntamadan no mu. Saa da no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ mprɛnsa, na wei ne nea edi kan. Ne nsa baako kura ade a aduhuam ahyɛ mu mã, ɛnna baako nso kura ogya kukuwa a nnyansramma ayɛ no mã. Wadu ntwamutam a ɛsɛn Kronkron Mu Kronkronbea no ano no akyi, na wagyina kakra. Afei, wawura Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na wakogyina apam adaka no anim; ɔyɛ saa wɔ obu mu. Ɔkwan bi so no, yebetumi aka sɛ ogyina Yehowa Nyankopɔn anim! Afei ɔsɔfo no atɔ ne bo ase ahwie aduhuam kronkron no agu nnyansramma no so, na aduhuam no atu hua ma dan no mu nyinaa ayɛ huamhuamhuam. * Akyiri yi, ɔbɛsan awura Kronkron Mu Kronkronbea hɔ de mmoa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no mogya akɔ hɔ. Hyɛ no nsow sɛ ɔhyew aduhuam no ansa na ɔde mmoa a ɔde bɛbɔ bɔne afɔre no mogya akɔ hɔ.

5. Aduhuam a na wɔhyew no Mpata Da no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

5 Aduhuam a na wɔhyew no Mpata Da no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Bible ma yehu sɛ Yehowa asomfo anokwafo mpae sɔ n’ani; ɛte sɛ aduhuam. (Dw. 141:2; Adi. 5:8) Kae sɛ, sɛ ɔsɔfo panyin no de aduhuam no rekɔ Yehowa anim a, na ɔda obu kɛse adi. Saa ara na yɛn nso yɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu a, yɛde obu kɛse na ɛkɔ. Yɛn ani sɔ paa sɛ amansan Bɔfo no ma yɛn kwan ma yɛkɔ n’anim na yetumi bɛn no, te sɛ abofra ne ne papa. (Yak. 4:8) Ogye yɛn tom sɛ ne nnamfo! (Dw. 25:14) Yɛn ani sɔ paa sɛ yɛanya saa hokwan yi, enti yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a n’ani nnye ho.

6. Ná ɔsɔfo panyin no di kan hyew aduhuam no ansa na wabɔ afɔre. Dɛn na yebetumi asua afi mu?

6 Kae sɛ na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo panyin no di kan hyew aduhuam no ansa na watumi abɔ afɔre ahorow no. Ɔyɛ saa a, na obetumi ahwɛ kwan sɛ, sɛ ɔbɔ afɔre no a, Onyankopɔn begye atom. Dɛn na yebetumi asua afi mu? Bere a Yesu wɔ asase so no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛho hia ansa na watumi de ne nkwa abɔ afɔre. Ná nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ho hia koraa sen adasamma a obegye wɔn nkwa. Ná ɛyɛ dɛn? Ná ɛsɛ sɛ Yesu tie Yehowa na odi nokware ma no ne nkwa nna a ɔde tenaa asase so no nyinaa, na ama Yehowa agye n’afɔrebɔ no atom. Yesu yɛ saa a, na ɔbɛma ada adi sɛ ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ obi fa so bɔ ne bra ne sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ. Ná Yesu bɛma ada adi sɛ n’Agya tumidi anaa ɔkwan a ɔfa so di ade yɛ papa na ɛfata.

7. Adɛn nti na biribiara a Yesu yɛe wɔ n’asetena mu bere a ɔwɔ asase so no sɔɔ n’Agya ani?

7 Bere a Yesu wɔ asase so no, otiee Yehowa wɔ biribiara mu. Ná Yesu asi ne bo sɛ ɔbɛma ada adi sɛ n’Agya tumidi na ɛfata, enti wamma sɔhwɛ anaa nsɛnnennen biara, anaa owu yayaayaw a na ɛda n’anim no mpo ammu n’abam. (Filip. 2:8) Bere a Yesu hyiaa sɔhwɛ no, ɔde “nteɛm a emu yɛ den ne nusu” bɔɔ mpae. (Heb. 5:7) Mpae a ofi ne komam bɔe no kyerɛe sɛ na odi Yehowa nokware, na ɛma osii ne bo paa sɛ obetie Yehowa. Yehowa ani so no, na Yesu mpaebɔ te sɛ aduhuam a ɛretu hua. Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra bere a ɔwɔ asase so no sɔɔ n’Agya ani paa, na ɛma ɛdaa adi sɛ n’Agya tumidi na ɛfata.

8. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no?

8 Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa tie Yehowa na yedi no nokware a, na yɛresuasua Yesu. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nti, yefi yɛn komam bɔ mpae srɛ no sɛ ɔmmoa yɛn. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛtaa Yehowa tumidi akyi. Yenim sɛ yɛyɛ nneɛma a Yehowa kyi a, n’ani rensɔ yɛn mpaebɔ. Nanso, sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ mpae a yefi yɛn komam bɔ no, ɛbɛyɛ te sɛ aduhuam wɔ Yehowa ani so. Afei nso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yetie yɛn soro Agya no na yedi no nokware a, yɛbɛsɔ n’ani.—Mmeb. 27:11.

ANISƆ NE ƆDƆ A YƐWƆ MA YEHOWA NA ƐKA YƐN MA YƐSOM NO

(Hwɛ nkyekyɛm 9) *

9. Adɛn nti na na Israelfo no bɔ asomdwoe afɔre?

9 Asuade a ɛto so mmienu: Yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn nti na yɛsom no. Nea ɛbɛma yɛahu saa asuade no, momma yɛnhwɛ asomdwoe afɔre a na Israelfo no bɔ no. Tete no, na saa afɔre no yɛ ade titiriw wɔ nokware som mu. * Leviticus nhoma no ma yehu sɛ na Israelni bi betumi abɔ asomdwoe afɔre ‘sɛ ɔde reda ase.’ (Lev. 7:11-13, 16-18) Sɛ Israelni bi bɔ saa afɔre no a, na ɛyɛ ɔno ankasa na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ntia. Esiane ɔdɔ a na ɔdɔ ne Nyankopɔn Yehowa nti na na ofi ne pɛ mu bɔ saa afɔre no. Ná onii a ɔrebɔ afɔre no, n’abusua, ne asɔfo no na wɔwe aboa a wɔde abɔ afɔre no nam. Nanso na wɔde aboa a wɔde abɔ afɔre no fã pɔtee bi ma Yehowa nko ara. Ná ɛyɛ ne fã bɛn?

(Hwɛ nkyekyɛm 10) *

10. Leviticus 3:6, 12, 14-16 ka asomdwoe afɔre ho asɛm. Dɛn na ɛma yehu fa nea ɛmaa Yesu yɛɛ n’Agya apɛde no ho?

10 Asuade a ɛto so mmiɛnsa: Dɔ a yɛdɔ Yehowa nti, yɛde nea ɛsom bo ma yɛn paa ma no. Sɛ wokum aboa a, ne srade no na na Yehowa bu no sɛ edi mũ paa. Yehowa san kyerɛe sɛ, aboa no fã bi te sɛ n’asaabo nso som bo paa. (Kenkan Leviticus 3:6, 12, 14-16.) Enti, sɛ Israelni bi fi ne pɛ mu de aboa no fã a ɛsom bo saa ne ne srade bɔ afɔre ma Yehowa a, na n’ani sɔ paa. Sɛ Israelni bi bɔ afɔre a ɛte saa a, na ɔda no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔde nea ɛsom bo ma no paa ma Onyankopɔn. Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu fi ne pɛ mu de nea ɛsom bo ma no paa maa Yehowa; ɔdɔ Yehowa nti, ofii ne kra nyinaa mu som no. (Yoh. 14:31) Ná Yesu ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde; na Onyankopɔn mmara da ne koma so. (Dw. 40:8) Bere a Yehowa hui sɛ Yesu fi ne pɛ mu resom no no, hwɛ sɛnea n’ani begye afa!

Dɔ a yɛdɔ Yehowa nti, yɛde nea ɛsom bo ma yɛn paa ma no (Hwɛ nkyekyɛm 11-12) *

11. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no te sɛ saa asomdwoe afɔre a na wɔbɔ no, na sɛn na wei betumi aka yɛn koma ato yɛn yam?

11 Ɔsom a yɛde ma Yehowa no te sɛ asomdwoe afɔre a na wɔbɔ no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛma yefi yɛn pɛ mu kyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa ho. Yɛde nea ɛsom bo ma yɛn paa ma Yehowa efisɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ no. Nnipa ɔpepem pii fi wɔn pɛ mu resom Yehowa, efisɛ wɔdɔ no paa na wɔn ani gye n’akwankyerɛ ho. Sɛ Yehowa hu saa a, hwɛ sɛnea ɛma n’ani gye! Ɛnyɛ nea yɛyɛ nko na Yehowa hu, na mmom ohu adwene a yɛde yɛ saa nso; yɛkae wei a ebetumi aka yɛn koma ato yɛn yam. Yɛmfa no sɛ wo mfe akɔ anim, na nea wopɛ sɛ woyɛ no, seesei wuntumi nyɛ no saa. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa te wo ase. Ebia w’adwene yɛ wo sɛ wuntumi nyɛ pii, nanso Yehowa hu sɛ ɔdɔ na ɛkanyan wo ma wufi wo komam yɛ nea wutumi yɛ no. Nea wubetumi ayɛ nyinaa no, n’ani gye ho sɛ obegye atom.

12. Sɛnea na Yehowa te nka wɔ asomdwoe afɔre a na wɔbɔ ho no, awerɛhyem bɛn na ɛma yenya?

12 Asomdwoe afɔre a na wɔbɔ no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ na wɔrehyew aboa no fã a edi mũ paa no a, na wusiw no kɔ soro, na na ɛsɔ Yehowa ani. Ɛnde, nya awerɛhyem sɛ, sɛ wufi wo kra nyinaa mu som Yehowa a, n’ani sɔ. (Kol. 3:23) Wo de, hwɛ sɛnea Yehowa begye wo atom. Nea wubeyi wo yam ayɛ wɔ Yehowa som mu biara no, ɛsõ oo, esua oo, obu no sɛ ɛsom bo paa na ne werɛ remfi da.—Mat. 6:20; Heb. 6:10.

YEHOWA REHYIRA N’AHYEHYƐDE

13. Sɛnea Leviticus 9:23, 24 ma yehu no, dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ogye asɔfo no tom?

13 Asuade a ɛto so nnan: Yehowa rehyira n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no. Hwɛ nea esii afe 1512 A.Y.B. bere a wɔhyehyɛɛ ntamadan no wɔ Bepɔw Sinai ase no. (Ex. 40:17) Mose dii anim ma wɔhyɛɛ Aaron ne ne mma asɔfo. Israel man no behyia hwɛɛ nea ɛkɔɔ so bere a asɔfo no de mmoa bɔɔ afɔre bere a edi kan no. (Lev. 9:1-5) Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ogye mmarima a wɔahyɛ wɔn asɔfo foforo no tom? Bere a Aaron ne Mose rehyira ɔman no, Yehowa maa ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde no nyinaa wɔ afɔremuka no so.—Kenkan Leviticus 9:23, 24.

14. Yehowa gyee Aaron ne ne mma asɔfodi no toom. Adɛn nti na ɛho hia yɛn nnɛ?

14 Bere a wɔhyɛɛ Aaron ɔsɔfo panyin a ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde no, dɛn na na ɛkyerɛ? Yehowa yɛɛ saa de kyerɛe sɛ na ogye Aaron ne ne mma no asɔfodi no tom na ɔtaa wɔn akyi. Bere a Israelfo no huu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Yehowa taa asɔfo no akyi no, ɛmaa wɔn nso hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔtaa asɔfo no akyi. Saa asɛm yi fa yɛn ho anaa? Yiw! Ná asɔfodi a ɛwɔ Israel no gyina hɔ ma asɔfodi bi a ɛyɛ papa sen Israel de no koraa. Kristo yɛ Ɔsɔfo Panyin a ɔsen biara, na ɔne nnipa 144,000 a wɔyɛ asɔfo ne ahemfo bedi ade wɔ soro.—Heb. 4:14; 8:3-5; 10:1.

Yehowa rehyira n’ahyehyɛde no, na ɔrekyerɛ no kwan. Yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de taa akyi (Hwɛ nkyekyɛm 15-17) *

15-16. Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ogye “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tom?

15 Afe 1919 no, Yesu paw anuanom kakraa bi a wɔasra wɔn sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma.” Akoa nokwafo no di asɛnka adwuma no anim na wɔma Kristo akyidifo “aduan bere a ɛsɛ mu.” (Mat. 24:45) Yehu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye akoa nokwafo ne ɔbadwemma no tom anaa?

16 Satan ne n’akyitaafo ayɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma akoa nokwafo no adwuma ayɛ den. Ɛkaa akoa nokwafo no nko ara ahoɔden a, anka wɔrentumi nyɛ. Wiase ko mmienu aba atwam, na nnipa ahyia sikasɛm mu ahokyere nso. Afei, Yehowa nkurɔfo ahyia ɔtaa pii na wɔabu wɔn atɛnkyea. Nanso ne nyinaa akyi no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no akɔ so ama Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so honhom fam aduan. Hwɛ nhoma ne video ahorow a wɔama abu so nnɛ wɔ kasa bɛboro 900 mu; yɛntɔn emu biara! Wei di adanse pefee sɛ Yehowa taa akoa nokwafo no akyi. Adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyira n’ahyehyɛde no ne asɛnka adwuma no. Yɛreka asɛmpa no “wɔ asase so nyinaa” ampa. (Mat. 24:14) Yehu pefee sɛ Yehowa rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan nnɛ na ɔrehyira no papaapa.

17. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛtaa ahyehyɛde a Yehowa de reyɛ adwuma no akyi?

17 Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛyɛ me dɛ sɛ meka Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ho anaa?’ Mose ne Aaron bere so no, Yehowa de ogya a efi soro no dii adanse sɛ ɔtaa asɔfodi no akyi. Ɛnnɛ nso, wama yɛn adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ ɔtaa n’ahyehyɛde no akyi. Yehowa ayɛ nneɛma pii ama yɛn a ɛsɛ sɛ yɛda no ase. (1 Tes. 5:18, 19) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛtaa ahyehyɛde a Yehowa de reyɛ adwuma no akyi? Ɛne sɛ yɛde Bible akwankyerɛ a ɛwɔ yɛn nhoma mu, nea yenya wɔ asafo nhyiam ase, ne nea yenya wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase no bɛyɛ adwuma. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no sɛnea yebetumi.—1 Kor. 15:58.

18. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde nea yɛasua afi Leviticus nhoma no mu bɛyɛ adwuma. Momma yɛnyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na ama wagye yɛn afɔrebɔ atom. Momma yɛnsom Yehowa mfa nkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn. Esiane sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ Yehowa nti, momma yɛnkɔ so mfa nea ɛsom bo ma yɛn paa mma no. Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de ataa ahyehyɛde a Yehowa de reyɛ adwuma nnɛ no akyi. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, ebetumi ama Yehowa ahu sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya sɛ yɛyɛ n’Adansefo no!

DWOM 96 Onyankopɔn Asɛm Yɛ Akorade

^ nky. 5 Mmara a Yehowa de maa tete Israel no na ɛwɔ Leviticus nhoma no mu. Kristofo de, yɛnhyɛ saa mmara no ase, nanso ebetumi aboa yɛn. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a mfaso wɔ so a yebetumi asua afi Leviticus nhoma no mu.

^ nky. 4 Tete no, Yehowa som mu nko ara na na Israelfo de aduhuam di dwuma. Ná wobu aduhuam a wɔhyew wɔ ntamadan no mu no sɛ ade kronkron. (Ex. 30:34-38) Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na tete Kristofo no hyew aduhuam wɔ wɔn som mu.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Edu Mpata Da no a, na ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Israel no de aduhuam ne nnyansramma kɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na na etu hua ma dan no mu nyinaa yɛ huamhuamhuam. Ɛno akyi no, na ɔsan kɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ de mmoa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no mogya kɔ hɔ

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Israelni bi de oguan akɔma ɔsɔfo sɛ ɔmfa mmɔ asomdwoe afɔre mma ɔne n’abusua, efisɛ n’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wɔn.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, odii Onyankopɔn mmara so na ɔboaa n’akyidifo nso ma wɔyɛɛ saa.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɛmfa ho sɛ onuawa bi a ne mfe akɔ anim ahoɔden so atew no, ɔreyɛ nea obetumi nyinaa de asom Yehowa; ɔrekyerɛw krataa de adi adanse.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: February 2019 no, Onua Gerrit Lösch a ɔka Akwankyerɛ Kuw no ho yii Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo wɔ German kasa mu no adi; nnipa a wɔwɔ hɔ ani gyei na wɔkyerɛɛ ho anisɔ. Ɛnnɛ, adawurubɔfo a wɔwɔ Germany de anigye kenkan Bible foforo a wɔayi no adi no kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu sɛnea anuanom mmea mmienu yi reyɛ no.